Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wankwati Bɛ Anka Asɛm Biara Ankyerɛ Wɔn”

“Wankwati Bɛ Anka Asɛm Biara Ankyerɛ Wɔn”

“Wankwati Bɛ Anka Asɛm Biara Ankyerɛ Wɔn”

‘Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no mmebu mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn.’—MATEO 13:34.

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛn werɛ befi mfatoho ahorow a etu mpɔn? (b) Mfatoho ahorow bɛn na Yesu de dii dwuma, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ sɛnea ɔde mfatoho ahorow dii dwuma no ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

WUBETUMI akae mfatoho bi a ebia wotee wɔ baguam ɔkasa bi mu mfe pii a atwam ni? Ɛyɛ den sɛ wo werɛ befi mfatoho ahorow a etu mpɔn no. Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ mfatoho ahorow “ma aso dan aniwa na ɛma atiefo twa nneɛma ho mfonini wɔ wɔn tirim.” Esiane sɛ nneɛma ho mfonini a yɛyɛ wɔ yɛn tirim ma yetumi susuw nsɛm ho yiye nti, mfatoho ahorow betumi ama nsɛm bi asete ayɛ mmerɛw. Mfatoho ahorow betumi ama nsɛmfua mu ada hɔ, na ama nsɛm aka yɛn tirim yiye.

2 Ɔkyerɛkyerɛfo biara ntraa ase a ne ho akokwaw wɔ sɛnea wɔde mfatoho ahorow di dwuma yiye sen Yesu Kristo. Yetumi kae Yesu mmɛ a obui bɛyɛ mfirihyia mpem abien ni no a yɛmmrɛ ho koraa. * Dɛn nti na Yesu de ɔkwan pɔtee a wɔfa so kyerɛ ade yi dii dwuma kɛse saa? Na dɛn na ɛmaa ne mfatoho ahorow no tuu mpɔn kɛse?

Nea Enti a Yesu De Mfatoho Ahorow Kyerɛkyerɛe

3. (a) Sɛnea Mateo 13:34, 35, kyerɛ no, ade biako bɛn nti na Yesu de mfatoho ahorow dii dwuma? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Yehowa ani begye ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yi ho?

3 Bible no kyerɛ nneɛma titiriw abien bi a enti Yesu de mfatoho ahorow dii dwuma. Nea edi kan no, saa a ɔyɛe no maa nkɔmhyɛ nyaa mmamu. Ɔsomafo Mateo kyerɛwee sɛ: “Wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Mebue m’ano mmebu mu.” (Mateo 13:34, 35) “Odiyifo” a Mateo faa n’asɛm kae no ne nea ɔhyehyɛɛ Dwom 78:2 no. Onyankopɔn honhom na ɛkaa odwontofo no ma ɔkyerɛw too hɔ mfehaha pii ansa na wɔrewo Yesu no. So ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa dii kan kaa no mfehaha pii sɛ ne Ba no de mfatoho ahorow na ɛbɛkyerɛkyerɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ani gye ɔkwan a wɔfa so kyerɛ ade yi ho!

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔde mfatoho ahorow dii dwuma no mu?

4 Nea ɛto so abien no, Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔde mfatoho ahorow dii dwuma na ama wayiyi wɔn a wɔn koma yɛ den no afi atiefo foforo mu. Bere a ɔkaa ogufo ho bɛ no kyerɛɛ “nkurɔfo akuwakuw pii” wiei no, n’asuafo no bisae sɛ: “Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebu mu?” Yesu buae sɛ: “Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn. Eyi nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebu mu, efisɛ wohu de, nanso wonhu, na wɔte de, nso wɔnte na wɔnte ase. Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Ɔte de, mobɛte, na morente ase; na ohu nso mubehu, na morenhu mu. Efisɛ ɔman yi koma apirim.”—Mateo 13:2, 10, 11, 13-15; Yesaia 6:9, 10.

5. Ɔkwan bɛn so na Yesu mfatoho ahorow no yii ahobrɛasefo fii wɔn a na wɔyɛ ahantan wɔ komam no mu?

5 Dɛn na na ɛwɔ Yesu mfatoho ahorow mu a etumi yiyi nnipa mu no? Ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ n’atiefo no bɔre hwehwɛ ansa na wɔate ne nsɛm bi ase. Ɛkaa nkurɔfo a na wɔbrɛ wɔn ho ase no maa wobisaa ho nsɛm pii. (Mateo 13:36; Marko 4:34) Enti Yesu mfatoho horow no daa nokware horow adi kyerɛɛ wɔn a na wɔrepɛ ahu no; na bere koro no ara no, ne mfatoho ahorow no amma wɔn a wɔyɛ ahantan wɔ komam no anhu nokware no. Ɔkyerɛkyerɛfo soronko bɛn ara na na Yesu yɛ sɛɛ yi! Afei ma yɛnhwehwɛ nneɛma a ɛmaa ne mfatoho ahorow no tuu mpɔn kɛse no bi mu.

Nsɛm Mu a Woyiyi

6-8. (a) Hokwan bɛn na na afeha a edi kan no mufo a wotiee Yesu no nni? (b) Nhwɛso horow bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu yɛ nyiyim wɔ nsɛm a ɔka no mu?

6 So woasusuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ afeha a edi kan mu asuafo a wotiee Yesu nkyerɛkyerɛ tẽẽ no tee nka no ho pɛn? Ɛwom sɛ wonyaa hokwan soronko de tiee Yesu nne de, nanso na wonnya nnyaa ɛho kyerɛwtohɔ a ɛbɛkae wɔn nsɛm a ɔkae no. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wɔde Yesu nsɛm no sie wɔn tirim ne wɔn komam. Yesu nam mfatoho ahorow a ɔde dii dwuma no so maa ɛyɛɛ mmerɛw maa wɔn sɛ wɔbɛkae nea ɔkyerɛkyerɛe no. Ɔkwan bɛn so?

7 Yesu yiyii nsɛm a na ɔka no mu. Sɛ ehia sɛ ɔda nsɛntitiriw bi adi de si asɛm so dua a, na ɔto ne bo ase de hyehyɛm. Enti ɔkaa nguan dodow a na wɔaka bere a owura no kɔhwehwɛɛ nea wayera no, nnɔnhwerew dodow a apaafo de yɛɛ adwuma wɔ bobeturo mu, ne talente dodow a wɔde hyɛɛ nkurɔfo bi nsa ho asɛm.—Mateo 18:12-14; 20:1-16; 25:14-30.

8 Bere koro no ara Yesu gyaw nsɛm a ɛho nhia pii a anka ɛremma yɛnte mfatoho horow no ase no. Sɛ nhwɛso no, wɔ akoa tirimɔdenfo no bɛ mu no, wankyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a akoa no tumi dee ka denari 60,000,000 no mu. Ná Yesu resi hia a ehia sɛ yɛde firi no so dua. Ɛnyɛ nea ɛyɛe a akoa no dee ka no na na ehia, na mmom sɛnea wɔde ka no kyɛɛ no ne sɛnea ɔno nso yɛɛ n’awurakwaa a na ɔde no ka ketewaa bi no. (Mateo 18:23-35) Saa ara na wɔ ɔba hohwini no bɛ mu no, Yesu ankyerɛkyerɛ nea enti a mpofirim ara ɔbabarima kumaa no hwehwɛe sɛ wɔde n’agyapade ma no, ne nea enti a ɔsɛee no no mu. Nanso Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea agya no tee nka na ɔyɛɛ n’ade bere a ne ba no adwene sesae na ɔsan baa fie no mu. Nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa a na ɛfa nea agya no yɛe ho no ho hia wɔ asɛm a na Yesu reka no mu sɛ Yehowa ‘firi a ɔde firi dɔɔso.’—Yesaia 55:7; Luka 15:11-32.

9, 10. (a) Bere a na Yesu reka nnipa a wɔwɔ ne mfatoho ahorow mu ho asɛm no, dɛn na ɔtwee adwene sii so titiriw? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu ma ɛyɛɛ mmerɛw maa n’atiefo ne afoforo sɛ wɔbɛkae ne mfatoho ahorow no?

9 Yesu daa atɛmpa adi nso wɔ ɔkwan a ɔfaa so kaa nkurɔfo ho asɛm wɔ ne mmɛ mu no ho. Mpɛn pii no, sɛ́ anka Yesu bɛkyerɛkyerɛ sɛnea nkurɔfo a ɔkaa wɔn ho asɛm no nipasu te mu akɔ akyiri no, ɔtwee adwene sii nea wɔyɛe anaa sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ tebea a ɔkaa ho asɛm no mu so. Ne saa nti, sɛ anka Yesu bɛkyerɛkyerɛ sɛnea Samariani mmɔborohunufo no nipasu te ankasa mu no, ɔkaa biribi a na ɛho hia titiriw ho asɛm—sɛnea Samariani no fi mmɔborohunu mu boaa Yudani a na wapira a ɔda kwan ho no. Yesu daa nsɛm a na ehia a yɛde bɛkyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛda yɔnkodɔ adi kyerɛ nnipa a womfi yɛn ankasa abusua anaa yɛn man mu no adi.—Luka 10:29, 33-37.

10 Ahwɛyiye a Yesu de maa ne mfatoho ahorow no maa ɛyɛɛ tiawa a na emu nsɛm nnɔɔso pii. Enti ɔmaa ɛyɛɛ mmerɛw maa afeha a edi kan mufo a wotiee no no—ne afoforo pii a akyiri yi wɔbɛkenkan Nsɛmpa no—sɛ wɔbɛkaakae nsɛm no ne emu asuade a ɛsom bo no.

Ɔfa Fii Nneɛma a Wɔyɛ Daa Mu

11. Ma sɛnea Yesu bɛ ahorow no daa nneɛma a akyinnye biara nni ho sɛ na wahu bere a ɔrenyin wɔ Galilea no ho nhwɛso ahorow.

11 Ná Yesu ho akokwaw paa wɔ sɛnea ɔyɛ mfatoho ma ɛfa nkurɔfo asetra ho no mu. Mmɛ a obui no pii da nneɛma a akyinnye biara nni ho sɛ ohui bere a na ɔrenyin wɔ Galilea no adi. Wode, gyina na susuw ne mmofraase ho hwɛ. Mpɛn ahe ara na wanhu sɛ ne maame de mmɔre a ogyaw sii hɔ ma akaw no fɔtɔw asikresiam de yɛɛ mmɔkaw? (Mateo 13:33) Mpɛn dodow ahe na wanhu apofofo sɛ wɔregu asaw wɔ Galilea Po a ani tew na ɛyɛ bruu no mu? (Mateo 13:47) Mpɛn ahe na wanhu sɛ mmofra redi agoru wɔ gua so? (Mateo 11:16) Ɛda adi sɛ Yesu hyɛɛ nneɛma foforo a na ɔtaa hu a ɔkaa ho asɛm wɔ ne mfatoho horow mu no nsow—aba a wogu, ayeforohyia apontow a ɛyɛ anigye, awi a abere sisi awia mu.—Mateo 13:3-8; 25:1-12; Marko 4:26-29.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛ a ɛfa awi ne nwura ho no da sɛnea na onim ɛhɔnom tebea yiye no adi.

12 Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na da biara da mu nsɛm tebea horow ahyɛ Yesu mfatoho horow no mu ma saa. Ne saa nti, sɛ yɛbɛte ɔkwan a ɔfaa so de ahokokwaw kyerɛɛ ade no ase a, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw nea na ne nsɛm no kyerɛ ma Yudafo a na wotie no no ho. Ma yensusuw nhwɛso abien ho nhwɛ.

13 Nea edi kan, wɔ ɛbɛ a ɛfa awi ne nwura bɔne ho mu no, Yesu kaa ɔbarima bi a oguu awi wɔ n’afuw mu nanso “ɔtamfo bi” baa afuw no mu beguu aba bɔne wɔ mu ho asɛm. Dɛn nti na Yesu paw saa adeyɛ a ɛda nitan adi yi? Wiɛ, ma ɛntra w’adwenem sɛ ɔkaa asɛm no wɔ baabi a ɛbɛn Galilea Po no, na ɛda adi sɛ adwuma titiriw a na Galileafo yi yɛ ne kuadwuma. Dɛn na ebetumi ahaw okuani asen sɛ ɔtamfo bewia ne ho aba n’afuw mu abegu aba bɔne wom? Saa bere no na aban mmara da no adi sɛ na ntua a ɛte saa tumi sisi. So ɛnna adi pefee sɛ Yesu de tebea a na n’atiefo no nim na edii dwuma?—Mateo 13:1, 2, 24-30.

14. Wɔ ɛbɛ a ɛfa Samariani mmɔborohunufo ho no mu no, dɛn nti na na ehia sɛ Yesu de ɔkwan a ‘efi Yerusalem kɔ Yeriko’ no ka n’asɛm?

14 Nea ɛto so abien, kae Samariani mmɔborohunufo ho bɛ no. Yesu fii ase sɛ: “Onipa bi fi Yerusalem sian kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu, na wɔpaa ne ho ntama bobɔɔ no afɛ gyaw no kɔe a watɔ beraw.” (Luka 10:30) Ɛfata sɛ Yesu de ɔkwan a efi ‘Yerusalem kɔ Yeriko’ no dii dwuma de kaa n’asɛm no. Ɔrebu saa bɛ no na ɔwɔ Yudea, baabi a ɛbɛn Yerusalem; enti ɛda adi sɛ na n’atiefo no nim ɔkwan a na ɔreka ho asɛm no. Ná wonim saa kwan no sɛ ɛso yɛ hu yiye, titiriw ma obi a ne nkutoo tu kwan wɔ so no. Ná ɔkwan no konton fa baabi a ɛhɔ yɛ dinn, a na ɛbɛma akwanmukafo anya baabi a wɔbɛtetɛw.

15. Dɛn nti na na obiara ntumi nnye ɔsɔfo no ne Lewini no ti wɔ mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborohunufo ho no mu?

15 Ɛfata sɛ yɛhyɛ biribi foforo nso nsow wɔ ka a Yesu kaa ɔkwan a ‘esian fii Yerusalem kɔɔ Yeriko’ ho asɛm no mu. Sɛnea asɛm no kyerɛ no, nea edi kan no, ɔsɔfo, ne afei Lewini nso faa kwan no so—nanso wɔn mu biara annyina anhwɛ nea wapira no. (Luka 10:31, 32) Ná asɔfo no som wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, na Lewifo no boaa wɔn. Sɛ asɔfo ne Lewifo no nyɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ a, na wɔn mu pii tra Yeriko, efisɛ na efi Yerusalem rekɔ Yeriko no yɛ kilomita 23 pɛ. Ne saa nti, na wɔtaa fa saa kwan no so. Hyɛ no nsow nso sɛ, na ɔsɔfo no ne Lewini no nam kwan no so ‘fi Yerusalem’ a ɛkyerɛ sɛ na wofi asɔrefie hɔ. * Enti na obiara ntumi nnye mmarima yi ti wɔ wɔn anibiannaso no ho denam ka a ɔbɛka sɛ, ‘Esiane sɛ na ɛte sɛ nea ɔbarima a wapira no awu nti na wɔanso ne mu no, efisɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka funu a ɛbɛma wɔremfata saa bere no sɛ wɔsom wɔ asɔrefie hɔ.’ (Leviticus 21:1; Numeri 19:11, 16) So emu nna hɔ sɛ na Yesu mfatoho ahorow no fa nneɛma a na n’atiefo no nim ho?

Ɔfa Fii Adebɔ Mu Nneɛma Mu

16. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yesu nim adebɔ ho nsɛm yiye saa no?

16 Yesu mfatoho ahorow no mu pii daa sɛnea na onim nnua, mmoa, ne wim tebea ho nsɛm yiye no adi. (Mateo 6:26, 28-30; 16:2, 3) Onyaa nimdeɛ a ɛte saa no fii he? Bere a na ɔrenyin wɔ Galilea no, akyinnye biara nni ho sɛ onyaa bere hwɛɛ Yehowa adebɔ. Nea ɛsen saa no, Yesu ne “abɔde nyinaa abakan,” na Yehowa de no dii dwuma sɛ ‘odwumayɛni a waben’ de bɔɔ nneɛma nyinaa. (Kolosefo 1:15, 16; Mmebusɛm 8:30, 31) So ɛyɛ nwonwa sɛ na Yesu nim adebɔ ho nsɛm yiye saa no? Ma yɛnhwɛ sɛnea ɔde ne nimdeɛ no dii dwuma ahokokwaw so wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Yohane ti 10 no da no adi sɛ na onim sɛnea nguan te yiye? (b) Dɛn na wɔn a wɔkɔ nsase a Bible mu nsɛm sisii so no ahu afa abusuabɔ a ɛda nguanhwɛfo ne wɔn nguan ntam ho?

17 Yesu mfatoho horow no mu nea ɛka koma paa no mu biako ne nea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane ti 10, faako a ɔde abusuabɔ a emu yɛ den a ɛda ɔne n’asuafo ntam no totoo oguanhwɛfo ne ne nguan ho no. Yesu nsɛm no da no adi sɛ na onim sɛnea nguan te yiye. Ɔkyerɛe sɛ nguan ma kwan ma wodi wɔn anim, na wɔbrɛ wɔn ho ase di wɔn hwɛfo no akyi. (Yohane 10:2-4) Nsrahwɛfo a wɔkɔ nsase a Bible mu nsɛm sisii so no ahu abusuabɔ soronko a ɛda nguanhwɛfo ne nguan ntam no. Wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, abɔde ho nimdefo H. B. Tristram kae sɛ: “Bere bi mehwɛɛ oguanhwɛfo bi a na ɔne ne nguan redi agoru. Ɔyɛɛ sɛ ɔreguan; na nguan no dii n’akyi twaa ne ho hyiae. . . . Awiei koraa no, nguankuw no nyinaa twaa ne ho hankare hyiae a na wɔrehuruhuruw.”

18 Dɛn nti na nguan di wɔn hwɛfo akyi? Yesu kae sɛ, “efisɛ wonim ne nne.” (Yohane 10:4) So nguan nim wɔn hwɛfo nne ampa? George A. Smith kyerɛwee nea n’ankasa hui wɔ ne nhoma The Historical Geography of the Holy Land mu sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, yegye yɛn ahome awiabere wɔ Yudafo asubura no bi ho, na na nguanhwɛfo baasa anaa baanan ne wɔn nguan taa ba hɔ. Ná nguankuw no nyinaa di afra, ma enti yebisaa yɛn ho sɛ ɛbɛyɛ dɛn na oguanhwɛfo biara ahu n’ankasa nguan bio. Nanso bere a wɔama wɔn nsu na wɔne wɔn adi agoru awie no, nguanhwɛfo no tetew wɔn ho mu ma obiara kogyina ɔfã bi wɔ bon no mu, na wɔn mu biara de nne soronko teɛm frɛ ne nguan; na nguan no mu biara fi kuw no mu kɔ wɔn ankasa wura nkyɛn, na wɔn nyinaa fi hɔ kɔ nnidiso nnidiso sɛnea wɔbae no ara.” Ná ɔkwan pa biara nni hɔ a ɛsen eyi a Yesu de bɛkyerɛkyerɛ n’asɛm no mu. Sɛ yegye ne nkyerɛkyerɛ tom na yetie, na sɛ yedi n’akyi a, ɛno ansa na “oguanhwɛfo pa” no befi ɔdɔ mu aka yɛn brɛbrɛ.—Yohane 10:11.

Ɔfa Fii Nsɛm a Asisi a N’atiefo Nim Mu

19. Nea ɛbɛyɛ na Yesu abɔ adwene a ɛnteɛ agu no, ɔkwan bɛn so na ɔde asiane bi a na asi wɔ hɔ dii dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so?

19 Mfatoho horow a etu mpɔn betumi ayɛ osuahu anaa nhwɛso horow a yebetumi asua biribi afi mu. Bere bi Yesu de asɛm bi a na esii nkyɛe dii dwuma de bɔɔ adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ asiane to wɔn a ɛsɛ wɔn no gui. Ɔkae sɛ: “Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ mmaratofo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?” (Luka 13:4) Yesu kasa tiaa hyɛbea ho adwene dennennen. Ɛnyɛ bɔne bi a etia Nyankopɔn nti na saa akra 18 no wuwui. Mmom no, ɔpatuwu a wohyiae no fi ɛbere ne asiane. (Ɔsɛnkafo 9:11) Ɔnam so bɔɔ atoro nkyerɛkyerɛ gui denam asɛm a na n’atiefo no nim yiye a ɔtwee adwene sii so no so.

20, 21. (a) Adɛn nti na Farisifo no buu Yesu asuafo no fɔ? (b) Kyerɛwnsɛm mu asɛm bɛn na Yesu de yɛɛ mfatoho a ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ Yehowa adwene ne sɛ wɔde ne Homeda mmara no bedi dwuma katee da? (d) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Yesu de Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow nso dii dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Kae bere a Farisifo no buu n’asuafo no fɔ sɛ wɔapempan aburo awe no Homeda no. Nokwarem no, ɛnyɛ Onyankopɔn Mmara na asuafo no toe, na mmom nea Farisifo no kyerɛ katee sɛ ɛyɛ adwuma a ɛto Homeda mmara no. Nea ɛbɛyɛ na Yesu akyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw da sɛ wɔde Homeda mmara no bedi dwuma katee no, Yesu twee adwene sii tete kyerɛwtohɔ bi a ɛwɔ 1 Samuel 21:3-6 so. Bere a na ɔkɔm de Dawid ne ne mmarima no, wɔfaa ntamadan no mu kodii kyerɛ abodoo a na wɔayi de bi asi ananmu no. Na wɔde abodoo dedaw no si hɔ ma asɔfo no ma wodi. Nanso wɔ tebea no mu no, wɔammu Dawid ne ne mmarima no fɔ sɛ wodii abodoo no. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ saa asɛm no nkutoo na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ nnipa a na wɔnyɛ asɔfo dii abodoo dedaw no bi. Ná Yesu nim asɛm a ɛfata paa sɛ ɔde di dwuma, na akyinnye biara nni ho sɛ na n’atiefo a wɔyɛ Yudafo nim saa asɛm no.—Mateo 12:1-8.

21 Nokwarem no, na Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse! Sɛnea na Yesu tumi da nokwasɛm atitiriw adi wɔ ɔkwan bi so ma edu n’atiefo komam no yɛ yɛn nwonwa ankasa. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua no wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu? Yebesusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Yesu kaa ne mfatoho ahorow no wɔ akwan pii so, a emu bi yɛ nhwɛso, ntotoho, ne kasakoa horow. Wagye din sɛ obi a na ɔtaa de mmɛ, a wɔkyerɛ ase sɛ “ayɛsɛm tiawa a wotumi nya abrabɔ anaa honhom fam afotusɛm fi mu,” di dwuma.

^ nky. 15 Ná Yerusalem wɔ koko so sen Yeriko. Enti sɛ ɔkwantuni bi fi ‘Yerusalem rekɔ Yeriko,’ sɛnea wɔkae wɔ ɛbɛ no mu no a, na ‘ɔresian.’

So Wokae?

•Dɛn nti na na Yesu de mfatoho ahorow kyerɛkyerɛ?

•Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu de mfatoho ahorow a na afeha a edi kan no mufo a wotiee no no betumi ate ase na edii dwuma?

•Ɔkwan bɛn so na Yesu de nimdeɛ a na ɔwɔ wɔ adebɔ ho no dii dwuma wɔ ne mfatoho ahorow mu?

•Akwan bɛn so na Yesu de nsɛm a na n’atiefo nim dii dwuma?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Yesu kaa akoa bi a wamfa ɛka ketewaa bi ankyɛ ne agya bi a ɔde ɔba a ɔsɛee n’agyapade nyinaa bɔne firii no ho asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Dɛn ne aba a na ɛwɔ Yesu bɛ a ɛfa Samariani mmɔborohunufo ho no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

So nguan nim wɔn ahwɛfo nne?