Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Nyinaa Hia Nkamfo

Yɛn Nyinaa Hia Nkamfo

Yɛn Nyinaa Hia Nkamfo

NÁ ƐYƐ anigye da ma abeawa kumaa no. Ɛwom sɛ na ehia sɛ wɔteɛ no so wɔ mmere foforo a atwam no mu de, nanso saa da pɔtee yi de, ɔdaa su pa adi paa. Nanso, saa anadwo no, bere a wɔde abeawa kumaa no kɔtoo mpa so no, ne maame tee sɛ ɔresu. Bere a wobisaa nea enti a na wahaw no, ɔde nusu kae sɛ: “Enti menyɛɛ abofra pa nnɛ?”

Saa asɛm no yɛɛ ne maame yaw yiye. Ná bere nyinaa ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛteɛ no so. Nanso afei, ɛmfa ho sɛ ohuu sɛnea ne ba abeawa kumaa no abɔ mmɔden ada su pa adi no, maame no buu n’ani guu no so a wanka asɛm biako mpo amfa ankamfo no.

Ɛnyɛ mmeawa nkumaa nkutoo na wohia nkamfo ne nsɛm a ɛma abotɔyam. Yɛn nyinaa hia—sɛnea yehia afotu ne nteɛso no ara pɛ.

Sɛ wofi komam kamfo yɛn a, yɛte nka dɛn? So ɛmma yɛn ani nnye na ɛnhyɛ yɛn nkuran? Ɛda adi sɛ ɛma yɛte nka sɛ obi ahu nea yɛreyɛ, na obi dwen yɛn ho. Ɛma yenya awerɛhyem sɛ mfaso wɔ nea yɛyɛe no so, na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛyere yɛn ho akyiri yi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkamfo a efi komam taa ma yɛn ani gye onipa a ogye bere ka biribi a ɛhyɛ nkuran saa kyerɛ yɛn no ho.—Mmebusɛm 15:23.

Yesu Kristo huu sɛnea nkamfo ho hia. Wɔ talente ho bɛ no mu no, owura (a ɔyɛ Yesu ankasa ho mfonini) no fi ɔdɔ mu kamfoo nkoa anokwafo baanu no mu biara sɛ: “Mo, akoa pa ne nokwafo!” Hwɛ sɛnea ɛka koma! Ɛwom sɛ na ɛsono wɔn mu biara ahoɔden ne nea otumi yɛe de, nanso wonyaa nkamfo pɛ.—Mateo 25:19-23.

Enti ma yɛnkae saa abeawa kumaa no maame no. Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn ma afoforo su ansa na yɛakamfo wɔn. Mmom no, yebetumi ama yɛn ani ada hɔ ahwehwɛ hokwan ahorow a yebegyina so akamfo afoforo. Nokwarem no, yɛwɔ biribi a edi mu a yebegyina so de nkamfo ama wɔ hokwan biara a yebenya no ho.