Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Apere a Wodi Sɛ Wobenya Bible Wɔ Nnɛyi Hela Kasa mu

Apere a Wodi Sɛ Wobenya Bible Wɔ Nnɛyi Hela Kasa mu

Apere a Wodi Sɛ Wobenya Bible Wɔ Nnɛyi Hela Kasa mu

Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔ Greece, ɔman a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no baabi a obiara tumi da ne nsusuwii adi wɔ mu no, Bible no a wɔbɛkyerɛ ase akɔ nnɛɛmmafo kasa mu no ayɛ asɛnnennen a wɔadi ho apere bere tenten. Nanso hena na obetumi asiw Hela kasa mu Bible a asete yɛ mmerɛw a wobenya no kwan? Dɛn nti koraa na obi bɛpɛ sɛ osiw ho kwan?

EBIA obi besusuw sɛ wɔn a wɔka Hela kasa no anya hokwan kɛse paa, efisɛ wɔn kasa mu na wodii kan kyerɛw Kyerɛw Kronkron no fã kɛse no ara. Nanso, nnɛyi Hela kasa no yɛ soronko koraa wɔ Hela kasa a wogyinaa so yɛɛ Septuagint nkyerɛase fii Hebri Kyerɛwnsɛm mu ne nea wogyinaa so kyerɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase ho. Nokwarem no, bɛyɛ mfeha asia a atwam no, nnipa a wɔka Hela kasa no mu dodow no ara ahu sɛ Bible a ɛwɔ Hela kasa mu no ayɛ sɛ nea ɛyɛ amannɔne kasa bi. Nsɛmfua foforo abesi dedaw no ananmu, na nsɛm mmoano, kasa mmara, ne sɛnea wɔhyehyɛ kasamu no asesa.

Hela nsaano nkyerɛwee a wɔboaboaa ano fi afeha a ɛto so 3 kosi 16 mu no di mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔbɛkyerɛ Septuagint no ase akɔ Hela kasa a aba foforo mu no ho adanse. Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa mu no, Gregory, ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Neocaesarea (efi bɛyɛ afe 213-kosi bɛyɛ 270 Y.B.) no, kyerɛɛ Ɔsɛnkafo nhoma no ase fi Septuagint mu kɔɔ Hela kasa a asete nyɛ den mu. Wɔ afeha a ɛto so 11 mu no, Yudani bi a wɔfrɛ no Tobias ben Eliezer a ɔte Macedonia no kyerɛɛ Pentateuch a ɛwɔ Septuagint mu no fã bi ase kɔɔ nnɛyi Hela mu. Ɔde Hebri nkyerɛwde mpo dii dwuma na aboa Yudafo a wɔte Macedonia a na wɔka Hela kasa nkutoo nanso wotumi kenkan Hebri nkyerɛwee no. Wotintim Pentateuch a ɛte saa a edi mu koraa no wɔ Constantinople wɔ afe 1547 mu.

Hann Bi Pue Wɔ Sum Mu

Bere a Byzantium Ahemman no fã a wɔka Hela kasa no hwee ase wɔ Ottomanfo nsam wɔ afeha a ɛto so 15 mu no, nnipa a na wɔwɔ hɔ no mu fã kɛse no ara annya nhomasua mu kyɛfa. Ɛwom sɛ na nneɛma di boa Ortodɔks Asɔre no kɛse wɔ Ottoman Ahemman mu de, nanso wɔyɛɛ anibiannaso maa wɔn nguan no dii hia, na wɔbɛyɛɛ nnipa a wɔn asetra ba fam a na wonnim nhoma. Helani nhomakyerɛwfo Thomas Spelios kae sɛ: “Ná Ortodɔks Asɔre no botae titiriw ne wɔn nhomasua ho nhyehyɛe ne sɛ wɔbɛbɔ asɔremma no ho ban na Nkramosom ne Roma Katolekfo nkyerɛkyerɛ amfa wɔn nnommum. Ne saa nti, Helafo nhomasua annya nkɔanim biara.” Wɔ tebea a enye saa mu no, ankorankoro a wɔn ani gye Bible ho no huu hia a ehia sɛ wɔde nsɛm a ɛma akomatɔyam ne awerɛkyekye a ɛwɔ Bible Nnwom nhoma mu no ma nnipa a wɔahaw no. Efi afe 1543 kosi 1835 no, na wɔakyerɛ Nnwom nhoma no ahorow 18 ase kɔ Hela kasa a wɔka no mu.

Maximus Callipolites, Helani kokorani bi a ɔwɔ Callipolis, na odii kan kyerɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mũ no nyinaa ase kɔɔ Hela kasa mu wɔ afe 1630 mu. Eyi kɔɔ so wɔ Cyril Lucaris, tete agya bi a na ɔwɔ Constantinople a na ɔrebɛyɛ nsiesie adwuma wɔ Ortodɔks Asɔre mu no akwankyerɛ ne ne mmoa ase. Nanso, wɔ asɔre no mu no, na Lucaris wɔ atamfo a wonnye mmɔden biara a ɔbɔ sɛ obesiesie nneɛma no ntom anaasɛ na wɔmpene so sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ kasa a wɔka no mu. * Wokum no sɛ ɔfatwafo. Nanso, wotintim Maximus nkyerɛase no mfuamfua bɛyɛ 1,500 wɔ afe 1638 mu. Nea wɔyɛe wɔ nkyerɛase yi ho ne sɛ, mfirihyia 34 akyi no, Ortodɔks asɔre bagua a ɛwɔ Yerusalem no kae sɛ “ɛnyɛ obiara kɛkɛ na ɛsɛ sɛ ɔkenkan” Kyerɛwnsɛm no, “na mmom wɔn a wɔhwehwɛ honhom mu nneɛma a emu dɔ mu na wɔyɛ nhwehwɛmu a ɛfata no nkutoo.” Nea na eyi kyerɛ ne sɛ asɔfo a wɔasua nhoma akɔ akyiri no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no.

Wɔ afe 1703 mu no, Seraphim, Helani kokorani bi a ofi Lesbos supɔw so no bɔɔ mmɔden sɛ obetintim Maximus nkyerɛase no a wɔayɛ mu nsakrae no wɔ London. Bere a Engiresi atumfoɔ anni bɔhyɛ a ɛne sɛ wɔbɛboa no wɔ sikasɛm mu no so no, ɔno ankasa de ne sika tintim nkyerɛase a wɔayɛ mu nsakrae no. Wɔ nnianim asɛm a emu yɛ hyew mu no, Seraphim sii hia a ehia sɛ “Kristoni mapa biara” kenkan Bible no so dua, na ɔbɔɔ asɔre no asɔfo a wɔn dibea korɔn no sobo sɛ “wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkata wɔn nneyɛe bɔne so denam nkurɔfo no a wɔmma wonnya nimdeɛ no so.” Sɛnea yebetumi ahwɛ kwan no, Ortodɔks asɔre no mufo a wɔsɔre tiaa no no ma wɔkyeree no wɔ Russia, na wotwaa no asu kɔɔ Siberia, baabi a owui wɔ afe 1735 mu no.

Bere a Helani sɔfo bi reka honhom fam kɔm kɛse a ɛde nnipa a na wɔka Hela kasa saa bere no ho asɛm no, ɔkaa asɛm a edi so yi faa Maximus nkyerɛase a wɔyɛɛ mu nsakrae akyiri yi no ho sɛ: “Helafo no ne afoforo de ɔdɔ ne anigyina na egyee Kyerɛw Kronkron yi. Na wɔkenkanee. Na wɔtee nka sɛ ɛyaw a ɛwɔ wɔn mu no ano adwo, na Onyankopɔn mu gyidi a wɔwɔ no . . . yɛɛ kɛse.” Nanso, wɔn honhom fam akannifo no suroe sɛ sɛ nkurɔfo te Bible no ase a, asɔfo no gyidi ne wɔn nneyɛe a ennyina Kyerɛwnsɛm so no ho bɛda hɔ. Enti, wɔ afe 1823 ne afei 1836 mu no, tete agya a ɔwɔ Constantinople no de ahyɛde mae sɛ wɔnhyew saa Bible nkyerɛase no nyinaa.

Nsɛm Asekyerɛfo a Ɔwɔ Akokoduru

Ɔsɔretia a emu yɛ den ne Bible mu nimdeɛ ho akɔnnɔ a emu yɛ den yi mu na onipa titiriw bi sɔree a odii dwuma titiriw boa ma wɔkyerɛɛ Bible no ase baa nnɛyi Hela kasa mu. Saa barima kokodurufo yi ne Neofitos Vamvas, kasa ho nimdefo nuonyamfo ne Bible ho nimdefo a ɔda nsow a na nnipa nyinaa bu no sɛ “Amanaman Akyerɛkyerɛfo” no mu biako no.

Vamvas hui pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nkurɔfo no honhom fam nimdeɛ biara a wonni no ho asodi to Ortodɔks Asɔre no so. Ogye dii ankasa sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔakanyan nkurɔfo no wɔ honhom fam no, na ehia sɛ wɔkyerɛ Bible no ase kɔ Hela a wɔka no saa bere no mu. Wɔ afe 1831 mu no, ɛdenam nhomanimfo afoforo mmoa so no, ofii ase kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Hela a nnipa dodow no ara nim mu. Wotintim ne nkyerɛase mũ no nyinaa wɔ afe 1850 mu. Esiane sɛ Greece Ortodɔks Asɔre no ammoa no nti, ɔne Britania ne Amannɔne Bible Fekuw (BFBS) no boom tintim ne nkyerɛase no de memae. Asɔre no kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “Protestantni,” na ankyɛ na wobuu no ɔwaefo.

Vamvas nkyerɛase no dii King James Version no akyi pɛpɛɛpɛ, na mfomso a na ɛwɔ saa nkyerɛase no mu no puee Vamvas de no mu esiane Bible mu nimdeɛ ne kasa ho nimdeɛ a na ɛba fam saa bere no nti. Nanso, wɔ mfe pii mu no, na ɛno ne Bible nkyerɛase a edi mu a ɛwɔ nnɛyi Hela kasa mu a na nkurɔfo nsa betumi aka. Anigyesɛm ne sɛ, na Onyankopɔn din no pue wom mpɛn anan, na na wɔakyerɛw no “Ieová.”—Genesis 22:14; Exodus 6:3; 17:15; Atemmufo 6:24.

Nkurɔfo yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Bible yi ne Bible nkyerɛase afoforo a na asete nyɛ den no ho? Wɔn ani gyee ho paa! Wɔ ahyɛmma bi a ekosii Hela nsupɔw no biako so mu no, obi a na ɔtɔn Bible ma BFBS fekuw no “ho yeraw no kɛse bere a ohui sɛ mmofra ayeyɛ ahyɛmma mu ma reba ne so abɛtɔ [Bible] no . . . ma enti ɔka kyerɛɛ hyɛnkafo no sɛ ontu nkɔ” anyɛ saa a ɔbɛtɔn nea ɔwɔ nyinaa wɔ beae biako pɛ! Nanso asɔretiafo no anyɛ koom wɔ eyi ho.

Ortodɔks asɔfo no bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ saa Bible nkyerɛase no ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Athens kurow mu no, wogyigyee Bible no. Wɔ afe 1833 mu no, Ortodɔks sɔfo panyin a ɔwɔ Crete no hyew “Apam Foforo” a ohui wɔ nkokorafi bi mu no. Ɔsɔfo bi de biako siei, na nnipa a wɔwɔ nkuraase a ɛbemmɛn hɔ no de wɔn de siei kosii sɛ ɔsɔfo panyin no fii supɔw no so.

Mfe bi akyi wɔ Corfu supɔw so no, Greece Ortodɔks Asɔre Bagua Kronkron no baraa saa Bible nkyerɛase a Vamvas yɛe no. Wɔbaraa ne tɔn, na wɔsɛee dodow a na ɛwɔ hɔ no. Wɔ Chios, Síros, ne Mykonos nsupɔw so no, basabasayɛ a asɔfo a wɔwɔ hɔ ma ɛsɔree no ma wɔhyew Bible no. Nanso na akwan pii da so wɔ hɔ a wɔbɛfa so aka Bible nkyerɛase yi ahyɛ.

Ɔhemmaa Bi Kyerɛ Bible no Ho Anigye

Wɔ afe 1870 mfe no mu no, Ɔhemmaa Olga a ɔwɔ Greece no hui sɛ Helafo dodow no ara nni Bible mu nimdeɛ kɛse. Esiane sɛ na ogye di sɛ Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ bɛma asomdwoe ne kommyɛ aba ɔman no mu nti, ɔhwehwɛe sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ kasa a obiara betumi ate ase sen Vamvas nkyerɛase no mu.

Ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Athens, a ɔda Bagua Kronkron no ano, Prokopios, hyɛɛ ɔhemmaa no nkuran wɔ saa dwumadi yi ho, bere a na bagua no mmaa no kwan. Nanso, bere a ɔhemmaa no kobisaa hokwan no, wɔamma no kwan. Nanso, ɔbɔɔ ho mmɔden araa, na ɔde akwammisa foforo kɔe wɔ afe 1899 mu, na ne mprennu so no, wɔampene so. Obuu n’ani guu eyi so, na osii gyinae sɛ n’ankasa bɛbɔ ka atintim kakra. Owiee eyi wɔ afe 1900 mu.

Asɔretiafo a Wɔawe Ahinam So

Wɔ afe 1901 mu no, The Acropolis, Atenefo atesɛm krataa titiriw bi tintim Mateo Asɛmpa a Alexander Pallis, nsɛm asekyerɛfo bi a ɔwɔ Liverpool, England, kyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa a nnɛɛmmafo ka mu no. Ɛda adi sɛ na Pallis ne n’ahokafo no botae ne sɛ ‘wɔbɛkyerɛkyerɛ Helafo no’ na “wɔaboa ma ɔman no” annyigyaw.

Ortodɔks nyamekyerɛ adesuafo ne wɔn akyerɛkyerɛfo kaa nkyerɛase no ho asɛm sɛ “ɛyɛ ɔman no nkaede a ɛsom bo sen biara a wɔredi ho fɛw,” Kyerɛw Kronkron no a wogu ho fĩ. Tete agya Joakim III a ɔwɔ Constantinople no kyerɛw krataa bi de kasa tiaa nkyerɛase no. Ntawntawdi no kowiee amammuisɛm mu, na ɛnam so maa basabasayɛ baa amammuifo ntam.

Athens nhomatintimbea no fã a ɛwɔ nkɛntɛnso no fii ase kasa tiaa Pallis nkyerɛase no, na ɛkaa n’akyitaafo ho asɛm sɛ “wɔn a wonnye Onyankopɔn nni,” “afatwafo,” ne “ananafo atumfoɔ adwumayɛfo” a wɔawe ahinam so sɛ wɔbɛpaapae Hela man mu. Efi November 5 kosi 8, 1901 no, Greece Ortodɔks Asɔre no mufo a wokura tete adwene nkutoo no nunuu adesuafo ma wɔyɛɛ basabasa wɔ Athens. Wɔkɔtow hyɛɛ The Acropolis dwumadibea no so, wɔtoo santen kɔɔ ahemfie, wɔkɔyɛɛ dede wɔ Athens Sukuupɔn mu, na wɔkyerɛe sɛ aban no mfi agua so. Bere a basabasayɛ no baa awiei no, na nnipa baawɔtwe na asraafo a wɔne wɔn de sii ani no ama wɔawuwu. Ade kyee no, ɔhene no hyɛe sɛ Ɔsɔfopɔn Prokopios mfa ne dibea nto hɔ, na nnanu akyi no, aban asoafo no nyinaa gyaee adwuma.

Ɔsram biako akyi no, adesuafo no san yɛɛ ɔyɛkyerɛ de tew atua, na wɔhyew Pallis nkyerɛase no biako wɔ baguam. Wɔyɛɛ tirimbɔ de tiaa saa nkyerɛase yi a wɔbɛkyekyɛ no, na wɔhyɛe sɛ wɔmfa asotwe a emu yɛ den mma obiara a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyekyɛ bi daakye no. Wogyinaa eyi so barae sɛ obiara mmfa nnɛyi Hela Bible nkyerɛase no nnni dwuma bio. Esum bere ampa!

‘Yehowa Asɛm Te Hɔ Daa’

Wotwaa mmara a wɔde barae sɛ mma wɔmmfa nnɛyi Hela kasa mu Bible no nni dwuma no mu wɔ afe 1924 mu. Efi saa bere no, Greece Ortodɔks Asɔre no adi nkogu koraa wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔmmma nkurɔfo nsa nnka Bible no mu. Saa bere yi, Yehowa Adansefo adi anim wɔ Bible nkyerɛkyerɛ mu wɔ Greece, sɛnea wɔayɛ wɔ aman foforo pii so no. Efi 1905 no, wɔde Vamvas nkyerɛase no adi dwuma aboa nnipa mpempem pii a wɔka Hela kasa no ma wɔanya Bible mu nokware ho nimdeɛ.

Mfe a abɛsen kɔ mu no, nhomanimfo ne abenfo pii abɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛyɛ Bible wɔ nnɛyi Hela kasa mu. Ɛnnɛ, Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ho nkyerɛase ahorow 30 na ɛwɔ Hela kasa mu a Helani a onim akenkan biara betumi akenkan bi. Nea ɛsom bo sen biara wom ne New World Translation of the Holy Scriptures a ɛwɔ Hela kasa mu a woyii no adi wɔ afe 1997 mu a ɛbɛboa nnipa ɔpepem 16 a wɔka Hela kasa wɔ wiase nyinaa no. Saa nkyerɛase yi a Yehowa Adansefo yɛe no ama ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm ate ase, na ɛfoa tete nkyerɛwee no so pɛpɛɛpɛ.

Apere a wɔadi sɛ wobenya Bible wɔ nnɛyi Hela kasa mu no da nokwasɛm titiriw bi adi. Ɛda adi pefee sɛ ɛmfa ho mmɔden a nnipa bɛbɔ sɛ wobesiw ano no, ‘Yehowa asɛm te hɔ daa.’—1 Petro 1:25.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Sɛ wopɛ Cyril Lucaris ho nsɛm pii a, hwɛ February 15, 2000, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 26-9.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Cyril Lucaris na ɔhyɛe sɛ wɔnkyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa ase nkɔ Hela kasa mu nea edi kan wɔ afe 1630 mu

[Asɛm Fibea]

Bib. Publ. Univ. de Genève

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]

Bible nkyerɛase ahorow bi a wɔayɛ kɔ Hela a wɔka no nnɛ mu: Nnwom a: (1) Ilarion tintimii wɔ 1828 mu, (2) Vamvas tintimii wɔ 1832 mu, (3) Julianus tintimii wɔ 1643 mu. “Apam Dedaw” no a: (4) Vamvas tintimii wɔ 1840 mu

Ɔhemmaa Olga

[Asɛm Fibea]

Bibles: National Library of Greece; Ɔhemmaa Olga: Culver Pictures

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

Papyrus: Reproduced by kind permission of The Trustees of the Chester Beatty Library, Dublin

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]

Papyrus: Reproduced by kind permission of The Trustees of the Chester Beatty Library, Dublin