Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Onipa Biara Nkasae Sɛ Onipa Yi Da”

“Onipa Biara Nkasae Sɛ Onipa Yi Da”

“Onipa Biara Nkasae Sɛ Onipa Yi Da”

“Wɔn nyinaa dii no adanse, na ɔdom nsɛm a efi n’anom no yɛɛ wɔn nwonwa.”—LUKA 4:22.

1, 2. (a) Dɛn nti na asomfo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu no de nsa pan san kɔe? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ asomfo no nko na wɔn ani gyee Yesu nkyerɛkyerɛ no ho?

ASOMFO no antumi anyɛ adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no. Wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu Kristo, nanso wɔde nsa pan na ɛsan kɔe. Asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa nea enti a wɔankyere no no ho asɛm sɛ: “Dɛn nti na moamfa no amma?” Nokwasɛm ne sɛ, dɛn nti na asomfo no antumi ankyere ɔbarima a na ɔrenko ntia wɔn no? Asomfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.” Wɔn ani gyee Yesu nkyerɛkyerɛ no ho ara ma wɔantumi ante nea enti a na ɛsɛ sɛ wɔkyere ɔbarima a ne ho dwo sɛɛ yi ase. *Yohane 7:32, 45, 46.

2 Ɛnyɛ asomfo no nkutoo na na wɔn ani gye Yesu nkyerɛkyerɛ no ho. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ nkurɔfo pii bae betiee ne kasa kɛkɛ. Ne kuromfo ho dwiriw wɔn wɔ “ɔdom nsɛm a efi n’anom” no ho. (Luka 4:22) Ɔtraa korow mu kasa kyerɛɛ nnipadɔm a na wɔahyiam wɔ Galilea Mpoano bɛboro pɛnkoro. (Marko 3:9; 4:1; Luka 5:1-3) Bere bi, ‘nkurɔfokuw a wɔdɔɔso’ dii ne nkyɛn nna pii a wɔannidi mpo.—Marko 8:1, 2.

3. Dɛn titiriw nti na na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔda nsow saa?

3 Dɛn na ɛmaa Yesu yɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a na ɔda nsow? Ɛyɛ ɔdɔ titiriw. * Ná Yesu dɔ nokware a ɔka ho asɛm kyerɛ no, na ɔdɔɔ nkurɔfo a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no. Na Yesu wɔ akwan a ɛyɛ nwonwa a ɔfa so kyerɛkyerɛ nso. Yebesusuw akwan a etu mpɔn a ɔde dii dwuma ne sɛnea yebetumi asuasua no wɔ adesua nsɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi mu no ho.

Nsɛm a Asete Nyɛ Den na Emu Da Hɔ

4, 5. (a) Dɛn nti na Yesu de nsɛm a emu da hɔ kyerɛkyerɛe, na dɛn na ɛda nsow wɔ saa a ɔyɛe no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Bepɔw so Asɛnka no yɛ nsɛm ntiantiaa a Yesu de kyerɛkyerɛe no ho nhwɛso?

4 Mpɛn pii na nkurɔfo a wɔn nhomanim kɔ anim no de nsɛmfua a asete yɛ den sen sɛnea wɔn atiefo betumi ate ase di dwuma. Nanso sɛ afoforo antumi ante nsɛm a yɛka ase a, ɔkwan bɛn so na wobetumi anya yɛn nimdeɛ so mfaso? Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo no, Yesu anka nsɛm a na afoforo ntumi nte ase da. Susuw nsɛmfua dodow a na obetumi de adi dwuma no ho hwɛ. Nanso ɛmfa ho nimdeɛ bebrebe a na ɔwɔ no, wansusuw n’ankasa ho, na mmom osusuw n’atiefo ho. Ná onim sɛ wɔn mu pii yɛ “nnipa a wonsuaa nhoma da.” (Asomafo no Nnwuma 4:13) Nea ɛbɛyɛ na wɔate no ase no, ɔkaa kasa a na nkurɔfo a wɔte saa no betumi ate ase. Ɛbɛyɛ sɛ na nsɛmfua no asete nyɛ den, nanso ɛma wonyaa nokware no ho nimdeɛ a emu dɔ.

5 Sɛ nhwɛso no, susuw Bepɔw so Asɛnka, a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 5:3–7:27 no ho hwɛ. Ebia egyee Yesu simma 20 pɛ na ɔde maa saa ɔkasa no. Nanso, nkyerɛkyerɛ a ɛwom no mu dɔ, na ɛkyerɛɛ nea ɛde nsɛm te sɛ awaresɛe, awaregu, ne honam fam adedodowpɛ ba ankasa mu kɔɔ akyiri. (Mateo 5:27-32; 6:19-34) Nanso, nsɛm a asete yɛ den anaa nea ɛyɛ hwanyann biara nni mu. Nokwarem no, asɛmfua biako pɛ mpo nni mu a abofra ntumi nte ase! Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a owiei no, “ne nkyerɛkyerɛ” no maa nkurɔfo akuwakuw—a ɛda adi sɛ akuafo, nguanhwɛfo, ne apofofo pii ka ho—“no ho dwiriw wɔn”!—Mateo 7:28.

6. Ma nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛ Yesu kaa nsɛm a na asete nyɛ den nanso na ntease wom.

6 Ná Yesu taa de nsɛm ntiantiaa a emu da hɔ di dwuma, na ɔkaa nsɛm a asete nyɛ den na ntease wom paa. Enti wɔ bere a na wonnya ntintim nhoma no, ɔnam saayɛ so de ne nsɛm no duaa n’atiefo no koma ne wɔn adwene mu dennennen. Hyɛ nhwɛso ahorow bi nsow: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu. . . . Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon [ahonyade].” “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn.” “Wɔn aba na mode behu wɔn.” “Wɔn a wɔn ho yɛ den no, enhia wɔn ɔyaresafo na wɔn a wɔyare no.” “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” * (Mateo 6:24; 7:1, 20; 9:12; 26:52; Marko 12:17; Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɛde besi nnɛ, bɛyɛ mfe 2,000 a Yesu kaa eyinom akyi no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛkae nsɛm yi.

Nsɛmmisa a Wɔde Di Dwuma

7. Dɛn nti na Yesu bisabisaa nsɛm?

7 Yesu de nsɛmmisa dii dwuma yiye. Na ɔtaa yɛ saa bere a anka obetumi aka asɛm bi akyerɛ n’atiefo a ɛrennye no bere pii no. Ɛnde, dɛn nti na obisabisaa nsɛm? Ɛtɔ bere bi a na ɔde nsɛmmisa a ɛwowɔ di dwuma de pa n’asɔretiafo nsusuwii ho ntama, na ama wɔamua wɔn ano. (Mateo 12:24-30; 21:23-27; 22:41-46) Nanso wɔ nsɛm pii mu no, Yesu gyee bere de bisaa nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda nokware ahorow adi, anya n’atiefo ma wɔada wɔn komam nsɛm adi, na watete n’asuafo no adwene akanyan no. Ma yɛnhwɛ nhwɛso abien a ne nyinaa fa ɔsomafo Petro ho nhwɛ.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na Yesu de nsɛmmisa dii dwuma boaa Petro ma onyaa asɔrefie towtua ho ntease pa?

8 Nea edi kan no, kae bere a towgyefo bisaa Petro sɛ ebia Yesu tua asɔrefie tow anaa no. * Petro a ɛtɔ mmere bi a ɔpere ne ho no buae sɛ, ‘Yiw.’ Nanso bere tiaa bi akyi no Yesu bisaa no sɛ: “Simon wudwen ho dɛn? Hefo nkyɛn na asase so ahene gyigye amanne anaa tow? Wɔn mma anaa ananafo nkyɛn? Ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ananafo nkyɛn, no, Yesu buaa no sɛ: Ɛnde na mma no de wɔn ho.” (Mateo 17:24-27) Ná ɛsɛ sɛ anka Petro hu adwene a ɛwɔ Yesu nsɛmmisa no akyi. Dɛn ntia?

9 Yesu bere so no, na ahempɔn abusuafo ntua tow. Ne saa nti, sɛ́ ɔsoro Hene no Ba a ɔwoo no koro no, na ɛnsɛ sɛ Yesu tua tow no. Hyɛ no nsow sɛ sɛ́ anka Yesu bɛma Petro mmuae tẽẽ no, ɔtɔɔ ne bo ase de nsɛmmisa boaa Petro ma ɔtee asɛm no ase—na ebia ama wahu hia a ehia sɛ osusuw nsɛm ho yiye ansa na wakasa.

10, 11. Bere a Petro twaa ɔbarima bi aso wɔ Twam anadwo wɔ afe 33 Y.B. no, dɛn na Yesu yɛe, na ɔkwan bɛn so na eyi kyerɛ sɛ na Yesu nim mfaso a ɛwɔ nsɛmmisa so?

10 Nhwɛso a ɛto so abien no fa asɛm bi a esii Twam anadwo wɔ afe 33 Y.B. bere a nnipakuw bi bae sɛ wɔrebɛkyere Yesu no ho. Asuafo no bisaa Yesu sɛ wɔnko nnye no anaa. (Luka 22:49) Bere a Petro antwɛn annye mmuae no, ɔde afoa twaa ɔbarima biako aso (ebia na anka Petro pɛ sɛ opira no kɛse). Petro anyɛ ade ma ɛne ne wura apɛde anhyia, efisɛ na Yesu asiesie ne ho koraa sɛ ɔde ne ho bɛma. Dɛn na Yesu yɛe? Sɛ́ obi a ɔwɔ abotare bere nyinaa no, obisaa Petro nsɛm abiɛsa: “Kuruwa a m’agya de ama me no, mennnom anaa?” “Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafotow dumien ne akyiri mmegyina me ho? Na ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?”—Yohane 18:11; Mateo 26:52-54.

11 Susuw saa asɛm no ho kakra hwɛ. Ná Yesu a basabasayɛfo kuw a wɔn bo afuw atwa ne ho ahyia no nim sɛ ne wu abɛn ne sɛ, N’agya din ho a ɔbɛsan ne adesamma abusua no nkwagye gyina no so. Nanso ogyee bere saa bere no nam nsɛmmisa so de nokware a ɛho hia duaa Petro adwenem. So ɛnna adi sɛ na Yesu nim mfaso a ɛwɔ nsɛmmisa so?

Nsɛm a Wɔka Gugu Mu a Emu Da Hɔ

12, 13. (a) Dɛn ne nsɛm a wogugu mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu de nsɛm a wogugu mu dii dwuma de sii nyansa a enni mu sɛ yɛbɛkasa atia yɛn nuanom wɔ mfomso nketenkete ho so dua?

12 Yesu de nkyerɛkyerɛ kwan foforo a etu mpɔn—nsɛm a wɔka gugu mu—dii dwuma mpɛn pii. Eyi yɛ nsɛm a wɔboapa gugu mu de si nsɛm so dua. Yesu nam nsɛm a wogugu mu so yɛɛ nneɛma ho mfonini a ɛbɛyɛ den sɛ obi werɛ befi. Ma yensusuw nhwɛso kakra bi ho nhwɛ.

13 Bere a na Yesu resi hia a ehia sɛ ‘yemmmu ntɛn’ so dua wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkae sɛ: “Adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua aniwa mu, na wo ankasa aniwa mu mpuran de, wunhu?” (Mateo 7:1-3) So wubetumi atwa tebea no ho mfonini wɔ w’adwenem? Obi a ɔyɛ katee pɛ sɛ oyi duaa kɛkɛ fi ne nua “aniwa” mu. Onipa a ɔyɛ katee no bɛka sɛ ne nua no ntumi nhu nsɛm mu yiye a ɛbɛma wabu atɛn a ɛteɛ. Nanso esiane sɛ “mpuran”—dua a wotumi de bɔ dan so—no asiw n’anim nti, ontumi nhu atemmu mu yiye. Hwɛ ɔkwan pa ara a wɔfa so si nyansa a ennim sɛ yɛbɛkasa atia yɛn nuanom wɔ mfomso nketenkete ho bere a ebia na mfomso akɛse hyehyɛ yɛn ho no so dua!

14. Dɛn nti na Yesu nsɛm a ɛfa nwansena a wɔsɔn yi no na wɔmene yoma ho no yɛ nsɛm a wogugu mu a tumi wom paa?

14 Bere foforo nso Yesu kasa tiaa Farisifo no sɛ “akwankyerɛfo anifuraefo a mosɔn yi nwansena, na momene yoma.” (Mateo 23:24) Ná eyi yɛ asɛm a wɔagugu mu a tumi wom paa. Dɛn ntia? Nsonsonoe a ɛda nwansena ketewaa ne yoma a na ɔka mmoa akɛse a Yesu atiefo no nim ho no da adi kɛse. Wobu akontaa sɛ nwansena ɔpepem 70 mu duru na ɛne yoma biako mu duru bɛyɛ pɛ! Afei nso na Yesu nim sɛ Farisifo no de ntama na ɛsɔn wɔn nsa so. Ná nnipa a wɔyɛ katee yi yɛ saa na amma wɔammene nwansena amfa angu wɔn ho fĩ. Nanso sɛnkyerɛnne kwan so no, na wɔmene yoma a na ɔno nso ho ntew no. (Leviticus 11:4, 21-24) Ná Yesu asɛm no mu da hɔ pefee. Farisifo no de ahwɛyiye dii Mmara no mu ahwehwɛde ketewaa so, nanso wogyaw nea ɛsom bo—“atemmu ne mmɔborohunu ne nokwaredi.” (Mateo 23:23, NW) Hwɛ sɛnea Yesu maa wɔn nipaban daa adi!

15. Asuade ahorow bɛn na Yesu de nsɛm a wogugu mu kyerɛe?

15 Yesu de nsɛm a wogugu mu dii dwuma mpɛn pii wɔ ne som adwuma no nyinaa mu. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ. ‘Gyidi a ɛte sɛ sinapi fua’ a na ebetumi atutu bepɔw—na ɛyɛ ɔkwan a etu mpɔn sen biara a Yesu betumi afa so asi so dua sɛ gyidi ketewa bi betumi ayɛ nneɛma pii. (Mateo 17:20) Yoma kɛse a ɔrebɔ mmɔden afa paane aniwa mu—hwɛ sɛnea ɛno kyerɛkyerɛ sɛnea ɛyɛ den ma ɔdefo a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn nanso ɔda so ara di honam fam adedodowpɛ akyi no mu! (Mateo 19:24) So kasakoa a ɛyɛ dɛ a Yesu de dii dwuma ne nsɛm kakraa bi a na ntease wom no nyɛ wo nwonwa?

Nsɛm a Wontumi Mmɔ Ngu

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu de n’adwene a emu dɔ no dii dwuma bere nyinaa?

16 Esiane sɛ na Yesu ntɔ sin wɔ adwenem nti, na ne ho akokwaw yiye wɔ sɛnea ɔne afoforo susuw nokwasɛm ho no mu. Nanso wamfa saa tumi yi anni dwuma ɔkwammɔne so da. Ná ɔde n’adwene a emu dɔ no yɛ ade ma nokware no nya nkɔso wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu bere nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a na ɔde nokwasɛm a emu yɛ den na ɛbɔ nyamesom asɔretiafo no atosɛm gu. Wɔ nsɛm pii mu no, ɔde nsɛm a ntease wom dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛkyerɛ n’asuafo no asuade atitiriw bi. Ma yɛnhwɛ sɛnea Yesu de nokwasɛm dii dwuma ahokokwaw so.

17, 18. Nokwasɛm a tumi wom bɛn na Yesu de dii dwuma de bɔɔ Farisifo atoro sobo no gui?

17 Susuw bere a Yesu saa ɔbarima bi a na ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifuraefo ne mum yare no ho hwɛ. Bere a Farisifo no tee ho asɛm no, wɔkae sɛ: “Ahonhommɔne panyin Beelsebul [Satan] nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.” Hyɛ no nsow sɛ Farisifo no gye toom sɛ na ehia tumi a ɛboro nnipa de so na ama wɔatumi atu Satan adaemone ahorow no. Nanso nea ɛbɛyɛ na wɔremma nkurɔfo no nnye Yesu nni no, wɔkae sɛ ne tumi no fi Satan. Bere a Yesu rema ada adi sɛ wɔansusuw wɔn asɛm no ho yiye no, obuaa wɔn sɛ: “Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina. Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaapaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina?” (Mateo 12:22-26) Nea na Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ: ‘Sɛ meyɛ Satan bɔfo a meresɛe nea Satan ayɛ, sɛnea moreka no a, ɛnde na Satan reyɛ ade atia n’ankasa ho, na ɛrenkyɛ na wahwe ase.’ Ɛyɛ nyansasɛm a tumi wom, ɛnte saa?

18 Afei Yesu kaa asɛm yi ho asɛm kɔɔ akyiri. Na onim sɛ nnipa binom a wofi Farisifo no ankasa mu atu ahonhommɔne. Enti obisaa asɛm tiawa a na ɛhaw adwene yi: “Na sɛ me, mede Beelsebul na etu ahonhommɔne a, na mo mma [anaa mo asuafo] de hena na etu wɔn?” (Mateo 12:27) Nea na Yesu asɛm no repɛ akyerɛ ne sɛ: ‘Nokwarem no, sɛ mede Satan tumi na etu adaemone a, ɛnde na mo ankasa asuafo no de tumi koro no ara na edi dwuma.’ Dɛn na na Farisifo no betumi aka? Na wɔrennye ntom da sɛ wɔn asuafo no de Satan tumi na edi dwuma. Yesu nam nokwasɛm a wontumi mmɔ ngu so maa sobo a wɔbɔ no no yɛɛ nsɛnhunu.

19, 20. (a) Ɔkwan a ɛhyɛ nkuran bɛn so na Yesu de nsɛm a ntease wom dii dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu de ‘mpɛn ahe ara’ nsɛm a wɔde susuw nsɛm ho dii dwuma bere a na ɔreyi n’asuafo no abisade a ɛne sɛ ɔnkyerɛ wɔn mpaebɔ ano no?

19 Yesu de nokwasɛm a etumi dan ti kaa nsɛm a ntease wom ho de kyerɛkyerɛɛ Yehowa ho nokware a ɛhyɛ nkuran na ɛka koma. Mpɛn pii na ɔde nea yebetumi afrɛ no ‘mpɛn ahe ara’ na esusuw nsɛm ho de boaa n’atiefo ma wonyaa nsɛm mu ntease a emu dɔ. Ma yɛnhwehwɛ nhwɛso abien pɛ mu.

20 Bere a Yesu retie n’asuafo no abisade a ɛne sɛ ɔnkyerɛ wɔn mpaebɔ no, ɔkaa ɔbarima bi a “n’anuɔden nti” n’adamfo a anka ɔremmoa no no yɛɛ n’abisade maa no ho asɛm. Afei nso Yesu kaa ɔpɛ a awofo wɔ sɛ wɔde “nnepa” bɛma wɔn mma no ho asɛm. Ɛnna ɔde baa awiei sɛ: ‘Sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa honhom kronkron mma wɔn a wobisa no?’ (Luka 11:1-13) Asɛm a Yesu kae no nnyina nsɛdi so, na mmom egyina ntotoho so. Sɛ awiei koraa wotumi ma adamfo a ɔmpɛ sɛ ɔboa ne yɔnko boa ne yɔnko, ne sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ a wɔyɛ awofo tumi di wɔn mma ahiade ho dwuma a, mpɛn ahe ara na yɛn soro Agya no remfa honhom kronkron mma n’asomfo anokwafo a wofi ahobrɛase mu ba ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu no!

21, 22. (a) Nsɛm a ntease wom bɛn na Yesu de dii dwuma bere a na ɔde dadwen ho afotu a ɛfa honam fam nneɛma ho rema no? (b) Bere a yɛasusuw akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe ho awie no, dɛn na yebetumi aka?

21 Yesu de nsɛm a ɛte saa ara dii dwuma bere a na ɔde afotu rema wɔ sɛnea wodi honam fam nneɛma ho dadwen ho dwuma ho no. Ɔkae sɛ: ‘Monhwɛ nkwaakwaadabi sɛ wongu na wontwa, na wonni afiase anaa ɔsan; nanso Onyankopɔn yɛn wɔn. Ɔsen bɛn na monsen nnomaa? Monhwɛ sukooko sɛnea enyin, ɛnyɛ adwuma. Na sɛ Onyankopɔn ma wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntama saa a, mpɛn ahe na ɔremma mo, mo a mo gyidi sua?’ (Luka 12:24, 27, 28) Sɛ Yehowa hwɛ nnomaa ne nhwiren a, mpɛn ahe ara na ɔrenhwɛ n’asomfo! Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a emu nyɛ den nanso tumi wom no kaa Yesu atiefo no koma.

22 Bere a yɛasusuw akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe kakra ho awie no, yebetumi aka no ntɛm ara sɛ na ɛnyɛ sɛ asomfo a wɔantumi ankyere no no regugu nsɛm mu bere a wɔkae sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da” no. Nanso akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ a wɔde nim Yesu yiye ne mfatoho horow anaa mmɛbu a na ɔde di dwuma no. Dɛn nti na ɔfaa saa kwan yi so kyerɛkyerɛe? Na dɛn na ɛmaa ne mfatoho ahorow no tuu mpɔn saa? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Ɛda adi sɛ na asomfo no yɛ adwuma ma Sanhedrin no wɔ ɔsɔfo panyin no akwankyerɛ ase.

^ nky. 3 Hwɛ nsɛm “Mama Mo Sɛnnahɔ” ne “Monkɔ So Nni M’akyi,” a ɛwɔ August 15, 2002, Ɔwɛn-Aban no mu no.

^ nky. 6 Ɔsomafo Paulo nkutoo na ɔfaa asɛm a etwa to a woyi fii asɛm bi mu no kae wɔ Asomafo no Nnwuma 20:35, ɛmfa ho sɛ yehu adwene a ɛwɔ saa nsɛm no mu no wɔ Nsɛmpa no mu no. Ebetumi aba sɛ wɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ Paulo (sɛ ebia efi osuani bi a ɔte fii Yesu anom, anaasɛ ɔte fii Yesu a na wɔanyan no no nkyɛn) anaa denam ɔsoro anisoadehu so.—Asomafo no Nnwuma 22:6-15; 1 Korintofo 15:6, 8.

^ nky. 8 Ná wɔhwɛ kwan sɛ Yudafo no betua asɔrefie tow drakma abien (bɛyɛ ɔpaafo nnanu akatua) afe biara. Ná wɔde tow sika no tua asɔrefie no ho asiesie, adwuma a wɔyɛ wɔ hɔ, ne afɔre a na wɔbɔ no daa ma ɔman no ho ka.

So Wokae?

•Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu de nsɛm a asete nyɛ den na emu da hɔ na ɛkyerɛkyerɛe?

•Dɛn nti na Yesu de nsɛmmisa dii dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu?

•Dɛn ne nsɛm a wogugu mu, na ɔkwan bɛn so na Yesu de ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yi dii dwuma?

•Ɔkwan bɛn so na Yesu de nsɛm a ntease wom dii dwuma kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no Yehowa ho nokware ahorow a ɛyɛ anigye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yesu de kasa a na mpapahwekwa betumi ate ase na edii dwuma

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Farisifo no ‘sɔn yii nwansena nanso wɔmenee yoma’