Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Hu Nyansa W’akyiri Nna Mu’

‘Hu Nyansa W’akyiri Nna Mu’

‘Hu Nyansa W’akyiri Nna Mu’

Franseni anwensɛm kyerɛwfo Jean de La Bruyère a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 17 mu no kae sɛ: “Adesamma mu fã kɛse no ara nam wɔn mfe a edi kan wɔ asetra mu no so ma nea etwa to no yɛ mmɔbɔ.” Nokwarem no, abofra a n’adwene yɛ no ntanta betumi ahinhim, ne bo ahaw no na ne werɛ ahow. Nanso ebia ɔbabun a wasen ne kɔn bɛkɔ so ara afa ɔkwammɔne so, na ama wahu amane akyiri yi wɔ n’asetra mu. Emu biara mu no, anibiannaso a wɔde yɛ bɔne ne anidahɔ bɔne nyinaa de ɔhaw ba.

Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati ade bɔne a ɛte saa? Bere a Onyankopɔn Asɛm de kɔkɔbɔ rema wɔ mmabunbere mu adwene ntanta ho no, etuu mmofra fo sɛ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: minni ho anigye, no adu.” (Ɔsɛnkafo 12:1) Sɛ woyɛ ɔbabun a, ma w’adwene nsi wo pi wɔ ‘wo Bɔfo Kunini’ no ho nimdeɛ a wubenya wɔ wo mmofraase no ho.

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Bible boa mmofra ma wɔkwati mmabunbere mu nneyɛe a mfaso nni so? Ɛka sɛ: “Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa w’akyiri nna mu.” (Mmebusɛm 19:20) Bible ma ɛda adi pefee sɛ nyansa a efi Onyankopɔn hɔ a obi bebu n’ani agu so anaa ɔbɛtew so atua wɔ ne babunbere mu no de amanehunu na ɛba. (Mmebusɛm 13:18) Ɔkwan foforo so no, akwankyerɛ a efi Onyankopɔn hɔ a yebetie no de “onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe” ne asetra a akomatɔyam wom na ɛba.—Mmebusɛm 3:2.