Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Ɛsɛ sɛ Wodi Ahurusi Wɔ Balkan Aman Mu

Bere a Ɛsɛ sɛ Wodi Ahurusi Wɔ Balkan Aman Mu

Bere a Ɛsɛ sɛ Wodi Ahurusi Wɔ Balkan Aman Mu

Ná ɛyɛ 1922 mu. Bible Asuafo a Wɔwɔ Koma Pa, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no na na wɔreyɛ nhyiam bi wɔ Innsbruck, Austria. Ná Germanni aberante bi a ofi Apatin a ɛwɔ Vojvodina, Serbia, a wɔfrɛ no Franz Brand ka atiefo no ho. Ɔkasafo no nya bɔɔ Onyankopɔn din Yehowa pɛ na basabasayɛfo bi fii ase teɛteɛɛm, ma enti ogyae kasa, na nhyiam no baa awiei. Nanso nea Franz tee no nyaa no so nkɛntɛnso paa, na ofii ase kaa Ahenni ho asɛmpa no. Eyinom ne ɔkwan ketewaa a honhom fam nkɔso a ɛyɛ anigye a aba Balkanfo aman biako mu no faa so bae.

WƆ NNIPA pii fam ɛnnɛ no, nea edin Yugoslavia ma ɛba wɔn adwenem ara ne ɔko ne nnipakum. Nnipakum a ani yɛ nyan, aguanfo a wonhu nea wɔnyɛ, afie a asɛe, ne nyisaa a awerɛhow ahyɛ wɔn ma ho mfonini na ɛba adwenem. Ɛyɛ den sɛ wobenya nsɛm a ɛfata de akyerɛkyerɛ yawdi kɛse ne amanehunu a efii ɔko a ɛmaa Balkan Asase Hwene no gyigyae fi 1991 kosi 1995 mu bae, a ɛsɛe yiyedi ne asomdwoe ho anidaso biara a na wɔwɔ sɛ wɔnam nnipa mmɔdenbɔ so benya no mu. Esiane ɔko no nti, nnipa a wɔte kan Yugoslavia no rehyia sika fam ahokyere ne ohia buruburoo. *

Amanehunu yi nyinaa mu no, ɛyɛ den sɛ obi bɛhwɛ kwan sɛ obehu nnipa a wɔwɔ anigye wɔ wiase fã yi. Nanso, nea ɛyɛ nwonwa no, nnipa a wɔte saa wɔ hɔ. Nokwarem no, ɛreba afeha a ɛto so 20 no awiei mu no, da bi wɔ hɔ a wodii ahurusi titiriw. Nsɛm yi nyinaa fa Franz Brand, aberante a yɛbɔɔ ne din mfiase no ho dɛn?

Honhom Fam Nkɔso Wɔ Balkan Aman Mu

Franz Brand ani gyee nokware foforo a ɔtee no ho, na osii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ ɔtrɛw asɛmpa no mu. Onyaa adwuma sɛ obi a oyi nkurɔfo ti wɔ Maribor, kurow bi a ɛwɔ Slovenia a ɛbɛn Austria hye so mu, na ofii ase kaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo a na wɔba ne kyɛn a na mpɛn pii no wɔtra hɔ dinn tie no bere a ɔreyi wɔn ti no. Ɛdenam ne mmɔdenbɔ so no, wonyaa Ahenni adawurubɔfo kuw ketewaa bi wɔ Maribor wɔ 1920 mfe no awiei. Ná wɔma Bible mu ɔkasa horow wɔ adidibea bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ hɔ Novi svet (Wiase Foforo) Po Mu Nam Adidibea.

Bere bi akyi no, asɛmpa no trɛw faa asase no nyinaa so. “Photo-Drama of Creation” (sini a wɔde nnɔnhwerew awotwe yi no, ɛfa bi yɛ nea emu nnipa keka wɔn ho ne nea nnipa no nkeka wɔn ho na ɛnne nnyigyei ka ho) no dii akoten wɔ ntrɛwmu yi mu. Afei wɔ 1930 mfe no mu bere a wɔde ɔtaa kɛse baa Yehowa Adansefo so wɔ Germany no, wɔde Germanfo akwampaefo a woguan fii wɔn kurom no kɔboaa wɔn a na wɔwɔ Yugoslavia Ahemman no mu no. Wogyaw wɔn ankasa ahotɔ ne wɔn nneɛma hɔ kɔkaa asɛm no wɔ ɔman yi mmepɔw so nkurow a ɛwɔ akyirikyiri no mu. Mfiase no, na ɛte sɛ nea nkurɔfo ntie wɔn asɛm no papa. Wɔ 1940 mfe no mfiase mu no, adawurubɔfo 150 pɛ na wobuu asɛnka ho akontaa.

Wɔ 1941 mu no, wohyiaa ɔtaa a ano yɛ den a ɛtraa hɔ kosii 1952. Hwɛ anigye ara a ɛyɛe bere a awiei koraa wɔ September 9, 1953 no, wɔ Ɔsahene Tito ne ne Komunis nniso ase no, wɔde Yehowa Adansefo din hyɛɛ mmara mu no! Saa afe no, na asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ yɛ 914, na nkakrankakra wɔn dodow kɔɔ anim. Ebeduu 1991 no, na adawurubɔfo no dodow akɔ anim akodu 7,420, na nnipa 16,072 na wɔbaa Nkaedi no ase saa afe no.

Efi August 16 kosi 18, 1991 no, wɔyɛɛ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam a edi kan wɔ ɔman yi mu wɔ Zagreb, Croatia. Nnipa dodow a wofi ɔman no mu ne amannɔne bae no si 14,684. Nhyiam a werɛ remfi da yi siesiee Yehowa nkurɔfo maa sɔhwɛ a na ɛda wɔn anim no. Nhyiamfo a wofi Serbia rekɔ wɔn kurom no bɔs ahorow a wɔtete mu no ka kar ahorow a etwa to a etwaa Croatia ne Serbiafo hye no ho. Bere a bɔs a etwa to no twaa mu no, wɔtoo hye no mu, na ɔko fii ase.

Yehowa Nkurɔfo Wɔ Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wodi Ahurusi

Mfe a wɔde dii ako no bɛyɛɛ sɔhwɛ bere a na emu yɛ den maa Yehowa Adansefo a na wɔwɔ Balkan aman mu no. Nanso, wɔwɔ nea wobegyina so adi ahurusi efisɛ Yehowa ahyira ne nkurɔfo ma wɔanya dodow nkɔanim a ɛyɛ anigye. Efi 1991 mu no, Ahenni adawurubɔfo dodow a wɔwɔ mmeae a na ɛyɛ kan Yugoslavia no anya nkɔanim a ɛboro ɔha mu nkyem 80. Wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 13,472 wɔ 2001 ɔsom afe no mu.

Na anka adwumayɛbea a ɛwɔ Zagreb ne Belgrade (Serbia) no na ɛhwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ kan Yugoslavia no nyinaa adwuma so. Nanso dodow nkɔanim a wɔanya ne amammui mu nsakrae no maa ɛho behiae sɛ wɔhyehyɛ adwumayɛbea foforo wɔ Ljubljana (Slovenia), ne Skopje (Macedonia), de ka adwumayɛbea afoforo a na wɔbɛhyehyɛ wɔ Belgrade ne Zagreb no ho. Nnipa bɛyɛ 140 na wɔsom wɔ adwumayɛbea ahorow yi mu. Wɔn mu dodow no ara yɛ mmabun a wɔyɛ nnam na Yehowa ho dɔ ahyɛ wɔn ma. Wɔn mu dodow no ara rekyerɛ Bible adesua nhoma ase akɔ Croatia kasa, Macedonia kasa, Serbia kasa, ne Slovenia kasa mu. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ wotintim Yehowa Adansefo nsɛmma nhoma ne nhoma ahorow a ɛwɔ saa kasa horow yi mu dodow no ara ka Engiresi de no ho wɔ bere koro mu! Nhoma horow yi boa nkurɔfo ma wonya awerɛkyekye ne anidaso.

Ade foforo a ɛma wodi ahurusi ne mmoa a bere nyinaa asomfo pii a wofi aman foforo so fi ayamye mu de ma wɔn no. Wɔasisi Ahenni Asa horow pii nnansa yi, na ama asafo ahorow no adi ahurusi kɛse. Nanso, na nneɛma a ɛbɛma wɔadi ahurusi kɛse nam kwan so reba. Na ɛbɛyɛ dɛn atumi aba saa?

Dwumadi Soronko

Adawurubɔfo no pii taa bisa sɛ, ‘So bere bi bɛba a yebenya New World Translation no wɔ yɛn kasa mu?’ Ná wɔhwɛ kwan afe biara sɛ wɔde amanneɛbɔ a ɛte saa bɛma wɔ ɔmantam nhyiam ase. Nanso, ɔkwan bɛn so na na wobetumi ayɛ adwuma kɛse a ɛte saa, efisɛ na wɔhyehyɛɛ akuw a wɔkyerɛ nsɛm ase kɔ kasa horow yi mu nkyɛe, na na wɔnnɔɔso nso?

Bere a Sodikuw no susuw nsɛm ho no, wɔpenee so sɛ wɔbɛma Croatiafo, Macedoniafo, ne Serbiafo nsɛm asekyerɛ akuw no ayɛ adwuma abom na wɔatumi de wɔn nimdeɛ ayɛ adwuma aboa wɔn ho wɔn ho. Ná Croatiafo kuw no na wobedi kan.

Ahurusidi Da

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Balkan aman mu werɛ remfi July 23, 1999 da. Ná wɔbɛyɛ “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm Ɔmantam Nhyiam” ahorow no wɔ bere koro mu wɔ Belgrade, Sarajevo (Bosnia-Herzegovina), Skopje, ne Zagreb. Eduu bere bi no na wontumi nhu sɛ ebia wobetumi ayɛ Belgrade nhyiam no efisɛ bere a na NATO retoto atopae no, na wɔmma kwan mma wɔnyɛ nhyiam biara wɔ baguam. Hwɛ anigye ara a anuanom nyae bere a asram pii a na wonhu nea ebesi no, wohui sɛ afei de wobetumi ne wɔn nuanom ahyiam no! Nanso, wonyaa nea ɛsen nea na wɔrehwɛ kwan no.

Fida awia no, wɔmaa nkaebɔ titiriw bi wɔ nhyiam anan no nyinaa ase. Ná nhyiamfo 13,497 no ayɛ dinn rehwɛ nea ɛbɛba kwan. Bere a awiei koraa no ɔkasafo no yii New World Translation of the Christian Greek Scriptures adi wɔ Croatia ne Serbia kasa mu, na ɔka kyerɛɛ atiefo no sɛ wogu Macedonia kasa mu de no so denneennen no, na nhyiamfo no nhu nea wɔnyɛ wɔn ho. Wɔbɔɔ wɔn nsam denneennen ma ɔkasafo no antumi anwie ne nkaebɔ no. Wɔ Sarajevo nhyiam no ase no, atiefo a na wɔn ho adwiriw wɔn no nyinaa yɛɛ dinn. Ɛno akyi no, wɔbɔɔ wɔn nsam bebree. Nusu guu Belgrade nhyiamfo no mu pii, na na ɛsɛ sɛ ɔkasafo no gyina ma wɔbɔ wɔn nsam mpɛn pii ansa na watumi awie nkaebɔ no. Hwɛ sɛnea na obiara ani agye paa!

Nokwasɛm a ɛne sɛ na Yehowa Adansefo anya hokwan afi aban hɔ a na ɛbɛma wɔatumi atintim Croatiafo ne Serbiafo Bible nkyerɛase no nso, na ɛmaa akyɛde no dii mu ankasa. Enti wɔkaa New World Translation of the Christian Greek Scriptures a wɔyɛe wɔ kasa horow abien yi mu no bɔɔ Hebri Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ kasa koro no ara mu no mu. Bio nso, wɔde Roma ne Cyrillic nkyerɛwee na etintim Serbia kasa mu Bible no.

Bere a Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Balkan aman mu no de aseda ma wɔ nhyira horow ne akwankyerɛ a wɔanya nyinaa ho no, wogye Dawid nsɛm yi tom: “Nso menam esum kabii bon no mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo [Yehowa] ne me na ɛwɔ hɔ.” Ɛmfa ho ahokyere a wɔafa mu na wogu so fa mu nyinaa akyi no, wɔasi wɔn bo sɛ wɔde ‘Yehowa anigye bɛyɛ wɔn ahoɔden.’—Dwom 23:4; Nehemia 8:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Adehyeman asia na ɛbom yɛ kan Yugoslavia—Bosnia-Herzegovina, Croatia, Macedonia, Montenegro, Serbia, ne Slovenia.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Adawurubɔfo kuw a wodi kan a wofi Maribor, Slovenia, a wɔreka asɛm no wɔ asasesin a ɛwɔ akyirikyiri mu