Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛtraa Yɛn Dwumadi Mu

Yɛtraa Yɛn Dwumadi Mu

Asetram Nsɛm

Yɛtraa Yɛn Dwumadi Mu

SƐNEA HERMANN BRUDER KA KYERƐE

Ná nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara ni: sɛ́ mede me ho bɛhyɛ Fransefo Amannɔne Asraafo mu mfirihyia anum anaasɛ mɛda Morocco afiase. Ma menkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a mebaa tebea a emu yɛ den yi mu no mu.

WƆWOO me wɔ Oppenau, Germany, wɔ afe 1911 mu, aka mfirihyia abiɛsa pɛ ma Wiase Ko I afi ase no. M’awofo, Joseph ne Frida Bruder, woo mmabarima ne mmabea 17. Ná me ne wɔn ba a ɔto so 13.

Nneɛma a mekae wɔ me mmofraase paa ne asraafo a na wɔbɔ nsra wɔ yɛn kurom kwantempɔn so a na mehwɛ wɔn no. Esiane sɛ na m’ani gye nnwom a wɔde bɔ nsra no ho nti, midii nnwontofo no akyi koduu hyɛn gyinabea hɔ ntɛm kohuu Paapa ne mmarima foforo a wɔhyehyɛ asraafo ntade a wɔreforo keteke no. Bere a keteke no tui no, mmea bi a na wogyinagyina hyɛn gyinabea hɔ sui. Ɛno akyi bere tiaa bi no, yɛn sɔfo no maa ɔkasa tenteenten bi wɔ asɔredan mu bobɔɔ mmarima baanan bi a na wɔawuwu bere a na wɔreko abɔ yɛn man ho ban no din. Ɔkae sɛ: “Wɔwɔ soro saa bere yi.” Ade tɔɔ ɔbea bi a na ogyina me nkyɛn no so.

Paapa nyaa atiridii bere a na ɔreko wɔ Russia akono no. Ɔbaa fie a na wayɛ mmerɛw yiye, na ɛkame ayɛ sɛ wogyee no too ayaresabea ntɛm ara. Ɔsɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: “Kɔ asɔredan a ɛwɔ amusiei nkyɛn no kɔbɔ Yɛn Agya a Wowɔ Soro mpae no mpɛn 50 ne Maria Mo mpɛn 50. Ɛno ansa na wo papa ho bɛtɔ no.” Midii n’afotu no ho dwuma, nanso Paapa wui n’adekyee. Me mpo a na meyɛ abarimaa no mihui sɛ na ɔko no yɛ ade a ɛyɛ yaw yiye.

Sɛnea Mihuu Nokware No

Ná adwuma ho yɛ na wɔ Germany wɔ ako abien no ntam. Nanso, bere a miwiee sukuu wɔ afe 1928 mu no, mitumi nyaa adwuma sɛ turo so hwɛfo wɔ Basel, Switzerland.

Te sɛ Paapa no, na meyɛ Katolekni mapa. Ná me botae ne sɛ mɛyɛ Ɔhotefo Francis kokorani wɔ India. Bere a me nuabarima Richard a saa bere no na ɔyɛ Yehowa Dansefo no tee saa nhyehyɛe yi ho asɛm no, ɔhyɛɛ da tuu kwan baa Switzerland bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma m’asesa m’adwene. Ɔbɔɔ me kɔkɔ wɔ asiane a ɛwom sɛ mede me werɛ bɛhyɛ nnipa mu, titiriw asɔfo no ho, na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkenkan Bible no na minnya ɛno nkutoo mu ahotoso. Ɛmfa ho sɛ na m’adwenem yɛ me nãã no, metɔɔ Apam Foforo no fii ase kenkanee. Nkakrankakra no mebɛtee ase sɛ na me gyidi no mu pii ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia.

Kwasida anɔpa bi wɔ afe 1933 mu, bere a na mewɔ Richard fie wɔ Germany no, ɔde me kyerɛɛ awarefo bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo. Bere a wohui sɛ merekenkan Bible no, wɔmaa me nhomawa a n’asɛmti ne The Crisis. Bere a mede nhoma no too hɔ no, ɛkame ayɛ sɛ na ɛyɛ ɔdasu mu ara ne sa. Migye dii ankasa sɛ mahu nokware no!

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Basel maa me Studies in the Scriptures nhoma no apo abien ne nsɛmma nhoma ne nhoma foforo. Bere a m’ani gyee nea na merekenkan no ho no, mikohuu ɛhɔnom sɔfo no sɛ onyi me din mfi asɔre no kyerɛwtohɔ mu. Ɔsɔfo no bo fuwii yiye bɔɔ me kɔkɔ sɛ merebɛsɛe me gyidi. Nokwarem no, na ɛnte saa koraa. Na ɛno ne bere a edi kan koraa wɔ m’asetram a na mafi ase renya nokware gyidi.

Na anuanom a wɔwɔ Basel no reyɛ nhyehyɛe akɔ France hye so saa dapɛn awiei no akɔyɛ asɛnka adwuma. Anuanom no mu biako fii ayamye mu kyerɛkyerɛɛ me mu sɛ afei ara na mede me ho abɔ asafo no nti na wɔanto nsa amfrɛ me no. M’abam ammu, mekaa sɛnea mepɛ sɛ mifi asɛnka ase no ho asɛm kyerɛɛ no. Bere a ɔne ɔpanyin foforo susuw ho wiei no, ɔmaa me asasesin bi wɔ Switzerland. Kwasida anɔpatutuutu no, mede nhoma 4, nsɛmma nhoma 28, ne nhomawa 20 guu m’asɛnka bag mu traa me sakre so kɔɔ akuraa ketewa bi a ɛbɛn Basel ase. Bere a miduu hɔ no, na akuraa no asefo dodow no ara kɔ asɔre. Ɛno mpo no, ɛbɔɔ anɔpa 11 no, na nhoma ahorow a ɛwɔ m’asɛnka bag mu asa.

Bere a meka kyerɛɛ anuanom sɛ mepɛ sɛ mebɔ asu no, wɔne me susuw nsɛm ho anibere so, na wobisabisaa me nokware no ho nsɛm a ɛkɔ akyiri. Wɔn nsiyɛ ne nokware a wodi ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no maa me ho dwiriw me. Esiane sɛ na ɛyɛ awɔwbere nti, onua bi bɔɔ me asu wɔ guasɛn bi mu wɔ ɔpanyin bi fie. Mekae sɛ minyaa anigye bi a ɛso bi nni ne ahoɔden kɛse bi. Ná ɛyɛ afe 1934 mu.

Ahenni Afuw Mu Adwumayɛ

Wɔ afe 1936 mu no, metee sɛ Yehowa Adansefo atɔ asase bi wɔ Switzerland. Mekae sɛ mɛyɛ adwuma sɛ turo so hwɛfo. Wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Ahenni Afuw mu wɔ Steffisburg a efi hɔ rekɔ Bern yɛ bɛyɛ kilomita 30 no ma m’ani gyei. Bere biara a na metumi no, meboaa afoforo ma wɔyɛɛ wɔn adwuma wɔ afuw no mu. Betel ma mihuu sɛnea biakoyɛ su a menya no ho hia.

Mfe a mede yɛɛ Betel adwuma no mu bere titiriw ne bere a Onua Rutherford baa nsrahwɛ wɔ afuw no mu wɔ afe 1936 mu no. Bere a ohuu yɛn tomantosi no akɛse ne sɛnea na nnɔbae no ayɛ frɔmm no, ɔserewee kaa sɛnea n’ani agye no ho asɛm. Onua dɔfo bɛn ara ni!

Bere a meyɛɛ adwuma wɔ afuw no mu bɛboro mfirihyia abiɛsa no, wɔkenkanee krataa bi a efi Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ United States no wɔ anɔpa adidi ase. Krataa no sii hia a asɛnka adwuma ho hia so dua, na ɛtoo nsa frɛɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom sɛ ɔkwampaefo wɔ amannɔne no. Mede me ho mae ntɛm ara. Me nsa kaa me dwumadi no wɔ May 1939 mu—Brazil!

Saa bere no, na mekɔ asafo nhyiam wɔ Thun Asafo a ɛbɛn Ahenni Afuw no mu. Sɛ edu Kwasida a na yɛn kuw no de nnɔnhwerew abien tra sakre so fi Thun kɔka asɛm no wɔ mmepɔw Alps so. Na Margaritha Steiner ka kuw no ho. Biribi baa m’adwenem mpofirim ara sɛ: So Yesu ansoma n’asuafo no baanu baanu? Bere a mebɔɔ so kyerɛɛ Margaritha sɛ wɔama me dwumadi wɔ Brazil no, ɔkaa sɛnea ɔno nso ani gye ho sɛ ɔbɛsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Yɛwaree July 31, 1939.

Yegyinaa Baabi a na Yɛnhwɛ Kwan

Yɛfaa po so fi Le Havre, France, wɔ August afe 1939 awiei a na yɛrekɔ Santos, Brazil. Na wɔagye hyɛn no mu adan a nnipa baanu da mu no nyinaa, enti yetuu kwan no a na ɛsono dan a obiara da mu. Bere a yɛnam kwan so no, yɛtee amanneɛbɔ sɛ Great Britain ne France atu Germany so sa. Hyɛn no mufo hyɛntiafo 30 bi a wɔyɛ Germanfo no too German ɔman dwom. Eyi hyɛɛ hyɛn no mu panyin no abufuw araa ma ɔdan hyɛn no kogyinaa Safi, Morocco. Wɔmaa hyɛn no mufo a wokura German akwantu nkrataa no simma anum sɛ wɔmfa nsi fam. Na yɛka ho.

Yedii da koro wɔ polisifo adwumayɛbea hɔ, na afei wɔde yɛn guu bɔs dedaw bi a agogow mu de yɛn koguu afiase wɔ Marrakech a ɛwɔ akyiri bɛyɛ kilomita 140 no. Nna a edii hɔ no mu yɛɛ den. Yɛkyeree so wɔ afiase adan no mu, na na emu yɛ sum. Ná faako a yɛn nyinaa kɔ tiafi gu—tokuru bi a ɛda fam hɔ—no mu siw bere nyinaa. Wɔmaa yɛn mu biara kotoku fĩ bi daa so, na akisi wee yɛn anantu anadwo. Wɔmaa yɛn aduan mprenu da biara wɔ kyɛnsee bi a awe nkannare mu.

Ɔsraani bi kae sɛ sɛ mepene so de me ho hyɛ Fransefo Amannɔne Asraafo mu mfirihyia anum a, wobegyae me. Pene a mampene so no ma wɔde me kɔtoo ɔdan bi a emu yɛ sum mu nnɔnhwerew 24. Mede saa mmere yi mu dodow no ara bɔɔ mpae.

Nnawɔtwe akyi no, afiasehwɛfo no maa mihuu Margaritha bio. Ná wafɔn ayɛ teaa, na osui pii. Mehyɛɛ no nkuran sɛnea metumi biara. Wobisabisaa yɛn nsɛm de yɛn guu keteke mu kɔɔ Casablanca, na ɛhɔ na wogyaee Margaritha. Wɔde me kɔɔ afiase wɔ Port Lyautey (a mprempren wɔfrɛ no Kenitra) a ɛwɔ akyiri bɛyɛ kilomita 180 no. Switzerland aban nanmusini kumaa a ɔwɔ hɔ no tuu Margaritha fo sɛ ɔnsan nkɔ Switzerland, nanso ogyinaa pintinn sɛ ɔrenkɔ bere a menka ho. Asram abien a midii wɔ Port Lyautey no, otwaa kwan fii Casablanca bɛsraa me brɛɛ me aduan da biara da.

Ná Yehowa Adansefo ayi nhoma bi a n’asɛmti ne Kreuzzug gegen das Christentum (Akodi a Etia Kristosom) adi afe a etwaam no mu nam so retwe ɔmanfo adwene aba Adansefo no so sɛ wɔmfaa wɔn ho nhyɛɛ Nasi nniso no mu. Bere a na mewɔ afiase no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Bern no kyerɛw France aban mpanyimfo no, de nhoma no biako hyɛɛ mu de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn sɛ yɛnyɛ Nasifo. Margaritha nso yɛɛ adwuma a ɛfata nkamfo kɔɔ aban mpanyimfo nkyɛn bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔahu sɛ yɛn ho nni asɛm. Awiei koraa no, wɔ afe 1939 awiei no, wɔmaa yɛn kwan sɛ yemfi Morocco.

Ɛyɛ bere a yesii mu bio sɛ yɛrekɔ Brazil no na yɛtee sɛ Germanfo po ase akohyɛn retow hyɛ po so ahyɛn a ɛnam Atlantic po so no so, na wɔde wɔn ani asi yɛn so titiriw. Ɛwom sɛ na yɛn hyɛn, Jamaique, no yɛ aguadifo hyɛn de, nanso na wɔde atuo asisi anim ne akyi nyinaa. Sɛ edu adekyee a, na hyɛn mu panyin no mma hyɛn no nkɔ n’anim tẽẽ na mmom na ɔma ɛkɔ benkum anaa nifa, na ɔkɔɔ so totow atuo. Sɛ edu anadwo a na wodunnum akanea nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a Germanfo no nhu yɛn. Hwɛ sɛnea yɛn bo tɔɔ yɛn yam bere a awiei koraa no yeduu Santos, Brazil, hyɛn gyinabea wɔ February 6, 1940, bere a yefii Europa no akyi bɛboro asram anum no!

Wɔde Yɛn Gu Afiase Bio

Baabi a yedii kan kɔkaa asɛm no ne Montenegro, kurow bi a ɛwɔ Brazil mantam Rio Grande do Sul anafo fam no. Ɛda adi sɛ na wɔaka yɛn mmae no ho asɛm akyerɛ asɔre mpanyimfo no. Bere a yɛkaa asɛm no nnɔnhwerew abien pɛ no, polisifo kyeree yɛn gyee yɛn gramafon mpaawa a Bible mu nsɛm wɔ so, yɛn nhoma ahorow nyinaa, ne yoma nhoma bag a yɛde kɔ asɛnka a yɛtɔɔ no Morocco no mpo. Ná ɔsɔfo bi ne asɔre panyin bi a ɔka German kasa wɔ polisifo adwumayɛbea hɔ retwɛn yɛn. Polisi panyin no bɔɔ Onua Rutherford kasa ahorow no biako wɔ yɛn gramafon a ɛka nneɛma a na wagye no ho no so ma wotiei. Onua Rutherford kaa nsɛm penpen! Bere a eduu baabi a ɔbɔɔ Vatican din no, ɔsɔfo no bo fuwii na ofii adi.

Ɔsɔfopanyin a ɔwɔ Santa Maria no ka maa polisifo no de yɛn kɔɔ Pôrto Alegre, ɔmantam no ahenkurow no mu. Ankyɛ na wogyaee Margaritha, na ɔhwehwɛɛ Switzerland aban nanmusini a ɔwɔ hɔ no hɔ mmoa. Aban nanmusini no kae sɛ ɔnsan nkɔ Switzerland. Bio, wannyaw me. Margaritha ayɛ me hokafo nokwafo paa bere nyinaa. Adaduasa akyi no, wobisabisaa me nsɛm na wogyaee me. Polisifo no kaa nea ɛsɛ sɛ meyɛ kyerɛɛ me: sɛ́ yebefi ɔmantam no mu dadu ntam anaasɛ “yebehu nea yɛmpɛ.” Ɛdenam adwumayɛbea ti no nyansahyɛ so no, yefii hɔ kɔɔ Rio de Janeiro.

“Yɛsrɛ sɛ Kenkan Krataa Yi”

Ɛmfa ho sɛ yɛanhyia tebea pa wɔ Brazil adwuma no mfiase no, hwɛ sɛnea yɛn ani gyei! Anyɛ yiye koraa no, na yɛte nkwa mu, yɛanya nhoma pii agu yɛn bag mu bio, na na ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔte Rio de Janeiro nyinaa. Nanso, na yɛbɛyɛ dɛn aka asɛm no bere a na yɛnte Portugal kasa ahe biara no? Yɛnam adansedi krataa so na na ɛbɛyɛ saa. “Por favor, leia este cartão” (“Yɛsrɛ sɛ kenkan krataa yi”) ne Portugal kasa a edi kan a yesua de dii dwuma wɔ asɛnka adwuma no mu. Na hwɛ sɛnea krataa no boaa yɛn yiye! Yɛkyekyɛɛ nhoma 1,000 wɔ ɔsram biako mu. Nnipa pii a wogyee yɛn Bible ho nhoma no gyee nokware no akyiri yi. Nokwarem no, yɛn nhoma no dii adanse yiye sen nea na yebetumi ayɛ. Eyi ma mihuu hia a ehia sɛ yɛde yɛn nhoma ahorow no bɛmema anigyefo no.

Saa bere no na Rio de Janeiro ne Brazil ahenkurow, na wotiee yɛn asɛm no yiye wɔ aban mpanyimfo adwumayɛbea horow no. Minyaa hokwan dii ɔsoafo a ɔhwɛ sikasɛm so ne ɔsoafo a ɔhwɛ asraafo ho nsɛm so no adanse. Saa mmere yi nyinaa no, mihuu adanse pefee sɛ Yehowa honhom reyɛ adwuma.

Bere bi a na mereka asɛm wɔ abɔnten so wɔ Rio kurom no, miwuraa ɛhɔnom Asɛnnibea Dan kɛse no mu. Nea mihui ara ne sɛ migyina ɔdan bi mu a mmarima a wɔhyehyɛ ntade tuntum atwa me ho ahyia, te sɛ nea wɔreyɛ ayi. Mekɔɔ ɔbarima bi a na ɔda nsow wɔ wɔn mu no nkyɛn de m’adansedi krataa no maa no. Na ɛnyɛ ayi na wɔreyɛ. Nokwarem no, na makotwa asɛm bi a wɔredi so, na na ɔtemmufo no na me ne no rekasa no. Ɔserewee, na ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne bi kyerɛɛ awɛmfo no sɛ wɔntɔ wɔn bo ase. Ɔde anisɔ gyee Children nhoma no biako yii ntoboa. Bere a merefi adi no, awɛmfo no biako kyerɛɛ me nkaebɔ a wɔakyerɛw no pefee wɔ pon no ho no: Proibida a entrada de pessoas estranhas (Ahɔho Biara Mma Ha).

Asasesin foforo a na ɛsow aba ne po so hyɛn gyinabea hɔ. Bere bi, mihyiaa po so hyɛn mu dwumayɛni bi a ogyee nhoma ansa na ɔresan akɔ po so bio. Akyiri yi, yehyiaa no nhyiam ase. Na n’abusua nyinaa agye nokware no, na na ɔno ankasa renya nkɔso yiye. Ɛno ma yɛn ani gyee yiye.

Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛkɔɔ so dwoodwoo. Yɛn asram asia akwantu tumi krataa no wui, na nea na yɛrehwɛ kwan ne sɛ wɔbɛpam yɛn afi ɔman no mu. Bere a yɛkyerɛw adwumayɛbea ti no kaa yɛn tebea ho asɛm kyerɛɛ wɔn akyi no, Onua Rutherford kyerɛw yɛn krataa bi a emu nsɛm yɛ dɛ a ɛhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yemmia yɛn ani, na ɔmaa yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so ho nyansahyɛ. Na nea yɛpɛ ne sɛ yɛbɛtra Brazil, na awiei koraa no, ɛdenam mmaranimfo bi mmoa so no yɛn nsa kaa akwantu tumi krataa a yebetumi de atra hɔ daa wɔ afe 1945 mu.

Dwumadi a Egye Bere Tenten

Nanso, ansa na ɛno reba no, na yɛawo Jonathan, yɛn babarima no wɔ afe 1941 mu, Ruth wɔ afe 1943 mu, ne Esther wɔ afe 1945 mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛadi yɛn abusua a na ɛreyɛ kɛse no ahiade ho dwuma no, na ɛsɛ sɛ meyɛ honam fam adwuma. Margaritha kɔɔ so yɛɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no kosii sɛ yɛwoo yɛn ba a ɔto so abiɛsa no.

Efi mfiase no, yɛbɔɔ mu yɛɛ adwuma sɛ abusua wɔ asɛmpaka adwuma no mu wɔ kurow no mmɔnten so, keteke gyinabea horow, mmorɔn so, ne mmeae a wɔyɛ nnwuma. Yɛbɔɔ mu kyekyɛɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Memeneda anadwo, na na eyi yɛ mmere a ɛyɛ anigye yiye.

Wɔ fie no, na abofra biara wɔ adwuma a ɔyɛ. Na Jonathan na osiesie sutof ho ne gyaade hɔ. Mmeawa no na wosiesie frigye mu, prapra adiwo, twitwiw yɛn mpaboa ho. Eyi boaa wɔn ma wosuaa sɛnea wɔbɛyɛ nhyehyɛe pa na wɔafi wɔn pɛ mu ayɛ ade. Ɛnnɛ, yɛn mma no yɛ nkurɔfo a wɔyɛ nsi wɔ adwumayɛ mu a wɔhwɛ wɔn afie ne wɔn nneɛma so yiye, na eyi ma me ne Margaritha ani gye yiye.

Yɛhwɛɛ kwan nso sɛ yɛn mma no bɛyɛ wɔn ade yiye wɔ asafo nhyiam horow ase. Ansa na dwumadi no befi ase no, na wɔnom nsu kuruwa biako na wɔakɔdwensɔ. Sɛ nhyiam no rekɔ so a, na Jonathan tra me benkum, Ruth tra me nifa, na Margaritha adi so, na Esther atra ne nifa. Eyi boaa wɔn ma wɔde wɔn adwene sii nneɛma so, na wodii honhom fam aduan fii wɔn mmofraase.

Yehowa ahyira yɛn mmɔdenbɔ so. Yɛn mma no nyinaa resom Yehowa nokwaredi mu na wɔde anigye reyɛ asɛnka adwuma no. Mprempren Jonathan som sɛ ɔpanyin wɔ Novo Méier Asafo mu wɔ Rio de Janeiro.

Eduu afe 1970 no, na yɛn mma no nyinaa awareware afi fie, enti me ne Margaritha sii gyinae tu kɔsom baabi a mmoa ho hia kɛse. Beae a edi kan a yɛkɔe ne Poços de Caldas, a ɛwɔ Minas Gerais Mantam a saa bere no na wɔwɔ kuw ketewaa bi a Ahenni adawurubɔfo 19 na wɔwom no mu. Bere a mihuu baabi a wohyiam nea edi kan no, ɛhaw me yiye—ɔdan bi a ɛhyɛ fam a mfɛnsere nni ho, na ehia sɛ wosiesie no. Ntɛm ara na yefii ase hwehwɛɛ Ahenni Asa foforo, na ankyɛ na yenyaa ɔdan fɛfɛ bi a esi beae a ɛfata koraa. Hwɛ nsakrae a ɛno de bae! Mfirihyia anan ne fã akyi no, na adawurubɔfo no dodow akɔ anim akodu 155. Wɔ afe 1989 mu no, yetu kɔɔ Araruama a ɛwɔ Rio de Janeiro, baabi a yɛsomee mfirihyia akron. Saa bere yi mu no, wɔtee asafo ahorow abien foforo wɔ yɛn anim.

Yɛanya Yɛn Dwumadi Mu a Yɛtrae no So Akatua

Wɔ afe 1998 mu no, akwahosan ho nsɛnnennen ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛbɛn yɛn mma no ma yetu kɔɔ São Gonçalo, Rio de Janeiro. Meda so ara som sɛ asafo mu panyin wɔ hɔ. Yɛbɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ asɛnka adwuma no mu daa. Margaritha ani gye adanse a odi nkurɔfo wɔ gua bi a ɛbɛn yɛn no so ho, na asafo no fi ayamye mu de asasesin bi a ɛbɛn yɛn fie ama yɛn, na ɛma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yɛbɛka asɛm no sɛnea yɛn akwahosan bɛma yɛn kwan.

Me ne Margaritha ayɛ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so bɛboro mfirihyia 60 ni. Yɛn ankasa ahu sɛ ‘atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara ntumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.’ (Romafo 8:38, 39) Na hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛahu “nguan foforo” a wɔwɔ anidaso a ɛyɛ anigye sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase a ɛyɛ pɛ a Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ fɛ atwa wɔn ho ahyia so no anoboaboa no! (Yohane 10:16) Bere a yeduu Rio de Janeiro wɔ afe 1940 mu no, na asafo biako pɛ a adawurubɔfo 28 wom na ɛwɔ hɔ. Ɛnnɛ, asafo ahorow bɛyɛ 250 ne Ahenni adawurubɔfo bɛboro 20,000 na ɛwɔ hɔ.

Mmere bi bae a na anka yebetumi asan akɔ yɛn abusuafo nkyɛn wɔ Europa. Nanso, adwuma a Yehowa de ama yɛn no wɔ Brazil ha. Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ yɛatra yɛn dwumadi mu!

[Ase hɔ nsɛm]

Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso wɔagyae tintim.

Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso wontintim bio.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Ahenni Afuw mu, Steffisburg, Switzerland, wɔ afe 1930 mfe no mu (Me na mewɔ benkum so paa no)

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Aka kakraa ma yɛahyia ayeforo wɔ afe 1939 mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Casablanca wɔ afe 1940 mfe no mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yɛreka asɛm no sɛ abusua

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu daa nnɛ