Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhe na Afipamfo no Nyinaa Afa?

Ɛhe na Afipamfo no Nyinaa Afa?

Ɛhe na Afipamfo no Nyinaa Afa?

“Nnɛɛmmafo mmu afipamfo.”—Benjamin Disraeli, afeha a ɛto so 19 no mu Engiresini ɔmanyɔfo.

CUBAFO a wɔn mfe akɔ anim wɔ ɔkwan soronko bi a wɔfa so hyɛ wɔn yiyedi ho nkuran: afipamfo abusuabɔ, anaa círculos de abuelos (nananom akuw), sɛnea wɔfrɛ no no. Sɛnea afe 1997 amanneɛbɔ bi kyerɛ no, bɛyɛ Cubafo 5 biara mu 1 wɔ akuw a ɛte saa a wonya ayɔnkofa, mmoa ne awerɛkyekye, ne mmoa ankasa a ɛma wɔn akwahosan tu mpɔn no mu. World-Health nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Bere biara a nnuruyɛfo a wɔhwɛ mmusua a wɔwɔ mpɔtam bi so behia mmoa wɔ aduru a wɔde wɔ nkurɔfo siw nyarewa ano ho ɔsatu mu no, círculos de abuelos kuw no mu ne beae a wonya nkurɔfo a wɔwɔ ɔpɛ na wobetumi aboa ankasa.”

Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ wiase afã pii no, wonni mmorɔn a emu afipamfo susuw afoforo ho saa. Sɛ nhwɛso no, susuw Wolfgang Dircks a na ɔte ofie bi mu wɔ Europa atɔe fam awerɛhosɛm no ho hwɛ. Mfe bi a atwam no, The Canberra Times bɔɔ amanneɛ sɛ ɛwom sɛ na mmusua 17 a na wɔne Wolfgang te fie no nhu no de, nanso “amma wɔn mu biara adwenem sɛ ɔbɛbɔ n’abɔnten dɔn no ahwɛ.” Awiei koraa no, bere a ofiewura no baa hɔ no, “obehuu nkrampan a esi akongua mu wɔ television anim.” Ná television dwumadi ho nhyehyɛe a emu abue na ɛda nkrampan no srɛ so na da a ɛwɔ so yɛ December 5, 1993. Ná Wolfgang awu mfirihyia anum ni. Kyerɛ a wɔnkyerɛ afipamfo ho anigye na wonnwen wɔn ho ho adanse a ɛyɛ awerɛhow bɛn ara ni! Ɛnyɛ nwonwa sɛ anwensɛm kyerɛwfo bi kae wɔ The New York Times Magazine mu sɛ ne mpɔtam hɔ te sɛ mpɔtam ahorow pii a abɛyɛ “ahɔho atrae” no. So wo mpɔtam nso te saa?

Ɛyɛ ampa sɛ nkuraase bi da so ara wɔ afipamfo a wɔda yɔnkodɔ adi, na nkurow akɛse mu mmorɔn bi rebɔ mmɔden sɛ wobesusuw wɔn afipamfo ho kɛse. Nanso, nnipa a wɔtete nkurow akɛse pii mu te nka sɛ wɔayɛ ankonam na wonni ahobammɔ wɔ wɔn ankasa borɔn so. Wɔayɛ ankonam tete wɔn adan mu a wɔne obiara mmɔ. Ɔkwan bɛn so?

Wɔayeyɛ Ankonam a Wɔne Obiara Mmɔ

Nokwarem no, yɛn mu dodow no ara wɔ afipamfo a wɔte bɛn yɛn. Wɔn television kanea a yehu, wɔn sunsum a yehu wɔ mfɛnsere mu, wɔn akanea a wodum na wɔsɔ, wɔn kar ahorow a edi akɔneaba no nnyigyei, wɔn nan ase dede wɔ abrannaa so, wɔn apon a wobue na wɔtom no nyinaa yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ‘nnipa wɔ mpɔtam hɔ.’ Nanso, yɔnkodɔ ho adwene biara yera ankasa, bere a nnipa a wɔte bɛn nkutoo hyehyɛ wɔn adan mu anaasɛ wobu wɔn ani gu wɔn ho so a wonni adagyew wɔ wɔn asetra mu no. Ebia nkurɔfo bɛte nka sɛ enhia sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn afipamfo nsɛm mu anaasɛ wɔde wɔn ho nsɛm bɛhaw wɔn ho ɔkwan biara so. Australia atesɛm krataa Herald Sun ka sɛ: “Ankorankoro mfa wɔn ho nhyehyɛ nneɛma a ɛkɔ so wɔ mmeae a wɔtete no mu ma enti ɛhɔnom asetram asɛyɛde ahorow mfa wɔn ho koraa. Ɛnnɛ, ɛnyɛ den koraa sɛ wobebu ani agu nkurɔfo a wɔnka nkɔ nnipa mu so.”

Asɛm yi nyɛ nwonwa. Wɔ wiase a emu nnipa yɛ “ahopɛ” mu no, mmorɔn sofo retwa ahopɛ su a nnipa pii da no adi no so aba. (2 Timoteo 3:2) Nea afi mu aba ne sɛ ankonamyɛ ne nnipa a wɔtwe wɔn ho fi afoforo ho abu so. Sɛ nnipa twe wɔn ho fi afoforo ho a, nea ɛde ba ne afoforo mu ahotoso a wonni, titiriw bere a basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi kɔ so wɔ mpɔtam hɔ no. Ɛnkyɛ na afoforo mu ahotoso a wonni nso asɛe tema a nnipa wɔ ma afoforo no.

Sɛnea ɛte wɔ wo mpɔtam hɔ biara no, akyinnye biara nni ho sɛ wugye tom sɛ afipamfo pa yɛ mfasode ma borɔn bi sofo. Sɛ nnipa bom yɛ adwuma sɛ wobedu botae bi ho a, wotumi yɛ pii. Afipamfo pa nso betumi ayɛ nhyira. Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu nea enti a ɛte saa no.