Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra a Wɔtete Wɔn Wɔ Amannɔne—Emu Nsɛnnennen ne Mfaso Ahorow

Mmofra a Wɔtete Wɔn Wɔ Amannɔne—Emu Nsɛnnennen ne Mfaso Ahorow

Mmofra a Wɔtete Wɔn Wɔ Amannɔne—Emu Nsɛnnennen ne Mfaso Ahorow

NNIPA ɔpepem pii tu kɔ mmeae foforo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔrekɔ akofi abrabɔ ase foforo bio. Atukɔfo bɛboro ɔpepem 20 na wɔwɔ Europa, nnipa bɛboro ɔpepem 26 na wofi amannɔne nsase so akɔtra United States, bere a nnipa dodow a wɔwɔ Australia no ɔha biara mu 21 na wɔwoo wɔn wɔ aman foforo so. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ atukɔfo yi brɛ ansa na wɔasua kasa foforo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae sua amammerɛ foforo.

Nea ɛtaa ba ne sɛ, mmofra no tumi sua ɔman foforo a wɔatu akɔ so no kasa ntɛm na wofi ase nya kasa foforo no ho adwene. Ɛkyɛ ansa na wɔn awofo atumi asua. Bere a mmofra nyin wɔ aman a wɔn awofo mfi so mu no, kasa mu nsɛnnennen betumi de nkitahodi mu nsɛnnennen a ebetumi ayɛ den sɛ wobesiesie aba.

Ɛnyɛ sɛnea mmofra no susuw nneɛma ho nko na kasa foforo no sakra na mmom ɔman foforo no amammerɛ betumi asakra wɔn nkate nso. Ebetumi ayɛ den ama awofo sɛ wɔbɛte wɔn mma nneyɛe no ase. Ne saa nti awofo a wɔyɛ atukɔfo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete wɔn mma ‘Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no hyia ɔhaw soronko.—Efesofo 6:4.

Wɔn Koma ne Wɔn Adwenem a Wobedu Ho Nsɛnnennen

Awofo a wɔyɛ Kristofo wɔ ɔpɛ ne asɛyɛde sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma Bible mu nokware ho ‘kasa kronn.’ (Sefania 3:9) Nanso sɛ mmofra ante wɔn awofo kasa yiye na sɛ wɔn awofo nso antumi anka kasa a wɔn mma no abehu no yiye a, ɔkwan bɛn so na awofo no betumi de Yehowa mmara adua wɔn mma no komam? (Deuteronomium 6:7) Ebia mmofra no bɛte nsɛm a awofo no ka no ase nanso sɛ nea wɔka kyerɛ wɔn no ntumi nnu koma mu a, mmofra no betumi adan ahɔho wɔ wɔn ankasa fie.

Pedro ne Sandra fi Amerika Kesee fam tu kɔɔ Australia, na wohyiaa asɛnnennen yi bere a na wɔretete wɔn mmabarima baanu a wɔadu wɔn mpanyin afe so no. * Pedro ka sɛ: “Sɛ yɛreka honhom fam nneɛma ho asɛm a, koma ne nkate ka ho bi. Ehia sɛ woka nsɛm a emu dɔ na ɛtɔ asom, enti wuhia nsɛm mmoano pii.” Sandra de ka ho sɛ: “Sɛ yɛn mma nte yɛn kurom kasa ase yiye a, ɛnde na ebetumi anya wɔn honhom fam yiyedi so nkɛntɛnso bɔne. Ebetumi ama wɔahwere nokware no ho atenka pa, na wɔrente nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ nea wɔresua no mu no ase. Wɔn honhom fam ntease rentu mpɔn, na wɔne Yehowa ntam abusuabɔ betumi asɛe.”

Gnanapirakasam ne Helen fi Sri Lanka tu kɔɔ Germany, na mprempren wɔwɔ mma baanu. Wogye tom sɛ: “Yesusuw sɛ ɛho hia paa sɛ yɛn mma bɛka yɛn kurom kasa bere a wɔresua German kasa no. Ehia sɛ wotumi ka wɔn nkate ho asɛm kyerɛ yɛn, na wofi komam kasa.”

Miguel ne Carmen a wofi Uruguay tu kɔɔ Australia no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ awofo a wɔn tebea te sɛ yɛn de no bɔ wɔn ho mmɔden paa. Ɛsɛ sɛ wosua kasa foforo no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ate honhom fam nneɛma ase akyerɛkyerɛ mu yiye wɔ kasa no mu anaasɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mmofra no ma wɔate awofo no kasa no yiye.”

Abusua Gyinaesi

Ade titiriw a ɛho hia na ama atukɔfo abusua biara atumi adi yiye wɔ honhom fam ne sɛ wobesi kasa a abusua no de bedi dwuma ma ‘Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn’ ho gyinae. (Yesaia 54:13) Sɛ asafo bi a ɛka abusua no kurom kasa bɛn a, abusua no betumi apaw sɛ wɔbɛboa asafo yi. Ɔkwan foforo so no, wobetumi apaw sɛ wɔbɛkɔ asafo a ɛka kasa titiriw a wɔde di dwuma wɔ ɔman a wɔatu akɔ mu no mu. Nneɛma bɛn na wobegyina so asi gyinae ahorow yi?

Demetrios ne Patroulla a wofi Cyprus a wotu kɔɔ England na wɔtetee mmofra baanum wɔ hɔ no ka nea efii wɔn gyinaesi no mu bae ho asɛm sɛ: “Mfitiase no, yɛn abusua no kɔɔ asafo a wɔka Greece kasa wom mu. Bere a eyi boaa yɛn a yɛyɛ awofo no, ɛbɛyɛɛ ade a ɛbrɛɛ yɛn mma honhom fam yiyedi ase. Ɛwom sɛ na wɔte Greece kasa no kakra de, nanso na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛte nsɛm a emu yɛ duru no ase. Wɔn honhom fam onyin a na ɛyɛ nyaa no maa eyi daa adi. Sɛ abusua no, yɛsesa kɔɔ asafo a wɔka Engiresi kasa wom mu, na ankyɛ na yehuu ɛso mfaso a yɛn mma no nyae no. Ahyɛ wɔn den wɔ honhom fam. Ná ɛyɛ den sɛ yebesi gyinae akɔ asafo foforo mu, nanso wɔ yɛn fam no, ɛbɛyɛɛ nea na nyansa wom.”

Abusua no da so ara te wɔn kurom kasa no, na wɔanya so mfaso pii. Wɔn mma no ka sɛ: “Kasa pii a obi bɛte no yɛ mfasode. Ɛwom sɛ Engiresi ne kasa a yɛte paa de, nanso yɛahu sɛ Greece kasa a yɛte no ama yɛn abusua no ntam abusuabɔ mu ayɛ den, ne titiriw, yɛne yɛn nananom. Afei nso ama yehu atubrafo mmɔbɔ, na ama yɛanya ahotoso sɛ yebetumi asua kasa foforo. Enti bere a yenyinii no, yɛn abusua no tu kɔboaa asafo bi a wɔka Albania kasa.”

Christopher ne Margarita nso tu fii Cyprus kɔɔ England, na wɔtetee mmofra baasa wɔ hɔ. Wɔpawee sɛ wɔbɛkɔ akɔboa asafo a ɛka Greece kasa no. Wɔn babarima, Nikos, a mprempren ɔsom sɛ ɔpanyin wɔ asafo a wɔka Greece kasa wom no ka sɛ: “Wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ asafo a wɔka Greece kasa a wɔate no foforo no mu. Yɛn abusua no faa no sɛ teokrase dwumadi bi.”

Margarita ka sɛ: “Bere a mmarimaa baanu no dii mfe ason ne awotwe no, wɔde wɔn ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu mu. Sɛ́ awofo no, na Greece kasa a na wɔnte no pii no haw yɛn kakra. Nanso, sɛ wɔma wɔn dwumadi biara a, na abusua no nyinaa na yebom sua, na yɛde nnɔnhwerew pii boa wɔn ma wosiesie wɔn kasa ahorow no.”

Wɔn babea Joanna ka sɛ: “Mekae sɛ na Paapa kyerɛw Greece kasa nkyerɛwde wɔ kyerɛwpon so de kyerɛ yɛn ade wɔ fie, na na ɛsɛ sɛ yɛn nso yesua no yiye paa. Nnipa pii de mfe pii na esua kasa nanso esiane sɛ Maame ne Paapa boaa yɛn nti, yesuaa Greece kasa a annye yɛn bere pii.”

Mmusua bi bɛboa asafo a ɛka wɔn ankasa kurom kasa esiane sɛ awofo no te nka sɛ sɛ wobenya ‘honhom fam ntease’ na wɔanya nkɔso a, ehia sɛ wɔde wɔn ankasa kasa kyerɛkyerɛ wɔn. (Kolosefo 1:9, 10; 1 Timoteo 4:13, 15) Anaasɛ ebia abusua no bɛte nka sɛ wobetumi de nimdeɛ a wɔwɔ wɔ wɔn kasa mu no aboa atukɔfo afoforo ma wɔasua nokware no.

Nea ɛne no bɔ abira no, ebia abusua bi bɛte nka sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wɔkɔ asafo a wɔka ɔman a wɔatu akɔ mu kasa titiriw wom no mu. (Filipifo 2:4; 1 Timoteo 3:5) Bere a abusua no asusuw tebea no ho no, abusua ti no de mpaebɔ besi ho gyinae. (Romafo 14:4; 1 Korintofo 11:3; Filipifo 4:6, 7) Nyansahyɛ ahorow bɛn na ebetumi aboa mmusua yi?

Nyansahyɛ Ahorow a Mfaso Wɔ So

Pedro ne Sandra a yedii kan kaa wɔn ho asɛm no ka sɛ: “Yɛahyɛ sɛ yɛbɛka Spania kasa nkutoo wɔ fie sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn werɛ remfi yɛn kurom kasa. Ɛyɛ ahyɛde a ɛyɛ den paa sɛ yebedi so efisɛ yɛn mmabarima no nim sɛ yɛte Engiresi kasa. Nanso sɛ yɛanni ahyɛde yi so a, wɔn werɛ betumi afi Spania kasa no ntɛm ara.”

Miguel ne Carmen a yɛfaa wɔn asɛm kae mfiase no nso kyerɛ sɛ: “Sɛ awofo de wɔn kurom kasa yɛ abusua adesua na wɔde susuw daa asɛm ho daa a, ɛno bɛma mmofra no ate kasa no yiye—wobesua sɛ wɔde kasa no bɛkyerɛkyerɛ honhom fam nneɛma mu.”

Miguel nso de nyansahyɛ ma sɛ: “Momma adansedi nyɛ anigye. Yɛn asasesin no trɛw fa kurow kɛse bi mu, na yegye bere pii de fa kar kɔhwehwɛ nkurɔfo a wɔka yɛn kurom kasa no. Yɛde Bible mu nsɛm di agoru na yesusuw nneɛma afoforo a ehia ho bere a yɛnam kwan so no. Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ kwan a yebetwa akodi adanse no ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ sankɔhwɛ ahorow a ɛhyɛ nkuran pii. Enti anyɛ yiye koraa no, saa da no mmra awiei no, na mmofra no anya nkɔmmɔbɔ a ɛso wɔ mfaso mu kyɛfa.”

Amammerɛ Mu Nsakrae Ano a Wogyina

Onyankopɔn Asɛm hyɛ mmabun nkuran sɛ: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.” (Mmebusɛm 1:8) Nanso ɛtɔ mmere bi a amammerɛ a mmofra no aba mu a ɛne awofo no de nhyia no ma nsɛnnennen sɔre bere a enya agya nteɛso ne ɛna “mmara” so nkɛntɛnso no.

Nokwarem no, ɛyɛ abusua ti biara ankasa asɛyɛde sɛ ɔkyerɛ ɔkwan a ɔbɛfa so adi n’ankasa fie so na ɛnsɛ sɛ mmusua foforo nya no so nkɛntɛnso a ɛmfata biara. (Galatifo 6:4, 5) Ne nyinaa mu no, nkitahodi pa a ɛda awofo ne mmofra ntam no betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ wobegye amanne foforo atom.

Nanso, amanne anaa nneɛma pii a wɔyɛ wɔ aman a wodi yiye mu no betumi asɛe Kristofo honhom fam yiyedi. Mpɛn pii no, wɔnam nnwom ne anigyede a nkurɔfo ani gye ho kɛse so taa hyɛ nna mu ɔbrasɛe, adifudepɛ, ne atuatew ho nkuran denneennen. (Romafo 1:26-32) Kristofo a wɔyɛ awofo ntumi mmu wɔn ani ngu wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ nnwom ko a wɔn mma tie ne nneɛma a wɔde gye wɔn ani so esiane sɛ ebia wɔnte kasa no ase yiye kɛkɛ nti. Ɛsɛ sɛ wɔde akwankyerɛ a ɛyɛ pintinn ma. Nanso, eyi betumi de nsɛnnennen aba.

Carmen ka sɛ: “Mpɛn pii no, yɛnte nnwom a yɛn mma tie mu nsɛm no ase. Ebia nnyigyei no ye de, nanso sɛ wotumi kyerɛ emu nsɛm no ase akwan horow so, anaasɛ nsɛm a wɔworo fa so a ɛho ntew wom a, yɛrentumi nhu.” Ɔkwan bɛn so na wɔredi tebea yi ho dwuma? Miguel ka sɛ: “Yegye bere pii de kyerɛkyerɛ yɛn mma asiane a ɛwɔ nnwom a ɛho ntew mu, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔapaw nnwom a ɛbɛsɔ Yehowa ani.” Yiw, anidahɔ ne ntease ho hia na ama yɛatumi agyina amammerɛ mu nsonsonoe ano.—Deuteronomium 11:18, 19; Filipifo 4:5.

Ɛso Aba a Wotwa

Egye bere ne mmɔdenbɔ pii na ama wɔatumi atete mmofra wɔ amannɔne nsase so. Akyinnye biara nni saa asɛm no ho. Nanso awofo ne mmofra no nyinaa betumi anya wɔn mmɔdenbɔ so mfaso.

Azzam ne ne yere, Sara, tu fii Turkey kɔɔ Germany baabi a wɔtetee wɔn mma baasa. Mprempren wɔn babarima panyin no som wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Selters, Germany no. Azzam ka sɛ: “Mfaso kɛse a mmofra no anya ne sɛ wobetumi anya su ahorow a ɛsom bo paa wɔ amammerɛ abien no mu.”

Antonio ne Lutonadio tu fii Angola kɔɔ Germany na wɔretete mmofra baakron wɔ hɔ. Abusua no ka Lingala, Franse, ne German kasa. Antonio ka sɛ: “Kasa horow a yetumi ka no boa yɛn abusua no ma yedi nkurɔfo a wofi aman pii so adanse. Eyi ma yɛn ani gye yiye.”

Mmofra baanu a wotu kɔɔ England a wɔn awofo yɛ Japanfo no te nka sɛ eye ma wɔn paa sɛ wɔte Japan kasa ne Engiresi kasa nyinaa. Mmofra no ka sɛ: “Kasa abien a yetumi ka no boaa yɛn ma yenyaa adwuma. Yɛanya Engiresi nhyiam akɛse a yɛkɔ no so mfaso. Bere koro no ara no, yɛanya hokwan resom wɔ asafo a wɔka Japan kasa, baabi a mmoa ho hia kɛse no mu.

Ebetumi Asi Wo Yiye

Mmofra a Onyankopɔn nkurɔfo tete wɔn bere a wɔte nkurɔfo a ɛsono wɔn amammerɛ mu no yɛ asɛnnennen a wɔahyia fi Bible mmere so. Ɛmfa ho sɛ Mose awofo tetee no wɔ Misraim no, esii wɔn yiye. (Exodus 2:9, 10) Yudafo a wɔkɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no tetee mmofra a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsan akɔ Yerusalem de nokware som akosi hɔ bio.—Esra 2:1, 2, 64-70.

Saa ara na ɛnnɛ nso, ebetumi asi Kristofo a wɔyɛ awofo no yiye. Wobetumi anya akatua a ɛne sɛ wɔbɛte sɛ wɔn mma reka nea awarefo bi te fii wɔn mma anom no: “Yɛyɛ abusua a yɛne yɛn ho yɛn ho bɔ paa esiane ɔdɔ a Paapa ne Maame yi no adi kyerɛ yɛn na bere nyinaa yɛne wɔn nya nkitahodi pa no nti. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛka wiase nyinaa abusua a wɔsom Yehowa no ho.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Mo kurom kasa nkutoo a mobɛka wɔ fie no ma mmofra no nya kasa no mu ntease pa

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Kasa biako a wɔka no ma abusuabɔ a ɛda nananom ne mmanana ntam no gyina

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Bible no a wo ne wo mma besua no ma wɔn ‘honhom fam’ ntease tu mpɔn