Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛto nkyia, sɛ sika ketewaa bi na ɛda so a?

Onyankopɔn Asɛm nka kyakyatow ho asɛm nkɔ akyiri, nanso ɛka nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ kyakyatow biara ne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia. * Sɛ nhwɛso no, wogye tom kɛse sɛ kyakyatow de anibere ba. Saa nokwasɛm no nkutoo yɛ asɛntitiriw a ehia sɛ Kristofo susuw ho, efisɛ Bible ka sɛ “aniberefo” rennya Onyankopɔn Ahenni, na wɔde anibere toto abosonsom ho.—1 Korintofo 6:9, 10; Kolosefo 3:5.

Kyakyato nso ma obi nya ahopɛ ne akansi honhom, ne ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obedi nkonim. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ nneɛma a ɛtete saa ho bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyanhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.” (Galatifo 5:26) Afei nso, kyakyato ma ebinom nya gyidihunu de wɔn ho to siade so. Wɔn a wɔtow kyakya nya gyidihunu ahorow nyinaa bi, na wɔhwɛ kwan sɛ siade bɛma wɔn ti ayɛ yiye. Ɛkae yɛn Israelfo a wɔanni nokware a na ‘wɔtow pon ma siade bosom na wɔhyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no.’—Yesaia 65:11.

Ebinom betumi asusuw sɛ sika kakraa bi a wɔde bɛto nkyia bere a wɔne wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfo paa rebɔ sopaa anaa wɔreto dame no yɛ anigyede a asɛm biara nni ho. Ɛwom, ebetumi aba sɛ obi a ɔde sika ketewaa bi to nkyia remmu ne ho sɛ ɔyɛ oniberefo, ɔhopɛfo, obi a ɔpɛ akansi, anaasɛ okura gyidihunu. Nanso, nkɛntɛnso bɛn na ne kyakyato no betumi anya wɔ nea ɔne no reto no so? Wɔn a kyakyatow aka wɔn hɔ no de nkyiato nketenkete ‘sɛ nea wɔde redi agoru’ na efii ase. (Luka 16:10) Anigyede bi a na ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho no bɛdanee adebɔne koraa maa wɔn.

Ɛte saa titiriw wɔ mmofra fam. Mmofra pii ani agye nkyia ketewaa bi a wɔto di ho, na ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde sika akɛse to nkyia. (1 Timoteo 6:10) Nhwehwɛmu bi a Arizona Bagua a Ɛhwɛ Kyakyatow Ho Nsɛm so wɔ United States de bere tenten yɛe no sii so dua sɛ wɔn a kyakyatow aka wɔn hɔ no mu pii fii ase wɔn mmofraberem “denam nkyia nketenkete a wɔne wɔn nnamfo anaa wɔn abusuafo toe wɔ agumadi anaa sopaabɔ mu so.” Amanneɛbɔ foforo ka sɛ “mmofra fi kyakyatow ase wɔ fie, na ɛtaa yɛ sopaa a wɔne wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom bɔ.” Amanneɛbɔ no de ka ho sɛ “mmofra a wɔtow kyakya ɔha mu aduasa fii ase yɛɛ saa ansa na wɔredi mfirihyia dubiako.” Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a wɔtoo din Why Do People Gamble Too Much—Pathological and Problem Gambling kyerɛ no, mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wɔtow kyakya no pii nam nsɛmmɔnedi anaa ɔbrasɛe so na enya sika a wɔde tow no. Awerɛhosɛm bɛn ara na efi biribi a wobetumi abu no sɛ nea na asɛm biara nni ho mu aba sɛɛ yi!

Esiane sɛ yɛte wiase a mfiri ne sɔhwɛ ahorow pii wom dedaw mu nti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho kɔhyɛ afiri foforo mu sɛnea ɛnsɛ? (Mmebusɛm 27:12) Kyakyatow—sɛ́ mmofra wɔ hɔ anaa wonni hɔ, sɛ́ wɔde sika ketewaa bi anaa kɛse na ɛto no—yɛ asiane ma honhom fam yiyedi na ɛsɛ sɛ yɛkwati. Ɛyɛ papa sɛ Kristofo a wɔn ani gye dame anaa sopaabɔ ho sɛ ade a wɔde gyigye wɔn ani no bɛkyerɛw mma a wonya no anaasɛ wɔbɛtow agyigye wɔn ani ara kwa a wɔnkyerɛw hwee. Kristofo a wonim nyansa a wɔne wɔn nnamfonom ne wɔn abusuafo honhom fam yiyedi ho hia wɔn no kwati kyakyatow—na wɔmfa sika ketewaa bi mpo ntow nkyia.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 World Book Encyclopedia kyerɛkyerɛ kyakyatow mu sɛ “nkyia a wɔtow wɔ nea ebefi agodie, asɛm bi, anaa biribi a ebesi mu aba ho.” Ɛkɔ so ka sɛ “wɔn a wɔtow kyakya taa de sika to nkyia . . . wɔ aguma te sɛ lototwa, spaabɔ, ne osikyito mu.”