Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Anka Merensesa Ade Biara!”

“Anka Merensesa Ade Biara!”

Asetram Nsɛm

“Anka Merensesa Ade Biara!”

SƐNEA GLADYS ALLEN KA KYERƐ

Ɛtɔ mmere bi a nkurɔfo bisa me sɛ, “Sɛ wunya hokwan tra ase bio a, dɛn na wobɛsesa?” Metumi abua nokwarem sɛ, “Merensesa ade biara!” Ma menkyerɛkyerɛ nea enti a mete nka saa no mu.

WƆ AFE 1929 ahohuru bere mu no, bere a na madi mfe abien no, m’agya, Matthew Allen nyaa osuahu bi a ɛyɛ anigye. Ne nsa kaa nhomawa Millions Now Living Will Never Die!, a Amanaman Ntam Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, na wɔkyerɛwee no. Bere a Paapa de anigye kenkan nkratafa kakra bi pɛ no, ɔteɛɛm sɛ, “Nsɛm a ɛsen biara a makenkan ni!”

Ɛno akyi bere tiaa no, Paapa nsa kaa Bible Asuafo no nhoma afoforo. Ofii ase ntɛmpa ara kaa nea ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ n’afipamfo nyinaa. Nanso, na Yehowa Adansefo asafo biara nni yɛn akuraase hɔ a yɛte no. Bere a Paapa huu hia a ehia sɛ yenya Kristofo fekubɔ daa no, ɔde abusua no kɔtraa Orangeville, Ontario, Canada, wɔ afe 1935 mu esiane sɛ na asafo wɔ hɔ nti.

Saa mmere no mu no, na wɔnhyɛ mmofra nkuran bere nyinaa sɛ wɔnkɔ asafo nhyiam; na wɔtaa tra nhyiam beae no abɔnten di agoru kosi sɛ mpanyimfo no bewie nhyiam no. Paapa ani annye eyi ho. Osusuwii sɛ, “Sɛ nhyiam no ye ma me a, na eye ma me mma nso.” Enti ɛwom sɛ na Paapa de ne ho bɔɔ asafo no nkyɛe de, nanso ɔkae sɛ me ne me nuabarima Bob, ne me nuabeanom, Ella ne Ruby, mmɛka mpanyimfo no ho wɔ nhyiam no ase, na yɛyɛɛ saa. Ankyɛ na Adansefo afoforo mma nso bɛtraa nhyiam no mu bi. Nhyiamkɔ ne mmuaema bɛyɛɛ ade titiriw wɔ yɛn asetra mu.

Ná Paapa ani gye Bible ho, na ná ɔwɔ kwan fɛfɛ a ɔfa so yɛ Bible mu nsɛm ho ɔyɛkyerɛ. Denam eyi so no, ɔde asuade a ɛsom bo a meda so ara de anigye kɛse kae hyɛɛ yɛn komam bere a na yɛyɛ mmofra no. Biako a meda so ara kae ne sɛ Yehowa hyira wɔn a wɔyɛ osetie ma no.

Paapa kyerɛɛ yɛn sɛnea yɛde Bible no bedi dwuma de adi yɛn gyidi ho adanse nso. Na yɛtaa de di agoru. Na Paapa tumi ka sɛ, “Migye di sɛ miwu a mɛkɔ soro. Afei kyerɛ me sɛ merenkɔ.” Na me ne Ruby hwɛ concordance mu hwehwɛ kyerɛw nsɛm a yebetumi de abɔ ne nkyerɛkyerɛ no agu. Yɛakenkan kyerɛw nsɛm a yehui no akyi no, na Paapa aka sɛ, “Ɛyɛ anigyesɛm, nanso minnye nni ara.” Enti na yɛsan kɔhwehwɛ kyerɛw nsɛm fi concordance no mu bio. Na eyi taa kɔ so nnɔnhwerew pii kosi sɛ Paapa bo bɛtɔ ne yam wɔ mmuae a yɛde ama no no ho. Eyi nti, me ne Ruby huu kyerɛw nsɛm no yiye sɛ yɛde bɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu na yɛde adi ho adanse.

Onipa Ho Suro So a Yedii

Ɛmfa ho ntetee pa a minya fii fie ne asafo nhyiam ahorow ase no, ɛsɛ sɛ migye tom sɛ na Kristoni a mɛyɛ no afã horow bi wɔ hɔ a na ɛyɛ den ma me. Te sɛ mmofra pii no, na m’ani nnye ho sɛ mɛyɛ soronko wɔ afoforo mu, titiriw no me mfɛfo sukuufo mu. Me gyidi ho sɔhwɛ a edi kan no fa nea na yɛfrɛ no amanneɛbɔ aprententu no ho.

Ná adwene no ne sɛ anuanom mmarima ne mmea bekurakura dawurubɔ pon a nkyerɛwde wɔ so anantew brɛoo afa kurow no atempɔn so. Na obiara nim obi wɔ yɛn kurow a emufo bɛyɛ 3,000 anaa nea ɛte saa no mu. Wɔ amanneɛbɔ aprententu no mu biako mu no, na me na mitwa to wɔ santen no mu a mikura sɛnkyerɛnne pon a nea wɔakyerɛw wɔ so kenkan sɛ: “Nyamesom Yɛ Afiri ne Nnaadaa” no. Me sukuufo no bi huu me, ntɛm ara na wobedii m’akyi wɔ santen no mu, a wɔreto Canadafo ɔman dwom “Onyankopɔn Gye Ɔhene no.” Ɔkwan bɛn so na migyinaa tebea no ano? Mifi komam bɔɔ mpae srɛɛ ahoɔden na ama matumi agyina. Bere a akyiri yi aprententu no baa awiei no, meyɛɛ ntɛm de me sɛnkyerɛnne pon san kɔmae wɔ Ahenni Asa so na makɔ fie. Nanso, nea ɔhwɛ so no kae sɛ aprententu foforo rebefi ase na wohia onipa biako ma wakura sɛnkyerɛnne bi. Enti mesan kɔɔ bio a na merebɔ mpae a emu yɛ den sen biara. Nanso, saa bere yi de, na me mfɛfo sukuufo no abrɛ ma enti na wɔkɔ fie. Mpae a mebɔ srɛɛ ahoɔden no danee aseda mpae!—Mmebusɛm 3:5.

Na wogye bere nyinaa asomfo ba yɛn fie bere biara. Ná wɔyɛ kuw a wɔwɔ anigye na ɛyɛ ahomeka sɛ wubegye wɔn ani. Mekae wɔ me mmofraberem sɛ yɛn awofo kyerɛɛ yɛn sɛ bere nyinaa som adwuma no ne adwuma a eye sen biara.

Migyee wɔn nkuranhyɛ no so, na wɔ 1945 mu no, mifii me bere nyinaa som adwuma no ase. Akyiri no, mekɔkaa me nuabea Ella, a na ɔreyɛ akwampae adwuma wɔ London, Ontario, no ho. Ɛhɔ no, wɔdaa ɔsom adwuma no fa bi adi kyerɛɛ me a na misusuw sɛ merentumi nyɛ da. Na anuanom no kɔ mpɔtam hɔ asanombea fi ɔpon ho kɔ ɔpon ho de Ɔwɛn-Aban ne Consolation (seesei wɔfrɛ no Nyan! ) kɔma wɔn a wɔaba hɔ no. Anigyesɛm ne sɛ, na wɔyɛ adwuma no Memeneda awiabere, enti na mewɔ dapɛn mũ no nyinaa a mede bɛbɔ mpae ahwehwɛ akokoduru de akɔ! Dabi, na adwuma no yɛ den ma me, nanso na mfaso wɔ so.

Ɔkwan foforo so no, misuaa sɛnea wɔde Consolation nsɛmma nhoma atitiriw a ɛka ɔtaa a wɔde aba yɛn nuanom a wɔwɔ Nasi nneduaban ahorow mu no so no ho asɛm no bɛma, titiriw no, sɛ me ne Canadafo adwumawuranom atitiriw, a na nnwumakuw akɛse mu atitrafo ka ho bedi nkitaho a. Wɔ mfe pii a abɛsen kɔ mu no, mabehu sɛ Yehowa boa yɛn bere nyinaa, bere tenten a yɛkɔ so hwehwɛ ahoɔden fi ne nkyɛn no. Sɛnea na Paapa taa ka no, Yehowa hyira wɔn a wɔyɛ osetie ma No no.

Migyee Ɔfrɛ a Ɛne sɛ Menkɔsom Wɔ Quebec no So

Wɔ July 4, 1940 no, na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Canada. Akyiri no, woyii wɔn nsa fii yɛn so, nanso na wɔkɔ so ara taa yɛn wɔ Roma Katolek ɔmantam a ɛwɔ Quebec no mu. Wɔyɛɛ kratawa titiriw a ekura aniberesɛm a ɛne sɛ Quebec’s Burning Hate for God and Christ and Freedom Is the Shame of All Canada [Ɔtan a Emu Yɛ Den a Quebecfo Wɔ Ma Onyankopɔn ne Kristo ne Ahofadi no Yɛ Aniwude Ma Canadafo Nyinaa] ho ɔsatu de twee adwene sii ayayade a wɔde reyɛ yɛn anuanom a wɔwɔ hɔ no so. Nathan H. Knorr, a na ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni, ne akwampaefo ɔhaha pii hyiae wɔ Montreal kurow mu sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn nea ebefi adeyɛ a yɛrebɛyɛ no mu aba. Onua Knorr ka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yɛpene sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ ɔsatu no mu a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛkyere yɛn agu afiase. Na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae! Wɔkyeree me mpɛn 15 bere bi mu. Sɛ yɛkɔ asɛnka a, na yɛhwɛ hu sɛ yɛbɛfa afẽ ne ade a wɔde twitwiw se na sɛ ɛba sɛ yɛda afiase ma ade kye a, yɛde adi dwuma.

Mfiase no yɛyɛɛ adwuma no pii anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentwe adwene pii mma yɛn ho so. Na mikura nkratawa foforo wɔ bag a mede asɛn me kɔn mu wɔ me nkataso ase. Bag no a nkratawa ayɛ mu ma yi yɛ kɛse paa, na ɛma me sɛ ɔpemfo. Na eyi boa me wɔ bere a maforo keteke ketewa a nkurɔfo ayɛ mu ma rekɔ m’asasesin mu no. Mpɛn pii na na mmarima akatakyie sɔre de wɔn akongua ma awuraa “ɔpemfo” no.

Bere kɔɔ so no, yefii ase kyekyɛɛ nhoma awiabere. Yegyaw nkratawa wɔ apon abiɛsa anaa anan ano, na afei yɛakɔ asasesin foforo mu. Mpɛn pii na eyi kɔɔ yiye. Nanso, sɛ na ɔsɔfo bi te sɛ yɛaba hɔ a, na yebetumi ahyia ɔhaw. Bere bi, ɔsɔfo bi kanyan mpanyimfo ne mmofra basabasayɛfo kuw bi a wɔn dodow bɛyɛ 50 anaa 60 sɛ wɔntotow tomantosi ne nkesua mmoro yɛn. Yeguan kohintaw onuawa Kristoni bi fie, a na ɛsɛ sɛ yɛda fam wɔ hɔ ma ade kye.

Na ahiade kɛse wɔ hɔ ma akwampaefo sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ wɔn a wɔka Franse kasa wɔ Quebec no, enti wɔ December 1958 mu no, me ne me nuabea Ruby fii ase suaa Franse kasa. Ɛno akyi no, wɔde yɛn kɔɔ mmeae a wɔka Franse kasa wɔ ɔmantam no mu. Yenyaa osuahu a ɛyɛ soronko wɔ dwumadi biara mu. Wɔ beae bi no, yɛkɔɔ pon ne pon ano dɔnhwerew awotwe da biara da mfe abien a yɛannya obiara antie yɛn! Nkurɔfo no ba ɔpon no ano kɛkɛ na wɔbɛka ano ntama gu hɔ. Nanso, yɛampa abaw. Ɛnnɛ, asafo abien na ɛrenya nkɔso wɔ saa kurow no mu.

Yehowa Wowaw Yɛn Akwan Nyinaa Mu

Yefii akwampae titiriw adwuma ase wɔ 1965 mu. Wɔ yɛn akwampaefo titiriw dwumadi biako mu no, yɛbɛtee nea Paulo nsɛm a wɔakyerɛw wɔ 1 Timoteo 6:8 no kyerɛ ase ankasa: “Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” Ná ɛsɛ sɛ yedi sika nhyehyɛe pa katee so na ama yɛatumi adi yɛn ahiade ho dwuma. Enti yɛde sika too hɔ maa ogya a yɛde bɛko awɔw, ɔdan akatua, anyinam ahoɔden, ne aduan. Bere a yɛadi eyinom ho dwuma awie no, na aka sɛnt 25 a yɛde bɛtɔ nea yɛpɛ wɔ nna a aka wɔ ɔsram no mu.

Esiane sɛ na yɛn sika a yɛwɔ nnɔɔso nti, na hokwan a yɛwɔ ara ne sɛ yɛbɛma afiri a ɛma ɔhyew no asi so dɔnhwerew kakra bi pɛ anadwo no. Enti yɛn pia mu hyew ammoro digrii Celsius 15 da na na emu taa yɛ nwini mpɛn pii. Afei, da bi Ruby Bible asuafo no mu biako babarima bɛsraa yɛn. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔɔ fie kɔka kyerɛɛ ne maame sɛ awɔw reyɛ akum yɛn, efisɛ efi saa bere no maame no brɛɛ yɛn Canadafo dɔla du ɔsram biara sɛ yɛmfa ntɔ fango sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asɔ afiri a ɛma ɔhyew no asi so bere nyinaa. Yɛante nka ɔkwan biara so sɛ yɛahwere biribi. Na yɛnyɛ adefo de, nanso yenyaa ahiade ahorow bere biara. Yɛtee nka sɛ biribiara a ɛboro so no yɛ nhyira. Hwɛ nokware a asɛm a ɛwɔ Dwom 37:25 no yɛ: “Minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan”!

Ɛmfa ho ɔsɔretia a yehyiae no, hwɛ anigye ara a minyae bere a mihuu nnipa pii a me ne wɔn yɛɛ Bible adesua ahorow no sɛ wɔabenya nokware nimdeɛ no. Wɔn mu binom faa bere nyinaa som adwuma no de yɛɛ wɔn adwuma, na ɛno ma minyaa anigye soronko.

Ɔhaw Afoforo a Migyinaa Ano

Wɔ 1970 mu no, Cornwall, Ontario bɛyɛɛ yɛn dwumadi foforo. Yɛkɔɔ Cornwall afe akyi no, yare bɔɔ Maame. Ná Paapa awu wɔ 1957 mu, na me ne me nuabeanom baanu nyaa Maame hwɛ mu kyɛfa bere ne bere mu kosii sɛ owui wɔ 1972 mu. Yɛn akwampaefo titiriw ahokafo, Ella Lisitza ne Ann Kowalenko gyinaa yɛn akyi pintinn fi ɔdɔ mu boaa yɛn saa bere yi mu. Wɔhwɛɛ yɛn Bible adesua ne yɛn asɛyɛde ahorow so wɔ mmere a yenni hɔ no mu. Hwɛ nokware a nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 18:24 no yɛ: “Adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua”!

Akyinnye biara nni ho sɛ ɔhaw ahorow ahyɛ asetra mu ma. Ɛdenam Yehowa basa a ɔdɔ wom mmoa so no, matumi agyina ano. Meda so ara de anigye reyɛ bere nyinaa som adwuma. Bob a owui wɔ 1993 mu no de bɛboro mfe 20 yɛɛ akwampae adwuma, a mfe 10 a ɛsom bo a ɔne ne yere Doll de yɛɛ akwampae adwuma ka ho. Me nuabea panyin Ella, a owui wɔ October 1998 mu no, de mfe bɛboro 30 yɛɛ ɔkwampaefo na okuraa akwampae honhom mu bere nyinaa. Wɔ 1991 mu no, wohui sɛ me nuabea foforo, Ruby, anya kokoram. Nanso, ɔde n’ahoɔden a ɛso atew no kaa asɛmpa no. Ne ho kɔɔ so yɛɛ anika ara kosii anɔpa a owui wɔ September 26, 1999 mu. Wɔ bere a minni me nuabeanom bio no, mewɔ honhom fam nuabarimanom ne nuabeanom abusua a wɔboa me ma mikura m’anigye mu.

Sɛ mehwɛ m’akyi wɔ m’asetram a, dɛn na anka mɛsesa? Menwaree da, nanso manya awofo a wɔwɔ dɔ, onuabarima, ne nuabeanom a wɔde nokware no dii kan wɔ wɔn asetra mu. Merehwɛ kwan sɛ mehu wɔn nyinaa nnansa yi ara wɔ owusɔre no mu. Mprempren mete nka sɛnea me papa reyɛ me atuu ne maame nusu bere a yɛbam yɛn ho denneennen no. Ella, Ruby, ne Bob de anigye behuruhuruw.

Enkosi saa bere no, m’atirimpɔw nyinaa ne sɛ mɛkɔ so de m’akwahosan ne ahoɔden a aka no akamfo Yehowa na mayi no ayɛ. Daa kwampaefo som adwuma no yɛ asetra kwan a anigye ne akatua wom. Ɛte sɛ nea odwontofo no ka faa wɔn a wɔnantew Yehowa akwan so ho no: “Nhyira ne wo, na ebesi wo yiye.”—Dwom 128:1, 2.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Na Paapa ani gye Bible ho. Ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa nni yɛn gyidi ho adanse

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Fi benkum kɔ nifa: Ruby, me, Bob, Ella, Maame, ne Paapa wɔ 1947 mu

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Kuw a ɛwɔ anim, benkum kɔ nifa: Me, Ruby, ne Ella wɔ Ɔmantam Nhyiam ase, 1998