Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afipamfo Pa Yɛ Mfasode

Afipamfo Pa Yɛ Mfasode

Afipamfo Pa Yɛ Mfasode

“Wo fipamfo a ɔbɛn ye sen onua a ɔwɔ akyirikyiri.”—Mmebusɛm 27:10.

NHOMANIMFO bi a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu bisaa Yesu sɛ: “Hena ne me yɔnko?” Yesu buaa no kaa ade a ɛma obi yɛ ɔyɔnko paa ho asɛm kyerɛɛ no, na ɛnyɛ nea ɔyɛ ne yɔnko. Ɛda adi sɛ wunim Yesu mfatoho no. Nnipa pii frɛ no Samariani mmɔborohunufo ho bɛ no, na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka Asɛmpa no mu. Sei na Yesu kaa asɛm no:

“Onipa bi fi Yerusalem sian kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu, na wɔpaa ne ho ntama bobɔɔ no afɛ gyaw no kɔe a watɔ beraw. Na ɛbae sɛ ɔsɔfo bi bɛfaa ɔkwan no so; na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe. Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom behuu no no, otwaa ne ho kɔe. Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa nea ɔwɔ hɔ, na ohuu no no, ne yam hyehyee no. Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuru no de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no traa n’ankasa aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no. Na ade kyee a ɔrebɛkɔ no, oyii denare abien de maa ahɔhodan mu panyin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesan meba a, mɛhyɛ wo mu. Afei wɔn baasa yi mu hena na wususuw sɛ wayɛ nea ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu yi yɔnko?”—Luka 10:29-36.

Ɛda adi sɛ nhomanimfo no huu nea na asɛm no kyerɛ. Ɔkyerɛɛ nea na ɔyɛ ɔbarima a wɔapira no no yɔnko a wantwentwɛn ne nan ase sɛ: “Nea ohuu no mmɔbɔ no.” Afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara!” (Luka 10:37) Nea ɛkyerɛ sɛ obi yɛ ɔyɔnko pa ankasa ho mfatoho a emu yɛ den bɛn ara ni! Yesu bɛ yi betumi ama yɛabisa yɛn ho sɛ: ‘Meyɛ ɔyɔnko bɛn? So abusua anaa ɔman a mifi mu so na migyina paw m’ayɔnkofo? So nneɛma a ɛtete saa yɛ ade a ɛmma menyɛ me yɔnko nipa biara a mihu no sɛ ɔwɔ ɔhaw mu no mmoa papa? So meyere me ho sɛ mɛyɛ ɔyɔnko pa?’

Ɛhe na Ɛsɛ sɛ Yefi Ase?

Sɛ yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yetu mpɔn wɔ asɛm yi mu a, ɛsɛ sɛ yefi ase wɔ yɛn adwene mu. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si ofipamfo pa a yɛbɛyɛ so. Eyi nso betumi aboa ma yɛanya afipamfo pa. Bɛyɛ mfirihyia mpem abien a atwam ni no, Yesu sii saa nnyinasosɛm a ɛho hia a ɛne nnipa ntam abusuabɔ no so dua wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu. Ɔkae sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Afoforo a wubebu wɔn, adi wɔn ni, na woada ayamye adi akyerɛ wɔn no bɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔn nso ne wo adi no saa ara.

Wɔ asɛm a ɛne “Wo Mpɔtamfo a Wobɛdɔ Wɔn,” a epuee The Nation Since 1865 nsɛmma nhoma no mu no, sɛnkyerɛwfo ne nhoma kyerɛwfo Lise Funderburg kaa nneɛma nketenkete bi a yebetumi ayɛ de ahyɛ yɔnkodɔ ho nkuran ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ . . . yɛfa nneɛma pa nketenkete pii a afipamfo bɛyɛ ama wɔn ho wɔn ho so bɔ abusua—atesɛm nkrataa a yɛbɛfa ama wɔn, wɔn mma a yɛbɛhwɛ wɔn, ne nneɛma a yɛbɛkɔ akɔtotɔ abrɛ wɔn. Mepɛ sɛ saa abusuabɔ yi kɔ so wɔ wiase a emu repaapae a ehu ne nsɛmmɔnedi ama nnipa a wɔte mmeae ahorow nni ahobammɔ yi mu.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Ɛsɛ sɛ wufi ase wɔ baabi. Na ebetumi ayɛ papa sɛ wufi ase wɔ ofipamfo a ɔbɛn wo pɛɛ no so.”

Canadian Geographic nsɛmma nhoma no nso kaa asɛm bi a ehia a ebetumi aboa afipamfo ma wɔada suban pa adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho. Nhoma kyerɛwfo Marni Jackson kae sɛ: “Afipamfo te sɛ abusua, na wɔyɛ nkurɔfo a ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi apaw wɔn mu nea wopɛ. Ɛsɛ sɛ woyɛ anifere wɔ wɔn abusuabɔ mu, na ɛsɛ sɛ woda obu adi na wunya wɔn ho koma.”

Afipamfo Pa—Ademafo Pa

Nokwarem no, ebia ɛbɛyɛ yɛn mu pii den sɛ yɛbɛkɔ yɛn afipamfo nkyɛn. Ebia ɛbɛyɛ sɛ nea ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛkwati wɔn na yɛatwe yɛn ho afi wɔn ho. Nanso, Bible ka sɛ “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Enti, ofipamfo pa bɔ mmɔden sɛ obedi kan ahu nkurɔfo a wɔte bɛn no. Bere a ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔne obi fa adamfo denneennen no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔne afoforo bɛkasa kakra, ebia ɔde serew anaa ne ti nko a ɔbɛbɔ befi ase.

Sɛnea yɛaka wɔ atifi hɔ no, ɛyɛ “nneɛma pa nketenkete pii” a afipamfo yɛ ma wɔn ho wɔn ho no na ɛma wotumi nya abusuabɔ pa na wokura mu. Enti eye sɛ wobɛhwehwɛ nneɛma nketenkete a ɛda ayamye adi a wubetumi ayɛ ama wo fipamfo bi, efisɛ eyi taa ma biakoyɛ ne obu ba mo ntam. Afei nso, sɛ yɛyɛ saa a, yebedi Bible mu afotu yi akyi: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.”—Mmebusɛm 3:27; Yakobo 2:14-17.

Afipamfo Pa—Wɔkyerɛ Adɔe Ho Anisɔ

Sɛ yebetumi aka sɛ obiara de anisɔ gye mmoa ne ade a yɛde kyɛ no no a, anka eye. Ɛyɛ yaw sɛ eyi nte saa bere nyinaa. Wɔagye mmoa ne akyɛde horow a wɔankyerɛ ho anisɔ koraa ma obi a ofi ne komam de mae no betumi anya adwene sɛ, ‘Merenyɛ saa bio da!’ Bere bi wɔ hɔ a, nea ebefi mmɔden a wobɛbɔ nyinaa sɛ wubekyia w’afipamfo adamfofa kwan so mu aba ara ne sɛ wɔde amemenemfe bɛbɔ wɔn ti nko agye so.

Ɛwom sɛ nea wɔyɛ no adɔe no anim yɛbea betumi akyerɛ sɛ ɔnkyerɛ anisɔ de, nanso mpɛn pii na ɛnte saa ankasa. Ebia abusua a ofi mu amammerɛ na ɛma ɔtwetwe ne ho anaa ɔyɛ basaa, na ɛno na ɛmma ɔnna anigye adi, na ɛma ɛyɛ sɛ nea onni adamfofa su. Ɔkwan foforo so no, wɔ wiase a bonniayɛ ayɛ mu ma yi mu no, ebetumi aba sɛ adamfofa su a woda no adi no bɛyɛ nkurɔfo nwonwa, anaasɛ mpo wɔn adwenem betumi ayɛ wɔn nãã wɔ nea woreyɛ no ho. Ebia ebehia sɛ wonya wo mu ahotoso bi. Enti, adamfo a wɔne wo bɛfa no betumi agye bere ne boasetɔ. Nanso, afipamfo a wosua sɛnea wɔyɛ ademafo pa ne wɔn a wɔkyerɛ adɔe ho anisɔ no betumi de asomdwoe ne anigye aba mpɔtam bi.

Bere a Asiane Si

Titiriw no, sɛ asiane bi si a ɛnna yehu sɛ ofipamfo pa yɛ mfasode a ɛsom bo ampa. Yehu yɔnkodɔ ankasa bere a asiane asi no. Ayamyede a afipamfo ayɛ wɔ mmere a ɛte saa mu ho kyerɛwtohɔ pii wɔ hɔ. Ɛte sɛ nea asiane a ɛka obiara no ma afipamfo no yɛ biako mpofirim na wɔyɛ wɔn ho wɔn ho mmoa no. Ɛtaa ba sɛ nnipa a wɔn adwene nhyia mpo bɛbom ayɛ adwuma.

Sɛ nhwɛso no, The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ bere a asasewosow a ɛsɛee ade kɛse sii Turkey wɔ afe 1999 mu no, nnipa a wɔtan wɔn ho wɔn ho no yɛɛ biako sɛ afipamfo pa. Greeceni sɛnkyerɛwfo Anna Stergiou kyerɛwee wɔ Athens atesɛm krataa bi mu sɛ: “Wɔakyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛntan Turkeyfo mfirihyia pii ni. Nanso, yɛn ani annye amane kɛse a wohui no ho. Ɛkaa yɛn, na mmofra a na wɔawuwu a yehui no ma yesui te sɛ nea nitan a ɛwɔ yɛn ntam no atu ayera.” Bere a wɔyɛe sɛ wonnyae nnipa a adan abubu akata wɔn so a ebia wonwui hwehwɛ no, Greecefo kuw no annyae.

Akyinnye biara nni ho sɛ asiane bi akyi adwuma a wɔyɛ de hwehwɛ wɔn a wonwui mu a obi de ne ho bɛhyem no yɛ adeyɛ a nidi wom na ɛda ahofama adi. Nea ɛsen saa mpo no, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi afa ofipamfo bi nkwa a yebegye denam kɔkɔbɔ a yebedi kan de ama no ansa na asiane bi asi no sɛ ofipamfo adeyɛ a mfaso wɔ so so kɛse. Awerɛhosɛm ne sɛ, abakɔsɛm da no adi sɛ wɔntaa nkyerɛ wɔn a wɔde asiane a ɛreba ho kɔkɔbɔ ma wɔn afipamfo no ho anigye, esiane sɛ wonhu asiane a ɛreba no ankasa wɔ bere a wɔde ho kɔkɔbɔ ma no nti. Wɔntaa nnye wɔn a wɔde kɔkɔbɔ ma no nni. Egye animia ne ahofama pii wɔ obiara a ɔrebɔ mmɔden aboa nkurɔfo a wonnim wɔn tebea a ɛyɛ hu no fam.

Afipamfo Adeyɛ a Ɛsen Biara

Ɛnnɛ, biribi a ɛyɛ aniberesɛm koraa sen atoyerɛnkyɛm reba adesamma so. Ɛyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn adeyɛ a ebeyi asase so nsɛmmɔnedi, abɔnefosɛm, ne nsɛnnennen a ɛka ho afi hɔ. (Adiyisɛm 16:16; 21:3, 4) Aniberesɛm yi nyɛ asɛm a ebia ebesi na mmom ebesi ankasa! Ɛyɛ Yehowa Adansefo anigye sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa de ama nnipa pii anya nimdeɛ a ɛho hia na ama wɔanya nkwa wɔ asɛm a ɛyɛ hu a ɛrebesi wɔ wiase no mu. Ɛno nti na wɔde anibere kɔ so yɛ wɔn asɛnka adwuma a wonim no yiye wɔ wiase nyinaa no. (Mateo 24:14) Wofi wɔn pɛ mu na ɛyɛ eyi, ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nipa nti.

Enti, sɛ Adansefo no ba wo fie anaa wɔba wo nkyɛn wɔ baabi foforo a, mpo wɔn asɛm no esiane wɔn ho adwemmɔne anaa abufuw a woanya nti. Wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ afipamfo pa. Enti pene so ma wɔne wo nyɛ Bible adesua. Sua sɛnea Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ na daakye bi a anigye wom a asomdwoe bɛtra afipamfo ntam aba no ho ade. Saa bere no, abusua, nyamesom, anaa nnipa mu nyiyim remma na abɛsɛe abusuabɔ pa a yɛn mu dodow no ara hwehwɛ ankasa no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6, 7]

Eye sɛ wobɛyɛ nneɛma a ɛda ayamye adi wɔ wo mpɔtam

[Asɛm Fibea]

Globe: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.