Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Hyira Wɔn A Wɔyɛ Osetie No Na Ɔbɔ Wɔn Ho Ban

Yehowa Hyira Wɔn A Wɔyɛ Osetie No Na Ɔbɔ Wɔn Ho Ban

Yehowa Hyira Wɔn A Wɔyɛ Osetie No Na Ɔbɔ Wɔn Ho Ban

“Nea otie me no bɛtra hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.”—MMEBUSƐM 1:33.

1, 2. Dɛn nti na osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn no ho hia? Kyerɛkyerɛ mu.

NKOKƆ mma a wɔn ho yɛ akokɔsrade a wɔayɛ tufutufu no ani abere resosɔ aduan wɔ sare ntiantiaa mu a wonnim koraa sɛ akorɔma nenam wim. Prɛko pɛ akokɔbaatan no de ɛnne a ano yɛ den frɛ wɔn na ɔtrɛw ne ntaban mu. Ne mma no de mmirika kɔ ne nkyɛn, na ntɛm ara wɔn nyinaa de wɔn ho sie ne ntaban ase. Akorɔma no gyae wɔn akyiri di. * Asuade bɛn na ɛwom? Osetie gye nkwa!

2 Asuade a ɛwom no hia Kristofo titiriw nnɛ, efisɛ Satan rebɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛkyere Onyankopɔn nkurɔfo. (Adiyisɛm 12:9, 12, 17) Ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe yɛn honhom fam yiyedi, na ama yɛahwere Yehowa anim dom ne daa nkwa ho anidaso. (1 Petro 5:8) Nanso sɛ yɛbɛn Onyankopɔn na yɛyɛ ntɛm tie akwankyerɛ a ɔnam N’asɛm ne n’ahyehyɛde so de ma yɛn no a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔdɔ.”—Dwom 91:4.

Ɔman Asoɔdenfo Ho Da Hɔ

3. Dɛn na efii asoɔden a Israelfo kɔɔ so yɛe no mu bae?

3 Bere a Israel man no tiee Yehowa no, ɔmaa n’ani kuu wɔn ho paa. Nanso mpɛn pii no, na nkurɔfo no gyaw wɔn Yɛfo no hɔ kɔsom dua ne abo anyame—“ade hunu a mfaso ne ogye nni ho.” (1 Samuel 12:21) Bere a ɔman no tew atua a ɛte saa mfehaha pii akyi no, ɔwae nyaa wɔn so nkɛntɛnso araa ma na wɔyɛ wɔn hwee a ɛnyɛ yiye. Enti na Yesu bɔɔ abubuw sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.”—Mateo 23:37, 38.

4. Ɔkwan bɛn so na sɛnea na Yehowa agyaw Yerusalem no daa adi wɔ afe 70 Y.B. mu?

4 Sɛnea na Yehowa agyae Israel a na awae no daa adi pefee wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so wɔ afe 70 Y.B. mu. Saa afe no mu no, Roma asraafo a wokura wɔn frankaa a ɔkɔre mfonini da mu no tow hyɛɛ Yerusalem so kunkum wɔn pasaa. Ná wɔn a wɔredi Twam afahyɛ no ahyɛ kurow no mu ma saa bere no. Afɔre bebrebe a wɔbɔe no antumi amma wɔanya Onyankopɔn anim dom. Ɛno kae yɛn Samuel nsɛm a ɔka kyerɛɛ Ɔhene Saul ɔsoɔdenfo no ma ɛyɛ awerɛhow: “So [Yehowa, NW] pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie [Yehowa, NW] anaa? Hwɛ osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.”—1 Samuel 15:22.

5. Osetie bɛn na Yehowa hwehwɛ, na yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi ada osetie a ɛte saa adi?

5 Osetie a Yehowa hwehwɛ nyinaa akyi no, onim nnipa a yɛnyɛ pɛ no sintɔ ahorow yiye. (Dwom 130:3, 4) Nea ɔhwehwɛ ne koma a edi mu ne osetie a egyina gyidi, ɔdɔ ne osuro pa a yebenya sɛ yɛrenyɛ nea ɔmpɛ so. (Deuteronomium 10:12, 13; Mmebusɛm 16:6; Yesaia 43:10; Mika 6:8; Romafo 6:17) ‘Adansefo mununkum a wɔtraa ase ansa na Kristofo reba’ a wokuraa wɔn mudi mu wɔ sɔhwɛ ahorow a ano yɛ den, ne mpo owu mu no, ma ɛda adi sɛ yebetumi ada osetie a ɛte saa adi. (Hebrifo 11:36, 37; 12:1) Hwɛ sɛnea eyinom maa Yehowa koma ani gyei! (Mmebusɛm 27:11) Nanso ebinom de nokwaredi fii ase de, nanso wɔanyɛ osetie ankodu awiei. Wɔn mu biako ne tete Yuda hene, Yoas.

Ɔhene a Fekubɔne Sɛee No

6, 7. Bere a Yehoiada te ase no, suban bɛn na Yoas daa no adi sɛ ɔhene?

6 Ɛkaa kakra sɛ na anka wokum Ɔhene Yoas wɔ ne mmofraase. Bere a Yoas dii mfe ason no, Ɔsɔfo Panyin Yehoiada de akokoduru yii no fii baabi a wɔde no ahintaw no sii no hene. Esiane sɛ na Yehoiada a osuro Nyankopɔn no yɛ Yoas agya ne ne fotufo nti, “Yoas yɛɛ nea ɛteɛ [Yehowa, NW] ani so, ɔsɔfo Yehoiada bere no so nyinaa.”—2 Beresosɛm 22:10–23:1, 11; 24:1, 2.

7 Nneɛma pa a Yoas yɛe no bi ne Yehowa asɔrefie a osiesiei—adeyɛ a na ‘ɛda Yoas koma so.’ Ɔkaee Ɔsɔfo Panyin Yehoiada sɛ ɛho hia sɛ wogyigye tow fi Yuda ne Yerusalem, sɛnea ‘Mose hyɛe’ no, na ama wɔanya sika de asiesie asɔrefie no. Ɛda adi sɛ na Yehoiada atumi ahyɛ ɔhene kumaa no nkuran ma wasua Onyankopɔn Mmara, na odi so. Ne saa nti, wowiee asɔrefie no ne emu nnwinne no ho adwuma no ntɛm.—2 Beresosɛm 24:4, 6, 13, 14; Deuteronomium 17:18.

8. (a) Dɛn titiriw na ɛmaa Yoas hwee ase honhom fam? (b) Dɛn na awiei koraa no, ɔhene no asoɔden ma ɔyɛe?

8 Awerɛhosɛm ne sɛ, Yoas antumi anyɛ osetie amma Yehowa ankodu awiei. Dɛn ntia? Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Yehoiada wu akyi no, Yuda mmapɔmma bae bɛkotow ɔhene no. Ɛnna ɔhene tiee wɔn. Na wogyaw [Yehowa, NW] wɔn agyanom Nyankopɔn fi, na wɔkɔsom Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodi yi nti abufuw baa Yuda ne Yerusalem so.” Yuda mmapɔmma no nkɛntɛnso bɔne no nso amma ɔhene no antie Onyankopɔn adiyifo, a na wɔn mu biako ne Yehoiada ba Sakaria, nea ɔde akokoduru kaa Yoas ne ɔman no anim wɔ wɔn asoɔden ho no. Sɛ́ anka Yoas bɛsakra n’adwene no, ɔma wosiw Sakaria abo. Hwɛ sɛnea Yoas bɛyɛɛ ɔbarima tirimɔdenfo a n’aso yɛ den—ne nyinaa fi gyae a ogyaee ne ho mu maa fekubɔne no!—2 Beresosɛm 24:17-22; 1 Korintofo 15:33.

9. Ɔkwan bɛn so na nea ɛtoo Yoas ne mmapɔmma no si so dua sɛ nyansa nni mu sɛ yɛbɛyɛ asoɔden?

9 Bere a Yoas ne n’ayɔnkofo a wɔyɛ mmapɔmma no gyaw Yehowa no, ewiee wɔn dɛn? Siriafo asraafo dɔm—a wɔyɛ “nnipa kakraa bi”—bɛtow hyɛɛ Yuda so na “wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa.” Afei ntuafo no hyɛɛ ɔhene no ma ɔdan n’ahode ne afei asɔrefie sika ne dwetɛ nso maa wɔn. Ɛwom sɛ wɔankum Yoas de, nanso wogyaw no hɔ sɛ ɔyarefo a wayɛ mmerɛw. Ɛno akyi bere tiaa bi no, atirisopamfo a wofi n’ankasa asomfo mu kum no. (2 Beresosɛm 24:23-25; 2 Ahene 12:17, 18) Hwɛ sɛnea Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛɛ Israel no baa mu: “Sɛ woantie [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde . . . a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛto wo”!—Deuteronomium 28:15.

Ɔkyerɛwfo a Osetie Gyee No

10, 11. (a) Dɛn nti na sɛ yesusuw afotu a Yehowa de maa Baruk ho no ho a, ɛbɛboa yɛn? (b) Afotu bɛn na Yehowa de maa Baruk?

10 So ɛtɔ da a w’abam bu esiane sɛ nnipa a wuhyia wɔn wɔ Kristofo som adwuma mu no mu kakraa bi pɛ na wɔkyerɛ asɛmpa no ho anigye nti? So ɛtɔ bere bi a w’ani bere wɔn a wodi yiye no ne wɔn asetra kwan a ɛma biribiara ho kwan no kakra? Sɛ ɛte saa a, susuw Baruk, Yeremia kyerɛwfo no, ne afotu a ɔdɔ wom a Yehowa de maa no no ho hwɛ.

11 Ná Baruk rekyerɛw nkɔmhyɛ asɛm bi bere a Yehowa dan adwene baa no so no. Dɛn ntia? Efisɛ Baruk fii ase nwiinwii n’asetra ho pɛe sɛ anka onya biribi a ɛsen hokwan soronko a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn som mu no. Bere a Yehowa huu nsakrae a ɛbaa Baruk suban mu yi, ofii ayamye mu maa no afotu a emu da hɔ kae sɛ: “Wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba ɔhonam nyinaa so, . . na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.”—Yeremia 36:4; 45:5.

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛhwehwɛ “ade kɛse” ama yɛn ho wɔ mprempren nhyehyɛe yi mu?

12 So wutumi hu sɛnea na Yehowa susuw ɔbarima a ɔteɛ yi, Baruk, a na ɔne Yeremia de gyidi ne akokoduru asom no no ho fi ne nsɛm no mu? Saa ara na nnɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ asetra pa wɔ baabi a eye wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no ho asɛm haw Yehowa yiye. Anigyesɛm ne sɛ, nnipa pii a wɔte sɛ Baruk atie anuanom a wɔn ho akokwaw honhom fam no afotu a ɔdɔ wom no, na wɔayɛ nsakrae ahorow. (Luka 15:4-7) Yiw, yɛn mu dodow no ara ahu sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ “ade kɛse” afa no nni anidaso biara wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Ɛnyɛ nokware anigye nko na saafo yi bɛhwere, na mmom ɛrenkyɛ na wɔne wiase yi ne ne pɛsɛmenkominya akɔnnɔ no atwam akɔ.—Mateo 6:19, 20; 1 Yohane 2:15-17.

13. Ahobrɛase ho asuade bɛn na asɛm a ɛfa Baruk ho no ma yenya?

13 Baruk ho asɛm no san ma yenya ahobrɛase ho asuade a ɛyɛ anigye. Hyɛ no nsow sɛ Yehowa antu Baruk fo tẽẽ na mmom ɔnam Yeremia a ɛda adi sɛ na Baruk nim ne suban ne ne sintɔ ahorow yiye no so. (Yeremia 45:1, 2) Nanso Baruk anyɛ ahantan; ofi ahobrɛase mu huu baabi ankasa a na afotu no fi—Yehowa hɔ. (2 Beresosɛm 26:3, 4, 16; Mmebusɛm 18:12; 19:20) Enti sɛ ‘mfomso bi to yɛn’ na wɔde Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo a, momma yensuasua Baruk ahokokwaw, honhom fam nhumu, ne ahobrɛase no.—Galatifo 6:1.

14. Dɛn nti na eye sɛ yetie wɔn a wodi yɛn anim no?

14 Ahobrɛase su a ɛte saa a yɛbɛda no adi no boa wɔn a wɔretu yɛn fo no nso. Hebrifo 13:17 ka sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.” Hwɛ mpɛn dodow a mpanyimfo de bɔ Yehowa mpae denneennen de hwehwɛ akokoduru, nyansa, ne anidahɔ a wɔde bɛyɛ wɔn nguanhwɛ adwuma no fã a ɛyɛ den yi! Momma ‘yɛmfa obu mma saafo no yiye.’—1 Korintofo 16:18.

15. (a) Ɔkwan bɛn so na Yeremia kyerɛe sɛ na ɔwɔ Baruk mu ahotoso? (b) Ɔkwan bɛn so na Baruk nyaa osetie a ɔyɛe no so akatua?

15 Nea ɛkyerɛ sɛ Baruk sakraa ne nsusuwii no da adi efisɛ ɛno akyi no, Yeremia de adwuma bi a na ɛyɛ den kɛse hyɛɛ ne nsa—sɛ ɔnkɔ asɔrefie hɔ, nkɔkenkan atemmusɛm a na n’ankasa akyerɛw afi Yeremia anom no nkyerɛ. So Baruk tiei? Yiw, ɔyɛɛ “sɛnea odiyifo Yeremia hyɛɛ no no nyinaa.” Nokwarem no, ɔkenkan nsɛm koro yi ara kyerɛɛ mmapɔmma a na wɔwɔ Yerusalem no, na akyinnye biara nni ho sɛ na egye akokoduru. (Yeremia 36:1-6, 8, 14, 15) Bere a Babilonfo sɛee kurow no mfe 18 bi akyi no, twa sɛnea Baruk ani begye sɛ wɔagye no esiane sɛ otiee Yehowa kɔkɔbɔ na ogyaee sɛ ɔbɛhwehwɛ “ade kɛse” afa no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ!—Yeremia 39:1, 2, 11, 12; 43:6.

Osetie a Wɔyɛe Bere a na Wɔaka Wɔn Ahyem no Gyee Wɔn Nkwa

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa huu Yudafo a na wɔwɔ Yerusalem no mmɔbɔ bere a na Babilonfo aka wɔn ahyem wɔ afe 607 A.Y.B. no?

16 Bere a Yerusalem awiei bae wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, Onyankopɔn ayamhyehye ma wɔn a wɔyɛ osetie no daa adi. Bere a ntua no mu yɛɛ den no, Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan meregu mo anim, nea ɔtra kurow yi mu no bewu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nea ofi adi na ɔkɔbɔ Kaldeafo a wobetua mo no so no, obenya nkwa, na ne kra adan no asade.” (Yeremia 21:8, 9) Ɛwom sɛ na wɔn a wɔte Yerusalem no fata ɔsɛe de, nanso Yehowa daa ayamhyehye adi kyerɛɛ wɔn a wotiee no wɔ saa bere a edi akyiri a na nneɛma mu ayɛ den no mu no. *

17. (a) Akwan abien bɛn so na Yehowa sɔɔ osetie a na Yeremia yɛ no hwɛe bere a ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Yudafo a wɔaka wɔn ahyem no sɛ ‘wɔmfa wɔn ho mma Kaldeafo no’? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya akokoduru a Yeremia de yɛɛ osetie no so mfaso?

17 Akyinnye biara nni ho sɛ Yudafo a na Yeremia bɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho mma ntuafo no sɔɔ ne setie nso hwɛe. Ade biako ne sɛ, na ɔtwe Onyankopɔn din ho ninkunu. Na ɔmpɛ sɛ atamfo a wɔde wɔn nkonimdi ho nkamfo bɛma wɔn ahoni a nkwa nni mu no bɛbɔ no ahohora. (Yeremia 50:2, 11; Kwadwom 2:16) Bio nso na Yeremia nim sɛ nkurɔfo no a ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho mma no bɛkyerɛ sɛ ná ɔde n’ankasa nkwa reto asiane mu efisɛ na wɔn mu pii besusuw sɛ ɔretutu ɔman no ase. Nanso wammɔ hu, na mmom ɔde osetie kaa Yehowa nsɛm no. (Yeremia 38:4, 17, 18) Te sɛ Yeremia no, yɛn nso yɛka asɛm a nnipa pii ani nnye ho. Asɛm koro no ara nti na wobuu Yesu animtiaa no. (Yesaia 53:3; Mateo 24:9) Enti mommma yennsuro nnipa anim, na mmom te sɛ Yeremia no, momma yɛmfa akokoduru ntie Yehowa, na yɛmfa yɛn ho nto no so koraa.—Mmebusɛm 29:25.

Osetie a Yɛbɛyɛ Bere a Yehyia Gog Ntua

18. Osetie ho sɔhwɛ bɛn na Yehowa asomfo behyia daakye?

18 Ɛrenkyɛ biara, wɔbɛsɛe Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no nyinaa wɔ “ahohiahia” kɛse a ebi mmae da mu. (Mateo 24:21) Akyinnye biara nni ho sɛ ansa na saa bere no bɛba mpo no, Onyankopɔn nkurɔfo behyia wɔn gyidi ne osetie ho sɔhwɛ atitiriw. Sɛ nhwɛso no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, wɔ dwuma a Satan di sɛ ‘Gog a ofi Magog’ mu no, ɔde ntua a emu yɛ den bɛba Yehowa asomfo so, na waboaboa dɔm a wɔka wɔn ho asɛm sɛ “dɔm a ɛsõ . . . , sɛ omununkum abɛkata asase no so” ano. (Hesekiel 38:2, 14-16) Bere a wɔn dodow bunkam Onyankopɔn nkurɔfo a wonkura akode biara so no, Onyankopɔn nkurɔfo no bɛhwehwɛ guankɔbea wɔ Yehowa ‘ntaban’ a ɔtrɛw mu de kata asoɔmmerɛfo so no ase.

19, 20. (a) Dɛn nti na osetie a na Israelfo bɛyɛ bere a na wɔwɔ Po Kɔkɔɔ no ho no ho hia paa? (b) Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ a yɛde besusuw asɛm a esii wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no so bɛba yɛn mfaso nnɛ?

19 Saa tebea yi ma yɛkae Israel akwantu a wɔde fii Misraim no. Bere a Yehowa de ɔhaw du baa Misraim so akyi no, wamfa ne nkurɔfo ankɔfa ɔkwantiaa a ɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so no so, na mmom odii wɔn anim ma wɔkɔfaa ɔkwan a ɛkɔ Po Kɔkɔɔ no mu, baabi a na wobetumi atu wɔn so sa na wɔaka wɔn ahyem no so. Sɛ wode sraadi ho adwene susuw ho a, na ɛte sɛ nea asiane wom. Sɛ na wo wɔ hɔ saa bere no a, so anka wubetie Yehowa asɛm a ɛnam Mose so no na wode akokoduru akɔfa Po Kɔkɔɔ no mu bere a wunim sɛ ɛte sɛ nea Bɔhyɛ Asase no da baabi foforo koraa no?—Exodus 14:1-4.

20 Bere a yɛkenkan Exodus 14 no, yehu sɛnea Yehowa daa ne tumi adi anwonwakwan so de gyee ne nkurɔfo no. Hwɛ sɛnea sɛ yegye bere de sua nsɛm a ɛte saa na yesusuw ho a, ebetumi ahyɛ yɛn gyidi den! (2 Petro 2:9) Gyidi a emu yɛ den nso hyɛ yɛn den ma yetie Yehowa, bere mpo a ɛte sɛ nea n’ahwehwɛde ne nnipa nsusuwii nhyia no. (Mmebusɛm 3:5, 6) Enti bisa wo ho sɛ, ‘So menam Bible adesua, mpaebɔ ne nsɛm ho a misusuw anibere so, ne afei anuanom a me ne wɔn bɔ fekuw daa so rebɔ mmɔden ahyɛ me gyidi den?’—Hebrifo 10:24, 25; 12:1-3.

Osetie Ma Yenya Anidaso

21. Nhyira horow bɛn na wɔn a wotie Yehowa no benya ɛnnɛ ne daakye?

21 Mprempren mpo, Mmebusɛm 1:33 nya mmamu wɔ wɔn a wɔyɛ osetie ma Yehowa wɔ wɔn asetram no so: “Nea otie me no bɛtra hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.” Hwɛ sɛnea awerɛkyekyesɛm yi bɛbam wɔ Yehowa aweredi da kɛse a ɛreba no mu ma ayɛ anigye! Nokwarem no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Luka 21:28) Ɛda adi pefee sɛ wɔn a wotie Onyankopɔn no nkutoo na wobenya ahotoso atie nsɛm yi.—Mateo 7:21.

22. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo nya ahotoso? (b) Nsɛm bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

22 Ade foforo a ɛsɛ sɛ ɛma yenya ahotoso ne sɛ “[Yehowa, NW] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.” (Amos 3:7) Ɛnnɛ Yehowa mfa adiyifo so nkasa sɛnea na ɔyɛ kan no; na mmom, wapaw akoa nokwafo kuw bi sɛ wɔmfa honhom fam aduan mma ne fiefo wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mateo 24:45-47) Ɛnde hwɛ hia ara a ehia sɛ yɛyɛ osetie ma saa “akoa” no! Sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no, asoɔmmerɛw a ɛte saa no da su a yekura wɔ Yesu, ‘akoa’ no wura no ho adi. Ɔno ne Onii a ‘aman yɛ osetie ma no no.’—Genesis 49:10.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Ɛwom sɛ wɔtaa ka sɛ akokɔbaatan yɛ ohufo de, nanso mmoa bammɔ fekuw nhoma bi ka sɛ “akokɔbaatan bɛko akodu sɛ obewu de abɔ ne mma ho ban.”

^ nky. 16 Yeremia 38:19 da no adi sɛ Yudafo no binom ‘de wɔn ho maa’ Kaldeafo no, ma enti wɔankum wɔn nanso wɔfaa wɔn nnommum. Sɛ́ ebia Yeremia nsɛm no nti na wɔde wɔn ho mae de a, wɔanka ankyerɛ yɛn. Nanso, nya a wonyaa wɔn ti didii mu no maa odiyifo no nsɛm no baa mu.

So Wokae?

• Dɛn na efii asoɔden a Israelfo kɔɔ so yɛe no mu bae?

• Ɔkwan bɛn so na fekuw a Ɔhene Yoas bɔe no nyaa no so nkɛntɛnso wɔ ne mmofraase ne bere a onyinii no?

• Asuade bɛn na yebetumi anya afi Baruk hɔ?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wotie no no suro bere a mprempren nhyehyɛe yi bɛn n’awiei no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Wɔ Yohoiada akwankyerɛ ase no, Yoas a na ɔyɛ abofra no tiee Yehowa

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Nnamfo bɔne hyɛɛ Yoas nkuran ma ɔma wokum Onyankopɔn diyifo

[Mfonini wɔ kratafa 16]

So anka wubetie Yehowa na ama woahu ne tumi a ɔde gye nkwa a ɛyɛ nwonwa no?