Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Som Akyitaafo Tete ne Nnɛ

Nokware Som Akyitaafo Tete ne Nnɛ

Nokware Som Akyitaafo Tete ne Nnɛ

SO WOKAE ɔbarima bi a osui wɔ Yerusalem kurow no ho din? Ebia wobɛka sɛ ‘Yesu’—na nokwarem no, Yesu yɛɛ saa. (Luka 19:28, 41) Nanso, mfehaha pii ansa na Yesu reba asase so no, na Onyankopɔn somfo nokwafo foforo asu wɔ Yerusalem ho. Na ne din de Nehemia.—Nehemia 1:3, 4.

Dɛn na ɛmaa Nehemia werɛ howee ara ma osui wɔ Yerusalem ho no? Dɛn na ɔyɛe ma ɛso baa kurow no ne emufo mfaso? Na dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya ho mmuae no, ma yɛnhwehwɛ nneɛma bi a ɛkɔɔ so wɔ ne bere so mu nhwɛ.

Ɔbarima a Ɔwɔ Atenka na Ɔntoto Nneɛma Ase

Wɔpaw Nehemia sɛ ɔnyɛ amrado wɔ Yerusalem, na ansa na wɔrepaw no no, na ɔwɔ dibea a ɛkorɔn wɔ Persia ahemfie a ɛwɔ Susan kurow mu no mu. Nanso, dwoodwoo asetra a na ɔwom no amma sɛnea na odwen ne nuanom Yudafo a na wɔwɔ Yerusalem a ɛwɔ akyirikyiri ho no ano ammrɛ ase. Nokwarem no, ade a edi kan a ɔyɛe bere a Yudafo a wɔasoma wɔn fi Yerusalem baa Susan no ne sɛ ‘obisaa wɔn Yudafo a wofii mu kae a wɔamfa wɔn dommum ne Yerusalem ho asɛm.’ (Nehemia 1:2) Bere a ahɔho no kae sɛ na Yerusalemfo no “wɔ amane kɛse” mu, na kurow no afasu no “abubu” no, Nehemia ‘traa ase sui na odii nkɔmmɔ nna bi.’ Ɛno akyi no, ɔnam mpaebɔ a efi komam so daa n’awerɛhow adi kyerɛɛ Yehowa. (Nehemia 1:3-11) Dɛn nti na na Nehemia werɛ ahow saa? Efisɛ na Yerusalem ne beae a wɔsom Yehowa wɔ asase so, na na wɔabu ani agu so. (1 Ahene 11:36) Afei nso, na kurow no a abubu no da honhom fam tebea bɔne a na emufo wom no adi.—Nehemia 1:6, 7.

Dwen a na Nehemia dwen Yerusalem ho ne ayamhyehye a na ɔwɔ ma Yudafo a wɔte hɔ no kaa no ma ɔde ne ho mae. Bere a Persia hene no maa Nehemia kwan sɛ onkogye n’ahome pɛ na ofii ase yɛɛ nhyehyɛe sɛ obetwa kwan tenten akɔ Yerusalem. (Nehemia 2:5, 6) Na ɔpɛ sɛ ɔde n’ahoɔden, ne bere, ne ne nimdeɛ boa ɔfasu siesie no. Odui nna kakraa bi akyi no, na wayɛ nhyehyɛe dedaw ama Yerusalem fasu no nyinaa siesie.—Nehemia 2:11-18.

Nehemia kyekyɛɛ ɔfasu no siesie a na ɛyɛ adwuma kɛse no mu maa mmusua pii a wɔde mmati koro yɛɛ adwuma no. * Ɔmaa mmusua akuwakuw bɛboro 40 siesiee “esin bi.” Dɛn na efii mu bae? Bere a na adwumayɛfo no dɔɔso—awofo a wɔn mma ka wɔn ho—a na wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden ama no tumi yɛɛ adwuma a na ɛte sɛ nea ɛso boro so no. (Nehemia 3:11, 12, 19, 20) Wosiesiee ɔfasu no nyinaa wiei wɔ asram abien a wɔyɛɛ adwumaden no mu! Nehemia kyerɛwee sɛ wɔn a na wɔsɔre tia ɔfasu no siesie no mpo begye toom sɛ “yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi.”—Nehemia 6:15, 16.

Nhwɛso Bi a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

Ɛnyɛ Nehemia bere ne nhyehyɛe ho nimdeɛ a ɔwɔ nko na ɔde boae. Ɔde ne honam fam nneɛma nso boaa nokware som. Ɔde n’ankasa sika tɔɔ ne nuanom Yudafo fii nkoasom mu. Ɔmaa bosea a wannye ho mfɛntom. Ɔnam amrado a na ɔyɛ no ho akatua a wannye, ade a na anka obetumi agye, so ‘amma Yudafo no adesoa anyɛ duru’ da. Mmom no, obuee ne fie pon too hɔ maa ‘mpanyimfo ɔha aduonum ne wɔn a wofifi wɔn ho amanaman mu baa wɔn nkyɛn no’ aduan. Ɔde ‘nantwinini biako ne nguan a wɔadɔ asia, ne ntakraboa’ yɛɛ aduan maa n’ahɔho da biara. Afei nso, pɛnkoro dadu biara no, na ɔma wɔn “nsa ahorow bebree”—a ɔno na na ɔtɔ ne nyinaa.—Nehemia 5:8, 10, 14-18.

Ayamye ho nhwɛso a ɛda nsow bɛn ara na Nehemia yɛ maa Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete ne nnɛ nyinaa yi! Onyankopɔn somfo yi a ɔwɔ akokoduru no fi ne pɛ mu de ne honam fam nneɛma boaa adwumayɛfo no maa nokware som nyaa nkɔso. Ná obetumi abisa Yehowa ma afata sɛ: “Me Nyankopɔn, kae . . . me yiye so, nea ɔman yi nti meyɛe no nyinaa.” (Nehemia 5:19) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɛyɛ saa ara.—Hebrifo 6:10.

Wodi Nehemia Nhwɛso no Akyi Nnɛ

Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ da atenka, ɔpɛ mu a wofi yɛ ade, ne ahofama a ɛte saa adi wɔ nokware som ho. Sɛ yɛte sɛ yɔnko gyidifo rehu amane a, yɛma wɔn yiyedi ho asɛm hia yɛn yiye. (Romafo 12:15) Te sɛ Nehemia no, yɛdan kɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu di boa yɛn nuanom a yɛne wɔn kura gyidi koro no sɛ: “Ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so.”—Nehemia 1:11; Kolosefo 4:2.

Nanso, dwen a yedwen yɛn nuanom Kristofo honhom fam ne honam fam yiyedi ne nokware som nkɔso ho no nkanyan yɛn nkate kɛkɛ. Ɛka yɛn ma yɛyɛ ho biribi nso. Te sɛ Nehemia no, ɔdɔ kanyan wɔn a wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan no ma wofi wɔn kurom a ahotɔ wɔ hɔ no kɔ mmeae foforo kɔboa wɔn a ahia wɔn no. Bere a asetram ahokyere a saa atuhoamafo yi betumi ahyia wɔ wiase afã bi nhunahuna wɔn no, wɔboa ma nokware som nya nkɔso wɔ hɔ, na wɔne wɔn nuanom Kristofo bom som. Ahofama honhom a wɔda no adi no fata nkamfo ankasa.

Yɛn Fam De a Yɛbɛyɛ Wɔ Yɛn Kurom

Ntease wom sɛ yɛn mu dodow no ara ntumi ntu nkɔ beae foforo. Yɛboa nokware som wɔ yɛn kurom. Wɔka ɛno nso ho asɛm wɔ Nehemia nhoma no mu. Hyɛ nkyerɛkyerɛmu a Nehemia de kaa mmusua bi a wodi nokware a wonyaa ɔfasu siesie no mu kyɛfa ho asɛm no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Harumaf ba Yedaia miamiaa ne fie ntentenso de no mu. Benyamin ne Hasub bɛtoaa adwuma no so wɔ wɔn fi ntentenso. Ɔno so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoae wɔ ne fie ho.’ (Nehemia 3:10, 23, 28-30) Saa mmarima no ne wɔn mmusua nam ɔfasu siesie a wɔyɛe wɔ wɔn afie nkyɛn no so boae kɛse maa nokware som nyaa nkɔso.

Ɛnnɛ, yɛn mu pii boa nokware som wɔ yɛn ankasa kurom wɔ akwan pii so. Yenya Ahenni Asa ahorow si, mmoa a wɔde ma bere a atoyerɛnkyɛm asi, ne nea ɛho hia sen biara no, Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Afei nso, sɛ́ yɛn ankasa tumi nya adansi anaa mmoa a wɔde ma wɔn a ade ahia wɔn mu kyɛfa anaasɛ ɛnte saa no, komam de, yɛn nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ahonyade bɛboa nokware som sɛnea Nehemia fii ayamye mu yɛe wɔ ne bere so no.—Hwɛ adaka “Akwan a Ebinom Fi Wɔn Pɛ Mu Fa So Yi Ntoboa” no mu.

Ɛtɔ mmere bi a nea ɛbɛyɛ a yebenya sika de adi nhoma tintim, mmoa a wɔde ma wɔn a ade ahia wɔn, ne dwumadi afoforo pii ho dwuma wɔ wiase nyinaa no bɛyɛ sɛ nea ɛboro yɛn so. Nanso, kae sɛ na ɛte sɛ nea Yerusalem ɔfasu kɛse no siesie no nso bunkam wɔn so. (Nehemia 4:10) Nanso, esiane sɛ wɔkyekyɛɛ adwuma no maa mmusua pii a na wɔwɔ ɔpɛ no nti, wotumi yɛɛ adwuma no. Saa ara na ɛnnɛ, sɛ yɛn mu biara kɔ so yɛ adwuma no fã bi a, yebetumi anya sika ne nneɛma a yɛde bɛyɛ wiase nyinaa adwuma no.

Adaka a ɛne “Akwan a Ebinom Fa So Yi Ntoboa” no kyerɛ akwan pii a yebetumi de sika aboa Ahenni adwuma no. Afe a etwaam no, Onyankopɔn nkurɔfo pii de mmoa a ɛte saa mae, na Yehowa Adansefo Sodikuw no pɛ sɛ wɔfa hokwan yi so de aseda kɛse ma wɔn a wɔn koma kaa wɔn ma woyii ntoboa yi bi nyinaa. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛda Yehowa ase wɔ hyira a wahyira mmɔden a ne nkurɔfo fi koma nyinaa mu bɔ ma nokware som nya nkɔso wɔ wiase nyinaa so no ho. Yiw, sɛ yesusuw sɛnea Yehowa akyerɛ yɛn kwan mfirihyia pii a abɛsen kɔ mu no ho a, ɛka yɛn ma yɛka nsɛm a Nehemia ka de daa ase no bi sɛ: “Me Nyankopɔn yiye a wayɛ me.”—Nehemia 2:18.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Nehemia 3:5 ka sɛ Yudafo a wɔagye din bi, “abirɛmpɔn” no, amfa wɔn ho anhyɛ adwuma no mu, nanso wɔn nkutoo na wɔyɛɛ saa. Nnipa ahorow nyinaa—asɔfo, sika adwumfo, nnufrafo, mmapɔmma, aguadifo—boaa adwuma no.—Nkyekyɛm 1, 8, 9, 32.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28, 29]

Akwan a Ebinom Fa So Yi Ntoboa

NTOBOA A WOYI BOA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii yi sika to hɔ, anaa wɔyɛ nhyehyɛe de kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Ntoboa Ma Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti anaa wɔn man mu baa dwumadibea. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi no nso amena Treasurer’s Office, Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ saa ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama na ama wɔayɛ nhyehyɛe soronko bi wɔ ho, sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm dedaw no so.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa ne ntoboa a nhyehyɛe bi bata ho akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni adwuma no. Ebi ne:

Insurance: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne Insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no.

Sika a Wɔde Sie Wɔ Sikakorabea: Obi betumi de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ato hɔ ama Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so anaa sɛ owu a wɔatua ama Ɔwɛn Aban Asafo no, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma a ɔyɛ mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama Ɔwɛn Aban Asafo sɛ akyɛde koraa anaasɛ wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte ase no. Ɛsɛ sɛ wo ne wo man mu baa dwumadibea di nkitaho ansa na wode adan anaa asase bi ama.

Akyɛde a Wɔde Ma na Wodidi Ho: Akyɛde a wɔde ma na wodidi ho yɛ nhyehyɛe a obi yɛ de sika anaa agyapade bi ma Ɔwɛn Aban Asafo no. Nea ɔde ma no anaa obi a nea ɔde ma no bɛpaw no no didi ho denam sika pɔtee bi a wotua ma no afe biara kosi sɛ obewu no so. Wɔtew tow a nea ɔde akyɛde a wodidi ho ma no tua no so wɔ afe a wɔyɛ ho nhyehyɛe no mu.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Ɔwɛn-Aban Asafo no. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so.

Sɛnea “adɔe tirimbɔ” kyerɛ no, nea saa ntoboayi yi hwehwɛ ankasa ne sɛ nea ɔde ma no bɔ ne tirim wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe tirimbɔ bi so no, Asafo ti no asiesie Engiresi ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no de buaa nsɛmmisa pii a wɔn nsa ka faa akyɛde, nsamansew, ne sika a wɔde sie ma wɔhwɛ so ho no. Ɛsan kura adan ne nsase, sikasɛm ne towtua ho nhyehyɛe ho nsɛm foforo a mfaso wɔ so. Ɛma ankorankoro hu akwan horow a wobetumi afa so ama akyɛde mprempren anaasɛ agyapade a wobewu agya hɔ. Wubetumi anya saa nhomawa yi bi denam Charitable Planning Office a wubebisa afi wɔn hɔ tẽẽ no so.

Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Charitable Planning Office adi nkitaho no, wɔatumi aboa Yehowa Adansefo na bere koro ara no, wɔanya saa a wɔayɛ no ho mfaso kɛse wɔ towtua a wɔatew so no ho. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Charitable Planning Office no amanneɛ wɔ nhyehyɛe yi mu biara ho, na wɔkɔma wɔn ho nkrataa biara a ɛho hia. Sɛ w’ani gye nhomawa no anaa tirimbɔ nhyehyɛe yi biara ho a, wubetumi afa nkrataa-kyerɛw anaa telefon so de ase hɔ address no anaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no, ne Charitable Planning Office no adi nkitaho.

Charitable Planning Office

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive Patterson,

New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707

[Adaka wɔ kratafa 30]

Akwan a Ebinom Fi Wɔn Pɛ Mu Fa So Yi Ntoboa

Wɔ krataa a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo mu no, ɔkaa akwan atitiriw abiɛsa a wofi ɔpɛ mu fa so yi ntoboa no ho asɛm. (1) Bere a Paulo rekyerɛw sika a wɔde yi ntoboa ho asɛm no, ɔkae sɛ: ‘Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa biribi nsie.’ (1 Korintofo 16:2a) Ɔnam saayɛ so kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ ho nhyehyɛe, na wɔyɛ no wɔano wɔano. (2) Paulo kyerɛwee nso sɛ ɛsɛ sɛ obiara “fi nea onya mu na oyi.” (1 Korintofo 16:2b, New International Version). Ɔkwan foforo so no, obi a ɔpɛ sɛ ofi ne pɛ mu yi ntoboa no betumi afi nea ɔwɔ mu na ayi. Sɛ Kristoni bi akatua sua mpo a, Yehowa bu sika kakraa bi a obetumi ayi no sɛ ɛsom bo. (Luka 21:1-4) (3) Afei nso, Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Nokware Kristofo fi komam na ɛma ade—animtew mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Ná Nehemia yɛ ɔbarima a ɔwɔ atenka na ɔntoto nneɛma ase

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Wɔde ntoboa ahorow a yefi yɛn pɛ mu yi no boa nhoma tintim, mmoa a wɔde ma wɔn a ade ahia wɔn, Ahenni Asa ahorow si, ne nnwuma foforo a mfaso wɔ so wɔ wiase nyinaa