Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No

Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No

Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No

“Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo . . . , monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—MATEO 28:19, 20.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo? (b) Ɛdefa adekyerɛ ho no, asɛyɛde soronko bɛn na nokware Kristofo nyinaa wɔ?

WOYƐ ɔkyerɛkyerɛfo? Ɔkwan bi so no, yɛn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo. Bere biara a wobɛkyerɛ ɔkwantuni bi a wayera kwan, wobɛkyerɛ yɔnko dwumayɛni bi sɛnea wɔyɛ adwuma pɔtẽẽ bi, anaa wobɛkyerɛkyerɛ abofra sɛnea ɔbɛhyɛ ne mpaboa no, na worekyerɛ ade. So abotɔyam bi nnim sɛ wobɛboa afoforo wɔ akwan a ɛte saa so?

2 Ɛdefa adekyerɛ ho no, nokware Kristofo wɔ asɛyɛde soronko. Wɔhyɛ yɛn sɛ ‘yɛnyɛ nkurɔfo asuafo, nkyerɛkyerɛ wɔn.’ (Mateo 28:19, 20) Wɔ asafo no mu nso, yenya hokwan kyerɛ ade. Wɔpaw mmarima a wɔfata sɛ “ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,” na wɔahyɛ asafo no den. (Efesofo 4:11-13) Ɛsɛ sɛ mmea a wɔn ho akokwaw no ‘kyerɛkyerɛ’ mmabaa “nsɛm pa” wɔ wɔn Kristofo da biara da adeyɛ mu. (Tito 2:3-5) Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnhyɛ mfɛfo gyidifo nkuran, na yebetumi atie saa afotu no denam Bible no a yɛde bedi dwuma de ahyɛ afoforo den no so. (1 Tesalonikafo 5:11) Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo na yɛaka honhom fam nneɛma a ɛso mfaso ahorow betumi atra hɔ daa ho asɛm akyerɛ!

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atu mpɔn sɛ akyerɛkyerɛfo?

3 Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi atu mpɔn sɛ akyerɛkyerɛfo? Ne titiriw no, ɛne sɛ yebesuasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu. Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu? Ná ɔyɛ pɛ.’ Ɛwom, yɛrentumi nyɛ akyerɛkyerɛfo a yɛyɛ pɛ. Nanso, sɛnea yɛn ahoɔden te biara no, yebetumi asuasua ɔkwan a Yesu faa so kyerɛɛ ade no. Ma yensusuw sɛnea yebetumi de akwan anan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe—nsɛm a asete nyɛ den, nsɛmmisa a etu mpɔn, nsɛm a ntease wom, ne mfatoho horow a ɛfata—no adi dwuma no ho.

Sɛnea Yɛbɛma Ayɛ Mmerɛw

4, 5. (a) Dɛn nti na nsɛm a asete nyɛ den hia titiriw wɔ Bible mu nokware mu? (b) Sɛ yɛde nsɛm a asete nyɛ den bɛkyerɛkyerɛ a, dɛn nti na ehia sɛ yɛma yɛn ani ku nsɛm a yɛbɛka ho?

4 Onyankopɔn Asɛm mu nokware atitiriw no nyɛ den. Yesu kae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Agya, . . . miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.” (Mateo 11:25) Yehowa ama wɔn a wɔwɔ koma pa na wɔbrɛ wɔn ho ase komam no ate n’atirimpɔw ahorow ase. (1 Korintofo 1:26-28) Ne saa nti, ade titiriw a ɛda adi wɔ Bible mu nokware ho ne sɛ, asete nyɛ den.

5 Sɛ woreyɛ ofie Bible adesua anaa woreyɛ anigyefo so sankɔhwɛ a, ɔkwan bɛn so na wubetumi de nsɛm a asete nyɛ den akyerɛkyerɛ? Wiɛ, dɛn na yesua fii Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no hɔ? Nea ɛbɛyɛ na Yesu atiefo a na wɔn mu pii ‘nsuaa nhoma da’ no ate n’ase no, ɔde nsɛm a emu da hɔ a ɛnyɛ den sɛ wɔbɛte ase na edii dwuma. (Asomafo no Nnwuma 4:13) Sɛ yebetumi de nsɛm a asete nyɛ den akyerɛkyerɛ a, nea edi kan ne sɛ yɛbɛma yɛn ani aba nsɛmfua a yɛde di dwuma no so. Enhia sɛ yɛde nsɛmfua akɛse anaa kasasin a emu yɛ duru di dwuma na ama afoforo atumi ate Onyankopɔn Asɛm mu nokware ase yiye. “Asɛm anaa nyansa a ɛtra so” a ɛte saa no betumi ahunahuna wɔn a wonnim nhoma pii anaa wɔba fam no titiriw. (1 Korintofo 2:1, 2) Yesu nhwɛso no ma ɛda adi sɛ nsɛm a asete nyɛ den a wɔde di dwuma yiye no betumi ama yɛde ahoɔden aka nokware no akyerɛ.

6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati nsɛm pii a yɛbɛka ma abunkam Bible suani bi so?

6 Sɛ yɛde nsɛm a asete nyɛ den bɛkyerɛkyerɛ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye nso sɛ yɛrenka nsɛm pii mfa mmunkam Bible suani bi so. Ná Yesu susuw n’asuafo no sintɔ ahorow ho. (Yohane 16:12) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yesusuw osuani no sintɔ ahorow ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛreyɛ adesua wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no mu a, enhia sɛ yɛkyerɛkyerɛ asɛm biara mu. * Na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛde ahopere sua emu nsɛm no, te sɛ nea nsɛm dodow bi a yebesua no na ɛho hia titiriw. Mmom no, nyansa wom sɛ yɛbɛma osuani no ahiade ne sɛnea ne mmɔdenbɔ te akyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ adesua no kɔ. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa osuani no ma wabɛyɛ Kristo suani ne Yehowa somfo. Ehia sɛ yegye bere biara a ehia de boa osuani a ɔkyerɛ anigye no ma ɔte nea ɔresua no ase yiye. Ɛdenam saayɛ so no, nokware no bɛka ne koma ma wayɛ ho biribi.—Romafo 12:2.

7. Nyansahyɛ ahorow bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛde nsɛm a asete nyɛ den akyerɛkyerɛ bere a yɛrema ɔkasa horow wɔ asafo no mu no?

7 Sɛ yɛrema ɔkasa horow wɔ asafo mu, na ne titiriw no, sɛ nnipa a wɔyɛ foforo wɔ atiefo no mu a, ɔkwan bɛn so na yebetumi aka nsɛm a ‘asete nyɛ den’? (1 Korintofo 14:9) Susuw nyansahyɛ ahorow abiɛsa a ebetumi aboa ho hwɛ. Nea edi kan no, kyerɛkyerɛ nsɛmfua foforo biara a ebia wode bedi dwuma mu. Onyankopɔn Asɛm mu ntease a yɛanya no ama yɛn kasa da nsow. Sɛ yɛde nsɛm te sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” “nguan foforo,” ne “Babilon Kɛse,” di dwuma a, ebia ebehia sɛ yɛde kasasin a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ mu ma emu da hɔ. Nea ɛto so abien no, mma wo nsɛm nnɔɔso dodo. Nsɛm a ɛdɔɔso dodo a wɔka kyew ho betumi asɛe atiefo no anigye. Sɛ wo nsɛm mu bɛda hɔ a, gye sɛ wuyi nsɛm ne kasasin a ɛho nhia pii no fi mu. Nea ɛto so abiɛsa no, mmɔ mmɔden sɛ wobɛka nneɛma pii ho asɛm. Yebetumi anya nsɛm a ɛyɛ anigye pii afi nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ no mu. Nanso eye sɛ yɛbɛhyehyɛ nsɛm no ma ayɛ nsɛmpɔw kakraa bi, na yɛde nsɛm a ɛfoa yɛn asɛm no so a yebetumi de bere a wɔde ama yɛn no adi ho dwuma yiye no nkutoo di ho dwuma.

Nsɛmmisa a Yɛde Bedi Dwuma Ɔkwan a Etu Mpɔn So

8, 9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi apaw nsɛmmisa a ofiewura ani begye ho? Ma nhwɛso ahorow.

8 Kae sɛ na Yesu ho akokwaw yiye wɔ sɛnea ɔde nsɛmmisa di dwuma ma n’asuafo no ka nea ɛwɔ wɔn tirim, kanyan wɔn, na ɛteɛteɛ wɔn nsusuwii no ho. Yesu nam ne nsɛmmisa so de ntoboase duu wɔn komam hyɛɛ wɔn nkuran. (Mateo 16:13, 15; Yohane 11:26) Te sɛ Yesu no, ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmmisa adi dwuma ma atu mpɔn?

9 Sɛ yɛreka asɛm wɔ afie afie mu a, yebetumi de nsɛmmisa a akanyan anigye adi dwuma, na abue kwan ma yɛaka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi apaw asɛmmisa a ofiewura no ani begye ho? Fa w’ani to fam. Sɛ worebɛn ofie bi a, hwɛ sɛnea ɛhɔnom tebea te. So agode wɔ adiwo hɔ a ɛkyerɛ sɛ mmofra wɔ fie hɔ? Sɛ saa a, yebetumi abisa sɛ, ‘So woasusuw sɛnea wiase bɛyɛ bere a wo mma anyin no ho pɛn?’ (Dwom 37:10, 11) So krado ahorow deda anim pon no ano, anaa nneɛma a wɔde bɔ fie ho ban wɔ fie hɔ? Yebetumi abisa sɛ: ‘So wususuw sɛ bere bi bɛba a nnipa te sɛ me ne wo betumi anya ahobammɔ wɔ fie ne abɔnten so?’ (Mika 4:3, 4) So ɔkwan a wɔde mmubuafo nkongua fa so wɔ hɔ? Yebetumi abisa sɛ: ‘So bere bi bɛba a obiara a ɔte ase benya akwahosan pa?’ (Yesaia 33:24) Yebetumi anya nyansahyɛ pii wɔ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no mu. *

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmmisa adi dwuma ‘ahu’ sɛnea Bible suani bi te nka, ne ne komam tebea, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

10 Sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, yɛbɛyɛ dɛn atumi de nsɛmmisa adi dwuma yiye? Nea ɛnte sɛ Yesu no, yɛrentumi nhu nkurɔfo komam. Nanso nsɛmmisa a ɛfata tebea no a yɛde anifere bebisa no betumi aboa ma ‘yɛahu’ osuani no adwene, ne ne komam tebea. (Mmebusɛm 20:5) Fa no sɛ yɛresua Nimdeɛ nhoma no ti a n’asɛmti ne “Nea Enti a Onyamesom Pa a wɔde Tra Ase De Anigye Ba.” Ɛka adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ atorodi, aguamammɔ, ne nneɛma foforo ho no ho asɛm. Ebia osuani no bebua nsɛmmisa a wɔatintim no pɛpɛɛpɛ, nanso so ogye nea ɔresua no tom? Yebetumi abisa sɛ: ‘So wote nka sɛ ntease wɔ adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma a ɛte saa ho no mu?’ ‘Wobɛyɛ dɛn atumi de Bible mu nnyinasosɛm ahorow yi adi dwuma wɔ w’asetra mu?’ Nanso ma hia a ehia sɛ woda obu adi, na wudi osuani no ni no ntra w’adwenem. Yɛmpɛ sɛ yebebisa nsɛm bi a ɛbɛma Bible suani no ayɛ basaa anaa n’ani awu.—Mmebusɛm 12:18.

11. Akwan bɛn so na baguam akasafo betumi de nsɛmmisa adi dwuma ma atu mpɔn?

11 Baguam akasafo nso betumi de nsɛmmisa adi dwuma ma atu mpɔn. Nsɛmmisa a yɛnhwɛ kwan sɛ yɛn atiefo bɛma ho mmuae den no betumi aboa atiefo ma wɔadwene na wɔasusuw nsɛm ho. Yesu de nsɛmmisa a ɛtete saa dii dwuma bere ne bere mu. (Mateo 11:7-9) Bio nso, bere a ɔkasafo bi aka ne nnianim nsɛm awie no, obetumi de nsɛmmisa abobɔ nsɛntitiriw a ɔbɛka ho asɛm no so. Obetumi aka sɛ: “Wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ yi mu nnɛ no, yebesusuw nsɛmmisa a edidi so yi mmuae ho . . .” Afei bere a ɔrewie no, obetumi atwe adwene asi nsɛmmisa no so de abɔ nsɛntitiriw no mua.

12. Ma sɛnea Kristofo mpanyimfo betumi de nsɛmmisa adi dwuma de aboa yɔnko gyidini bi ma wanya awerɛkyekye afi Onyankopɔn Asɛm mu ho nhwɛso.

12 Wɔ Kristofo ahwɛfo nsrahwɛ mu no, wobetumi de nsɛmmisa aboa ‘obi a ne koma atu’ ma wanya awerɛkyekye afi Yehowa Asɛm mu. (1 Tesalonikafo 5:14) Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔpanyin bi pɛ sɛ ɔboa obi a wabotow a, obetumi atwe adwene asi Dwom 34:18 so. Ɛka sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” Nea ɛbɛyɛ na nea n’abam abu no ahu sɛnea ɛfa ne ho no, ɔpanyin no betumi abisa sɛ: ‘Henanom na Yehowa bɛn wɔn? So ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ wo “koma abubu” na wo “honhom apɛtɛw”? Sɛ Yehowa bɛn saafo no, sɛnea Bible no ka no a, so ɛnkyerɛ sɛ ɔbɛn wo?’ Nkate mu a wubefi de awerɛhyem a ɛte saa ama no betumi akanyan obi a wabotow.—Yesaia 57:15.

Nsɛm a Ntease Wom

13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne obi a ɔka sɛ onnye Onyankopɔn a ontumi nhu no nni asusuw nsɛm ho? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ obiara bɛte yɛn ase?

13 Wɔ yɛn asɛnka mu no, yɛpɛ sɛ yɛde nsɛm a ntease wom a etumi dan ti yɛ adwuma. (Asomafo no Nnwuma 19:8; 28:23, 24) So ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde nokwasɛm a asete yɛ den di dwuma na ama afoforo ate Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ase? Ɛnte saa koraa. Enhia sɛ nsɛm a ɛtɔ asom asete bɛyɛ den. Nsusuwho a ntease wom a wɔka wɔ ɔkwan a asete nyɛ den so no taa tu mpɔn. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ.

14 Sɛ obi ka sɛ onnye Onyankopɔn a ontumi nhu no nni a, mmuae bɛn na yɛde bɛma no? Yebetumi ne no asusuw abɔde mu mmara a ɛne sɛ biribi na ɛkɔfa biribi ba no ho. Sɛ yehu biribi a, yegye tom sɛ ɛnam biribi so na ɛbae. Yebetumi aka sɛ: ‘Sɛ wokɔ baabi a atew ne ho na wukopue ɔdan fɛfɛ bi a nnuan (biribi a ɛwɔ hɔ) wom so a, so wubegye atom ntɛm ara sɛ obi (biribi a ɛde bae) na osii saa fie no, na ɔyɛɛ baabi a wɔde nnuan hyehyɛ. Saa ara nso na sɛ yehu adwinni a ɛda adi wɔ adebɔ mu ne nnuan a ɛdɔɔso wɔ asase no “mu” (nea ɛde biribi ba) a, so ntease nnim sɛ yebegye atom sɛ Obi (biribi a ɛwɔ hɔ) na ɔyɛe?’ Bible mu asɛm no ka no tiawa sɛ: “Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Nanso, ɛmfa ho sɛnea ntease wɔ yɛn asɛm mu biara mu no, ɛnyɛ obiara na ɔbɛte yɛn ase. Bible kae yɛn sɛ wɔn a ‘wɔyɛ komapafo’ nkutoo na wɔbɛyɛ gyidifo.—Asomafo no Nnwuma 13:48; 2 Tesalonikafo 3:2.

15. Ɔkwan a wɔfa so susuw nsɛm ho bɛn na yebetumi de adi dwuma asi Yehowa su horow ne n’akwan so dua, na nhwɛso abien bɛn na ɛkyerɛ sɛnea yebetumi de saa nsusuwii no adi dwuma?

15 Bere a yɛrekyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu anaa wɔ asafo no mu no, yebetumi de nsɛm a ntease wom asi Yehowa su ahorow ne n’akwan so dua. Nea ɛno nso tu mpɔn ne nsɛm te sɛ ‘mpɛn ahe ara,’ a ɛtɔ bere bi a na Yesu de di dwuma no. (Luka 11:13; 12:24) Sɛ yɛyɛ ntotoho a, ɔkwan a wɔfa so susuw nsɛm ho yi betumi anya nkɛntɛnso kɛse. Nea ɛbɛyɛ na yɛabɔ nsɛnhunu a hellgya nkyerɛkyerɛ no yɛ agu no, yebetumi aka sɛ: ‘Agya a ɔwɔ dɔ biara renso ne ba nsa mfa nhyɛ ogya mu mfa ntwe n’aso. Hwɛ sɛnea hellgya ho adwene no bɛyɛ abofono ama yɛn soro Agya no!’ (Yeremia 7:31) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ sɛ Yehowa hwɛ n’asomfo so sɛ ankorankoro a, yebetumi aka sɛ: ‘Sɛ Yehowa nim nsoromma ɔpepepem pii no biara din a, mpɛn ahe ara na ɔrenhwɛ nnipa a wɔdɔ no na ɔde ne Ba no mogya a ɛsom bo tɔɔ wɔn no so!’ (Yesaia 40:26; Asomafo no Nnwuma 20:28) Nsɛm a etumi dan ti saa betumi aboa yɛn ma yɛadu afoforo koma mu.

Mfatoho Horow a Ɛfata

16. Dɛn nti na mfatoho ahorow som bo wɔ adekyerɛ mu?

16 Mfatoho a etu mpɔn yɛ ade a yetumi de frafra yɛn kasa mu ma yɛn nkyerɛkyerɛ yɛ afoforo dɛ. Dɛn nti na mfatoho horow som bo wɔ adekyerɛ mu? Ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Sɛ́ obi bedwen a onnya biribiara mfa ntoto ho no yɛ nneɛma a ɛyɛ den paa ma nnipa no mu biako.” Mfatoho horow ma yetwa nneɛma ho mfonini wɔ yɛn adwenem, na ɛboa yɛn ma yɛte nsusuwii foforo ase yiye. Ná Yesu da nsow wɔ mfatoho a ɔde di dwuma mu. (Marko 4:33, 34) Ma yensusuw sɛnea yebetumi de ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no adi dwuma no ho nhwɛ.

17. Nneɛma anan bɛn na ɛma mfatoho tu mpɔn?

17 Dɛn na ɛma mfatoho tu mpɔn? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ɛfata yɛn atiefo no, na ɛtwe adwene kɔ tebea horow a atiefo no behu no ntɛm so. Yɛkae sɛ, Yesu faa ne mfatoho horow no pii fii nneɛma a na n’atiefo no yɛ no daa mu. Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ mfatoho ne asɛm a yɛreka no kɔ. Sɛ nea yɛde retoto ho no ne no nkɔ a, nea mfatoho no betumi ayɛ ara ne sɛ ɛbɛtwe yɛn atiefo no adwene afi asɛm no so. Nea ɛto so abiɛsa, ɛnsɛ sɛ yɛde nsɛm a ɛho nhia frafra mfatoho mu. Kae sɛ Yesu kaa nsɛm pɔtee a ehia na ogyaw nsɛm a ɛho nhia. Nea ɛto so anan, sɛ yɛde mfatoho redi dwuma a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ emu ntease no mu da hɔ. Ɛnte saa a, ebinom renhu sɛnea wɔde bedi dwuma.

18. Yɛbɛyɛ dɛn anya mfatoho ahorow a ɛfata?

18 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama mfatoho ahorow a ɛfata? Enhia sɛ yebedwen nsɛm atenten biara ho. Nsɛm ntiantiaa betumi atu mpɔn paa. Wode bɔ mmɔden sɛ wubesusuw asɛm a woreka no ho nhwɛso horow bi ho kɛkɛ. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ yɛresusuw asɛm a ɛfa Onyankopɔn fafiri ho, na yɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 3:19, a ɛka sɛ Yehowa ‘twa’ anaa ɔpopa yɛn mfomso no mu. Ɛno ankasa yɛ nyansakasa a emu da hɔ, nanso nhwɛso ankasa bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ asɛm no mu—ade a yɛde popa pɛnsere nkyerɛwee? anaa sapɔw? Yebetumi aka sɛ: ‘Sɛ Yehowa de yɛn bɔne firi yɛn a, ɛte sɛ nea ɔde sapɔw (anaa ade a yɛde popa pɛnsere nkyerɛwee) apopa afi hɔ.’ Ɛbɛyɛ den sɛ obi rente mfatoho tiawa yi ase.

19, 20. (a) Ɛhefa na yebetumi anya mfatoho ahorow a eye? (b) Dɛn ne mfatoho ahorow a etu mpɔn a wɔatintim wɔ yɛn nhoma mu no bi? (Hwɛ adaka no mu nso.)

19 Ɛhe na wubetumi anya mfatoho ahorow a ɛfata, a obi asetram nsɛm ankasa ka ho? Hwehwɛ fi w’ankasa asetra mu anaa wɔ mfɛfo gyidifo nsɛm tebea a egu ahorow no mu. Yebetumi apaw mfatoho afi mmeae pii, a nneɛma a nkwa wom ne nea nkwa nnim, nneɛma a ɛwɔ fie, anaa asɛm bi a esii nkyɛe a wonim wɔ mpɔtam hɔ. Ɔkwan titiriw a yɛfa so nya mfatoho ne sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ, na ‘yɛhwɛ’ nneɛma a esisi a atwa yɛn ho ahyia no ‘yiye.’ (Asomafo no Nnwuma 17:22, 23) Baguam ɔkasa ho nhoma bi ka sɛ: “Ɔkasafo a ɔhwɛ nnipa asetra mu nsɛm ne nnwuma horow a wɔyɛ no tumi ne nnipa nyinaa kasa, hwɛ nneɛma yiye bisa ho nsɛm kosi sɛ ɔbɛte ase, ɔboaboa nsɛm a obetumi de ama mfatoho pii ano a sɛ ɛho behia no a, obetumi de adi dwuma.”

20 Baabi foforo nso wɔ hɔ a yebetumi anya mfatoho ahorow a etu mpɔn pii—Ɔwɛn-Aban, ne Nyan!, ne nhoma foforo a Yehowa Adansefo atintim no. Wubetumi asua pii afa sɛnea nhoma horow yi de mfatoho ahorow di dwuma no ho. * Sɛ nhwɛso no, hwɛ mfatoho a wɔde dii dwuma wɔ ti 17 nkyekyɛm 11 wɔ Nimdeɛ nhoma no mu no. Ɛde nnipa a wogu ahorow a wɔwɔ asafo no mu no toto lɔre pii a ɛnam kwan bi a wonam so no so ho. Dɛn na ɛma etu mpɔn? Hyɛ no nsow sɛ egyina nneɛma a esisi daa so, na ɛne asɛm a wɔrekyerɛkyerɛ mu no hyia paa, na nkyerɛkyerɛmu no mu da hɔ. Yebetumi de mfatoho ahorow a wɔatintim adi dwuma na ebia yɛafa de atoto Bible suani bi ahiade ho anaa yɛasiesie de adi dwuma wɔ ɔkasa mu.

21. Akatua bɛn na obi benya afi Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛfo a otu mpɔn a ɔbɛyɛ no mu?

21 Ɔkyerɛkyerɛfo a otu mpɔn a wobɛyɛ no so akatua dɔɔso. Sɛ yɛkyerɛ ade a, yɛne afoforo kyɛ ade; yɛde nea yɛwɔ boa wɔn. Ɔma a ɛte saa no de anigye ba, efisɛ Bible ka sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo fam no, saa anigye no ne nim a wonim sɛ wɔde biribi a ɛso mfaso bɛtra hɔ daa—Yehowa ho nokware—rema no. Yɛn nso, yebetumi anya abotɔyam a efi nim a yenim sɛ yɛresuasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu Kristo no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 9 Hwɛ ɔfã “Nnianim nsɛm a Yɛde Bedi Dwuma Wɔ Asɛnka Mu,” wɔ nkratafa 2-7.—Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 20 Sɛ wopɛ nhwɛso ahorow a, hwɛ Watch Tower Publications Index 1986-2000, wɔ asɛmti “Illustrations” ase—Yehowa Adansefo atintim wɔ kasa horow pii mu.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛm a asete nyɛ den akyerɛ ade bere a yɛreyɛ Bible adesua? bere a yɛrema ɔkasa wɔ asafo no mu?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmmisa adi dwuma ma atu mpɔn bere a yɛreka asɛm wɔ afie afie no?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛm a ntease wom asi Yehowa su horow ne n’akwan so dua?

• Ɛhefa na yebetumi anya mfatoho ahorow a ɛfata?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

So Wokae Mfatoho Ahorow Yi?

Nea edidi so yi yɛ mfatoho ahorow a etu mpɔn kakraa bi. Dɛn nti na wonyɛ nhwehwɛmu nhyɛ sɛnea mfatoho no boa ma wosii asɛm a na moresusuw ho no so dua no nsow?

• Te sɛ afunibufo anaa nnipa baanu a wɔde skate hyehyɛ wɔn nan ase tu mmirika no, aware pa a obi benya no gyina ɔhokafo pa a obenya so.—May 15, 2001, Ɔwɛn-Aban, kratafa 16.

• Wo nkate a woda no adi te sɛ woretow bɔɔl. Wubetumi atow no brɛoo anaa wubetumi atow no ahoɔden so ma apira obi.—January 8, 2001, Nyan!, kratafa 10.

• Ɔdɔ a yesua sɛ yɛbɛda no adi no te sɛ kasa foforo a yesua ara pɛ.—February 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 18, 22-3.

• Yebetumi de bɔne a yenya fii awo mu no atoto nea ɛba bere a wɔde nsɛm bi a ɛsɛe kɔmputa so dwumadi hyɛ kɔmputa bi mu no ho.—Is There a Creator Who Cares About You?, kratafa 156.

• Adaemone de ahonhonsɛmdi di dwuma sɛnea abɔmmɔfo de mmoa akɔnnɔde sum wɔn afiri no: Ɛtwetwe wɔn a wɔpɛ wɔn no.Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, kratafa 111.

• Yebetumi de sɛnea Yesu ba begyee Adam asefo no atoto ɔdefo bi a otua adwuma bi ka a ɛde (a adwuma so panyin bi a onni nokware bɔe) ma wɔsan bue adwuma no, ma enti emu adwumayɛfo pii no nya so mfaso no.—February 15, 1991, Ɔwɛn-Aban, kratafa 13.

• Sɛnea nkurɔfo a wɔn ani gye adwinni ho no bɛyɛ biribiara de asiesie mfonini a ɛyɛ fɛ a asɛe koraa no, saa ara na Yehowa betumi abu n’ani agu yɛn sintɔ ahorow so na wahu yɛn mu ade pa bi, na awiei koraa no, wasan de yɛn akɔ gyinabea a ɛyɛ pɛ a Adam hweree no mu.—February 15, 1990, Ɔwɛn-Aban, kratafa 22.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Nokware Kristofo yɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Mpanyimfo betumi de nsɛmmisa adi dwuma de aboa mfɛfo gyidifo ma wɔanya awerɛkyekye afi Onyankopɔn Asɛm mu