Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ahonhommɔne Reyɛ Adwuma?

So Ahonhommɔne Reyɛ Adwuma?

So Ahonhommɔne Reyɛ Adwuma?

“Wiase no adwene atu afra, na ɛte sɛ nea ahonhommɔne rebɔ mmɔden sɛ wobetuatua akwan a yebetumi afa so atwitwa agye yɛn ho wɔ ahokyere bere mu nyinaa.”—Jean-Claude Souléry, sɛnkyerɛwfo.

‘Ɛte sɛ nea nneɛma a ankorankoro ntumi nyɛ ho hwee no ama wɔanya adwene sɛ ahonhommɔne bi a ɔwɔ tumi kɛse rehyɛ wɔn so.’—Josef Barton, abakɔsɛm kyerɛwfo.

EHU kɛse a September 11, 2001 amumɔyɛfo ntua no ma ɛkaa nkurɔfo no ama wɔasusuw nneɛma ho anibere so. Bere a Michael Prowse rekyerɛw n’asɛm wɔ Financial Times a ɛwɔ England mu no, ɔkae sɛ: “Aboa biara renyɛ eyi, na ɔrentumi nyɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ da.” Samufo nsɛm a ɛwɔ New York Times mu no kae sɛ, sɛ nhyehyɛe a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na wɔde ntua no aba da nkyɛn a, “ehia sɛ yesusuw nitan a ɛma wotumi de yɛɛ saa no nso ho. Ɛyɛ nitan a ɛboro nea ɛde akodi ba no so, enni anohyeto, na ennyina mmara biara so.”

Nnipa a wofi ɔsom ahorow nyinaa mu susuw nokwasɛm a ebetumi ayɛ sɛ tumi kɛse bi na ɛhyɛ akyi no ho anibere so. Oguadini bi a ofi Sarajevo a ohuu abusua mu nitan mu ahodwiriwde a ɛkɔɔ so wɔ Bosnia no kae sɛ: “Bere a Bosnia ɔko no baa awiei afe akyi no na migye dii sɛ Satan na ɔhyɛ akyi. Eyi yɛ abɔdamsɛm ankasa.”

Bere a wobisaa abakɔsɛm kyerɛwfo Jean Delumeau sɛ ogye di sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ no, obuae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na magye kyim sɛ Ɔbonsam nni tumi bere a mihu nea ɛrekɔ so ne nea mahu fi bere a wɔwoo me no: Wiase ko a ɛto so abien, a ekunkum nnipa bɛboro ɔpepem 40; Auschwitz ne owu nsraban; Cambodia okunkɛse; Ceauşescu nniso a ɛnam ɔhyɛ ntraso so hwiee mogya pii gui no ase; aninyanne a wɔde yɛ nkurɔfo de di wɔn so wɔ wiase mmeae pii. Ahodwiriwde a ɛrekɔ so no nni ano. . . . Enti migye di sɛ edi sɛ yɛfrɛ nneyɛe a ɛtete saa ‘abonsamsɛm’, a ɛnyɛ sɛ Ɔbonsam a ɔwɔ mmɛn ne anan a wɔapaapae mu bi na ɔma wɔyɛ, na mmom Ɔbonsam a ɔyɛ honhom ne tumi a ɛreyɛ adwuma wɔ wiase ho sɛnkyerɛnne no na ɔhyɛ akyi.”

Te sɛ Jean Delumeau no, nnipa pii ka sɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛrekɔ so wɔ nnipa asetram nnɛ, fi abusua mu kosi amanaman ntam no, yɛ “abonsamsɛm.” Nanso dɛn na eyi kyerɛ? So yebetumi de ahodwiriwde a ɛresisi yi ho asodi ato tumi bɔne bi a enni nipasu so, anaasɛ tumi bɔne bi ankasa na ɛrepiapia nnipa ma wɔadi nsɛmmɔne a ɛyɛ hu a ɛboro nea nnipa betumi ayɛ so no? So bɔne hene—Satan Ɔbonsam—na ɔhyɛ akyi?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Children: U.S. Coast Guard photo