Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Septuagint” No—Mfaso Wɔ So Tete ne Nnɛ Nyinaa

“Septuagint” No—Mfaso Wɔ So Tete ne Nnɛ Nyinaa

“Septuagint” No—Mfaso Wɔ So Tete ne Nnɛ Nyinaa

NÁ Ethiopiani barima bi a ɔwɔ tumi retu kwan afi Yerusalem akɔ ne kurom. Bere a ɔte ne teaseɛnam mu nam anhweatam so rekɔ no, na ɔrekenkan nyamesom nhoma bi den. Nsɛm a na ɔrekenkan no mu nkyerɛkyerɛmu no nyaa no so tumi ara ma ɛsakraa n’asetra fii saa da no rekɔ. (Asomafo no Nnwuma 8:26-38) Na ɔbarima no rekenkan Yesaia 53:7, 8 afi Bible nkyerɛase a edi kan pɛɛ—Hela Septuagint—no mu. Wɔde nkyerɛase yi adi dwuma titiriw wɔ Bible mu asɛm a wɔka kyerɛe wɔ mfehaha pii mu ma enti, wɔafrɛ no Bible nkyerɛase a ɛsesaa wiase no.

Bere bɛn ne tebea bɛn mu na wɔyɛɛ Septuagint nkyerɛase no? Dɛn nti na saa nkyerɛase no ho behiae? Mfaso bɛn na wɔanya wɔ so wɔ mfehaha pii no mu? Dɛn koraa na Septuagint no betumi akyerɛkyerɛ yɛn nnɛ?

Wɔyɛ Maa Yudafo a na Wɔka Hela No

Bere a Alexander Ɔkɛseɛ sɛee Foinike kurow Tiro wiei no, otuu aperenten kɔɔ Misraim wɔ afe 332 A.Y.B. mu, na wogyee no toom sɛ ɔyɛ ogyefo. Ɛhɔ na ɔkyekyeree Aleksandria kurow, beae titiriw a na wosua ade wɔ tete wiase no mu no. Esiane sɛ na Alexander pɛ sɛ ɔtrɛw Hela amammerɛ mu wɔ aman a na wako afa mu nti, ɔma wofii ase kaa Hela kasa (Koine) a na nnipa pii ka no.

Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu no, Yudafo pii bɛtraa Aleksandria. Yudafo pii a Babilon nnommumfa akyi no na wɔapete wɔ atubra aman a enni Palestina no tu kɔɔ Aleksandria. Na Yudafo yi te Hebri kasa no kodu he? McClintock ne Strong Cyclopedia ka sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ esiane sɛ bere a Yudafo no fii Babilon nnommumfa mu bae na wɔn werɛ afi tete Hebri kasa no fã kɛse no ara nti, wɔde Kaldeafo kasa na ɛkyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a na wɔkenkan fi Mose nhoma horow mu no mu wɔ Palestina hyiadan ahorow mu . . . Ɛbɛyɛ sɛ na saa bere yi nyinaa no na Yudafo a wɔwɔ Aleksandria no nnim Hebri kasa no papa; kasa a na wonim ne Hela kasa a na Aleksandriafo ka no.” Ɛda adi sɛ na wobenya nneɛma a wɔde bɛkyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase akɔ Hela mu wɔ Aleksandria.

Yudani bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu a wɔfrɛ no Aristobulus, kyerɛwee sɛ wɔkyerɛɛ Hebri mmara no bi ase kɔɔ Hela mu na wowiei wɔ Ptolemy Philadelphus nniso mu (285-246 A.Y.B.). Adwene nhyia wɔ nea “mmara” a Aristobulus kaa ho asɛm no kyerɛ ho. Ebinom susuw sɛ na ɔreka Pentateuch (Mose nhoma anum no) ho asɛm, bere a afoforo nso ka sɛ ebia na Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa ho adwene na na ɛwɔ ne tirim.

Sɛnea ɛte biara no, atetesɛm kyerɛ sɛ Yudafo nhomanimfo bɛyɛ 72 na wɔkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no ase nea edi kan koraa fii Hebri mu kɔɔ Hela mu. Akyiri yi na wofii ase de akontaahyɛde 70, a wobu no sɛ ɛyɛ mua no dii dwuma. Enti na wɔfrɛɛ nkyerɛase no Septuagint, a ɛkyerɛ “70,” na wɔkyerɛw no LXX, Roma nkyerɛwee a ɛkyerɛ 70 no. Ebeduu afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu no, na wotumi kenkan Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa wɔ Hela mu. Enti, edin Septuagint no begyinaa hɔ maa Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa a wɔakyerɛ ase kɔ Hela mu no.

Na Ɛso Wɔ Mfaso Wɔ Afeha a Edi Kan no Mu

Yudafo a na wɔka Hela kasa no de Septuagint no dii dwuma yiye kosii Yesu ne n’asuafo bere so. Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo pii a na wɔahyiam wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no fi amantam a ɛwɔ Asia, Misraim, Libia, Roma, ne Kreta—mmeae a na nkurɔfo ka Hela kasa na ɛbae. Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔtaa kenkan fi Septuagint no mu. (Asomafo no Nnwuma 2:9-11) Enti saa nkyerɛase yi dii akoten wɔ asɛmpa no a wɔtrɛw mu wɔ afeha a edi kan no mu no mu.

Sɛ nhwɛso no, bere a osuani Stefano ne mmarima a wofi “Kirene, Aleksandria, Kilikia, ne Asia rekasa no, ɔkae sɛ: “Yosef soma kohyiaa n’agya Yakob ne n’abusua nyinaa a wosi akra aduɔson anum no [fii Kanaan] bae.” (Asomafo no Nnwuma 6:8-10; 7:12-14) Hebri kyerɛwsɛm a ɛwɔ Genesis ti 46 no ka sɛ na Yosef abusuafo no dodow si aduɔson. Nanso Septuagint no de aduɔson anum na edi dwuma. Ɛda adi sɛ Stefano faa n’asɛm no fii Septuagint no mu.—Genesis 46:20, 26, 27.

Bere a ɔsomafo Paulo tutuu akwan faa Asia Kumaa ne Helafo nsase so nyinaa wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien ne abiɛsa mu no, ɔkaa asɛm kyerɛɛ Amanaman mufo pii a na wosuro Onyankopɔn ne ‘Helafo a wɔsom Nyankopɔn’ no. (Asomafo no Nnwuma 13:16, 26; 17:4) Na ɛsɛ sɛ saa nkurɔfo yi nya Onyankopɔn suro anaa wɔsom no efisɛ na wɔanya ne ho nimdeɛ bi afi Septuagint no mu. Bere a na Paulo reka asɛm akyerɛ nkurɔfo a wɔka Hela yi no, mpɛn pii no na ɔfa nkyerɛase yi mu nsɛm ka anaasɛ ɔde ka asɛm.—Genesis 22:18; Galatifo 3:8.

Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bɛyɛ 320 na ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu, na emu nsɛm bɛyɛ 890 na wɔatwe adwene asi so wom. Eyi mu dodow no ara gyina Septuagint no so. Ne saa nti, nsɛm a wɔafa afi saa nkyerɛase no mu a emfi Hebri nsaano nkyerɛwee mu no bɛyɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no fã. Hwɛ sɛnea na saa nokwasɛm yi hia fa! Ná Yesu aka asie sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:14) Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ eyi no, na Yehowa bɛma wɔakyerɛ N’asɛm a efi honhom mu no ase akɔ kasa horow a nnipa kenkan wɔ wiase nyinaa no mu.

Mfaso Wɔ So Nnɛ

Septuagint no da so ara som bo nnɛ na ɛboa ma wohu mfomso ahorow a akyerɛwfo dii a abɛhyehyɛ Hebri nsaano nkyerɛwee a wɔkyerɛw no akyiri yi mu no. Sɛ nhwɛso no, asɛm a ɛwɔ Genesis 4:8, NW no kenkan sɛ: “Ɛno akyi no Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ: [‘Ma yɛnkɔ afum.’] Na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.”

Kasasin a ɛhyɛ nkahyemde mu, “ma yɛnkɔ afum” no nni Hebri nsaano nkyerɛwee a wɔkyerɛwee wɔ afeha a ɛto so du Y.B. no mu. Nanso ɛwɔ Septuagint nsaano nkyerɛwee dedaw no ne tete nhoma horow mu. Asɛmfua a wɔde fi kasa ase nanso nsɛmfua biara nni so wɔ Hebri nkyerɛwee no mu. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ esii? Genesis 4:8 kura kasamufa abien a asɛm “yɛn(kɔ) afum,” no na ewie. McClintock ne Strong Cyclopedia no kyerɛ sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ Hebri kyerɛwfo no anhu asɛm [koro no ara] a epuei no . . . na etwaa ɔkasamufa abien no nyinaa mu.” Enti ebia ɔkyerɛwfo no bɔɔ asɛm “ma yɛnkɔ afum” no trae bere a edi kan a epuei no. Ɛda adi pefee sɛ Septuagint no, ne afei nsaano nkyerɛwee a akyɛ no betumi aboa ma yɛahu mfomso ahorow a ɛbaa Hebri nkyerɛwee a wɔyɛɛ no akyiri yi mu no.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, mfomso betumi aba Septuagint no nso mu, na ɛtɔ mmere bi a, wɔtwe adwene si Hebri kyerɛwsɛm no so de teɛteɛ Hela no. Ne saa nti, bere a yɛde Hebri nsaano nkyerɛwee ahorow no toto Hela ne kasa foforo mu nkyerɛase ho no, ɛma yehu mfomso ahorow a epuei wɔ nkyerɛase ahorow mu ne mfomso a akyerɛwfo yɛe no, na ɛma yenya Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛ ase yiye.

Wɔkyerɛw Septuagint a ɛwɔ hɔ nnɛ no wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu tɔnn. Onyankopɔn din, Yehowa, a wɔde Hebri nkyerɛwde Tetragrammaton (YHWH) akyerɛw no nni saa Septuagint no ne nea wɔkyerɛw no akyiri yi no mu. Baabiara a Tetragrammaton no pue wɔ Hebri mu no, wɔde Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “Onyankopɔn” ne “Awurade” asi ananmu. Nanso nneɛma bi a wohui wɔ Palestina bɛyɛ mfe 50 ni no twe adwene si asɛm yi so. Kuw bi a na wɔrehwehwɛ nneɛma wɔ aboda mu wɔ Po a Awu no atɔe mpoano no huu adiyifo 12 (Hosea kosi Malaki) no tete nhoma mmobɔwee asinasin, a wɔkyerɛw wɔ Hela mu no wɔ hɔ. Wɔkyerɛw nhoma yi wɔ afe 50 A.Y.B. ne afe 50 Y.B. ntam. Wɔ saa tete nkyerɛwee asinasin yi mu no, na wɔmfaa Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “Onyankopɔn” ne “Awurade” no nsii Tetragrammaton no ananmu. Enti ɛfoaa Onyankopɔn din a wɔde dii dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm mu wɔ tete Septuagint nkyerɛase mu no so.

Wɔ 1971 mu no, woyii tete mmɛw nhoma mmobɔwee asinasin (Fouad Mmɛw 266) adi ma wontintimii. Dɛn na na ɛwɔ Septuagint a efi afeha a ɛto so abien anaa nea edi kan A.Y.B. mu tɔnn no mu? Ná wɔakora Onyankopɔn din no so wom nso. Tete Septuagint asinasin no de adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne n’asuafo a na wɔwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan mu no nim Onyankopɔn din, na wɔde dii dwuma mae.

Ɛnnɛ, Bible no ne nhoma a wɔakyerɛ ase sen nhoma foforo biara wɔ abakɔsɛm mu. Anyɛ yiye koraa no, adesamma abusua ɔha mu 90 wɔ Bible no fã bi wɔ wɔn ankasa kasa mu. Yɛn ani sɔ ɛnnɛyi nkyerɛase a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, New World Translation of the Holy Scriptures, a ne nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 40 mu no paa. New World Translation of the Holy Scriptures—With References no kura ase hɔ nsɛm ɔhaha pii a ɛtwe adwene si Septuagint no ne tete nsaano nkyerɛwee afoforo so. Nokwarem no, yɛn bere yi mu Bible asuafo kɔ so kyerɛ Septuagint no ho anigye nya so mfaso.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Osuani Filipo kyerɛkyerɛɛ asɛm bi a wɔkenkan fii “Septuagint” mu no ase

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]

Ná ɔsomafo Paulo taa fa “Septuagint” no mu nsɛm ka