Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛsɛ sɛ Kristofo Twe Ninkunu?

So Ɛsɛ sɛ Kristofo Twe Ninkunu?

So Ɛsɛ sɛ Kristofo Twe Ninkunu?

NINKUNU—so ɛyɛ su a ɛsɛ sɛ Kristofo nya? Sɛ́ Kristofo no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmpɛ ɔdɔ akyi kwan,’ na wɔka kyerɛ yɛn sɛ ‘ɔdɔ ntwe ninkunu.’ (1 Korintofo 13:4; 14:1) Nea ɛne no bɔ abira no, wɔsan ka kyerɛ yɛn sɛ ‘Yehowa yɛ Onyankopɔn ninkufo,’ na wɔhyɛ yɛn sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn.’ (Exodus 34:14; Efesofo 5:1) Dɛn nti na ɛte sɛ nea nsɛm yi bɔ abira no?

Nea enti a ɛte saa ne sɛ Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “ninkunu” wɔ Bible mu no kura nkyerɛase ahorow pii. Asɛm no betumi akyerɛ biribi pa anaa biribi bɔne denam sɛnea wɔde bedi dwuma no so. Sɛ nhwɛso no, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ninkunu” no betumi akyerɛ “ɔsom a obi pɛ sɛ wɔde ma ɔno nkutoo; pene a obi mpene akan a obi ne no besi so; mmɔdenbɔ; nsiyɛ; ninkuntwe [nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ]; anibere.” Hela asɛmfua koro no ara nso wɔ nkyerɛase a ɛte saa ara. Nsɛmfua yi betumi afa nkate a ɛmfata a obi da no adi wɔ obi a osusuw sɛ ɔyɛ ne tamfo anaa obi a osusuw sɛ wanya hokwan bi ho. (Mmebusɛm 14:30) Ebetumi afa su pa a Onyankopɔn ma obi nya a wɔda no adi ɔkwampa so ho—ɔpɛ a obi wɔ sɛ ɔbɛbɔ ne dɔfo ho ban afi asiane mu.—2 Korintofo 11:2.

Nhwɛso a Ɛkyɛn So

Yehowa da nhwɛso a ɛkyɛn so adi wɔ sɛnea wɔtwe ninkunu pa ho. Adwene a okura no ho tew na eye, na ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban afi honhom fam ne abrabɔ fam ɔporɔw ho no na ɛkanyan no ma ɔyɛ saa. Ɔka faa ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete a na sɛnkyerɛnne kwan so no wɔfrɛ wɔn Sion no ho sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa, NW] se ni: Metwe Sion ho ninkunu kɛse, na anibere kɛse na mede metwe ne ho ninkunu.” (Sakaria 8:2) Sɛnea agya a ɔdɔ ne mma ma n’ani da hɔ de bɔ ne mma ho ban fi asiane ho no, saa ara na Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛbɔ n’asomfo ho ban afi honam fam ne honhom fam asiane ho.

Yehowa de N’asɛm Bible no ama na abɔ ne nkurɔfo ho ban. Nkuranhyɛsɛm a ɛbɛma wɔanantew nyansam, ne nhwɛso horow a ɛfa wɔn a wɔnantew nyansam ho no ahyɛ mu ma. Yɛkenkan wɔ Yesaia 48:17 sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ ninkunu a ɔtwe ma yɛn no kanyan no ma osusuw yɛn ho na ɔhwɛ yɛn so! Sɛ ɔntwe ninkunu wɔ ɔkwampa a ɛte sɛɛ so a, anka yɛbɛkɔ asiane pii mu esiane sɛ yɛn ho nkokwawee nti. Pɛsɛmenkominya biara nni ninkunu a Yehowa twe wɔ yɛn ho no mu.

Ɛnde, nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ninkuntwe papa ne ninkuntwe bɔne mu? Nea ɛbɛma yɛahu no, ma yensusuw Miriam ne Pinehas nhwɛso no ho nhwɛ. Hyɛ nea ɛkanyan wɔn no nsow.

Miriam ne Pinehas

Na Miriam yɛ Mose ne Aaron, nnipa a na wodi Israelfo no anim bere a na wɔrefi Misraim no, nuabea panyin. Bere a na Israelfo no wɔ sare so no, Miriam twee ne nuabarima, Mose ho ninkunu. Bible kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Etiopiani bea, . . . Na wɔkae sɛ: So Mose nko so na [Yehowa, NW] nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa?” Ɛda adi sɛ Miriam na odii anim ma wɔsɔre tiaa Mose no efisɛ Yehowa antwe Aaron aso na mmom ɔtwee Miriam aso ma kwata fifii no dapɛn biako esiane aniammɔnho a ɔyɛe nti.—Numeri 12:1-15.

Dɛn na ɛkaa Miriam ma ɔsɔre tiaa Mose? So na ɛyɛ nokware som ho a na osusuw ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛbɔ ne mfɛfo Israelfo ho ban afi asiane ho? Ɛda adi sɛ ɛnte saa. Ɛte sɛ nea na Miriam ama anuonyampɛ ho akɔnnɔ bɔne ahyɛ ne komam ma. Sɛ́ odiyifobea wɔ Israel no, na ɔman no, ne titiriw mmea no, de obu kɛse ma no. Bere a wogyee Israelfo fii Po Kɔkɔɔ no mu anwonwakwan so no, ɔno na odii wɔn anim too dwom no. Nanso afei de, ɛbɛyɛ sɛ na Miriam susuw sɛ Mose yere no ne no rebɛpere dibea agye n’anuonyam, enti na ɛhaw no. Anibere maa ɔsɔre tiaa Mose, nea Yehowa apaw no no.—Exodus 15:1, 20, 21.

Nea ɛne no bɔ abira no, na ɛsono adwene a Pinehas kura wɔ ne nneyɛe no ho. Aka kakraa bi ma Israelfo adu Bɔhyɛ Asase so, na wɔbɔɔ nsra wɔ Moab Tataw so no, Moabfo ne Midianfo mmea daadaa Israelfo mmarima ma wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe ne abosonsom mu. Nea ɛbɛyɛ na nsraban no mu atew na wɔama Yehowa abufuw adwo no, wɔmaa Israel atemmufo no ahyɛde sɛ wonkunkum mmarima atuatewfo no nyinaa. Ná Simeonfo bapɔmma Simri asen ne kɔn de Midianni bea Kosbi aba nsraban no mu ne no rebebu brabɔne wɔ “Israel asafo no nyinaa aniwa mu.” Pinehas yɛɛ ade ntɛm so. Ninkuntwe anaa Yehowa som mu nsi ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛma nsraban no mu atew nti, okum aguamammɔfo no wɔ wɔn ntamadan mu. Wɔkamfoo no wɔ ne ‘ninkuntwe abufuw’ ne ‘ninkunu a ɔtwe maa Yehowa’ no ho. Ade a Pinehas yɛɛ no ntɛm so no maa ɔhaw kɛse a na ama nnipa 24,000 awuwu dedaw no gyaee, na Yehowa ne no yɛɛ daa asɔfodi apam a na ɛbɛtra ɔne n’asefo mu sɛ akatua.—Numeri 25:4-13.

Nsonsonoe bɛn na ɛda ninkuntwe abien a wɔdaa no adi yi mu? Ninkuntwe bɔne na ɛkaa Miriam ma ɔsɔre tiaa ne nuabarima no, nanso ninkuntwe pa na Pinehas gyinaa so buu atɛntrenee. Te sɛ Pinehas no, ɛtɔ mmere bi a, yɛn nso yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛkasa anaa yɛyɛ biribi de gyina Yehowa din, ne som, ne ne nkurɔfo akyi.

Ninkuntwe a Ɛmfata

So ebetumi aba sɛ obi bɛtwe ninkunu a ɛmfata wɔ ne mu? Yiw, ɛte saa? Saa na na ɛte wɔ Yudafo no mu dodow no ara fam wɔ afeha a edi kan no mu. Wɔtwee Onyankopɔn Mmara ne wɔn atetesɛm ahorow ho ninkunu de bɔɔ ho ban. Bere a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ Mmara no ho ban no, wɔhyehyɛɛ mmara ne ahyɛde ahorow pii a ɛbɛyɛɛ adesoa wɔ ɔman no so. (Mateo 23:4) Bere a na wontumi nhu, anaa wɔmpɛ sɛ wogye tom sɛ afei de na Onyankopɔn de nea ɛbɛba ankasa nsusuwso no asi Mose Mmara no ananmu no, wɔn ninkuntwe no piaa wɔn ma wodii mfomso de wɔn abufuw koguu Yesu Kristo akyidifo no so. Ɔsomafo Paulo a na bere bi n’ankasa twe Mmara no ho ninkunu wɔ ɔkwan a ɛmfata so no kae sɛ wɔn a na wogyina Mmara no akyi no wɔ “Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ [ninkunu] de, nanso wonni no nimdeɛ mu.”—Romafo 10:2; Galatifo 1:14.

Ɛyɛɛ den maa Yudafo a wɔbɛyɛɛ Kristofo no mu pii mpo sɛ wɔbɛtetew wɔn ho afi Mmara no ho nsi a na wɔyɛ ma ɛboro so no ho. Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa akyi no, ɔde amanaman mufo a wɔasakra no ho amanneɛbɔ kɔmaa afeha a edi kan Kristofo asafo no mu sodikuw no. Saa bere no na Yudafo Kristofo ɔpepem pii no “nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.” (Asomafo no Nnwuma 21:20) Ná eyi yɛ mfe pii akyi bere a sodikuw no ahyɛ sɛ enhia sɛ Amanaman mufo Kristofo no twa twetia no. Ná nsɛm a ɛfa Mmara sodi ho no de nitan aba asafo no mu. (Asomafo no Nnwuma 15:1, 2, 28, 29; Galatifo 4:9, 10; 5:7-12) Esiane sɛ na Yudafo Kristofo no nnya ntee sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo di nsɛm afei no ase yiye nti, wɔn mu binom kuraa wɔn ankasa nsusuwii mu, kasa tiaa afoforo.—Kolosefo 2:17; Hebrifo 10:1.

Enti ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛbɔ mmɔden akura yɛn ankasa nsusuwii anaa yɛn akwan bi a ennyina Onyankopɔn Asɛm so no mu dennennen. Ɛyɛ papa sɛ yegye hann foforo a ɛhyerɛn wɔ Onyankopɔn Asɛm so denam ɔkwan a Yehowa nam so di dwuma nnɛ no so.

Twe Ninkunu Ma Yehowa

Ninkunu a ɛfata a yɛbɛtwe no fata wɔ nokware som mu. Sɛ anka yebesusuw yɛn dibea anaa hokwan ahorow a yɛwɔ ho dodo no, ninkunu a ɛfata no ma yɛdan yɛn adwene kɔ Yehowa so. Ɛka yɛn ma yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aka ne ho nokwasɛm, agyina n’akwan ne ne nkurɔfo akyi.

Ofiewura bi a na onni Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho adwempa no kasa tiaa Yehowa Dansefo bere nyinaa somfo, Akiko, denneennen. Akiko de anifere kasa maa Onyankopɔn Asɛm, na mpo ɔkaa aduruyɛ mu nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow a ɛwɔ mogya a wɔde ma mu ho asɛm. Esiane sɛ na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛka Yehowa ho asɛm nti, ɔdan nkɔmmɔbɔ no kɔɔ biribi a na osusuw sɛ ɛno na ɛhaw ɔbea no so titiriw—gye a na onnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Akiko ne ofiewura no susuw sɛnea adebɔ foa Ɔbɔadeɛ bi ho gyidi so ho. Akokoduru a ɔde kaa ho asɛm no maa oyii adwemmɔne a na enni nnyinaso titiriw biara no fii hɔ, na ɔne ɔbea no yɛɛ ofie Bible adesua nso. Ɛnnɛ, ofiewura a na ne bo nkyɛ fuw no de ayeyi ma Yehowa.

Ninkunu a ɛfata anaa nokware som ho nsiyɛ ka yɛn ma yesiesie yɛn ho de hokwan ahorow di dwuma de ka yɛn gyidi ho asɛm gyina akyi wɔ sukuu mu, sotɔɔ mu, ne bere a yɛretu kwan no. Sɛ nhwɛso no, Midori asi ne bo sɛ ɔbɛka ne gyidi ho asɛm akyerɛ ne mfɛfo adwumayɛfo. Ne yɔnko bi a na ɔwɔ ne mfe 40 mu kae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔne Yehowa Adansefo kasa koraa. Akyiri yi a na ɔne no rebɔ nkɔmmɔ foforo no, ɔbea no dii yaw sɛ ne babea no suban asɛe. Midori de Questions Young People Ask—Answers That Work * nhoma no kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔne ne babea no bɛyɛ nhyehyɛe asua nhoma no. Wofii adesua ase, nanso ɛna no antra nkɔmmɔbɔ no mu bi. Midori yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma ɔbea no ahwɛ Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name* video no bi. Eyi yii adwemmɔne a na ɔwɔ no pii fii ne tirim. Nea ohui no kaa no ma ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ meyɛ sɛ Yehowa Adansefo.” Ɔkaa ne babea no ho ma wosuaa Bible no.

Ninkunu a ɛfata wɔ n’afã wɔ Kristofo asafo no mu nso. Ɛkanyan ɔdɔ na ɛma yesusuw afoforo ho na ɛka yɛn ma yɛko tia nkɛntɛnso bɔne biara a ebetumi apira yɛn honhom fam anuanom, te sɛ nseku bɔne, ne awaefo nsusuwii. Ninkunu a ɛfata kanyan yɛn ma yɛne mpanyimfo no yɛ biako wɔ gyinaesi ahorow a ɛtɔ mmere bi a ehia sɛ wosi de ka abɔnefo anim no ho. (1 Korintofo 5:11-13; 1 Timoteo 5:20) Bere a Paulo rekyerɛw sɛnea ɔtwe ninkunu ma mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Korinto asafo mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ninkunu a metwe mo ho no, metwe no Onyankopɔn ninkunu. Na magye mo aware mama ɔbarima biako, sɛ mede ababaa a efi nkaa no ɛ mekɔma Kristo.” (2 Korintofo 11:2) Saa ara nso na ninkunu ka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara de bɔ asafo no mufo nyinaa nkyerɛkyerɛ, honhom fam yiyedi, ne wɔn abrabɔ a ɛho tew ho ban.

Yiw, ninkunu a ɛfata—ninkuntwe pa—nya afoforo so nkɛntɛnso pa. Ɛma yenya Yehowa anim dom, na ɛsɛ sɛ ɛka su horow a wɔda no adi wɔ Kristofo mu nnɛ no ho.—Yohane 2:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]

Ná Pinehas nneyɛe no gyina ninkuntwe pa so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Kwati ninkunu a ɛmfata ho afiri no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Ninkuntwe pa kanyan yɛn ma yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo na yɛkyerɛ yɛn nuayɛ no ho anisɔ