Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ogya Me Kɔ Nsu a Ɛho Dwo Ho”

“Ogya Me Kɔ Nsu a Ɛho Dwo Ho”

“Ogya Me Kɔ Nsu a Ɛho Dwo Ho”

EHIA sɛ nguan nom nsu da biara wɔ nsase a Bible mu nsɛm sisii so a ɔhyew wɔ hɔ no so. Enti oguanhwɛfo adwuma no fã a ehia ne sɛ ɔbɛma ne nguankuw nsu. Ɛtɔ mmere bi a, nguanhwɛfo saw nsu fi asubura mu hwie gu ade mu sɛnea ɛbɛyɛ a nguan no betumi anom. (Genesis 29:1-3) Nanso, wɔ osutɔ bere mu titiriw no, wonya “wura frɔmfrɔm adidibea” wɔ mmeae a asuten ne asubɔnten wɔ no.—Dwom 23:2.

Ɛsɛ sɛ oguanhwɛfo pa hu baabi a obenya nsu ne adidibea papa ama ne nguankuw no. Sɛ ne nguan no ase bɛdɔre yiye a, na egyina nim a onim beae bi yiye no so. Dawid a ɔde mfe pii yɛn nguan wɔ Yuda mmepɔw so no de honhom fam akwankyerɛ a Onyankopɔn de ma no totoo oguanhwɛfo a odi ne nguan anim kɔ adidibea pa, ne nsu a ɛma nkwa ho ho. Dawid kae sɛ: “Ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.”—Dwom 23:1-3.

Mfe bi akyi no, Yehowa nam odiyifo Hesekiel so de mfatoho a ɛte saa ara dii dwuma. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛboaboa ne nkurɔfo ano afi aman a wɔatu apete so no mu, sɛnea oguanhwɛfo boaboa ne nguan ano no. Ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: ‘Meyi wɔn aba wɔn asase so na mede wɔn akɔ adidibea wɔ Israel mmepɔw so, nsubon ho.’—Hesekiel 34:13.

Afei nso honhom fam nsu a Yehowa Nyankopɔn de bɛma no ho hia no paa. Adiyisɛm nhoma no ka “nkwa nsu asubɔnten” a ɛsen fi Onyankopɔn ahengua mu ba ho asɛm. (Adiyisɛm 22:1) Wɔto nsa frɛ nnipa nyinaa sɛ wɔmmɛnom nsu yi bi. “Nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.”—Adiyisɛm 22:17.

Sɛnkyerɛnne kwan so nkwa nsu yi gyina hɔ ma Onyankopɔn nsiesiei ma daa nkwa. Obiara betumi afi ase anom nsu yi bi denam ‘nokware Nyankopɔn no ne nea ɔsomaa no, Yesu Kristo ho nimdeɛ a obenya’ so.—Yohane 17:3.