Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Bɛn So na Nokware Ahotefo Betumi Aboa Wo?

Ɔkwan Bɛn So na Nokware Ahotefo Betumi Aboa Wo?

Ɔkwan Bɛn So na Nokware Ahotefo Betumi Aboa Wo?

KYERƐWNSƐM mu no, wotumi kyerɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ahotefo” no ase “akronkronfo” wɔ nkyerɛase bi mu. Henanom na edin no fa wɔn ho? An Expository Dictionary of New Testament Words no kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ wɔde reka gyidifo ho asɛm a, ɛfa wɔn nyinaa ho na ɛnyɛ nnipa a wɔda kronkronyɛ soronko bi adi, anaa wɔn a esiane wɔn nnwuma kronkron nti, wɔde too wɔn so wɔ wɔn wu akyi.”

Enti ɔsomafo Paulo frɛɛ tete Kristofo nyinaa sɛ nokware ahotefo, anaa akronkronfo. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, ɔkyerɛw krataa bi ‘kɔmaa Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo nyinaa a wɔwɔ Roma mansin Akaia mu no.’ (2 Korintofo 1:1) Akyiri yi Paulo kyerɛw krataa ‘kɔmaa Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no.’ (Romafo 1:7) Ɛda adi sɛ na saa ahotefo no nnya nwui, na na wonyii wɔn nsii nkyɛn esiane papayɛ soronko bi a wɔayɛ a ɛsen gyidifo a aka no nyinaa de nti. Dɛn na wogyinaa so frɛɛ wɔn ahotefo no?

Onyankopɔn na Ayɛ Wɔn Kronkron

Onyankopɔn Asɛm da no adi sɛ ɛnyɛ nnipa anaa ahyehyɛde bi na ɛyɛ obi ɔhotefo. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: ‘Onyankopɔn agye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma so, na mmom ne tirim agyina ne ɔdom a wɔde adom yɛn so.’ (2 Timoteo 1:9) Ɛdenam Yehowa dom a ɛne N’atirimpɔw hyia so na wɔtew ɔkronkronni bi ho.

Kristofo asafo no mu akronkronfo wɔ kyɛfa wɔ “apam foforo” bi mu. Yesu Kristo mogya a ohwie gui no na ɛma apam yi di mu na ɛtew wɔn a wɔwɔ mu kyɛfa no ho. (Hebrifo 9:15; 10:29; 13:20, 24) Esiane sɛ wɔatew wɔn ho wɔ Onyankopɔn ani so nti, wɔyɛ ‘asɔfokuw kronkron, na wɔbɔ honhom mu afɔre a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Onyankopɔn ani.’—1 Petro 2:5, 9.

Mmoa a Wɔhwehwɛ Fi Ahotefo Hɔ sɛ Ntamgyinafo

Esiane sɛ nnipa ɔpepem pii gye di sɛ “ahotefo” betumi ama gyidifo tumi titiriw bi nti, wɔde nkaede di dwuma de som wɔn anaa wɔhwehwɛ wɔn nkyɛn mmoa sɛ ntamgyinafo. So eyi yɛ Bible nkyerɛkyerɛ? Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛkɔ Onyankopɔn anim, kae sɛ: “Mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɛfata sɛ yɛbɔ no mpae.

Nyamekyerɛfo bi twe adwene si Romafo 15:30 so de bɔ mmɔden sɛ wɔde begyina di a “ahotefo” tumi di ma afoforo no akyi, baabi a yɛkenkan sɛ: “Menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia mpae a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu.” So na Paulo rehyɛ saa gyidifo no nkuran sɛ wɔmmɔ no mpae anaa wɔmmɔ ne din mfa nkɔ Onyankopɔn anim? Dabi. Bere a wɔhyɛ nkuran wɔ Bible mu sɛ wɔmmɔ mpae mma wɔn a wɔyɛ ahotefo ankasa, anaa akronkronfo no, baabiara nni hɔ a Onyankopɔn ka sɛ yɛmmɔ akronkronfo mpae tẽẽ anaa yɛmmɔ mpae mfa akronkronfo so.—Filipifo 1:1, 3, 4.

Nanso, Onyankopɔn apaw Ntamgyinafo a yɛnam no so bɛbɔ mpae. Yesu Kristo kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” Yesu kae bio sɛ: “Biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na agya no anya anuonyam ɔba no mu. Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me de, mɛyɛ.” (Yohane 14:6, 13, 14) Yebetumi anya ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ obetie mpae a yɛbɔ wɔ Yesu din mu no mu ahotoso. Bible ka fa Yesu ho sɛ: “Enti nso obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi [anaa ɔbɛsrɛ] ama wɔn.”—Hebrifo 7:25.

Sɛ Yesu wɔ ɔpɛ sɛ obedi ama yɛn a, dɛn nti na mpɛn pii no asomfo a wɔwɔ Kristoman mu hwehwɛ “ahotefo” hɔ mmoa wɔ mpaebɔ mu? Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛ faako a adeyɛ yi fi wɔ ne nhoma The Age of Faith no mu. Bere a Duran kyerɛ sɛ na wosuro Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, na na ɛte sɛ nea wotumi bɛn Yesu kɛse no, ɔka sɛ: “Na obiara suro sɛ ɔbɛkɔ Yesu anim ne no akasa tẽẽ bere a wabu Ne Bepɔw so Asɛnka no so koraa no. Ɛte sɛ nea na nyansa wom sɛ obi de ne mpaebɔ bɛfa ɔhotefo bi a asɔre mpanyimfo agye no atom sɛ ɔwɔ soro no so, na odi ma no wɔ Kristo anim.” So ntease wɔ nsɛm yi mu?

Bible kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnam Yesu so betumi ‘de nnam ne ahotoso’ abɔ Onyankopɔn mpae. (Efesofo 3:11, 12) Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nni akyirikyiri anaa ɔntew ne ho mfii adesamma ho sɛ ontumi ntie yɛn mpaebɔ. Odwontofo Dawid fi ahotoso mu bɔɔ mpae sɛ: “Mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba.” (Dwom 65:2) Sɛ́ anka Yehowa de tumi bɛfa “ahotefo” nkaede so no, ohwie ne honhom kronkron gu wɔn a wofi gyidi mu bisa no no so. Yesu kae sɛ: “Sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?”—Luka 11:13.

Dwuma a Akronkronfo Di

Akronkronfo a Paulo kyerɛw wɔn krataa no awu mfehaha pii a atwam ni, na na wɔn nsa bɛka “nkwa abotiri,” a ɛyɛ owusɔre a ɛkɔ soro no wɔ bere bi akyi. (Adiyisɛm 2:10) Onyankopɔn asomfo ahu sɛ nokware ahotefo yi a wɔde nidi bɛma wɔn no ne kyerɛw nsɛm no nhyia na ɛrentumi mmɔ wɔn ho ban mfi ɔyare, asiane, amammui mu basabasayɛ, mpanyinyɛ, anaa owu ho. Enti ebia wubebisa sɛ, ‘So Onyankopɔn akronkronfo no susuw yɛn ho ankasa? So ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wobedi ama yɛn?’

Akronkronfo dii akoten wɔ nkɔmhyɛ a Daniel yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no mu. Wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no, onyaa anisoadehu bi a ɛyɛ hu a ne mmamu besi yɛn bere yi so. Mmoa a wɔn ho yɛ hu anan a wogyina hɔ ma nnipa nniso horow a wontumi nni adesamma ahiade horow ankasa ho dwuma no fii po mu bae. Afei Daniel hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔsorosoroni no ahotefo bɛfa ahenni no, na wɔanya ahenni no daa daa mmeresanten.”—Daniel 7: 17, 18.

Paulo sii ‘ahotefo apɛgyade,’ a ɛne sɛ wɔbɛyɛ Kristo yɔnko difo wɔ ɔsoro no so dua. (Efesofo 1:18-21) Yesu mogya na ebuee kwan maa akronkronfo 144,000 no nyaa owusɔre kɔɔ ɔsoro anuonyam mu. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Nhyira ne kronkron ne nea onya afa ɔsɔre a edi kan no mu. Saafo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.” (Adiyisɛm 20:4, 6; 14:1, 3) Yohane tee sɛ ɔsoro abɔfodɔm bi reto dwom wɔ Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no anim wɔ anisoadehu mu sɛ: “Wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu, na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.” (Adiyisɛm 5:9, 10) Hwɛ sɛnea ɛma awerɛkyekye! Yehowa Nyankopɔn ankasa na watɔ ne bo ase apaw mmarima ne mmea yi. Bio nso, wɔde nokwaredi asom wɔ asase so, na ɛkame ayɛ sɛ wɔagyina adesamma haw horow nyinaa bi ano. (1 Korintofo 10:13) Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ akronkronfo anaa ahotefo a wɔanyan wɔn afi awufo mu yi bɛyɛ sodifo a wɔwɔ mmɔborohunu ne ntease, a wobesusuw yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ ahorow ho.

Ahenni Nniso no Ase Nhyira Horow

Ɛrenkyɛ biara, Ahenni nniso no bɛyɛ ade de ayi abɔnefosɛm ne amanehunu nyinaa afi asase so. Saa bere no, nnipa bɛbɛn Onyankopɔn asen bere foforo biara. Yohane kyerɛwee sɛ: “Metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra.” Eyi de nhyira a ɛso nni bɛbrɛ adesamma efisɛ nkɔmhyɛ no kɔ so ka sɛ: “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Hwɛ anigye ara a saa bere no bɛyɛ! Wɔka nea ebefi Yesu Kristo ne akronkronfo 144,000 nniso a ɛyɛ pɛ mu aba ho asɛm saa kwan yi so wɔ Mika 4:3, 4 sɛ: “[Yehowa bebu] aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remmã afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.”

Akronkronfo no to nsa frɛ afoforo sɛ wommegye nhyira horow yi bi. Nokware ahotefo a wɔde ayeforo yɛ wɔn ho sɛnkyerɛnne no kɔ so ka sɛ: “Honhom no ne ayeforo no se: Bra!” Asɛm no toa so sɛ: “Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17) Dɛn na ɛwɔ “nkwa nsu” no mu? Ebi ne Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mu nokware nimdeɛ. Yesu kae wɔ mpae bi a ɔbɔɔ Onyankopɔn mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Yɛnam Bible no a yebesua daa no so betumi anya nimdeɛ yi bi. Hwɛ anigye ara a yebetumi anya sɛ ɛdenam Onyankopɔn Asɛm so no, yebetumi ahu wɔn a wɔyɛ akronkronfo ankasa ne sɛnea Onyankopɔn de wɔn bedi dwuma ma adesamma nyinaa anya so mfaso no!

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw krataa kɔmaa wɔn a wɔyɛ nokware ahotefo no

[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]

Yesu asomafo anokwafo no bɛyɛɛ nokware ahotefo anaa akronkronfo

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yebetumi afa Yesu Kristo so de ahotoso abɔ Onyankopɔn mpae

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ahotefo, anaa akronkronfo a wɔanyan wɔn afi awufo mu no bɛyɛ asase sodifo a wɔwɔ ayamhyehye