Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛsɛ sɛ Yebu Sɔhwɛ Ahorow Dɛn?

Ɛsɛ sɛ Yebu Sɔhwɛ Ahorow Dɛn?

Ɛsɛ sɛ Yebu Sɔhwɛ Ahorow Dɛn?

SƆHWƐ ahorow! Ɛsɛ sɛ obiara hyia bi. Nneɛma a ebetumi de aba no bi ne yɛn ani a ɛne afoforo de nhyia, sikasɛm mu nsɛnnennen, nyarewa, atipɛnfo nhyɛso a ɛma yɛyɛ bɔne, ɔtaa, ɔfã biara a yenni anaa abosonsom a yɛko tia ho nsɛnnennen, ne nneɛma foforo pii. Ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow biara a yehyia no, ɛtaa ma yɛn ho yeraw yɛn kɛse. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina ano yiye? So ɛso betumi aba yɛn mfaso wɔ ɔkwan bi so?

Mmoa a Eye Sen Biara

Ná sɔhwɛ ahorow ahyɛ Ɔhene Dawid asetram ma, nanso owui nokwaredi mu. Ɛyɛɛ dɛn na otumi gyinaa ano? Ɔkyerɛɛ baabi a onyaa n’ahoɔden fii bere a ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] ne me hwɛfo, hwee renhia me” no. Afei ɔkɔɔ so kae sɛ: “Nso menam esum kabii bon no mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.” (Dwom 23:1, 4) Yiw, Yehowa mmoa yɛ nea enni ano. Ɔhwɛɛ Dawid so wɔ mmere a na emu yɛ den paa mu, na wayɛ krado sɛ sɛ ɛho behia a, ɔbɛyɛ saa ara ama yɛn.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Yehowa mmoa? Bible kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so anya bere a ɛka sɛ: “Monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa, NW] ye” no. (Dwom 34:8) Ɛyɛ ɔfrɛ a ayamye wom, nanso ɛkyerɛ dɛn? Ɛhyɛ nkuran sɛ yɛbɛsom Yehowa na yɛama yɛn abrabɔ ne n’apɛde ahyia koraa. Adeyɛ a ɛte saa hwehwɛ sɛ yegyaw yɛn ahofadi bi mu na yɛde nneɛma bɔ afɔre. Wɔ nsɛm bi mu no, ebetumi de yɛn akɔ sɔhwɛ ahorow mu—ɔtaa ne amanehunu mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔn a wofi koma nyinaa mu agye nsa a Yehowa to frɛ so no nu wɔn ho da sɛ wɔayɛ saa. Yehowa bɛyɛ wɔn yiye. Ɔbɛkyerɛ wɔn kwan na wahwɛ wɔn so honhom fam. Ɔnam N’asɛm, ne honhom kronkron, ne Kristofo asafo no so bɛwowaw wɔn wɔ sɔhwɛ ahorow mu. Na awiei koraa no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.—Dwom 23:6; 25:9; Yesaia 30:21; Romafo 15:5.

Wɔn a wosi gyinae a ɛsakra asetra de som Yehowa na wokura saa gyinaesi no mu hu sɛ Yehowa di ne bɔhyɛ ahorow nyinaa so. Eyi ne osuahu a Israelfo a wodii Yosua akyi kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no nyae. Bere a wotwaa Yordan pɛ no, na sɔhwɛ ahorow wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wogyina ano, na ɛsɛ sɛ wodi ako, na wonya asuade ahorow a emu yɛ den. Nanso saa awo ntoatoaso no daa no adi sɛ wɔyɛ anokwafo kɛse sen wɔn agyanom a wofii Misraim a wowuwui wɔ sare no so no. Enti, Yehowa gyinaa anokwafo no akyi, na ɛdefa wɔn asetra wɔ bere a Yosua wui ho no, Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “[Yehowa, NW] maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, . . . Asɛm pa a [Yehowa, NW] kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.” (Yosua 21:44, 45) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa wɔ sɔhwɛ ne mmere foforo nyinaa mu a, ɔbɛyɛ saa ama yɛn nso.

Dɛn na ebetumi ama ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no ayɛ mmerɛw? Yesu twee adwene sii ade biako so bere a ɔkae sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu . . . Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon [ahonyade]” no. (Mateo 6:24) Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso a, yɛrenhwehwɛ ahobammɔ wɔ baabi a nnipa a wɔwɔ wiase no mu dodow no ara hwehwɛ no, wɔ honam fam nneɛma mu. Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Kristoni a ɔkari pɛ wɔ honam fam nneɛma ho na ɔde Onyankopɔn Ahenni di kan wɔ n’asetram no apaw ade a eye. (Ɔsɛnkafo 7:12) Nokwarem no, ɛbɛma wahwere biribi. Obetumi de honam fam nneɛma bi abɔ afɔre. Nanso, obenya so mfaso pii. Na Yehowa bɛboa no.—Yesaia 48:17, 18.

Nea Yesua Fi Sɔhwɛ Ahorow Mu

Nokwarem no, ka a ‘yɛbɛka ahwɛ na yɛahu sɛ Yehowa ye’ no mmɔ yɛn ho ban mfi nsɛm a esisi mpofirim ho; na saa ara nso na ɛmmɔ yɛn ho ban mfi Satan ne n’adwumayɛfo ntua ho koraa. (Ɔsɛnkafo 9:11) Ne saa nti, ebetumi asɔ Kristoni nokwaredi ne ne tirimbɔ ahwɛ. Dɛn nti na Yehowa ma n’asomfo hyia sɔhwɛ ahorow a ɛtete saa? Ɔsomafo Petro kyerɛɛ ade biako nti a ɛte saa bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛsɛ a, wɔhow mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahorow bebree mu, na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika—a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe—ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.” (1 Petro 1:6, 7) Yiw, sɔhwɛ ahorow ma yɛda sɛnea yɛn gyidi ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no di mũ no adi. Na ɛboa ma yenya asɛm bua Satan Ɔbonsam wɔ n’ahohorabɔ ne ne sobo ahorow ho.—Mmebusɛm 27:11; Adiyisɛm 12:10.

Sɔhwɛ ahorow boa yɛn ma yenya Kristofo su ahorow nso. Sɛ nhwɛso no, susuw odwontofo no nsɛm no ho hwɛ: ‘Yehowa hwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.’ (Dwom 138:6) Wɔamfa ahobrɛase anwo yɛn mu pii, nanso sɔhwɛ ahorow betumi aboa yɛn ma yɛanya saa su a ɛho hia no. Kae asɛm bi a esii wɔ Mose bere so, bere a ɛfonoo Israelfo binom sɛ wobedi mana dapɛn biara, ɔsram biara no. Ɛda adi sɛ, na ɛno yɛ sɔhwɛ ma wɔn, ɛwom mpo sɛ na mana no yɛ aduan a wɔnam anwonwakwan so de maa wɔn de. Ná sɔhwɛ no atirimpɔw ne dɛn? Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Yehowa de mana ma wudii sare so, sɛ ɔrebrɛ wo ase na wasɔ wo ahwɛ.’—Deuteronomium 8:16.

Wobetumi asɔ yɛn ahobrɛase nso ahwɛ. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, ɔkwan bɛn so na yɛyɛ yɛn ade wɔ ahyehyɛde mu nsakrae ho? (Yesaia 60:17) So yefi koma nyinaa mu boa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no? (Mateo 24:14; 28:19, 20) So yɛde anigye gye Bible mu nokware ho nkyerɛkyerɛmu a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no tom? (Mateo 24:45-47; Mmebusɛm 4:18) So yɛko tia nhyɛso a ɛhwehwɛ sɛ yenya afiri a aba so, ntade foforo, anaa kar foforo a aba so koraa no? Ɔhobrɛasefo betumi abua sɛ yiw wɔ nsɛmmisa a ɛtete saa ho.—1 Petro 1:14-16; 2 Petro 3:11.

Sɔhwɛ ahorow boa yɛn ma yenya su foforo nso—boasetɔ. Osuani Yakobo kae sɛ: “Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.” (Yakobo 1:2, 3) Sɛ wode wo ho to Yehowa so koraa gyina sɔhwɛ ahorow mu a, ɛma w’ase tim, wokɔ so som daa, na wukura wo mudi mu. Ɛhyɛ yɛn den ma yɛko tia ntua ahorow a Satan, wiase yi nyame a ne bo afuw no, de bɛba akyiri yi no.—1 Petro 5:8-10; 1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 12:12.

Nya Sɔhwɛ Ahorow Ho Adwene a Ɛfata

Bere a Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ, Yesu Kristo, wɔ asase so no, ohyiaa sɔhwɛ ahorow pii na onyaa mfaso ahorow pii wɔ ano a ogyinae no mu. Paulo kyerɛwee sɛ, Yesu ‘suaa amane a ohui no mu osetie.’ (Hebrifo 5:8) Nokware a Yesu di koduu owu mu no de ayeyi brɛɛ Yehowa din, na ɛma otumi de ne nkwa a ɛyɛ pɛ no bo a ɛsom no mae sɛ agyede maa adesamma. Ɛno na ebuee kwan maa wɔn a wonyaa Yesu mu gyidi no nyaa daa nkwa ho anidaso no. (Yohane 3:16) Esiane sɛ Yesu kɔɔ so dii nokware wɔ sɔhwɛ mu nti, mprempren ɔne yɛn Sɔfopanyin ne Ɔhene a wɔde no asi agua so.—Hebrifo 7:26-28; 12:2.

Na yɛn nso ɛ? Nokware a yedi wɔ sɔhwɛ mu nso de nhyira pii ba. Bible ka wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no ho asɛm sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a [Yehowa, NW] de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.” (Yakobo 1:12) Wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no wɔ awerɛhyem sɛ sɛ wogyina mu nokware mu a, wobenya daa nkwa wɔ asase so paradise mu. (Adiyisɛm 21:3-6) Na nea ɛho hia titiriw no, nokwaredi a wɔde gyina sɔhwɛ mu no de ayeyi brɛ Yehowa din.

Bere a yedi Yesu anammɔn akyi no, yebetumi anya ahotoso sɛ yebetumi agyina sɔhwɛ ahorow nyinaa a yehyia wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no ano. (1 Korintofo 10:13; 1 Petro 2:21) Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so, nea ɔma wɔn a wɔde wɔn ho tweri no “tumi a ɛboro so no” so. (2 Korintofo 4:7) Ɛmmra sɛ yebenya gyidi sɛ Hiob, a bere a ohyiaa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den yiye no, ɔde ahotoso kae sɛ: “Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika” no.—Hiob 23:10.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Nokware a Yesu dii wɔ sɔhwɛ mu no de ayeyi brɛɛ Yehowa din. Saa ara na yɛn nso yɛn de betumi ayɛ