Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Munsiw Ɔbonsam Kwan”

“Munsiw Ɔbonsam Kwan”

“Munsiw Ɔbonsam Kwan”

“Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.”—YAKOBO 4:7.

1. Dɛn na yebetumi aka afa mprempren wiase yi ho, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no ma wɔn ani da hɔ?

“ONYANKOPƆN ayera, nanso Ɔbonsam wɔ hɔ.” Yebetumi aka saa nsɛm a Franseni nhoma kyerɛwfo André Malraux kae no afa wiase a yɛte mu no ho ma afata. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛte sɛ nea nnwuma a nnipa yɛ no da Ɔbonsam nnaadaa adi kɛse sen Onyankopɔn apɛde. Satan nam “atoro tumi sɛnkyerɛnne ne ahodwiride nyinaa mu ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔyera no mu” so rema nnipa afom kwan. (2 Tesalonikafo 2:9, 10) Nanso, wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, Satan de n’adwene asi Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so no so, na ɔne Kristofo a wɔasra wɔn “a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no” redi ako. (2 Timoteo 3:1; Adiyisɛm 12:9, 17) Ɛsɛ sɛ Adansefo yi ne wɔn ahokafo a wɔwɔ asase so anidaso no ma wɔn ani da hɔ.

2. Ɔkwan bɛn so na Satan daadaa Hawa, na osuro bɛn na ɔsomafo Paulo daa no adi?

2 Satan yɛ ɔdaadaafo ankasa. Bere a ɔde ɔwɔ redi dwuma sɛ nkataso no, ɔdaadaa Hawa ma onyaa adwene sɛ sɛ ɔtwe ne ho fi Onyankopɔn ho a obetumi anya anigye kɛse. (Genesis 3:1-6) Bɛyɛ mfirihyia mpem anan akyi no, ɔsomafo Paulo daa osuro bi adi sɛ ebia na Satan nnaadaa no anya Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ Korinto no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.” (2 Korintofo 11:3) Satan sɛe nnipa adwene kyinkyim wɔn nsusuwii. Sɛnea ɔdaadaa Hawa no, obetumi ama Kristofo adi mfomso asusuw sɛ biribi a Yehowa ne ne Ba no ani nnye ho so na wɔnam benya anigye.

3. Ɔbonsam ho ahobammɔ bɛn na Yehowa de ma, na ɔde ma henanom?

3 Yebetumi de Satan atoto nnomaayifo a osum mfiri de yi nnomaa a wɔn ani nna wɔn ho so no ho. Nea ɛbɛyɛ na yɛakwati Satan mfiri no, ɛsɛ sɛ ‘yɛtra Ɔsorosoroni no hintabea,’ a ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so beae bi a ahobammɔ wɔ a Yehowa de ma wɔn a wogye n’amansan tumidi tom wɔ wɔn asetram no. (Dwom 91:1-3) Yehia ahobammɔ a Onyankopɔn nam N’asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde so de ma no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yebetumi agyina ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.’ (Efesofo 6:11) Wotumi kyerɛ Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “nnɛɛdɛe” no ase nso sɛ “nnaadaa.” Akyinnye biara nni ho sɛ, Ɔbonsam nam nnaadaa akwan pii so bɔ mmɔden sɛ obesum Yehowa asomfo afiri.

Mfiri a Satan Sunsum Tete Kristofo No

4. Wiase bɛn na tete Kristofo no traa mu?

4 Ná Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien Y.B. mu no te bere a na Roma Ahemman no wɔ ne tumi kɛse mu no mu. Pax Romana (Romafo Asomdwoe) no maa aguadi tuu mpɔn. Saa yiyedi yi maa wɔn a na wodi yiye no nyaa bere pii de gyee wɔn ahome, na atumfoɔ no hwɛ maa ɔmanfo no nyaa nneɛma pii a wɔde begyigye wɔn ani sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentew atua. Eduu bere bi no, na ɔmanfo no ahomegye nna ne nna dodow a wɔde yɛ adwuma no yɛ pɛ. Akannifo no de ɔmanfo sika dii dwuma maa nkurɔfo aduan ne agoruhwɛbea ahorow, wɔmaa wɔmee, na ɛdan wɔn adwene.

5, 6. (a) Dɛn nti na na ɛmfata sɛ Kristofo bɛtaa akɔ Romafo no adehwɛbea ne agoruhwɛbea? (b) Nnaadaa kwan bɛn na Satan faa so, na ɔkwan bɛn so na na Kristofo betumi afa so atwe wɔn ho afi ho?

5 So na saa tebea yi yɛ asiane ma tete Kristofo no? Sɛ yɛhwɛ kɔkɔbɔ nsɛm ahorow a tete nhoma akyerɛwfo a wɔtraa ase wɔ asomafo no wu akyi pɛɛ te sɛ Tertullian kyerɛwee no a, na nneɛma a wɔde gyigye wɔn ani no mu dodow no ara yɛ asiane wɔ honhom fam ne abrabɔ fam ma nokware Kristofo no. Ade biako ne sɛ, na wodi afahyɛ ne aguma dodow no ara de hyɛ abosonsomfo anyame anuonyam. (2 Korintofo 6:14-18) Wɔ agoruhwɛbea ahorow no, na ɔbrasɛe anaa basabasayɛ a mogyahwiegu wom ahyɛ wɔn amammerɛ ho agoru horow no pii mpo mu ma. Bere kɔɔ so no, ɔmanfo no ani annye amammerɛ ho agoru horow no ho bio, na wɔde asaw a ɛnsɛ besii anan mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo Jérôme Carcopino ka wɔ ne nhoma Daily Life in Ancient Rome no mu sɛ: “Wɔ agoru ahorow yi mu no, na wɔma kwan ma agofomma a wɔyɛ mmea no bɔ adagyaw. . . . Na wohwie mogya pii gu. . . . Ná [aseresɛm] a asɛe adu akyiri no adi ɔmanfo a wɔwɔ ahenkurow no mu no ti. Nneɛma a ɛtete saa a na wɔyɛ kyerɛ no anhaw wɔn efisɛ na basabasayɛ ne mogyahwiegu a ɛtete saa a ɛkɔ so wɔ agoruhwɛbea hɔ no asɛe wɔn nkate fi bere tenteenten.”—Mateo 5:27, 28.

6 Na akofo no ne wɔn ho wɔn ho anaa nkekaboa di ako kunkum wɔn ho wɔn ho, na na wokunkum mmoa no anaa mmoa no kunkum wɔn. Na wɔtow nsɛmmɔnedifo a wɔabu wɔn kumfɔ ma nkekaboa no, na awiei koraa no, wɔtow Kristofo pii maa wɔn. Saa tete mmere no mu mpo no na Satan botae ne sɛ ɔbɛma ɔbrasɛe ne basabasayɛ ayɛ ade a ɛnyɛ nnipa abofono bio kosii sɛ saa nneɛma yi bebuu so na ɔmanfo no ankasa tu dii akyiri. Ɔkwan koro pɛ a na obi bɛfa so atwe ne ho afi saa afiri no ho ne sɛ ɔrenkɔ adehwɛbea ne agoruhwɛbea ahorow hɔ.—1 Korintofo 15:32, 33.

7, 8. (a) Dɛn nti na na ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ Kristoni bi bɛkɔ nteaseɛnam mmirikatu akansi ase? (b) Ɔkwan bɛn so na na Satan betumi de Romafo aguaree ahorow no asum Kristofo afiri?

7 Wɔde nteaseɛnam tuu mmirika sii akan wɔ prama akɛse so a akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ anigye yiye, nanso na Kristofo no ani nnye ho efisɛ na nnipadɔm no taa yɛ basabasa. Afeha a ɛto so abiɛsa no mu kyerɛwfo bi bɔɔ amanneɛ sɛ na bɛhwɛadefo no twa wɔn ho ko, na Carcopino ka sɛ “nsoromma mu ahwɛfo ne tuutuufo adwuma sɔree” wɔ agoruhwɛbea hɔ. Ɛda adi pefee sɛ na Romafo agoruhwɛbea hɔ nyɛ beae a ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ.—1 Korintofo 6:9, 10.

8 Na Romafo aguaree a na agye din no nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ na mfomso biara nni ho sɛ obi beguare ma ne ho atew. Nanso, na Romafo aguaree no pii yɛ akɛse a na adan a womiamia nkurɔfo twetwe wɔn, mmeae a wɔteɛteɛ apɔw mu, adan a wɔtow mu kyakya, ne mmeae a wodidi nom nyinaa wom. Ɛwom sɛ na wɔahyehyɛ mmere a mmarima ne mmea mu biara betumi akoguare hɔ de, nanso na wɔtaa ma kwan ma mmarima ne mmea nyinaa bom guare. Clement a ofi Aleksandria kyerɛwee sɛ: “Mmarima ne mmea nyinaa bom guare bere biara; na wɔbɔ adagyaw yɛ adapaade.” Enti, ɛnyɛ den koraa sɛ Satan betumi de ahyehyɛde a asɛm biara nni ho adi dwuma de asum Kristofo afiri. Wɔn a wonim nyansa ankɔ mmeae a ɛtete saa.

9. Mfiri bɛn na na ɛsɛ sɛ tete Kristofo twe wɔn ho fi ho?

9 Ná kyakyatow yɛ biribi a nkurɔfo de gyigye wɔn ani bere a na Roma Ahemman no wɔ tumi mu paa no. Ná tete Kristofo no betumi akwati nkyiato a na ɛkɔ so wɔ nteaseɛnam mmirikatu akansi ase no denam ɛhɔ a wɔrenkɔ so. Na wɔtow kyakya nketewa a etia mmara wɔ sum ase nso wɔ ahɔhodan ne asanombea ahorow. Agofomma no too nkyia wɔ abo anaa nnompe dodow a ɔfoforo de ahyɛ ne nsam aka amua so ho mpo. Kyakyatow no maa nkurɔfo nyaa anigye kɛse wɔ wɔn asetram, efisɛ na ɛma wonya anidaso sɛ wobetumi anya sika a wɔmmrɛ ho. (Efesofo 5:5) Afei nso, na mmea a wɔyɛ adwuma wɔ asanombea hɔ no taa yɛ tuutuufo, na ɛno maa ɛhɔ yɛɛ mmeae a na nna ho ɔbrasɛe ho asiane wɔ. Eyinom ne mfiri a Satan sunsum Kristofo a wɔtraa Roma Ahemman no nkuropɔn mu no bi. So nneɛma yɛ soronko nnɛ?

Satan Mfiri Nnɛ

10. Ɔkwan bɛn so na tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ no sɛ tebea horow a na ɛwɔ Roma Ahemman no mu no?

10 Nokwarem no, Satan nnaadaa nsesae wɔ mfehaha pii a atwam no mu. Nea ɛbɛyɛ na “Satan anni” Kristofo a na wɔte Korinto kurow a na emufo bra asɛe no “amim” nti, ɔsomafo Paulo de afotu a emu yɛ den maa wɔn. Ɔkae sɛ: ‘Yenim Satan adwene.’ (2 Korintofo 2:11) Wɔ aman a wodi yiye pii mu no, tebea no te sɛ nea na ɛrekɔ so wɔ bere a na Roma Ahemman no di yiye no ara pɛ. Nnipa bebree wɔ ahomegye bere pii nnɛ sen bere foforo biara. Ɔman loto ma ahiafo mpo nya anidaso kakra. Nneɛma pii a ɛka nni ho kɛse wɔ hɔ a nkurɔfo betumi de agyigye wɔn ani. Agumadibea horow ayeyɛ amaama, nkurɔfo retow kyakya, ɛtɔ mmere bi a na nnipadɔm no yɛ basabasa, na agumadifo no nso taa yɛ saa ara. Nkurɔfo tie nnwom a ɛmfata, yɛ ahuhude wɔ agoruhwɛbea, na woyi kyerɛ wɔ sini mu ne TV so. Wɔ aman bi mu no, mmarima ne mmea nyinaa bom guare wɔ nsuɔhyew aguaree ahorow a agye din no, sɛ yɛrenka adagyaw a wɔbɔ guare wɔ mpoano ahorow bi no ho asɛm mpo a. Sɛnea na ɛte wɔ Kristosom mu wɔ mfehaha a edi kan no, Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Onyankopɔn asomfo denam nneɛma a wiase no yɛ de gyigye wɔn ani so.

11. Mfiri bɛn na ɛwɔ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebedwudwo yɛn ho na yɛagyigye yɛn ani no mu?

11 Wɔ wiase a adwennwen ahyɛ mu ma yi mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛpɛ sɛ wodwudwo wo ho anaasɛ wobɛyɛ nneɛma bi de agyigye w’ani. Nanso, sɛnea na nneɛma bi a ɛwɔ Romafo aguaree ahorow hɔ no yɛ asiane ma tete Kristofo no, saa ara na ada adi sɛ ahomegyebea ahorow bi adan Satan afiri a ɔde yi nnɛyi Kristofo ma wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe anaa asanom bebrebe mu. Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo! [Fekubɔne, NW] sɛe ɔbra pa. Montew mo ani yiye, na monnyɛ bɔne, efisɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ; meka eyi mehyɛ mo aniwu.”—1 Korintofo 15:33, 34.

12. Akwan a Satan fa so sum Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mfiri no bi ne dɛn?

12 Wɔ Hawa asɛm no mu no, yɛahu sɛnea Satan nam anifere kwan so sɛee n’adwene no. (2 Korintofo 11:3) Ɛnnɛ, Ɔbonsam mfiri no mu biako ne sɛ ɔbɛma Kristofo anya adwene sɛ sɛ wɔyɛ ade kɔ akyiri ma nkurɔfo hu sɛ Yehowa Adansefo te sɛ nnipa afoforo ara a, wobetumi atwe ebinom aba nokware Kristosom mu. Ɛtɔ mmere bi a wɔyɛ ade kɔ akyiri dodo, na wɔn ankasa fi nokware no mu mmom. (Hagai 2:12-14) Satan nnaadaa foforo ne sɛ ɔbɛma Kristofo a wɔahyira wɔn ho so, mmofra ne mpanyin, anya akokoduru bɔne anantew asetra kwan abien so na ‘wɔahow Onyankopɔn honhom werɛ.’ (Efesofo 4:30) Ebinom nam Intanɛt a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so atɔ saa afiri yi mu.

13. Afiri a ɛnna adi pefee bɛn na ɛyɛ Ɔbonsam nnɛɛdɛe no mu biako, na afotu bɛn na ɛwɔ Mmebusɛm mu a ɛfata wɔ ha?

13 Satan mfiri foforo ne asiane a ɛwɔ asumansɛm mu a ɛnna adi pefee no. Nokware Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛhyɛ da de ne ho ahyɛ Satan som anaa ahonhonsɛm mu. Nanso, ebinom nyɛ ahwɛyiye wɔ sini, TV so dwumadi, video so agodie, ne mmofra nhoma ne aseresɛm ahorow a wosi basabasayɛ anaa ahuhusɛm so dua wom no ho. Ɛsɛ sɛ yɛkwati biribiara a ɛkyerɛ asumansɛm. Ɛbɛ a nyansa wom no ka sɛ: “Nsɔe ne mfiri wɔ ɔkɔntɔnkyefo kwan so, nea ɔkora ne kra ne wɔn ntam bɛpan.” (Mmebusɛm 22:5) Esiane sɛ Satan yɛ “wi yi ase nyame” nti, ebetumi aba sɛ ne mfiri hyehyɛ biribiara a nkurɔfo ani gye ho kɛse mu a wonhu.—2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 2:15, 16.

Yesu Siw Ɔbonsam Kwan

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu siw Ɔbonsam sɔhwɛ a edi kan no kwan?

14 Yesu yɛɛ nhwɛso pa wɔ siw a osiw Ɔbonsam kwan na ɔma oguanee no ho. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu na odii mmuada adaduanan akyi no, Satan sɔɔ no hwɛe. (Mateo 4:1-11) Ɔfaa ɔkɔm a na ɛde Yesu, bere a na wadi mmuada awie no so sɔɔ no hwɛe nea edi kan. Satan kae sɛ Yesu nyɛ n’anwonwade a edi kan mfa nni ne honam fam ahiade ho dwuma. Bere a Yesu faa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 8:3 kae no, wamfa ne tumi anni dwuma pɛsɛmenkominya so, na ɔmaa honhom fam aduan ho hiaa no sen honam fam aduan.

15. (a) Akɔnnɔ bɛn na Satan de sɔɔ Yesu hwɛe? (b) Dɛn ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe atitiriw a ɔde ba Onyankopɔn asomfo so nnɛ no mu biako, nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi asiw ano?

15 Nea ɛyɛ nwonwa wɔ asɛm yi mu ne sɛ Ɔbonsam amfa nna mu ɔbrasɛe ansɔ Yesu anhwɛ. Wɔ asɛm yi mu no, esiane sɛ ɔkɔm ma obi kɔn dɔ aduan nti, na ɛte sɛ nea honam fam akɔnnɔ yi ne ade a na emu yɛ den sen biara a ɔde bɛsɔ Yesu ahwɛ. Dɛn ne sɔhwɛ ahorow a Ɔbonsam de daadaa Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ? Ɛdɔɔso na egu ahorow, nanso ɔde nna ho sɔhwɛ ahorow redi dwuma sɛ ne nnaadaa atitiriw no mu biako wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛsɛe Yehowa nkurɔfo mudi mu kura no mu. Sɛ yesuasua Yesu a, yebetumi asiw Ɔbonsam kwan na yɛako atia ne sɔhwɛ ahorow no. Sɛnea Yesu kaee kyerɛw nsɛm ahorow a ɛfata de sɛee mmɔden a Satan bɔe sɛ ɔbɛsɛe ne gyidi no, sɛ wɔsɔ yɛn nso hwɛ a, yebetumi akaakae kyerɛw nsɛm te sɛ Genesis 39:9 ne 1 Korintofo 6:18.

16. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan sɔɔ Yesu hwɛe nea ɛto so abien? (b) Akwan bɛn na Satan betumi afa so ma yɛasɔ Yehowa ahwɛ?

16 Nea edi hɔ no, Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ onhuruw mfi asɔrefie fasu no so mfa nsɔ Onyankopɔn nhwɛ sɛ ɔnam N’abɔfo so bɛbɔ ne ho ban anaa. Yesu faa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:16 kae, na wansɔ N’agya anhwɛ. Ebia Satan rensɔ yɛn nhwɛ sɛ yenhuruw mfi asɔrefie dan bi atifi, nanso obetumi ama yɛasɔ Yehowa ahwɛ. So ɛyɛ yɛn sɛ yebetumi asuasua wiase no mu nneɛma a aba so wɔ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie mu akodu baabi a wɔremma yɛn afotu? So wɔde anigyede bi a asɛm wɔ ho sɔ yɛn hwɛ? Sɛ yɛyɛ saa a na yɛresɔ Yehowa ahwɛ. Sɛ́ anka yebeguan nneɛma a ɛtete saa no, sɛ yɛtɔ kɔ so a, ɛnde ebia na Satan nenam yɛn ho, a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ma yɛagyina n’afã.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan sɔɔ Yesu hwɛe nea ɛto so abiɛsa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yakobo 4:7 betumi abam wɔ yɛn so?

17 Bere a Satan de wiase ahenni nyinaa kyerɛɛ Yesu kae sɛ ɔnyɛ ɔsom ade biako pɛ na ɔmfa mma no no, Yesu siw no kwan bio denam Kyerɛwnsɛm no mu asɛm a ɔfa kae so, na ogyinaa pintinn de ɔsom kronn maa N’agya. (Deuteronomium 5:9; 6:13; 10:20) Ebia Satan renka sɛ ɔde wiase ahenni bɛma yɛn, nanso ɔde honam fam nneɛma, ne tumi bi a ankorankoro betumi anya mpo sɔ yɛn hwɛ bere nyinaa. So yɛyɛ yɛn ade sɛnea Yesu yɛe, de ɔsom kronn ma Yehowa nkutoo? Sɛ ɛte saa a, nea ɛbaa Yesu so no bi bɛba yɛn so. Mateo kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛnna ɔbonsam gyaw no hɔ.” (Mateo 4:11) Sɛ yegyina pintinn siw Satan kwan denam Bible nnyinasosɛm a ɛfata a yɛbɛkae de adi dwuma so a, obegyaw yɛn. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” (Yakobo 4:7) Kristoni bi kyerɛw Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ France no sɛ: “Satan yɛ anifere ampa. Adwempa a mewɔ nyinaa akyi no, ɛyɛ den ma me yiye sɛ medi me nkate ne m’akɔnnɔ ahorow so. Nanso, ɛdenam akokoduru, boasetɔ, ne nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa mmoa so no, m’atumi akura me mudi mu, na maso nokware no mu pintinn.”

Wɔasiesie Yɛn Koraa Ma Yɛasiw Ɔbonsam Kwan

18. Honhom fam akode bɛn na esiesie yɛn ma yesiw Ɔbonsam kwan?

18 Yehowa ama yɛn honhom fam akotade a ɛbɛma yɛatumi “agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.” (Efesofo 6:11-18) Ɔdɔ a yɛwɔ ma nokware no bɛkyekyere yɛn asen, anaasɛ ebesiesie yɛn ama Kristofo som adwuma no. Yɛn bo a yɛasi sɛ yebekura Yehowa trenee gyinapɛn ahorow mu no bɛyɛ sɛ nkatabo a ɛbɔ yɛn koma ho ban. Sɛ asɛmpa no hyehyɛ yɛn anan a, ɛde yɛn bɛkɔ akɔyɛ asɛnka adwuma no daa, na eyi bɛhyɛ yɛn den na abɔ yɛn ho ban honhom fam. Yɛn gyidi a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ ɔkyɛm kɛse bi, na ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi “ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw,” ne ntua ne ne nnaadaa a ɔde sɔ yɛn hwɛ no ho. Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ yɛn anidaso no mu ahotoso a yɛwɔ no bɛyɛ sɛ kyɛw a ɛbɔ yɛn nsusuwii ho ban na ama yɛanya asomdwoe. (Filipifo 4:7) Sɛ yɛbɛyɛ nkurɔfo a yɛde Onyankopɔn Asɛm di dwuma yiye a, ɛbɛyɛ sɛ nkrante a yebetumi de aboa nkurɔfo ma wɔade wɔn ho afi Satan honhom fam nkoayɛ mu. Yebetumi de adi dwuma atwitwa agye yɛn ho nso, sɛnea Yesu yɛe bere a wɔsɔɔ no hwɛe no.

19. Dɛn na ɛho hia ka ‘Ɔbonsam kwan a yebesiw’ no ho?

19 Sɛ yɛkɔ so hyɛ “Onyankopɔn akode nyinaa” na yɛbɔ mpae daa a, yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ Satan tow hyɛ yɛn so a, Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban. (Yohane 17:15; 1 Korintofo 10:13) Nanso, Yakobo daa no adi sɛ ‘Ɔbonsam kwan a yebesiw no’ ara nnɔɔso. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn ho hyɛ Onyankopɔn’ a odwen yɛn ho no “ase” nso. (Yakobo 4:7, 8) Yebesusuw sɛnea yebetumi ayɛ eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Satan mfiri bɛn na na ɛsɛ sɛ tete Kristofo no twe wɔn ho fi ho?

• Nnɛɛdɛe bɛn na Satan de di dwuma de sum Yehowa asomfo mfiri nnɛ?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu siw Ɔbonsam sɔhwɛ ahorow kwan?

• Honhom fam akode bɛn na ɛma yetumi siw Ɔbonsam kwan?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Yesu siw Ɔbonsam kwan denneennen

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Afeha a edi kan no mu Kristofo no poo anigyede a na basabasa ne ɔbrasɛe wom

[Asɛm Fibea]

The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck