Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ho Nokware Nimdeɛ Ma Yɛn Awerɛkyekye

Onyankopɔn Ho Nokware Nimdeɛ Ma Yɛn Awerɛkyekye

Onyankopɔn Ho Nokware Nimdeɛ Ma Yɛn Awerɛkyekye

NNIPA binom fam no, nea Bible ka fa Onyankopɔn dɔ ne ne mmɔborohunu ho no ma nsɛmmisa bi a ɛhaw adwene sɔre. Wobisa sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi bɔne fi hɔ, na onim sɛnea ɔbɛyɛ no, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ a, dɛn nti na bɔne da so kɔ so pii? Wɔn fam no, asɛm no ne sɛ wɔbɛka nneɛma abiɛsa abom asusuw ho: (1) Onyankopɔn wɔ tumi sen obiara; (2) Onyankopɔn wɔ dɔ na oye; na (3) asiane ahorow kɔ so sisi. Wɔka sɛ esiane sɛ asɛm a edi akyiri no yɛ nokware koraa nti, ɛnde anyɛ yiye koraa no, nsɛm abien a aka no mu biako nyɛ nokware. Wɔn fam no, ebia na Onyankopɔn ntumi nsiw bɔne ano anaasɛ ɛmfa ne ho.

Wɔsɛee Wiase Aguadi Asoɛe a ɛwɔ New York no akyi nna bi no, nyamesom kannifo bi a wagye din wɔ United States kae sɛ: “Wɔabisa me mpɛn ɔhaha pii . . . m’asetram sɛ dɛn nti na Onyankopɔn ma awerɛhosɛm ne amanehunu ho kwan. Nokwasɛm ni, meka sɛ m’ankasa minnim mmuae no ankasa.”

Bere a nyamekyerɛ ho ɔbenfo bi reka asɛm yi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ “nyamekyerɛ pa” a saa nyamesom kannifo yi kaa ho asɛm no aka ne koma. Ɔno nso gyee nhomanimfo a ɔkyerɛw nea edi so yi asɛm no toom: “Te a yentumi nte nea enti a amanehunu ba ase no ka te a yentumi nte nea enti Onyankopɔn wɔ hɔ ase no ho.” Nanso, so ɛyɛ nokware ankasa sɛ yentumi nte nea enti a Onyankopɔn ma bɔne ho kwan no ase?

Bɔne Fibea

Nea ɛne nea ebia nyamesom akannifo bɛka bɔ abira no, Bible nka bɔne ho kwan a Onyankopɔn ma no ho asɛm sɛ biribi a yentumi nte ase. Ade titiriw a ɛbɛma yɛate nea ɛde bɔne ba ase ne sɛ yebehu sɛ Yehowa ammɔ wiase a bɔne wom. Ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ na bɔne biara nni wɔn ho. Yehowa hwɛɛ ade a wabɔ no, na ohui sɛ “eye papa.” (Genesis 1:26, 31) Ná ɛyɛ n’atirimpɔw sɛ Adam ne Hawa bɛtrɛw Eden Paradise no mu akɔ asase so nyinaa na wɔawo nnipa a wɔwɔ anigye na wɔwɔ ne tumidi a ɔdɔ wom no ahobammɔ ase ahyɛ so ma.—Yesaia 45:18.

Bɔne fii ase bere a honhom abɔde bi a mfiase no na odi Onyankopɔn nokware hwehwɛe sɛ wɔsom no no. (Yakobo 1:14, 15) N’atuatew no daa adi asase so bere a ɔdaadaa nnipa baanu a wodi kan no ma wɔkɔkaa ne ho wɔ sɔre a ɔsɔre tiaa Onyankopɔn mu no. Sɛ́ anka Adam ne Hawa bedi Onyankopɔn akwankyerɛ a emu da hɔ sɛ mma wonni anaasɛ wɔmmfa wɔn nsa nnka papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no aba no, wɔtew bi dii. (Genesis 3:1-6) Saa a wɔyɛe no nyɛ Onyankopɔn so asoɔden nkutoo a wɔyɛe, na mmom wɔkyerɛe sɛ wɔmpɛ sɛ wɔhyɛ n’ase nso.

Abrabɔ Ho Ɔsɛmpɔw Bi Sɔree

Eden atuatew yi maa abrabɔ ho ɔsɛmpɔw bi, mpoatwa bi a ɛho hia amansan nyinaa, sɔree. Atuatewfo a wɔyɛ nnipa yi maa adwenem nããyɛ bi sɔree wɔ sɛ ebia Yehowa di n’abɔde so tumi wɔ ɔkwan a ɛfata so anaa no ho. So na Ɔbɔadeɛ no wɔ hokwan sɛ ɔhwehwɛ osetie koraa fi adesamma hɔ? Sɛ nnipa ankasa yɛ wɔn ade a, so na ebetumi asi wɔn yiye?

Yehowa dii ne tumidi ho mpoatwa yi ho dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɛdaa sɛnea ɔyɛ pɛ wɔ ɔdɔ, atɛntrenee, nyansa, ne tumi mu no adi. Ná anka obetumi de ne tumi adi dwuma asɛe atuatewfo no amonom hɔ ara. Ná anka ɛno betumi ayɛ nea ɛteɛ, efisɛ na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ saa. Nanso saa a na ɔbɛyɛ no remma wonnya abrabɔ ho nsɛm a na asɔre no ho mmuae. Ɔkwan foforo so no, anka Onyankopɔn betumi abu n’ani agu bɔne no so. Ɛnnɛ ebetumi ayɛ ebinom sɛ saa a na anka ɔbɛyɛ no ne adeyɛ a ɔdɔ wom. Nanso, eyi nso ntumi mma yennya ka a Satan ka sɛ sɛ nnipa di wɔn ho so a ebesi wɔn yiye no ho mmuae. Afei nso, so adeyɛ a ɛte saa no renhyɛ afoforo nkuran mma wɔntwe wɔn ho mfi Yehowa kwan so? Nea ebefi mu aba ne amanehunu a enni awiei.

Yehowa fi ne nyansa mu ama nnipa kwan sɛ wɔmfa wɔn ankasa kwan so nkosi bere bi. Ɛwom sɛ eyi ahwehwɛ sɛ ɔma bɔne kɔ so tra hɔ bere tiaa bi de, nanso nnipa nam saayɛ so anya hokwan ada no adi sɛ ebia wobetumi adi wɔn ho so yiye a Onyankopɔn mmoa nka ho, sɛ wɔde wɔn ankasa gyinapɛn ahorow a ɛfa nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho bɛbɔ wɔn bra. Dɛn na afi mu aba? Akodi, ntɛnkyea, nhyɛso, ne amanehunu na ahyɛ nnipa abakɔsɛm mu ma. Nkogu koraa a atua a wɔtew tiaa Yehowa no bedi no besiesie ɔsɛmpɔw a ɛsɔree wɔ Eden no prɛko koraa.

Ansa na ɛno bɛba no, Onyankopɔn ada ne dɔ adi denam ne Ba, Yesu Kristo, a ɔde ne nkwa mae sɛ agyede afɔre no so. Eyi ma nnipa asoɔmmerɛfo tumi de wɔn ho fi bɔne ne owu a Adam asoɔden de bae no afobu mu. Agyede no abue daa nkwa ho kwan ama wɔn a wɔkyerɛ Yesu mu gyidi no nyinaa.—Yohane 3:16.

Yɛwɔ ahotoso wɔ Yehowa bɔhyɛ a awerɛkyekye wom no mu sɛ nnipa amanehunu rentra hɔ nkyɛ. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.

Daakye a Ahobammɔ ne Anigye Wom

Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu no da no adi sɛ bere a Onyankopɔn de nyarewa, awerɛhow, ne owu bɛba awiei no abɛn. Hyɛ nneɛma a ɛyɛ anigye a ɛreba a wɔmaa ɔsomafo Yohane nyaa ho anisoadehu no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio. . . . Na Onyankopɔn ankasa ne [adesamma] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Wɔ asɛm bi a esi sɛnea saa bɔhyɛ ahorow yi di mũ so dua mu no, wɔka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:1-5.

Na nnipa ɔpepepem pii a wonni fɔ a wɔawuwu fi Eden atuatew no mu no nso ɛ? Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔde nnipa a wɔadeda wɔ owu mu mprempren no bɛba nkwa mu bio. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Eyinom benya anidaso sɛ wɔbɛtra ase wɔ wiase a “trenee te mu” mu.—2 Petro 3:13.

Sɛnea agya a ɔwɔ dɔ bɛma wɔayɛ ne ba oprehyɛn a ɛyɛ yaw bere a onim sɛ obenya so mfaso horow a ɛtra hɔ daa no, saa ara na Yehowa ama nnipa atra bɔne mu bere tiaa mu wɔ asase so. Nanso, wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nyinaa benya nhyira a ɛtra hɔ daa. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”—Romafo 8:20, 21.

Eyi yɛ asɛm ankasa—ɛnyɛ nea yehu wɔ television so anaasɛ nea yɛkenkan wɔ atesɛm krataa mu no, na mmom asɛmpa. Ɛyɛ asɛm a eye sen biara a efi “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” a odwen yɛn ho ankasa no hɔ.—2 Korintofo 1:3.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Bere ama ada adi sɛ adesamma ntumi nni wɔn ho so yiye a Onyankopɔn mmoa nka ho

[Nsɛm Fibea]

Somalian family: UN PHOTO 159849/M. GRANT; atom bomb: USAF photo; concentration camp: U.S. National Archives photo