Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mommɔ Ɔbra Pa Amanaman Mu”

“Mommɔ Ɔbra Pa Amanaman Mu”

“Mommɔ Ɔbra Pa Amanaman Mu”

“Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom.”—1 PETRO 2:17.

1, 2. (a) Asɛm bɛn na atesɛm krataa mu kyerɛwfo bi ka faa Yehowa Adansefo ho? (b) Dɛn nti na Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobekura abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn mu?

MFE bi a atwam ni no, atesɛm krataa mu kyerɛwfo bi a ɔwɔ Amarillo, Texas, U.S.A. kyinii asɔre ahorow a ɛwɔ mpɔtam hɔ mu, na ɔde nea ohui ho amanneɛbɔ too gua. N’ani gyee kuw biako ho yiye paa. Ɔkae sɛ: “Makɔ Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛ no afe afe wɔ Amarillo Civic Center no mfe abiɛsa ni. Bere a me ne wɔn bɔe no, manhu sɛ obi sɔɔ sigaret, buee nsa kankyee so, anaa obi kaa kasa fĩ pɛnkoro mpo. Wɔn ne nnipakuw a wɔn ho tew, wɔda suban pa adi, wɔn ahosiesie di mu na wɔapɔw sen nnipa biara a mahyia wɔn pɛn.” Wɔatintim Yehowa Adansefo ho nsɛm a ɛte saa mpɛn pii. Dɛn nti na nnipa a ɛsono wɔn gyidi no taa kamfo Adansefo no saa?

2 Mpɛn pii no, wɔkamfo Onyankopɔn nkurɔfo esiane wɔn suban pa nti. Bere a nnipa pii abrabɔ resɛe no, Yehowa Adansefo bu abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn sɛ asɛyɛde a ɛka wɔn som ho. Wonim sɛ wɔn nneyɛe ka Yehowa ne wɔn Kristofo anuanom no, ne sɛ wɔn suban pa no kamfo nokware a wɔka ho asɛm no kyerɛ. (Yohane 15:8; Tito 2:7, 8) Ɛnde, momma yɛnhwɛ ɔkwan a yebetumi afa so akɔ so ada nneyɛe pa adi na yɛafa so akura din pa a Yehowa ne N’adansefo wɔ, ne sɛnea yenya saa a yɛyɛ no so mfaso no mu.

Kristofo Abusua

3. Dɛn na ehia sɛ wɔbɔ Kristofo mmusua ho ban fi ho?

3 Susuw suban a yɛda no adi wɔ abusua mu no ho hwɛ. Nhoma bi a Gerhard Besier ne Erwin K. Scheuch kyerɛwee, Die Neuen Inquisitoren: Religionsfreiheit und Glaubensneid (Atirimɔden Asennifo Foforo: Ɔsom mu Ahofadi ne Ɔsom mu Nitan) ka sɛ: [Yehowa Adansefo] fam no, abusua yɛ biribi titiriw a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho ban yiye.” Saa asɛm no yɛ nokware, na nneɛma pii wɔ hɔ nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ abusua no ho ban fi ho. Yɛwɔ Mmofra a ‘wɔyɛ wɔn awofo so asoɔden’ ne mpanyimfo a “wonni dɔ” anaa “wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so.” (2 Timoteo 3:2, 3) Mmusua ayɛ mmeae a awarefo hwe wɔn ahokafo, awofo yɛ wɔn mma basabasa anaa wɔto wɔn asaworam, na mmofra tew atua, wɔde wɔn ho hyɛ nnubɔnenom ne ɔbrasɛe mu, anaasɛ woguan fi fie. Eyinom nyinaa fi ‘wiase honhom’ no nkɛntɛnso bɔne. (Efesofo 2:1, 2) Ehia sɛ yɛbɔ yɛn mmusua ho ban fi saa honhom no ho. Ɔkwan bɛn so? Denam Yehowa afotu ne akwankyerɛ a ɔde ma abusua mufo a yebetie so.

4. Asɛyɛde ahorow bɛn na Kristofo abusua mufo wɔ ma wɔn ho wɔn ho?

4 Kristofo a wɔyɛ awarefo nim sɛ wɔn mu biara yɔnko nkate fam, honhom fam, ne honam fam ho asɛyɛde ahorow da wɔn mu biara so. (1 Korintofo 7:3-5; Efesofo 5:21-23; 1 Petro 3:7) Kristofo a wɔyɛ awofo mma ho asɛyɛde a emu yɛ duru da wɔn so. (Mmebusɛm 22:6; 2 Korintofo 12:14; Efesofo 6:4) Na bere a mmofra a wɔtete wɔn wɔ Kristofo afie mu nyinyin no, wobehu sɛ wɔn nso wɔ asɛyɛde ahorow. (Mmebusɛm 1:8, 9; 23:22; Efesofo 6:1; 1 Timoteo 5:3, 4, 8) Abusua mu asɛyɛde ho dwuma a wobedi gye mmɔdenbɔ, nsiyɛ, ɔdɔ ne ahofama. Nanso, bere dodow a abusua mufo nyinaa di wɔn asɛyɛde ahorow a Onyankopɔn de ama wɔn ho dwuma no, dodow no ara na wɔyɛ nhyira ma wɔn ho wɔn ho ne asafo no. Nea ehia sen biara no, wodi abusua Hyehyɛfo, Yehowa Nyankopɔn, ni.—Genesis 1:27, 28; Efesofo 3:15.

Kristofo Onuayɛ

5. Nhyira horow bɛn na yenya fi yɛne yɛn mfɛfo Kristofo fekubɔ mu?

5 Sɛ́ Kristofo no, yɛn nso yɛwɔ mfɛfo gyidifo a wɔwɔ asafo no mu no ho asɛyɛde ahorow, ne awiei koraa no, ‘anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa’ nso de. (1 Petro 5:9) Yɛne asafo no ntam abusuabɔ ho hia ma yɛn honhom fam yiyedi. Sɛ yɛne mfɛfo Kristofo bɔ a, yenya wɔn fekubɔ a ɛhyɛ nkuran no mu anigye, na yedi honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no. (Mateo 24:45-47) Sɛ yehyia nsɛnnennen a, yebetumi akɔ yɛn nuanom nkyɛn akogye afotu pa a egyina Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm so. (Mmebusɛm 17:17; Ɔsɛnkafo 4:9; Yakobo 5:13-18) Sɛ yɛkɔ ahokyere mu a, yɛn nuanom nnyaw yɛn. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no mufo!

6. Ɔkwan bɛn so na Paulo daa no adi sɛ yɛwɔ nneɛma foforo a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma Kristofo afoforo?

6 Nanso, ɛnyɛ nea yebenya kɛkɛ nti na yɛwɔ asafo no mu; yɛwom sɛ yɛbɛma ade nso. Nokwarem no, Yesu kae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɔsomafo Paulo sii ɔpɛ mu a wofi ma ade so dua bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no, na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no” no.—Hebrifo 10:23-25.

7, 8. Ɔkwan bɛn so na yɛda ɔma honhom adi wɔ yɛn asafo mu ne Kristofo a wɔwɔ aman foforo so?

7 Wɔ asafo no mu no, sɛ yɛma mmuae bere a nhyiam rekɔ so anaasɛ yɛnam akwan foforo so nya dwumadi no mu kyɛfa a, yɛnam so ‘ka yɛn anidaso kyerɛ wɔ baguam.’ Ɛda adi sɛ mmuae a ɛte saa no hyɛ yɛn nuanom den. Afei nso yɛnam nkɔmmɔ a yɛne wɔn bɔ ansa na yɛafi nhyiam ase ne bere a yɛapɔn no so hyɛ wɔn nkuran. Saa bere no ne bere a yebetumi ahyɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no den, akyekye wɔn a wɔahaw ne ayarefo no werɛ. (1 Tesalonikafo 5:14) Kristofo komapafo da ayamye adi wɔ adema a ɛte saa ho, na ɛno nti na nnipa a wɔba yɛn nhyiam ase bere a edi kan koraa no ani gye ɔdɔ a wohu wɔ yɛn mu ho no.—Dwom 37:21; Yohane 15:12; 1 Korintofo 14:25.

8 Nanso, ɛnyɛ yɛn asafo mu nko na yɛn dɔ no sõ. Ɛka yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa. Ɛno nti na sɛ nhwɛso no, ntoboa adaka sisi Ahenni Asa biara so a woyi ntoboa gu mu ma Ahenni Asa Foto no. Ebia na yɛn ankasa Ahenni Asa wɔ tebea pa mu, nanso yenim sɛ yɛn mfɛfo Kristofo mpempem pii wɔ aman foforo so a wonni beae a ɛfata a wobehyiam. Sɛ yeyi ntoboa ma Ahenni Asa Foto no a, yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma ankorankoro a wɔte saa adi, ɛmfa ho sɛ ebia yennim wɔn mpo no.

9. Dɛn titiriw nti na Yehowa Adansefo dɔ wɔn ho wɔn ho?

9 Dɛn nti na Yehowa Adansefo dodɔ wɔn ho wɔn ho? Wiɛ, Yesu na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa. (Yohane 15:17) Na ɔdɔ a woyi no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom wɔ wɔn so sɛ ankorankoro ne kuw. Ɔdɔ ka “honhom aba” no ho. (Galatifo 5:22, 23) Bere a Yehowa Adansefo sua Bible, kɔ Kristofo nhyiam ahorow, na wɔbɔ Onyankopɔn mpae daa no, ɔdɔ a wɔda no adi bɛyɛ wɔn su ɛmfa ho sɛ wɔte wiase a ‘nnipa bebree dɔ ano adwo’ mu no.—Mateo 24:12.

Yɛne Wiase no Nkitahodi

10. Wiase no ho asɛyɛde ahorow bɛn na ɛda yɛn so?

10 ‘Anidaso asɛm a yɛka kyerɛ’ a Paulo bɔɔ din no ma yɛkae asɛyɛde foforo. Asɛmpa yi a yɛbɛka akyerɛ nkurɔfo a wonnya mmɛyɛɛ yɛn nuanom Kristofo no ka asɛm a yɛka kyerɛ no ho. (Mateo 24:14; 28:19, 20; Romafo 10:9, 10, 13-15) Asɛnka a ɛte saa no yɛ akyɛde foforo a yɛde ma. Sɛ yebenya mu kyɛfa a, egye bere, ahoɔden, ahosiesie, ntetee, ne yɛn ankasa ahode a yɛde bedi dwuma. Ne nyinaa akyi no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Mede Helafo ne Potɔfo, anyansafo ne wɔn a wonnim nyansa no ka; ne saa nti na mifi m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso.” (Romafo 1:14, 15) Te sɛ Paulo no, ɛmmra sɛ yɛrenyɛ pɛpɛɛ bere a yetua saa “ka” yi no.

11. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm abien bɛn na ɛkyerɛ yɛne wiase no abusuabɔ kwan, nanso dɛn na yegye tom?

11 So yɛwɔ nneɛma foforo a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma wɔn a wɔnyɛ yɛn mfɛfo gyidifo no nso? Ɛte saa. Nokwarem no, yenim sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Yenim sɛ Yesu kaa n’asuafo no ho asɛm sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” Nanso, yɛte wiase no mu, na yɛyɛ adwuma wom, nya mmoa horow fi mu. (Yohane 17:11, 15, 16) Enti yɛwɔ asɛyɛde ahorow wɔ wiase no mu. Ɛyɛ nneɛma bɛn? Ɔsomafo Petro buaa saa asɛm no. Bere tiaa bi ansa na wɔrebɛsɛe Yerusalem no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Asia Kumaa no, na krataa no mu asɛm bi boa yɛn ma yɛne wiase no nya abusuabɔ a ɛkari pɛ.

12. Ɔkwan bɛn so na Kristofo yɛ “ahɔho ne amamfrafo,” na ne saa nti, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ho?

12 Petro fii ase sɛ: “Adɔfo, mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo, sɛ munyi mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho.” (1 Petro 2:11) Honhom fam no, nokware Kristofo yɛ “ahɔho ne amamfrafo” efisɛ nea wɔn asetra gyina so ne daa nkwa anidaso no,—wɔn a wɔde honhom asra wɔn no de wɔ soro, na “nguan foforo” no de wɔ daakye paradise wɔ asase so. (Yohane 10:16; Filipifo 3:20, 21; Hebrifo 11:13; Adiyisɛm 7:9, 14-17) Nanso, dɛn ne ɔhonam akɔnnɔ? Nea ɛka eyinom ho ne nneɛma te sɛ ɔpɛ a obi wɔ sɛ obenya ne ho, sɛ obegye din, obenya nna mu ɔbrasɛe ho akɔnnɔ, ne su ahorow te sɛ ‘ahoɔyaw’ ne “anibere.”—Kolosefo 3:5; 1 Timoteo 6:4, 9; 1 Yohane 2:15, 16.

13. Ɔkwan bɛn so na ‘honam akɔnnɔ ne yɛn kra di ako’?

13 Akɔnnɔ a ɛtete saa no ne ‘yɛn kra di ako’ ankasa. Ɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ na ɛnam so de yɛn Kristofo anidaso (yɛn ‘kra’ anaa yɛn nkwa) to asiane mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ yenya nneɛma a ɛnteɛ ho anigye a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn ho ‘asi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani’? Sɛ yɛma honam fam adedodowpɛ ho afiri yi yɛn a, na ‘yɛrehwehwɛ ahenni no kan’ dɛn? (Romafo 12:1, 2; Mateo 6:33; 1 Timoteo 6:17-19) Ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so ne sɛ yebedi Mose nhwɛso no akyi, adan yɛn akyi ama wiase akɔnnɔ ahorow, na yɛde Yehowa som adwuma adi kan wɔ yɛn asetram. (Mateo 6:19, 20; Hebrifo 11:24-26) Ɛyɛ ɔkwan titiriw a yebetumi afa so akari pɛ wɔ yɛne wiase no abusuabɔ mu.

“Mommɔ Ɔbra Pa”

14. Dɛn nti na sɛ́ Kristofo no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so abɔ bra pa?

14 Akwankyerɛ foforo a ehia ne nea ɛwɔ Petro nsɛm a edi hɔ mu no: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ‘ɔhwɛ da no.’” (1 Petro 2:12) Sɛ́ Kristofo no, yɛbɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso pa. Yɛbɔ yɛn ho mmɔden wɔ sukuu mu. Sɛ ɛte sɛ nea yɛn adwumawuranom asɛm yɛ den mpo a, yɛde nsi ne nokwaredi yɛ adwuma wɔ yɛn adwuma mu. Wɔ abusua a ɛsono obiara gyidi mu no, okunu anaa ɔyere a ɔyɛ gyidini no bɔ mmɔden titiriw sɛ obedi Kristofo nnyinasosɛm ahorow akyi. Ɛnna fam bere nyinaa de, nanso yenim sɛ yɛn nhwɛso pa no sɔ Yehowa ani, na mpɛn pii no, enya wɔn a wɔnyɛ adansefo no so nkɛntɛnso pa.—1 Petro 2:18-20; 3:1.

15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ nnipa pii hu abrabɔ pa ho gyinapɛn a Yehowa Adansefo da no adi no?

15 Yehu nea ama Yehowa Adansefo dodow no ara atumi akɔ so ada nhwɛso pa adi no wɔ nsɛm a wɔka fa wɔn ho a wɔatintim wɔ mfe pii a abɛsen kɔ mu no mu. Sɛ nhwɛso no, Il Tempo atesɛm krataa a ɛwɔ Italy no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nkurɔfo a wɔne Yehowa Adansefo yɛ adwuma no ka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ adwumayɛfo a wodi nokware, na wɔte wɔn som no ase ara ma ayɛ sɛ nea adi wɔn ti no; nanso, esiane wɔn suban pa nti, wobu wɔn.” Herald atesɛm krataa a ɛwɔ Buenos Aires, Argentina no kae sɛ: “Yehowa Adansefo de mfe pii ada no adi sɛ wɔyɛ mmɔdenbɔfo, wɔmfa nneɛma nni agoru, wɔhwɛ nneɛma so yiye, na wɔyɛ ɔman mma a wosuro Onyankopɔn.” Rusiani nhomanimfo, Sergei Ivanenko kae sɛ: “Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa a wodi mmara so frenkyemm, na ne titiriw no, su pa a wɔda no adi wɔ towtua ho no.” Obi a ɔhwɛ dan bi a Yehowa Adansefo de yɛɛ ɔmantam nhyiam so wɔ Zimbabwe kae sɛ: “Mihuu Adansefo no binom sɛ wɔresesaw nkrataa a egugu fam no na wɔresiesie agyananbea horow no. Wofii agodibea hɔ no na ɛhɔ atew sen sɛnea wɔbɛtoe no. Mo mmerante ne mmabaa di mmara so. Minyae a anka nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ Yehowa Adansefo.”

Kristofo Ahobrɛase

16. Yɛne wiase atumfoɔ no ntam abusuabɔ te dɛn, na dɛn ntia?

16 Petro nso ka yɛne amammui atumfoɔ ntam abusuabɔ ho asɛm. Ɔka sɛ: “Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nsiesiei nyinaa, Awurade nti, ɔhene a ɔyɛ opumpuni oo, amradofo a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfo asotwe ne papayɛfo ayeyi ho oo. Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano.” (1 Petro 2:13-15) Yɛn ani sɔ mfaso a yenya fi nhyehyɛe pa a aban ahorow yɛ no, na sɛnea Petro nsɛm no kyerɛ no, yedi ne mmara horow so na yetua yɛn tow ahorow. Bere a yegye hokwan a Onyankopɔn de ama aban ahorow sɛ wɔntwe mmaratofo aso tom no, ‘Awurade titiriw nti’ na yɛbrɛ yɛn ho ase ma wiase atumfoɔ no. Ɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Afei nso yɛmpɛ sɛ wɔtwe yɛn aso wɔ bɔne ho na ɛde ahohorabɔ aba Yehowa din so.—Romafo 13:1, 4-7; Tito 3:1; 1 Petro 3:17.

17. Sɛ “nnipa a wonni adwene” sɔre tia yɛn a, dɛn mu ahotoso na yebetumi anya?

17 Awerɛhosɛm ne sɛ, “nnipa” binom “a wonni adwene” a wɔwɔ tumi de ɔtaa ba yɛn so anaasɛ wɔnam akwan ahorow so sɔre tia yɛn—te sɛ yɛn ho atosɛm a wɔtrɛw mu. Nanso, wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, wɔn atosɛm no da adi bere nyinaa, na yesiw wɔn “nkwaseasɛm” no ano. Yɛn abrabɔ sɛ Kristofo no ankasa di yɛn ho adanse. Ɛno nti na aban mpanyimfo a wodi nokware no taa kamfo yɛn sɛ nnipa a yɛyɛ nneɛma pa no.—Romafo 13:3; Tito 2:7, 8.

Onyankopɔn Nkoa

18. Sɛ́ Kristofo no, akwan bɛn so na yebetumi akwati sɛ yɛde yɛn ahofadi bedi dwuma ɔkwammɔne so?

18 Afei Petro de kɔkɔbɔ ma sɛ: ‘Monyɛ sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadi no ayɛ bɔnepɛ so nkataso, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa.’ (1 Petro 2:16; Galatifo 5:13) Ɛnnɛ, Bible mu nokware a yenim no ma yɛde yɛn ho fi atorosom nkyerɛkyerɛ ahorow ho. (Yohane 8:32) Bio nso, yetumi fi yɛn pɛ mu yɛ ade, na yebetumi apaw nea yɛpɛ. Nanso, yɛmfa yɛn ahofadi no nni dwuma ɔkwammɔne so. Sɛ yɛrepaw nnamfo, ntade, ahosiesie, anigyede—mpo aduan ne nsa—a, yɛkae sɛ nokware Kristofo yɛ Onyankopɔn nkoa a wɔnsɔ wɔn ankasa ani. Yɛpaw sɛ yɛbɛsom Yehowa sen sɛ yɛbɛma yɛn ankasa honam akɔnnɔ anaa nneɛma a aba so foforo wɔ wiase no mu afa yɛn dommum.—Galatifo 5:24; 2 Timoteo 2:22; Tito 2:11, 12.

19-21. (a) Ɔkwan bɛn so na yebu wiase atumfoɔ no? (b) Ɔkwan bɛn so na ebinom ada ‘ɔdɔ adi akyerɛ anuanom no nyinaa’? (d) Dɛn ne yɛn asɛyɛde titiriw paa?

19 Petro kɔ so ka sɛ: “Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni!” (1 Petro 2:17) Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔma nnipa kwan ma wodi tumi ahorow nti, yedi nnipa a wɔte saa no ni sɛnea ɛfata. Yɛbɔ mpae ma wɔn mpo, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya hokwan de onyamesom pa ayɛ yɛn som adwuma no wɔ asomdwoe mu. (1 Timoteo 2:1-4) Nanso, bere koro no ara no, ‘yɛdɔ anuanom nyinaa.’ Bere nyinaa yɛyɛ nneɛma a ɛbɛboa yɛn nuanom Kristofo, na ɛnyɛ nea ebepira wɔn.

20 Sɛ nhwɛso no, bere a mmusua ntam basabasayɛ sɛee Afrika man bi pasaa no, Kristofo su a Yehowa Adansefo wɔ no daa adi pefee. Reformierte Presse atesɛm krataa a ɛwɔ Switzerland no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ afe 1995 mu no, Afrikafo Ahofadi Kuw . . . tumi kyerɛe sɛ asɔre ahorow nyinaa de wɔn ho hyɛɛ [akodi no] mu gye Yehowa Adansefo nkutoo. Bere a awerɛhosɛm no ho asɛm duu aman horow so no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Europa no yɛɛ ntɛm de aduan ne nnuru kɔboaa wɔn nuanom ne afoforo a wɔwɔ ɔman a wɔrehu amane mu no. (Galatifo 6:10) Wotiee nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:27 no: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.”

21 Nanso, yɛwɔ asɛyɛde a ɛho hia sen nea ɛsɛ sɛ yɛde ma wiase atumfoɔ, na ɛsen ɔdɔ a ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom no mpo. Ɛyɛ dɛn? Petro kae sɛ: “Munsuro Onyankopɔn!” Yɛwɔ asɛyɛde wɔ Yehowa anim sen nea yɛwɔ wɔ onipa biara ho no. Ɔkwan bɛn so na ɛno yɛ nokware? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi ama asɛyɛde a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ne nea yɛwɔ wɔ wiase atumfoɔ fam no akari pɛ? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Asɛyɛde ahorow bɛn na Kristofo wɔ wɔ abusua no mu?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ɔma su adi wɔ asafo no mu?

• Wiase no ho asɛyɛde ahorow bɛn na ɛda yɛn so?

• Mfaso horow bɛn na afi abrabɔ pa ho gyinapɛn a yɛakura mu no mu aba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya anigye kɛse wɔ Kristofo abusua mu?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Dɛn nti na Yehowa Adansefo dɔ wɔn ho wɔn ho?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

So yebetumi ada ɔdɔ adi akyerɛ yɛn nuanom bere mpo a yennim wɔn no?