Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwumadi a Ɛhyɛ Abrabɔ Pa Ho Nkuran

Dwumadi a Ɛhyɛ Abrabɔ Pa Ho Nkuran

Dwumadi a Ɛhyɛ Abrabɔ Pa Ho Nkuran

Wɔ 2001 awiei no, wɔn a wotiee Radio Mozambique ɔman akwansosɛm no tee saa amanneɛbɔ yi:

“Adehyeman yi mampanyin kɔsraa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Maputo no. Ɔhyɛɛ nyamesom ahyehyɛde yi nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho wɔ dwumadi a wɔde rehyɛ abrabɔ pa ho nkuran wɔ mmusua mu ne nhomasua a wɔnam akyerɛw ne akenkan so ma mpanyimfo nya no mu. Nnipa bɛyɛ 10,000 na wɔanya saa nhyehyɛe yi mu mfaso dedaw. Sɛnea Ɔmampanyin Chissano kyerɛ no, ɛsɛ sɛ yɛkamfo nhyehyɛe a ɛte sɛɛ, efisɛ ɛyɛ ade titiriw a ɛbɛboa ɔmanfo ma wɔadi nhomasua ho nsɛnnennen a ɔman yi da so ara hyia no ho dwuma.”

Wɔde ɔmampanyin kasa no mu nsɛntitiriw a wɔakyere agu hama so no toaa amanneɛbɔ no so sɛ: “Ɛyɛ nkuranhyɛ kɛse sɛ yehu sɛ nnipa pii rekyerɛ nhomasua ho anigye. Ɛkyerɛ yɛn sɛ ɔmanfo bɛboa ma nnipa dodow a wonnim akyerɛw ne akenkan no so atew. Enti, mepɛ sɛ mehyɛ Yehowa Adansefo nkuran sɛ wɔnhyɛ wɔn akyerɛw ne akenkan dwumadi ahorow no mu den, ɛmfa ho kasa ko a wɔyɛ no wom no. Nea ehia titiriw ne sɛ nkurɔfo behu akyerɛw ne akenkan na atumi ayɛ mmerɛw sɛ wɔne wɔn ho bedi nkitaho na daakye nso wɔanya nhomasua mu kyɛfa kɛse.”

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mozambique no yɛ akyerɛw ne akenkan adesua wɔ mmeae 850 wɔ ɔman no nyinaa mu sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo betumi akenkan Onyankopɔn Asɛm. Ɛno akyi no, wɔyɛ ofie Bible adesua bɛyɛ 50,000 dapɛn biara a wonnye hwee. Eyi nyinaa ka wiase nyinaa Bible adesua nhyehyɛe a seesei adu nsase 235 so no ho. (Mateo 24:14) Wo nso wubetumi anya dwumadi yi mu mfaso. Yɛsrɛ sɛ fi wo pɛ mu hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ no.