Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun a Wɔn Ani Gye Nokware no Ho

Mmabun a Wɔn Ani Gye Nokware no Ho

Mmabun a Wɔn Ani Gye Nokware no Ho

BƐBORO mfirihyia 2,400 a atwam ni no, Hebrini dwontofo bi bisae sɛ: “Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho?” (Dwom 119:9) Eyi da so ara yɛ asɛmmisa a ɛho hia nnɛ efisɛ mmofra hyia ɔhaw ahorow pii wɔ wiase. Nna mu ɔbrasɛe ama mmofra pii anya AIDS, na wɔn a wɔanya ɔyare a ɛyɛ hu yi mu bɛyɛ fã adi fi mfirihyia 15 kosi 24. Nnubɔnenom nso de ɔhaw ahorow pii ba, na etwa mmofra bi nkwa so. Nnwom a ɛmfata; sini ahorow a basabasayɛ ne ɔbrasɛe wom, TV so dwumadi ahorow, ne video ahorow; ne nguamansɛm a ɛwɔ Intanɛt so nya mmofra so nkɛntɛnso bɔne. Enti, asɛm a odwontofo no bisae no ho hia awofo ne mmabun pii yiye nnɛ.

Odwontofo koro no ara maa n’ankasa asɛmmisa no ho mmuae sɛ: “Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.” Akyinnye biara nni ho sɛ akwankyerɛ pa pii wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu ma mmofra, na esiane sɛ mmabun pii adi akyi nti wɔn asetra asi wɔn yiye. (Dwom 119:105) Ma yɛnhwehwɛ nhwɛso ahorow bi a mmabun bi a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ den honhom fam wɔ wiase a wodi anigyede ne honam fam nneɛma akyi wɔ mu no nhwɛ.

Wɔkyerɛ Awofo Akwankyerɛ Ho Anisɔ

Jacob Emmanuel yɛɛ bere nyinaa somfo kwampaefo mfe bi ansa na ɔresom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico no. Ɔde anisɔ ka sɛnea n’ani begyee Onyankopɔn som adwuma no ho asɛm sɛ: “Ɛwom sɛ anuanom a wɔn ho akokwaw bi a mafa wɔn nnamfo no nso aboa me yiye de, nanso m’awofo na ɛhyɛɛ me nkuran titiriw. Wɔhyɛɛ me nkuran ma m’ani begyee asɛnka adwuma no ho. Wɔkyerɛɛ me ɔkwantrenee no nkakrankakra; mante nka da sɛ na wɔrehyɛ me.”

David a ɔde mfirihyia pii ayɛ bere nyinaa som adwuma no dedaw no kae sɛnea n’ani gyei bere a na ɔne ne nuabarima yɛ mmofra na wɔn awofo fii ase somee sɛ akwampaefo atitiriw no. Bere a ne papa wui no, ne maame kɔɔ so yɛɛ ɔkwampaefo titiriw adwuma no. Ɔhwɛɛ wɔn kɔɔ so yɛɛ asɛmpaka adwuma no. David ka sɛ: “Wɔanhyɛ me da sɛ menyɛ ɔkwampaefo, nanso yɛn ani gyee akwampae adwuma ho kɛse sɛ abusua ma enti ayɔnkofa ne tebea a na ɛwɔ hɔ no hyɛɛ me nkuran ma meyɛɛ bi.” Ɛdefa sɛnea akwankyerɛ pa ne bere a awofo benya ama wɔn mma ho hia ho no, David ka sɛ: “Anadwo biara na me maame kenkan Fi Paradise a Ɛyerae Kosi Paradise a Wɔasan Anya nhoma no mu nsɛm kyerɛ yɛn. * Ɔkwan a ɔfaa so kenkan kyerɛɛ yɛn no boaa yɛn ma yɛn ani gyee ho sɛ yebedi honhom fam aduan.”

Anisɔ a Wɔkyerɛ Wɔ Asafo Nhyiam Ahorow Ho

Ɛyɛ den ma mmabun bi sɛ wɔbɛkyerɛ Kristofo nhyiam ahorow ho anisɔ. Esiane sɛ wɔn awofo de wɔn kɔ nti na wɔkɔ. Nanso, sɛ wɔkɔ asafo nhyiam daa a, bere kɔ so no wɔn ani betumi abegye asafo nhyiam ahorow no ho. Susuw Alfredo a ofii bere nyinaa som adwuma ase no na wadi mfirihyia 11 no ho hwɛ. Ogye tom sɛ bere a na wadi bɛyɛ mfirihyia anum no, na ɔmpɛ sɛ ɔkɔ asafo nhyiam efisɛ ɛma n’ani kum, nanso na n’awofo mma no kwan mma ɔnna bere a nhyiam no rekɔ so no. Ɔka sɛ: “Bere a merenyin no, mede nkakrankakra benyaa asafo nhyiam ahorow ho anigye kɛse, titiriw bere a mihuu akenkan ne akyerɛw no efisɛ saa bere no, na mifii ase de m’ankasa me nsɛm maa mmuae.”

Cintia, abeawa bi a wadi mfirihyia 17 a ɔsom sɛ daa ɔkwampaefo no ka sɛnea fekubɔ pa dii dwuma titiriw wɔ Onyankopɔn som ho anigye a onyae no mu. Ɔka sɛ: “Abusuabɔ pa a me ne anuanom nya ne asafo nhyiam a mekɔ daa no mma m’ani nnyina me nnamfonom a wɔwɔ wiase no ne nneɛma ahorow a mmofra ani gye ho te sɛ disko ahorow a wɔkɔ no. Mmuae ne osuahu ahorow a mete wɔ asafo nhyiam ahorow ase no ama manya ɔpɛ bi wɔ me mu sɛ mede nea mewɔ nyinaa bɛma Yehowa, na mete nka sɛ nea mewɔ a eye sen biara ne ɔbabun a meyɛ no. Enti misii gyinae sɛ mede bɛyɛ ne som adwuma.”

Nanso, ogye tom sɛ: “Ansa na merebɔ asu no, bere bi wɔ hɔ a na metaa ma asafo nhyiam pa me ti so a na mede sukuu adwuma a meyɛ wɔ fie no yi me ho ano. Asafo nhyiam ahorow pii paa me ti so, na eyi fii ase nyaa me so nkɛntɛnso honhom fam. Mifii ase de me ho bɔɔ abarimaa bi a na onsua Bible no. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, metotoo nneɛma yiye ansa na ɛreka akyiri dodo.”

Ankorankoro Gyinaesi

Bere a wobisaa Pablo, ɔbabun foforo a ɔde ne bere nyinaa resom Yehowa, nea ɛma n’ani gye Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ho ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Misusuw sɛ ɛyɛ nneɛma abien: kokoam adesua a meyɛ no daa ne nsi a meyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu no. Meda m’awofo ase sɛ wɔakyerɛkyerɛ me Yehowa ho nokware no, na mete nka sɛ eyi ne ade a ɛsen biara a na wobetumi de ama me. Nanso, ɛsɛ sɛ m’ankasa mihu nea enti a medɔ Yehowa no. Ɛno ho no, ɛho hia sɛ mihu Bible mu nokware no ‘tɛtrɛtɛ ne ne tenten.’ Saa kwan yi so nkutoo na ɛma yɛn ani tumi gyina Yehowa Asɛm na ‘ɛdɛw yɛn mu sɛ ogya,’ na ɛma yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo. Nsi a yɛyɛ wɔ asɛnka adwuma no ho saa no bɛma anisɔ a yɛwɔ ma nokware no mu akɔ so ayɛ den.”—Efesofo 3:18; Yeremia 20:9.

Jacob Emmanuel a yɛaka ne ho asɛm dedaw no nso kae hia a ehia sɛ yɛn ankasa paw sɛ yɛbɛsom Yehowa no. Ɔka sɛ n’awofo anhyɛ no da sɛ ɔmmɔ asu. “Migye di sɛ eyi ye paa efisɛ mihu nneɛma pa a afi mu aba no. Sɛ nhwɛso no, mmabun bi a na me ne wɔn bɔ kɛse no sii gyinae boom bɔɔ asu. Ɛwom sɛ na eye de, nanso mitumi hu sɛ ebinom fi nkate mu na ɛyɛɛ saa, na ɛno akyi bere tiaa bi no, nsi a na wɔyɛ wɔ Ahenni adwuma no mu no kɔɔ fam. Wɔ me fam no, m’awofo anhyɛ me sɛ minsi gyinae nhyira me ho so mma Yehowa. Ɛyɛ m’ankasa na misii gyinae.”

Asafo no Dwumadi

Mmofra bi ankasa na wɔasua Onyankopɔn Asɛm mu nokware no a wɔn awofo mmoa nka ho. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, ɛyɛ den sɛ wubesua sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ na woakɔ so akura mu.

Noé ka sɛnea nokware no aboa no, ho asɛm. Efi ne mmofraase pɛɛ no, na ne bo taa fuw, na na ɔyɛ basabasa. Bere a ofii ase suaa Bible no a na wadi mfirihyia 14 no, n’abufufa no baa fam, na n’awofo a na wɔn ani nnye Bible ho saa bere no ani gyee ho yiye. Bere a Noé nyaa nkɔso honhom fam no, na ɔpɛ sɛ ɔde ne ho ma Onyankopɔn som adwuma koraa. Ɔreyɛ bere nyinaa som adwuma mprempren.

Saa ara na Alejandro fii ase nyaa Kristofo nokware no ho anigye bere a na osua koraa, ɛwom mpo sɛ na n’awofo ani nnye ho de. Bere a ɔreda anisɔ a ɔwɔ ma nokware no adi no, ɔka sɛ: “Wɔtetee me wɔ Katolekfo abusua mu. Nanso, metɔ kɔɔ Kɔmunisfo gyidi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bi nni hɔ so kɛse, efisɛ asɔre no amma mannya nsɛmmisa a na ahaw me fi me mmofraase no ho mmuae. Yehowa ahyehyɛde no boaa me ma minyaa Onyankopɔn ho nimdeɛ. Egyee me nkwa ankasa efisɛ sɛ anka mansua Bible no a, ebia anka mede me ho ahyɛ ɔbrasɛe, sadweamyɛ, anaa nnubɔnenom mu. Ebetumi aba sɛ anka mede me ho ahyɛ ɔman anidan kuw bi mu ma nea afi mu aba nye.”

Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbabun atumi akɔ so ahwehwɛ nokware no na wabata ho bere a n’awofo mmoa nka ho? Ɛda adi sɛ, mpanyimfo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu di dwuma titiriw wɔ eyi mu. Noé ka sɛ: “Mentee nka da sɛ meyɛ ankonam, efisɛ Yehowa bɛn me bere nyinaa. Afei nso, manya anuanom mmarima ne mmea adɔfo pii a wɔabɛyɛ me honhom fam agyanom, ɛnanom, ne nuabarimanom no mmoa.” Ɔsom wɔ Betel mprempren, na ɔde ne bere yɛ Onyankopɔn som adwuma. Saa ara na Alejandro ka sɛ: “Ade a mɛda ho ase bere nyinaa ne sɛ metraa asafo bi a emu mpanyimfo kuw no fi ɔdɔ mu kyerɛɛ me ho anigye mu. M’ani sɔ paa efisɛ bere a mifii ase suaa Bible no, a na madi mfirihyia 16 no, na m’ani so yɛ hyew te sɛ mmabun a aka no ara. Mmusua a na wɔwɔ asafo no mu annyaw me da. Bere nyinaa na minya obi a ɔbɛda ayamye adi akyerɛ me a na ɛnyɛ ne fie nko na ɔto nsa frɛ me ma me aduan na mmom ɔka ne komam nsɛm nso kyerɛ me.” Mprempren Alejandro ayɛ bere nyinaa som adwuma no bɛboro mfirihyia 13.

Nnipa binom susuw sɛ nkwakoraa ne mmerewa nkutoo na wɔpɛ nyamesom. Nanso, mmofra pii asua Bible mu nokware no wɔ wɔn mmofraase, na wɔabɛdɔ Yehowa akɔ so adi no nokware. Yebetumi de Dawid nsɛm a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 110:3 no aka saa mmabun yi ho asɛm sɛ: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.”

Egye mmɔdenbɔ na ama mmofra asua nokware no na wɔakura mu. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ mmofra pii rebata Yehowa ahyehyɛde no ho denneennen, rekɔ asafo nhyiam horow daa, na wɔde nsiyɛ resua Bible no. Wɔnam saayɛ so atumi anya Onyankopɔn Asɛm no ne ne som adwuma no ho anigye a edi mũ!—Dwom 119:15, 16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Yehowa Adansefo na wotintimii wɔ afe 1958 mu; mprempren wɔagyae tintim.