Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monyɛ Osetie Bere A Awiei No Bɛn No

Monyɛ Osetie Bere A Awiei No Bɛn No

Monyɛ Osetie Bere A Awiei No Bɛn No

“Aman bɛyɛ osetie ama [Silo] no.”—GENESIS 49:10.

1. (a) Tete no, dɛn na na osetie a wɔyɛ ma Yehowa no taa hwehwɛ? (b) Osetie ho nkɔm bɛn na Yakob hyɛe?

MPƐN pii no, osetie a wɔyɛ ma Yehowa no hwehwɛ sɛ wɔyɛ osetie ma n’ananmusifo. Eyinom mu bi ne abɔfo, tete agyanom, asɔfo, atemmufo, ne ahene. Ná wɔfrɛ Israel ahemfo agua no mpo sɛ Yehowa agua. (1 Beresosɛm 29:23) Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, wɔn a wodii Israel so no mu dodow no ara yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na ɛde amanehunu baa wɔne wɔn manfo so. Nanso Yehowa annyaw n’anokwafo saa ara a na wonni anidaso biara; ɔde bɔhyɛ a ɛne sɛ obesi Ɔhene a onwu da, nea atreneefo de anigye betie no, ama wɔn, kyekyee wɔn werɛ. (Yesaia 9:6, 7) Bere a tete agya panyin Yakob rebewu no, ɔhyɛɛ sodifo a ɔbɛba daakye yi ho nkɔm sɛ: “Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.”—Genesis 49:10.

2. Dɛn na ‘Silo’ kyerɛ, na henanom so na obedi?

2 ‘Silo’ yɛ Hebri asɛm a ɛkyerɛ “Nea Ade Wɔ No,” anaa “Nea Ade Yɛ Ne De.” Yiw, nniso hokwan no bɛyɛ Silo nkutoo de, sɛnea wɔde ahempoma yɛ ho sɛnkyerɛnne, ne ne tumi a ɔde hyɛ mmara sɛnea wɔde mmarahyɛ poma yɛ ho mfonini no. Bio nso, ɛnyɛ Yakob asefo nkutoo so na obedi, na mmom “amanaman” nyinaa. Eyi ne bɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham no hyia: “W’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so; na w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:17, 18) Yehowa sii onii ko a ɔyɛ ‘aseni’ no so dua wɔ afe 29 Y.B. mu bere a ɔde honhom kronkron sraa Yesu a ofi Nasaret no.—Luka 3:21-23, 34; Galatifo 3:16.

Yesu Ahenni a Edi Kan

3. Bere a Yesu foro kɔɔ soro no, tumidi bɛn na ne nsa kae?

3 Bere a Yesu foro kɔɔ soro no, ɛnyɛ amonom hɔ ara na ɔfaa tumidi ahempoma no dii wiase nyinaa so. (Dwom 110:1) Nanso ɛyɛ nokware sɛ ne nsa kaa “ahenni” bi a emufo yɛɛ osetie maa no. Ɔsomafo Paulo huu saa ahenni no bere a ɔkyerɛwee sɛ: ‘Onyankopɔn ayi yɛn a yɛyɛ Kristofo no afi sum tumi ase de yɛn aba ne dɔba ahenni mu.’ (Kolosefo 1:13) Saa ogye yi fii ase wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. bere a wohwiee honhom kronkron guu Yesu akyidifo anokwafo no so no.—Asomafo no Nnwuma 2:1-4; 1 Petro 2:9.

4. Akwan bɛn so na Yesu tete asuafo no daa no di sɛ wɔyɛ osetie, na ɔkwan bɛn so na Yesu frɛɛ wɔn sɛ kuw?

4 Sɛ́ “abɔfo ma Kristo” no, asuafo a wɔde honhom asra wɔn no de osetie fii ase boaboaa afoforo a wɔbɛba abɛyɛ wɔn ‘yɔnkonom a wɔyɛ ɔman mma’ wɔ saa honhom fam ahenni no mu no ano. (2 Korintofo 5:20; Efesofo 2:19; Asomafo no Nnwuma 1:8) Afei nso na ɛsɛ sɛ eyinom kɔ so ‘yɛ biako adwenkoro ne nsusuwii koro mu’ na ama wɔanya Ɔhene Yesu Kristo anim dom. (1 Korintofo 1:10) Sɛ́ kuw no, na wɔbom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” anaa akoa nokwafo kuw no.—Mateo 24:45; Luka 12:42.

Wonyaa Nhyira sɛ Wotiee Onyankopɔn “Akoa” No

5. Efi tete no, ɔkwan bɛn na Yehowa afa so akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo?

5 Yehowa ama ne nkurɔfo akyerɛkyerɛfo bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, bere a Yudafo no fii Babilon san bae no, Esra ne mmarima afoforo a wɔfata no ankenkan Onyankopɔn Mmara no ankyerɛ ɔman no kɛkɛ, “wɔkyerɛɛ” mmara no “ase” ma ‘wɔtee’ Onyankopɔn Asɛm ‘ase.’—Nehemia 8:8.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na akoa kuw no nam Sodikuw no so de honhom fam aduan a ɛyɛ ne bere mu de ama, na dɛn nti na yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ kuw no ase no fata?

6 Wɔ afeha a edi kan mu bere a twetiatwa ho asɛm sɔree wɔ afe 49 Y.B. no, akoa kuw a edi kan no sodikuw no de mpaebɔ susuw asɛm no ho, na wonyaa ho mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so. Bere a wɔde wɔn gyinaesi no too gua akyiri yi no, asafo no tiee akwankyerɛ a wɔde mae no, na wonyaa Onyankopɔn hɔ nhyira pii. (Asomafo no Nnwuma 15:6-15, 22-29; 16:4, 5) Saa ara na nnɛ nso, akoa nokwafo kuw no nam Sodikuw no so akyerɛkyerɛ nsɛmpɔw atitiriw te sɛ afã biara a Kristofo nni wɔ amammuisɛm mu, kronkron a mogya yɛ, ne nnubɔne ne tawa a wɔnom mu fann. (Yesaia 2:4; Asomafo no Nnwuma 21:25; 2 Korintofo 7:1) Yehowa hyiraa ne nkurɔfo sɛ wotiee N’asɛm ne akoa nokwafo no.

7 Ɛdenam ahobrɛase mu a Onyankopɔn nkurɔfo fi de wɔn ho hyɛ akoa kuw no ase so no, wɔma ɛda adi sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma Owura, Yesu Kristo no. Ahobrɛase a ɛte saa no ada adi kɛse nnɛ esiane Yesu tumi a ayɛ kɛse sɛnea Yakob hyɛɛ ho nkɔm bere a ɔrebewu no nti.

Silo Bɛyɛ Asase Sodifo a Ɔfata

8. Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na wɔtrɛw Kristo tumidi mu?

8 Yakob nkɔmhyɛ no ka siei sɛ “aman bɛyɛ osetie ama” Silo. Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ honhom fam Israelfo nkutoo so na Kristo bedi tumi. Dɛn na ɛbɛka ho? Adiyisɛm 11:15 bua sɛ: ‘Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.’ Bible da no adi sɛ Yesu nsa kaa saa tumi no bere a nkɔmhyɛ bere mu “mmere nson”—“amanaman no bere”—no baa awiei wɔ 1914 mu no. * (Daniel 4:16, 17; Luka 21:24) Saa afe no mu na Kristo ‘ba a waba’ a aniwa nhu no sɛ Mesia Hene no fii ase, sɛnea bere a ‘obedi hene n’atamfo mfinimfini’ te no ara.—Mateo 24:3; Dwom 110:2.

9. Bere a Yesu nsa kaa N’ahenni no, dɛn na ɔyɛe, na nkɛntɛnso bɛn na enyae wɔ adesamma so tẽẽ, ne titiriw, n’asuafo no so?

9 Ade a Yesu dii kan yɛe bere a ne nsa kaa ahenni tumi no ne sɛ ɔtow asoɔden wura—Satan—ne n’adaemone “kyenee asase so.” Efi saa bere no, ahonhommɔne yi de ɔhaw a ɛso nni aba adesamma so, na afei wɔama ayɛ den ama yɛn sɛ yebetie Yehowa. (Adiyisɛm 12:7-12; 2 Timoteo 3:1-5) Nokwarem no, wɔn a Satan atu n’ani asi wɔn so ne wɔn a Yehowa asra wɔn “a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse” mu ne wɔn ahokafo “nguan foforo,” no titiriw.—Adiyisɛm 12:17; Yohane 10:16.

10. Bible nkɔmhyɛ ahorow bɛn mmamu na ɛkyerɛ sɛ Satan bedi nkogu wɔ ɔko a ɔne nokware Kristofo reko no mu?

10 Nanso, Satan bedi nkogu efisɛ “Awurade da” no ni, na biribiara ntumi nsiw Yesu kwan wɔ ‘nkonim a obedi’ no mu. (Adiyisɛm 1:10; 6:2) Sɛ nhwɛso no, ɔbɛhwɛ ma wɔasɔ honhom fam Israelfo 144,000 no ano awie. Afei nso ɔbɛbɔ “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” no ho ban. (Adiyisɛm 7:1-4, 9, 14-16) Nanso esiane sɛ eyinom nte sɛ wɔn ahokafo a wɔasra wɔn no nti, wɔbɛyɛ nnipa asoɔmmerɛfo a wɔbɛtra asase so a Yesu bedi wɔn so no. (Daniel 7:13, 14) Hu a wohu wɔn wɔ wiase nnɛ no de adanse ama dedaw sɛ Silo yɛ “wiase ahenni” no Sodifo ampa.—Adiyisɛm 11:15.

Ɛnnɛ Ne Bere a Ɛsɛ sɛ ‘Yetie Asɛmpa No’

11, 12. (a) Henanom nkutoo na wobenya wɔn ti adidi mu wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei? (b) Suban bɛn na wɔn a wonya “wiase honhom” no da no adi?

11 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa sua osetie efisɛ Bible ka pefee sɛ “wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no” rennya wɔn ti nnidi mu wɔ Onyankopɔn aweredi da no mu. (2 Tesalonikafo 1:8) Nanso nneɛma bɔne a atwa yɛn ho ahyia mprempren ne n’atuatew su a ɛko tia Bible mmara no ama ayɛ den sɛ yebetie asɛmpa no.

12 Bible ka su a ɛko tia Onyankopɔn yi ho asɛm sɛ “wiase honhom.” (1 Korintofo 2:12) Bere a Paulo rekyerɛkyerɛ nkɛntɛnso a enya wɔ nkurɔfo so mu no, ɔkyerɛw kɔmaa afeha a edi kan mu Kristofo a wɔwɔ Efeso no sɛ: “Kan no monantewee sɛnea wi yi ase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no. Wɔn mu na anka yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.”—Efesofo 2:2, 3.

13. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi ako atia wiase honhom yiye, na mfaso bɛn na ebefi mu aba?

13 Anigyesɛm ne sɛ, Kristofo a na wɔwɔ Efeso no ankɔ so anyɛ nkoa amma saa asoɔden honhom no. Mmom no wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma asoɔmmerɛfo denam ne honhom no a wogye toom na wonyaa aba pa pii no so. (Galatifo 5:22, 23) Saa ara na ɛnnɛ, Onyankopɔn honhom—tumi a ano yɛ den sen biara wɔ amansan yi mu—reboa nnipa ɔpepem pii ma wɔayɛ osetie ama Yehowa, a nea ebefi mu aba ne sɛ wobetumi aso ‘anidaso a akyinnye nni mu koraa no mu de akodu ase.’—Hebrifo 6:11; Sakaria 4:6.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu bɔɔ Kristofo a wɔwɔ nna a edi akyiri yi nyinaa mu kɔkɔ wɔ nneɛma pɔteẽ a ɛbɛsɔ wɔn gyidi ahwɛ no ho?

14 Mma wo werɛ mfi nso sɛ, Silo no taa yɛn akyi denneennen, na N’agya nso remma ɔtamfo biara—sɛ́ ebia ɔyɛ adaemone anaa onipa—nsɔ osetie a yebetumi ayɛ no nhwɛ ma ɛmmoro nea yebetumi so. (1 Korintofo 10:13) Nokwarem no, nea ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn honhom fam akodi yi mu no, Yesu kyerɛkyerɛɛ ɔhaw ahorow bi a ɛbɛba yɛn akwan mu wɔ nna a edi akyiri yi mu mu. Ɔyɛɛ saa denam nkrataa ason a ɔde maa ɔsomafo Yohane wɔ anisoadehu mu no so. (Adiyisɛm 1:10, 11) Nokwasɛm ne sɛ na afotu a ehia ma Kristofo saa bere no wom, nanso ɛfa “Awurade da” a efii ase 1914 mu no ho titiriw. Ɛnde hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛma yɛn ani ku nsɛm yi ho yiye! *

Kwati Anibiannaso, Ɔbrasɛe, Ade Dodowpɛ

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ɔhaw a ɛtoo Efeso asafo no ho, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa? (2 Petro 1:5-8)

15 Yesu de ne krataa a edi kan no kɔmaa asafo a ɛwɔ Efeso no. Bere a Yesu akamfo asafo no wɔ ne boasetɔ ho awie no, ɔkae sɛ: “Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no.” (Adiyisɛm 2:1-4) Ɛnnɛ, ɔdɔ a emu yɛ den a na Kristofo binom a wɔyɛ nsi wɔ ma Onyankopɔn bere bi no ayera. Sɛ obi hwere ɔdɔ a ɛte saa a, ebetumi ama ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu agow ma enti ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma ntɛm ara. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akanyan ɔdɔ a ɛte saa? Ɛdenam Bible adesua a yɛbɛyɛ no daa, nhyiam a yɛbɛkɔ, mpaebɔ, ne nsɛm ho a yebesusuw so. (1 Yohane 5:3) Ɛwom, eyi gye ‘mmɔdenbɔ’ nanso mfaso wɔ so ankasa. (2 Petro 1:5-8) Sɛ wode nokwaredi hwehwɛ wo ho mu na wuhu sɛ wo dɔ ano adwo a, ɛnde siesie tebea no ntɛm ara fa tie Yesu afotu yi: “Enti kae nea wufi hwee ase, na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no!”—Adiyisɛm 2:5.

16. Honhom fam tebea a na ɛyɛ hu bɛn na na ɛwɔ Pergamo ne Tiatira asafo no mu, na dɛn nti na nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no fata nnɛ?

16 Wɔkamfoo Kristofo a na wɔwɔ Pergamo ne Tiatira no wɔ wɔn nokwaredi, boasetɔ, ne wɔn nsiyɛ ho. (Adiyisɛm 2:12, 13, 18, 19) Nanso na ebinom a wɔn suban te sɛ Bileam ne Isebel, a wɔde nna mu ɔbrasɛe ne Baalsom nyaa afoforo so nkɛntɛnso bɔne wɔ Israel no nyaa wɔn so nkɛntɛnso. (Numeri 31:16; 1 Ahene 16:30, 31; Adiyisɛm 2:14, 16, 20-23) Na yɛn bere yi—“Awurade da no”—nso ɛ? So yehu nkɛntɛnso bɔne a ɛte saa ara? Yiw, efisɛ ɔbrasɛe ne ade titiriw a ɛma wotu nnipa pii fi Onyankopɔn nkurɔfo mu. Ɛnde hwɛ hia a ehia sɛ yɛkwati fekuw a yɛne nnipa—a wɔwɔ asafo no mu ne akyi—a wɔn bra asɛe nyinaa bɛbɔ! (1 Korintofo 5:9-11; 15:33) Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Silo manfo asoɔmmerɛfo no bɛtwati anigyede a ɛmfata ne nguamansɛm a ɛwɔ nhoma ne intanɛt so no nso.—Amos 5:15; Mateo 5:28, 29.

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de sɛnea wɔn a na wɔwɔ Sardi ne Laodikea susuw nneɛma ho na wɔyɛɛ wɔn ade no atoto sɛnea na Yesu bu wɔn honhom fam tebea no ho?

17 Sɛ woyi nnipa kakraa bi fi mu a, asafo a ɛwɔ Sardi no annya nkamfo biara. Ná wɔwɔ “din,” anaasɛ na wɔyɛ wɔn ho sɛ nea wɔte ase, nanso na honhom fam anibiannaso anya wɔn so nkɛntɛnso araa ma Yesu kae sɛ ‘wɔawu.’ Na wɔde amemenemfe na ɛka asɛmpa no. Sobo a emu yɛ duru bɛn ara ni! (Adiyisɛm 3:1-3) Ná asafo a ɛwɔ Laodikea no wɔ tebea a ɛte saa ara mu. Na ɛde honam fam ahonyade hoahoa ne ho sɛ, “Meyɛ ɔdefo,” nanso wɔ Kristo ani so no na ɔyɛ “ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne dagyawee.”—Adiyisɛm 3:14-17.

18. Ɔkwan bɛn so na obi betumi akwati sɛ ɔbɛyɛ honhom fam boturobodwo wɔ Onyankopɔn ani so?

18 Ɛnnɛ, Kristofo binom a kan na wɔyɛ anokwafo no reyɛ asoɔden saa ara. Ebia wɔama wiase honhom no abrɛ sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no ase wɔ wɔn asetra mu, ma enti wɔayɛ boturobodwo wɔ Bible adesua, mpaebɔ, Kristofo nhyiam ahorow ne asɛnkakɔ ho. (2 Petro 3:3, 4, 11, 12) Hwɛ hia a ehia sɛ saafo yi tie Kristo denam honhom fam ahonyade a wɔbɛhwehwɛ asie so—yiw, ‘wɔntɔ Kristo nkyɛn sika a wɔapa mu ogya mu.’ (Adiyisɛm 3:18) Ahonyade a mfaso wɔ so saa no bi ne sɛ ‘wobenya wɔn ho nnwuma pa fam, akyɛ ade fɛw so, na wɔn nsa ateɛ.’ Honhom fam nnepa a ɛte saa a yɛde yɛn ani bɛto so no bɛma ‘yɛato nhyɛase pa ama yɛn ho asie daakye, na yɛaso nokware nkwa no mu.’—1 Timoteo 6:17-19.

Wɔkamfoo Wɔn Wɔ Osetie a Wɔyɛe Ho

19. Nkamfo ne afotu bɛn na Yesu de maa Kristofo a na wɔwɔ Smirna ne Filadelfia no?

19 Asafo ahorow a ɛwɔ Smirna ne Filadelfia no da nsow wɔ nhwɛso pa ne osetie mu, efisɛ na animka biara nni krataa a Yesu kyerɛw wɔn no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Smirna no sɛ: “Minim w’ahohia ne wo hia no,—nanso woyɛ ɔdefo.” (Adiyisɛm 2:9) Hwɛ nsonsonoe ara a ɛda wɔne Laodikeafo a na wɔde wiase ahonyade hoahoa wɔn ho nanso na wɔyɛ ahiafo no ntam! Ɛwom, na Ɔbonsam ani nnye ho sɛ obehu sɛ obi de nokwaredi betie Kristo. Enti Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.” (Adiyisɛm 2:10) Saa ara na Yesu kamfoo wɔn a wɔwɔ Filadelfia no sɛ: “Woadi m’asɛm so, [anaasɛ, woatie me] na woampa me din. Mereba ntɛm; sɔ nea wowɔ no mu, na obi annye w’abotiri.”—Adiyisɛm 3:8, 11.

20. Ɔkwan bɛn so na nnipa ɔpepem pii akura Yesu asɛm mu nnɛ, na tebea horow bɛn mu na wɔatumi ayɛ saa?

20 Wɔ “Awurade da” a efii ase 1914 mu no, nkaefo anokwafo bi ne wɔn ahokafo nguan foforo, a mprempren wɔyɛ ɔpepem pii no adi Yesu asɛm so denam nsi a wɔde yɛ asɛnka ne wɔn mudi mu a wɔakura so. Te sɛ wɔn nuanom a wɔtraa ase afeha a edi kan mu no, wɔn mu binom ahu amane wɔ Kristo a wotiee no no ho, na wɔde wɔn agu afiase ne nneduaban ahorow mu mpo. Afoforo adi Yesu asɛm so denam ‘hwɛ a wɔhwɛ wɔn anim tẽẽ,’ ɛmfa ho sɛ ahonyade ne adifudepɛ atwa wɔn ho ahyia no. (Mateo 6:22, 23) Yiw, nokware Kristofo nam osetie a wɔyɛ so kɔ so ma Yehowa koma ani gye wɔ ɔman biara ne tebea biara mu.—Mmebusɛm 27:11.

21. (a) Honhom fam asɛyɛde bɛn na akoa kuw no bɛkɔ so adi ho dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yetie Silo no ampa?

21 Bere a yɛbɛn ahohiahia kɛse no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so ara ayɛ osetie pintinn ama Owura, Kristo, no. Nea ɛka eyi ho ne honhom fam aduan a wɔde bɛma Onyankopɔn fiefo no. Enti momma yɛnkɔ so nkyerɛ Yehowa teokrase ahyehyɛde a ɛyɛ anigye no ne nea ɛde ma yɛn no ho anisɔ. Saa kwan yi so no, yɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Silo, a ɔde daa nkwa bɛma ne manfo nyinaa sɛ akatua no ase.—Mateo 24:45-47; 25:40; Yohane 5:22-24.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Sɛ wopɛ “mmere nson” no mu nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 10.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ nkrataa ason no nyinaa mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, yɛsrɛ sɛ hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! a Yehowa Adansefo tintimii no fi kratafa 33.

So Wokae?

• Sɛnea bere a Yakob rebewu no ɔhyɛɛ nkɔm no, dwuma bɛn na na Yesu bedi?

• Ɔkwan bɛn so na yegye Yesu tom sɛ Silo, na honhom bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

• Afotusɛm a ehia bɛn na ɛwɔ krataa a wɔkyerɛw kɔmaa asafo ahorow ason a ɛwɔ Adiyisɛm no mu?

• Akwan bɛn so na yebetumi asuasua wɔn a na wɔwɔ asafo ahorow a na ɛwɔ tete Smirna ne Filadelfia mu no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Yehowa hyira ne nkurɔfo sɛ wotie ‘akoa’ nokwafo no

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Satan nkɛntɛnso ma osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn no yɛ den

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Yɛne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den boa yɛn ma yɛyɛ osetie ma no