Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Dwen Wo ho

Yehowa Dwen Wo ho

Yehowa Dwen Wo ho

“Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.”—1 PETRO 5:7.

1. Dɛn mu titiriw na ɛsono Yehowa ne Satan koraa?

ƐSONO Yehowa ne Satan koraa. Ɔbonsam tan obiara a ɔbɛn Yehowa. Wɔada nsonsonoe yi adi wɔ nhoma bi a wɔde yɛ nhwehwɛmu mu. Encyclopædia Britannica (1970) ka Satan nnwuma a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu nhoma a ɛne Hiob no ho sɛ: ‘Satan adwuma ne sɛ obekyinkyin asase so ahwehwɛ nneɛma anaa nnipa aka wɔn ho asɛmmɔne; enti n’adwuma ne “Awurade ani” a ekyini fa asase nyinaa so sɛ ɔde denyɛ bedi ama wɔn a woye nyinaa no bɔ abira koraa (II Be. xvi, 9). Satan mmu ayamye mu a nnipa fi yɛ nneɛma pa no koraa na Onyankopɔn ma no kwan ma ɔsɔ yɛn hwɛ wɔ ɔpɛ mu a yefi yɛ ade pa no ho, na Onyankopɔn hwɛ ma ɔde sõ baabi a wama no kwan akodu no.’ Abirabɔsɛm bɛn ara ni!—Hiob 1:6-12; 2:1-7.

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛmfua a egyina hɔ ma “Ɔbonsam” no kyerɛkyerɛ nea ɛtoo Hiob no mu yiye? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ Satan kɔ so toto Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so ano?

2 Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “Ɔbonsam” no kyerɛ “ɔnototofo,” “otwirifo.” Hiob nhoma no da no adi sɛ Satan totoo Yehowa somfo nokwafo Hiob a na ofi ayamye mu resom No no ano sɛ: “So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no?” (Hiob 1:9) Asɛm a ɛwɔ Hiob nhoma no mu da no adi sɛ sɔhwɛ ahorow no nyinaa akyi no, Hiob bɛnee Yehowa kɛse. (Hiob 10:9, 12; 12:9, 10; 19:25; 27:5; 28:28) N’amanehunu no akyi no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Sɛ aso te nko na metee wo nka, na afei m’aniwa ahu wo.”—Hiob 42:5.

3 Efi Hiob bere so no, so Satan agyae Onyankopɔn asomfo anokwafo ano a ɔtoto no? Dabi. Adiyisɛm nhoma no da no adi sɛ wɔ awiei bere yi mu no, Satan kɔ so toto Kristo nuanom a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo anokwafo no nso ano. (2 Timoteo 3:12; Adiyisɛm 12:10, 17) Enti, nokware Kristofo nyinaa ahiade titiriw ne sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa a odwen yɛn ho no ase, afi ɔdɔ a emu yɛ den mu asom no, na yɛnam so akyerɛ sɛ Satan sobo no yɛ atoro. Yɛnam saayɛ so bɛma Yehowa koma ani agye.—Mmebusɛm 27:11.

Yehowa Pɛ sɛ Ɔboa Yɛn

4, 5. (a) Nea ɛne Satan adeyɛ bɔ abira no, dɛn na Yehowa hwehwɛ wɔ asase so? (b) Dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Yehowa anim dom?

4 Ɔbonsam nenam asase so rehwehwɛ obi atoto n’ano na wamene no. (Hiob 1:7, 9; 1 Petro 5:8) Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa pɛ sɛ ɔboa wɔn a wohia n’ahoɔden no. Odiyifo Hanani ka kyerɛɛ Ɔhene Asa sɛ: “[Yehowa, NW] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9) Hwɛ nsonsonoe a ɛda nitan a Satan de hwehwɛ yɛn mu, ne Yehowa adɔe mu no!

5 Yehowa nhwɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a obehu yɛn ho mfomso biara. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Mmuae no ankasa yɛ: obiara nni hɔ. (Ɔsɛnkafo 7:20) Sɛ yɛde koma a edi mũ bɛn Yehowa a, n’ani bɛwɔ yɛn so a ɛnyɛ sɛ obebu yɛn fɔ, na mmom sɛ ɔbɛhwɛ mmɔden a yɛbɔ na wama mpae a yɛbɔ hwehwɛ mmoa ne bɔne fafiri no ho mmuae. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ, na [Yehowa, NW] ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne.”—1 Petro 3:12.

6. Ɔkwan bɛn so na Dawid asɛm no yɛ awerɛkyekye ne kɔkɔbɔ ma yɛn?

6 Na Dawid nyɛ pɛ na ɔyɛɛ bɔne a anibere wom. (2 Samuel 12:7-9) Nanso, ofii ne koma mu su frɛɛ Yehowa, na ɔbɛnee no wɔ mpaebɔ mu. (Dwom 51:1-12, atifi asɛm) Ɛwom sɛ Dawid soaa nneɛma a ɛnyɛ anigye a efii ne bɔne no mu bae no de, nanso Yehowa tiee ne mpaebɔ na ɔde firii no. (2 Samuel 12:10-14) Ɛsɛ sɛ eyi yɛ awerɛkyekye ne kɔkɔbɔ ma yɛn. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ sɛ yenu yɛn ho nokware mu a, Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔde befiri yɛn, nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ bɔne taa de ɔhaw ahorow a anibere wom ba. (Galatifo 6:7-9) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛn Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi biribiara a ɛnsɔ n’ani ho koraa.—Dwom 97:10.

Yehowa Twe Ne Nkurɔfo Bɛn No

7. Nnipa bɛn na Yehowa hwehwɛ wɔn, na ɔkwan bɛn so na ɔtwe wɔn ba ne nkyɛn?

7 Dawid kyerɛwee wɔ ne nnwom no biako mu sɛ: “[Yehowa, NW] wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.” (Dwom 138:6) Saa ara na dwom foforo ka sɛ: “Hena na ɔte sɛ [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn a ne trabea wɔ soro, na [ɔbɔ ne mu ase, NW] hwɛ fam, ɔsoro ne asase so? Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu.” (Dwom 113:5-7) Yiw, amansan nyinaa Bɔfo no bɔ ne mu ase hwɛ asase so, na ohu “ɔhobrɛasefo,” “ɔbrɛfo,” nnipa a ‘wɔresisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa.’ (Hesekiel 9:4) Ɔnam ne Ba no so twe nnipa a wɔte saa no ba ne nkyɛn. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no . . . Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m’agya de ama no ansa.”—Yohane 6:44, 65.

8, 9. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Yesu nkyɛn? (b) Dɛn na ɛyɛ nwonwa paa wɔ agyede nhyehyɛe no ho?

8 Ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa ba Yesu nkyɛn benya agyede afɔre no mu gyidi esiane sɛ wɔwoo wɔn sɛ abɔnefo a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho nti. (Yohane 3:36) Ehia sɛ wɔka wɔn bata Onyankopɔn ho. (2 Korintofo 5:20) Onyankopɔn antwɛn amma abɔnefo ammɛsrɛ no sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe a wɔnam so ne no benya asomdwoe. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn. . . . Na sɛ, bere a yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne ba no wu so apata yɛne Nyankopɔn ntam a, na afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wobegye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu.”—Romafo 5:8, 10.

9 Ɔsomafo Yohane sii nokware titiriw a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn reka nnipa abata ne ho no so dua, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” (1 Yohane 4:9, 10) Onyankopɔn na ofii ase, ɛnyɛ onipa. So w’ani nnye ho sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn a oyii ɔdɔ kɛse a ɛte saa adi kyerɛɛ nnipa a wɔnyɛ “abɔnefo” kɛkɛ na mmom wɔyɛ “atamfo” nso no?—Yohane 3:16.

Ɛho Hia sɛ Yɛhwehwɛ Yehowa

10, 11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de hwehwɛ Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu Satan nneɛma nhyehyɛe no?

10 Nokwarem no, Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛmmra ne nkyɛn. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ no, ‘ebia yɛbɛte ne nka na yɛahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.’ (Asomafo no Nnwuma 17:27) Ɛsɛ sɛ yegye hokwan a Yehowa wɔ sɛ ɔhwehwɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ n’ase no tom. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta!” (Yakobo 4:7, 8) Ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase wɔ Ɔbonsam kwan a yebesiw na yɛagyina Yehowa afã pintinn no ho.

11 Eyi hwehwɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no ho koraa. Yakobo nso kyerɛwee sɛ: “Munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase no adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Ɔkwan foforo so no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Yehowa nnamfo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Satan wiase no bɛtan yɛn.—Yohane 15:19; 1 Yohane 3:13.

12. (a) Awerɛkyekyesɛm bɛn na Dawid kyerɛwee? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa nam odiyifo Asaria so de mae?

12 Sɛ Satan wiase no sɔre tia yɛn wɔ ɔkwan pɔtee bi so a, ne titiriw no, ehia sɛ yɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, kɔhwehwɛ ne mmoa. Dawid a Yehowa gyee no mpɛn pii no, kyerɛwee eyi na ama yɛanya awerɛkyekye: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn. [Yehowa, NW] hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn.” (Dwom 145:18-20) Dwom yi kyerɛ sɛ sɛ yehyia sɔhwɛ sɛ ankorankoro a, Yehowa betumi agye yɛn, na obegye ne nkurɔfo nyinaa wɔ “ahohia kɛse” no mu. (Adiyisɛm 7:14) Sɛ yɛbɛn Yehowa a, ɔbɛbɛn yɛn. Bere a “Onyankopɔn honhom” kyerɛɛ odiyifo Asaria kwan no, ɔkaa asɛm a yebetumi abu no sɛ ɛyɛ nokwasɛm turodoo yi: “[Yehowa, NW] ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.”—2 Beresosɛm 15:1, 2.

Ɛsɛ sɛ Yebu Yehowa sɛ Obi a Ɔwɔ Hɔ Ankasa

13. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ yebu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa?

13 Ɔsomafo Paulo kyerɛw faa Mose ho sɛ “omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:27) Nokwarem no, Mose anhu Yehowa ankasa. (Exodus 33:20) Nanso obuu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, ma enti na ɛte sɛ nea ohu No. Saa ara na wɔ Hiob sɔhwɛ no akyi no, ɔde gyidi aniwa huu Yehowa pefee sɛ, Onyankopɔn a ɔma kwan ma n’asomfo anokwafo kɔ sɔhwɛ ahorow mu, nanso onnyaw wɔn da. (Hiob 42:5) Wɔkaa Henok ne Noa ho asɛm sɛ wɔne ‘Onyankopɔn nantewee.’ Wɔyɛɛ eyi denam Onyankopɔn a wɔhwehwɛe sɛ wɔsɔ n’ani na wotie no no so. (Genesis 5:22-24; 6:9, 22; Hebrifo 11:5, 7) Sɛ yebu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa sɛnea Henok, Noa, Hiob, ne Mose, buu no no a, ‘yebehu no’ wɔ yɛn akwan nyinaa mu, na ɔno nso ‘bɛteɛ yɛn akwan.’—Mmebusɛm 3:5, 6.

14. Sɛ́ obi ‘bɛbata’ Yehowa ho no kyerɛ dɛn?

14 Aka kakraa bi ma Israelfo ahyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Mose tuu wɔn fo sɛ: “[Yehowa, NW] mo Nyankopɔn akyi na munni, na ɔno na munsuro no, na ne mmara nsɛm so na munni, na ne nne na muntie, na monsom no, na mommata ne ho.” (Deuteronomium 13:4) Ná ɛsɛ sɛ wodi Yehowa akyi, suro no, tie no, na wɔbata ne ho. Ɛdefa asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ ha sɛ ‘bata’ ho no ho no, Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ “kasa a wɔde dii dwuma no kyerɛ abusuabɔ a emu yɛ den yiye.” Odwontofo no kae sɛ: “[Yehowa, NW] yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no.” (Dwom 25:14) Sɛ yebu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa na sɛ yɛdɔ no yiye na yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛnsɔ n’ani ɔkwan biara so a, yɛne no benya abusuabɔ a ɛsom bo na emu yɛ den saa.—Dwom 19:9-14.

So Wuhu Sɛnea Yehowa Dwen Wo Ho No?

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na Dwom 34 da no adi sɛ Yehowa dwen yɛn ho? (b) Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛkae ade pa bi a Yehowa ayɛ ama yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Satan nnɛɛdɛe no biako ne sɛ ɔbɛma yɛn werɛ afi sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn no dwen n’asomfo anokwafo ho bere nyinaa. Ná Israel hene Dawid nim Yehowa ahobammɔ no yiye bere a na ɔwɔ sɔhwɛ a ɛyɛ hu sen biara mu mpo no. Bere a ɛho behiae sɛ ɔyɛ ne ho sɛ ɔbɔdamfo wɔ Gat hene Akis anim no, ɔhyehyɛɛ dwom bi, dwom dɛdɛ bi a na saa nsɛm yi wom sɛ: “Mo ne me nkamfo [Yehowa, NW] kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so. Mahwehwɛ [Yehowa, NW], na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu. [Yehowa, NW] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn. Monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa, NW] ye, nhyira ne onipa a oguan toa no. [Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw. Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa, NW] gye no ne nyinaa mu.”—Dwom 34:3, 4, 7, 8, 18, 19; 1 Samuel 21:10-15.

16 So wugye tom sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde gye nkwa? So wunim ahobammɔ a n’abɔfo de ma no? So w’ankasa woaka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye? Da a etwa to koraa a wuhui ankasa sɛ Yehowa ye ma wo no yɛ bere bɛn? Bɔ mmɔden sɛ wobɛkae. So na ɛyɛ ofie a etwa to a wokɔɔ mu asɛnka, bere a na wote nka sɛ wuntumi ntoa so bio no? Ebia saa bere no, wo ne ofiewura no bɔɔ nkɔmmɔ a na ɛyɛ anigye. So wokae daa Yehowa ase sɛ wama woanya ahoɔden foforo a na wuhia na wahyira wo? (2 Korintofo 4:7) Ɔkwan foforo so no, ebia na ɛyɛ den sɛ wobɛkae ade pa pɔtee bi a Yehowa ayɛ ama wo no. Ebia ɛsɛ sɛ wudwen kɔ akyiri, dapɛn, ɔsram, afe, anaa nea ɛboro saa. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na wommɔ mmɔden mmɛn Yehowa na wunhu sɛnea ɔkyerɛ wo kwan no? Ɔsomafo Petro tuu Kristofo fo sɛ: “Mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, . . . Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Petro 5:6, 7) Nokwarem no, sɛnea odwen wo ho no bɛyɛ wo nwonwa!—Dwom 73:28.

Kɔ so Hwehwɛ Yehowa

17. Sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ Yehowa a, dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ?

17 Wo ne Yehowa ntam abusuabɔ a wobɛkɔ so akura mu no yɛ adeyɛ a ɛkɔ so daa. Yesu kae wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ N’agya sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ [wobenya, NW] wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, [ho nimdeɛ, NW].” (Yohane 17:3) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa na ama yɛanya Yehowa ne ne Ba no ho nimdeɛ. Yehia mpaebɔ ne honhom kronkron no mmoa na ama yɛate “Onyankopɔn ade a emu dɔ no” ase. (1 Korintofo 2:10; Luka 11:13) Yehia “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no mmoa na ama yɛde honhom fam aduan a wɔde ma “ɛbere a ɛsɛ mu” no ahyɛ yɛn adwenem. (Mateo 24:45) Yehowa nam saa kwan no so de afotu ama yɛn sɛ yɛnkenkan N’asɛm, nkɔ yɛn Kristofo nhyiam ahorow daa, na yemfi komam nnya “ahenni ho asɛmpa” no ka mu kyɛfa. (Mateo 24:14) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛkɔ so ahwehwɛ Yehowa, Onyankopɔn a odwen yɛn ho no.

18, 19. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? (b) Sɛ yesiw Ɔbonsam kwan denneennen na yɛkɔ so hwehwɛ Yehowa a, ɔkwan bɛn so na obehyira yɛn?

18 Satan reyɛ nea obetumi nyinaa de ɔtaa, ɔsɔretia, ne nhyɛso afi mmeae nyinaa aba Yehowa nkurɔfo so. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn asomdwoe na wasɛe yɛne yɛn Nyankopɔn ntam abusuabɔ pa no. Ɔmpɛ sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ yɛn adwuma no ahwehwɛ nnipa komapafo aboa wɔn ma wɔaba Yehowa afã wɔ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu. Nanso, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebedi nokware ama Yehowa, na yɛanya ne mu ahotoso sɛ obegye yɛn afi ɔbɔnefo no nsam. Sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn kwan na yɛkɔ so yɛ nnam wɔ n’ahyehyɛde a aniwa hu no mu a, yebetumi anya ahotoso sɛ wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn bere nyinaa.—Yesaia 41:8-13.

19 Enti, ɛmmra sɛ, yebesiw Ɔbonsam ne ne nnɛɛdɛe kwan denneennen bere nyinaa, na yɛahwehwɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa a yɛdɔ no no, na ‘ɔbɛma yɛn ase atim, ɔbɛhyɛ yɛn den.’ (1 Petro 5:8-11) Yɛnam saayɛ so de ‘yɛn ho besie Onyankopɔn dɔ mu, bere a yɛretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu akɔ daa nkwa mu’ no.—Yuda 21.

Wubebua Dɛn?

• Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “Ɔbonsam” no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na saa din no fata Ɔbonsam?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsono Yehowa ne Ɔbonsam wɔ sɛnea Ɔhwɛ asase sofo no mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi gye agyede no tom bere a ɔkɔ Yehowa nkyɛn no?

• Sɛ́ obi ‘bɛbata’ Yehowa ho no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so ahwehwɛ no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Hiob sɔhwɛ ahorow no nyinaa akyi no, obehui sɛ Yehowa dwen ne ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Bible akenkan a yɛyɛ no daa, Kristofo nhyiam ahorow a yɛkɔ no daa, ne asɛnka adwuma a yɛde nsi yɛ no kae yɛn sɛ Yehowa dwen yɛn ho