Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Hia Wɔn Ho Wɔn ho

Kristofo Hia Wɔn Ho Wɔn ho

Kristofo Hia Wɔn Ho Wɔn ho

“Yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.”—EFESOFO 4:25.

1. Dɛn na nhoma bi a ɛka nneɛma pii ho nsɛm ka fa nipadua no ho?

NIPADUA yɛ abɔde a ɛyɛ nwonwa! The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a nkurɔfo frɛ nipadua afiri—afiri a ɛyɛ nwonwa sen biara a wɔahyehyɛ pɛn. Nokwarem no, nipadua nyɛ afiri. Nanso, yebetumi de atoto ho wɔ akwan pii so. Te sɛ afiri no, nipadua wɔ akwaa ahorow pii. Te sɛ afiri fã biara no, nipadua akwaa biara yɛ nnwuma titiriw bi. Nanso, akwaa no nyinaa bom yɛ adwuma ma enti nipadua anaa afiri no tumi yɛ adwuma yiye.”

2. Ɔkwan bɛn so na nipadua ne Kristofo asafo no di nsɛ?

2 Yiw, nipadua wɔ akwaa ahorow pii, na emu biara yɛ biribi a ɛho hia. Ntini biako, anaa nipadua no akwaa foforo biara nni hɔ a mfaso nni so. Saa ara na Kristofo asafo no muni biara betumi ayɛ biribi ma asafo no honhom fam ahoɔden ne anuonyam anya nkɔanim. (1 Korintofo 12:14-26) Ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ asafo no muni bi bu ne ho sɛ ɔkorɔn sen afoforo de, nanso ɛnsɛ sɛ obiara bu ne ho sɛ ne ho nhia nso.—Romafo 12:3.

3. Ɔkwan bɛn so na Efesofo 4:25 da no adi sɛ Kristofo hia wɔn ho wɔn ho?

3 Te sɛ nea nipadua akwaa ahorow dan wɔn ho wɔn ho no, saa ara na Kristofo hia wɔn ho wɔn ho. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo a wɔde honhom asra wɔn no sɛ: “Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.” (Efesofo 4:25) Esiane sɛ honhom fam Israel—“Kristo nipadua” no ‘wɔ hɔ ma wɔn ho wɔn ho’ nti, wodi wɔn ho wɔn ho nokware, na biakoyɛ wɔ wɔn mu. Yiw, wɔn mu biara yeyɛ wɔn ho wɔn ho akwaa. (Efesofo 4:11-13) Wɔn a wɔne wɔn ayɛ biako anigye mu ne Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso a wodi nokware na wɔpɛ biakoyɛ no.

4. Akwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo no?

4 Afe biara, wɔbɔ nnipa mpempem pii a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra asase so wɔ paradise no asu. Asafo no mufo afoforo de anigye boa wɔn ma “wɔpere kɔ onyin mu.” (Hebrifo 6:1-3, NW) Nea ɛka mmoa yi ho bi ne Kyerɛwnsɛm mu nsɛmmisa ho mmuae anaa mmoa a mfaso wɔ so a wɔde ma wɔn wɔ asɛnka adwuma mu no. Yebetumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo no denam nhwɛso pa a yɛbɛyɛ wɔ Kristofo nhyiam ahorow mu kyɛfa a yebenya daa no so. Yebetumi nso ahyɛ wɔn nkuran anaasɛ yɛakyekye wɔn werɛ wɔ ahohia bere mu. (1 Tesalonikafo 5:14, 15) Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa afoforo ma ‘wɔakɔ so anantew nokware no mu.’ (3 Yohane 4) Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin, sɛ́ afei na yɛaba nokware no mu anaasɛ yɛatra mu mfirihyia pii no, yebetumi aboa ma mfɛfo gyidifo adi yiye wɔ honhom fam—na wohia yɛn ankasa.

Wɔde Mmoa a Ɛho Hia Mae

5. Ɔkwan bɛn so na Akwila ne Priskila yɛɛ Paulo mmoa?

5 Kristofo awarefo ka wɔn a wonya abotɔyam wɔ mmoa a wɔde ma mfɛfo gyidifo mu no ho. Sɛ nhwɛso no, Akwila ne ne yere, Priskila (Priska), boaa Paulo. Wogyee no kɔɔ wɔn fie ne no yɛɛ adwuma sɛ ntamadanyɛfo, na wɔboaa no ma ɔhyɛɛ Korinto asafo foforo no den. (Asomafo no Nnwuma 18:1-4) Wɔde wɔn nkwa mpo too asiane mu maa Paulo wɔ tebea bi a wɔankyerɛkyerɛ mu no mu. Na wɔte Roma bere a Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ no sɛ: “Munkyia Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfo Kristo Yesu mu a wɔde wɔn ankasa kɔn momae de sii me kra ananmu; na ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso” no. (Romafo 16:3, 4) Te sɛ Akwila ne Priskila no, nnɛyi Kristofo hyehyɛ asafo ahorow den na wɔboa mfɛfo asomfo wɔ akwan pii so, na ɛtɔ bere bi mpo a wɔde wɔn ankasa nkwa to asiane mu sɛ wɔrenyi Onyankopɔn asomfo foforo nhyɛ wɔn ataafo nsa mma wɔnyɛ wɔn ayayade anaasɛ wonkum wɔn.

6. Mmoa bɛn na Apolo nyae?

6 Akwila ne Priskila boaa Kristoni Apolo a na n’ano atew a na ɔrekyerɛkyerɛ Efesofo Yesu Kristo ho nsɛm no nso. Saa bere no, na Yohane asubɔ a ɛyɛ bɔne a wɔayɛ atia Mmara apam no ho adwensakra ho sɛnkyerɛnne no nkutoo na na Apolo nim. Bere a Akwila ne Priskila hui sɛ Apolo hia mmoa bi no, “wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.” Ebetumi aba sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ Kristofo asubɔ yɛ nsu mu a wɔde obi hyɛ ne honhom kronkron a wohwie gu ne so. Apolo suaa ade yiye. Akyiri yi, wɔ Akaia no, “ɔboaa wɔn a wɔnam [Onyankopɔn dom] so agye adi no pii. Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui gua so nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.” (Asomafo no Nnwuma 18:24-28) Mpɛn pii na nsɛm a mfɛfo asomfo ka no boa ma yɛte Onyankopɔn Asɛm ase yiye. Wɔ eyi mu nso no, yehia yɛn ho yɛn ho.

Honam Fam Mmoa a Yɛde Bɛma

7. Filipifo no yɛɛ wɔn ade dɛn bere a na wɔn mfɛfo Kristofo hia honam fam mmoa no?

7 Ná Kristofo asafo a ɛwɔ Filipi no dɔ Paulo yiye, na wɔde honam fam nneɛma kɔmaa no bere a na ɔwɔ Tesalonika no. (Filipifo 4:15, 16) Bere a na anuanom a wɔwɔ Yerusalem no hia honam fam mmoa no, Filipifo no daa no adi sɛ wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa wɔn ma aboro nea wɔn ahoɔden betumi so mpo. Paulo ani sɔɔ ne nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Filipi no su pa no araa ma ɔde wɔn yɛɛ nhwɛso maa gyidifo afoforo.—2 Korintofo 8:1-6.

8. Su bɛn na Epafrodito daa no adi?

8 Bere a na Paulo da afiase no, ɛnyɛ honam fam akyɛde nko na Filipifo no de kɔmaa no, na mmom wɔsomaa Epafrodito nso ma ɔkɔhwɛɛ no. Paulo kae sɛ: “Kristo adwuma nti na [Epafrodito bɛn] owu, na ɔde ne kra too hɔ sɛ obesi mo ananmu asom me wɔ nea aka nyinaa mu.” (Filipifo 2:25-30; 4:18) Sɛ́ ebia na Epafrodito yɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo no de, wɔnka nkyerɛ yɛn. Nanso, na ɔyɛ Kristoni a ɔwɔ ahofama na ɔyɛ ɔboafo, na na Paulo hia no ankasa. So obi a ɔte sɛ Epafrodito wɔ mo asafo mu?

Na ‘Wɔhyɛ Afoforo Den’

9. Nhwɛso bɛn na Aristarko yɛ maa yɛn?

9 Wɔkyerɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ dɔ te sɛ Akwila, Priskila, ne Epafrodito a wɔwɔ asafo biara mu no ho anisɔ kɛse. Yɛn mfɛfo asomfo binom betumi ayɛ sɛ Kristoni Aristarko a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no. Ɔne afoforo ‘hyɛɛ nkurɔfo den,’ ebia wɔkyekyee afoforo werɛ wɔ asetram nsɛmnsɛm mu anaasɛ wɔyɛɛ wɔn mmoa. (Kolosefo 4:10, 11) Aristarko nam mmoa a ɔyɛɛ Paulo no so daa ne ho adi sɛ ahohia mu adamfo ankasa. Ná ɔte sɛ onipa a wɔka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm 17:17 no: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” So ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden ‘hyɛ’ mfɛfo Kristofo ‘den’? Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn a wɔrehu amane no.

10. Nhwɛso bɛn na Petro yɛ maa Kristofo mpanyimfo?

10 Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo titiriw hyɛ wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea den. Kristo ka kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ: “Hyɛ wo nuanom den!” (Luka 22:32) Petro tumi yɛɛ saa efisɛ ɔdaa su a ɛyɛ den te sɛ ɔbo adi, titiriw, wɔ Yesu wusɔre no akyi. Mpanyimfo, mommɔ mmɔden ɔkwan biara so mfi ɔpɛ ne ɔdɔ mu nyɛ saa ara efisɛ mo mfɛfo gyidifo hia mo.—Asomafo no Nnwuma 20:28-30; 1 Petro 5:2, 3.

11. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Timoteo suban no ho a yebesusuw so mfaso?

11 Na Paulo yɔnko kwantufo, Timoteo, yɛ ɔpanyin a na odwen Kristofo foforo ho yiye. Ɛwom sɛ na ɔyare bi wɔ Timoteo so de, nanso ɔdaa gyidi a ɛyɛ den adi, na ‘ɔne Paulo somee asɛmpa no fam.’ Enti na ɔsomafo no betumi aka akyerɛ Filipifo no sɛ: “Minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no.” (Filipifo 2:20, 22; 1 Timoteo 5:23; 2 Timoteo 1:5) Yɛnam Timoteo su no bi a yɛbɛda no adi so betumi ayɛ nhyira ama yɛn mfɛfo a wɔyɛ Yehowa asomfo no. Ɛwom, ɛsɛ sɛ yegyina nnipa sintɔ ahorow a yɛn ankasa wɔ ne sɔhwɛ ahorow ano de, nanso yɛn nso yebetumi, na ɛsɛ sɛ yɛda gyidi a ɛyɛ den adi kyerɛ yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea na yefi ɔdɔ mu dwen wɔn ho. Ɛsɛ sɛ yɛkae bere nyinaa sɛ wohia yɛn.

Mmea a Wodwen Afoforo Ho

12. Dɛn na yebetumi asua afi Dorka nhwɛso no mu?

12 Mmea pa a wodwen afoforo ho no bi ne Dorka. Bere a owui no, asuafo no kɔfrɛɛ Petro de no kɔɔ abansoro dan bi mu. Ɛhɔ no, “akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe.” Wonyanee Dorka, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔkɔɔ so ‘yɛɛ nnwuma pa ne mmɔborohunu ade no.’ Mmea a wɔte sɛ Dorka a ebia wɔpam ntade anaa wofi ɔdɔ mu yɛ nneɛma ma wɔn a ahia wɔn wɔ nnɛyi Kristofo asafo no mu. Nanso, wɔn nnwuma pa no fa Ahenni nneɛma a wɔbɛma anya nkɔso ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa a wobenya ho titiriw.—Asomafo no Nnwuma 9:36-42; Mateo 6:33; 28:19, 20.

13. Ɔkwan bɛn so na Lidia dwenee ne mfɛfo Kristofo ho?

13 Ná ɔbea bi a ne din de Lidia dwen afoforo ho. Ná ofi Tiatira, na na ɔte Filipi bere a Paulo kaa asɛm wɔ hɔ bɛyɛ afe 50 Y.B. mu no. Ebia na Lidia yɛ obi a wasakra ne som abɛyɛ Yudani, nanso ebetumi aba sɛ na Yudafo kakra wɔ Filipi, na na hyiadan nni hɔ. Bere a ɔsomafo Paulo kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no, na ɔno ne mmea foforo a wɔpɛ nyamesom ahyiam wɔ asubɔnten bi ho rebɛsom wɔ hɔ. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “[Yehowa, NW] buee [Lidia] komam sɛ ontie nea Paulo ka no. Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye [Yehowa, NW] midi nokwarem a, mommra mmɛtra me fi; na ɔhyɛɛ yɛn.” (Asomafo no Nnwuma 16:12-15) Esiane sɛ na Lidia pɛ sɛ ɔyɛ nneɛma pa ma afoforo nti, ɔhyɛɛ Paulo ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ wɔntra ne nkyɛn. Sɛ Kristofo a wɔwɔ ayamye ne ɔdɔ da ahɔhoyɛ a ɛte saa adi kyerɛ yɛn nnɛ a, hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ!—Romafo 12:13; 1 Petro 4:9.

Yehia Mo Mmofra Nso

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo ne mmofra dii?

14 Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba, a ne yam ye na ɔwɔ ɔdɔ no na ofii Kristofo asafo no ase. Esiane sɛ na ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborohunu nti sɛ nkurɔfo kɔ ne nkyɛn a, na wonya abotɔyam. Bere a ebinom de wɔn mma kɔɔ Yesu nkyɛn bere bi no, n’asuafo no yɛe sɛ wɔbɛpam wɔn. Nanso, Yesu kae sɛ: “Momma mmofraa no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea. Nokware mise mo sɛ: Obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofraa no, ɔrenkɔ mu koraa.” (Marko 10:13-15) Sɛ yebenya Ahenni no nhyira no bi a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase sɛ mmofra na yɛyɛ nkurɔfo a wotumi kyerɛkyerɛ yɛn. Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ mmofra no denam atuu a ɔyɛɛ wɔn na ohyiraa wɔn no so. (Marko 10:16) Na mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Munnya awerɛhyem sɛ yɛdɔ mo na yehia mo wɔ asafo no mu.

15. Yesu asetra ho nsɛm bɛn na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka 2:40-52, na nhwɛso bɛn na ɔyɛ maa mmofra?

15 Yesu kyerɛɛ Onyankopɔn ne Kyerɛwnsɛm no ho anigye bere a na ɔda so yɛ abofra no. Bere a odii mfirihyia 12 no, ɔne n’awofo, Yosef ne Maria, fii wɔn kurom Nasaret kɔɔ Yerusalem kodii Twam afahyɛ. Wɔresan akɔ no, Yesu awofo hui sɛ na Yesu nka nnipakuw a wɔretu kwan no ho. Awiei koraa no, wohuu no sɛ ɔte asɔrefie no asa biako so retie Yudafo akyerɛkyerɛfo no na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. Bere a ɛyɛɛ Yesu nwonwa sɛ Yosef ne Maria nnim baabi a na wobehu no no, obisaa wɔn sɛ: “Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metra m’agya fi?” Ɔne n’awofo san kɔɔ fie, brɛɛ ne ho ase maa wɔn, na ɔkɔɔ so nyinii wɔ nyansa ne kɛseyɛ mu. (Luka 2:40-52) Nhwɛso pa bɛn ara na Yesu yɛ maa yɛn mmofra no sɛɛ yi! Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ wotie wɔn awofo asɛm, na wɔma wɔn ani gye honhom fam nneɛma a wobesua ho.—Deuteronomium 5:16; Efesofo 6:1-3.

16. (a) Bere a na Yesu redi adanse wɔ asɔrefie hɔ no, dɛn na mmarimaa bi teɛteɛɛm kae? (b) Hokwan bɛn na Kristofo mmofra wɔ nnɛ?

16 Sɛ́ abofra no, ebia wudi Yehowa ho adanse wɔ sukuu mu, na wo ne w’awofo di adanse wɔ afie afie. (Yesaia 43:10-12; Asomafo no Nnwuma 20:20, 21) Bere a na Yesu redi adanse na ɔresa nkurɔfo yare wɔ asɔrefie hɔ bere a na aka bere tiaa bi ma wawu no, mmarimaa bi teɛteɛɛm sɛ: “Hosiana Dawid ba”! Bere a eyi hyɛɛ asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no abufuw no, wɔkae sɛ: “Wote nea eyinom se yi?” Yesu buae sɛ: “Yiw. Monkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi, anaa?” (Mateo 21:15-17) Te sɛ saa mmofra no, mo mmofra a mowɔ asafo no mu no wɔ hokwan kɛse sɛ mubeyi Onyankopɔn ne ne Ba no ayɛ. Yɛpɛ mo asɛm, na yehia mo ne mo ayɛ Ahenni adawurubɔfo adwuma no.

Bere a Asiane Bi Asi No

17, 18. (a) Dɛn nti na Paulo yɛɛ nhyehyɛe ma woyii ntoboa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Yudea no? (b) Nkɛntɛnso bɛn na ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi kɔmaa gyidifo a wɔwɔ Yudea no nyae wɔ Yudafo ne Amanaman mufo Kristofo no so?

17 Sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara no, ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛboa yɛn mfɛfo Kristofo a ahia wɔn no. (Yohane 13:34, 35; Yakobo 2:14-17) Ɛyɛ ɔdɔ a na Paulo wɔ ma ne nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Yudea no na ɛkaa no ma ɔyɛɛ nhyehyɛe maa asafo ahorow a ɛwɔ Akaia, Galatia, Makedonia, ne Asia mantam mu no yii ntoboa kɔmaa wɔn. Ebia ɔtaa, ɔmanfo basabasayɛ, ne ɔkɔm a asuafo a wɔwɔ Yerusalem hyiae no na ɛmaa Paulo kaa nea ɔfrɛɛ no ‘amanehunu,’ “ahohia,” ne ‘wɔn nneɛma fow’ ho asɛm no. (Hebrifo 10:32-34; Asomafo no Nnwuma 11:27–12:1) Enti, ɔnam saayɛ so yɛɛ nhyehyɛe ma woyii ntoboa kɔboaa Kristofo a wɔwɔ Yudea no.—1 Korintofo 16:1-3; 2 Korintofo 8:1-4, 13-15; 9:1, 2, 7.

18 Ntoboa ahorow a woyi kɔboaa ahotefo a wɔwɔ Yudea no daa no adi sɛ onuadɔ bi wɔ Yehowa asomfo a wɔyɛ Yudafo ne Amanaman mufo a wɔsom Yehowa no ntam. Ntoboa ahorow a Kristofo a wɔyɛ Amanaman mufo yii no nso ma wotumi daa wɔn mfɛfo asomfo a wɔyɛ Yudafo no ase wɔ honhom fam ademude a wonya fii wɔn nkyɛn no ho. Enti, na adekyɛ no yɛ honam fam ne honhom fam de. (Romafo 15:26, 27) Ntoboa ahorow a yeyi de boa mfɛfo gyidifo a ahia wɔn nnɛ no nso yɛ nea yefi yɛn pɛ mu na yeyi, na ɔdɔ na ɛka yɛn ma yeyi. (Marko 12:28-31) Yehia yɛn ho yɛn ho wɔ eyi mu nso sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ ‘na nea ɔboaboa ketewaa ano no, anhia no hwee.’—2 Korintofo 8:15.

19, 20. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛnea sɛ asiane ahorow sisi a, Yehowa nkurɔfo yɛ mmoa.

19 Bere a yenim sɛ Kristofo hia wɔn ho wɔn ho no, yɛyɛ ntɛm boa yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn wɔ gyidi no mu no. Sɛ nhwɛso no, susuw nea esii bere a asasewosow akɛse ne mmepɔw a edwiriw sɛee ade wɔ El Salvador wɔ afe 2001 mfiase no ho hwɛ. Amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Anuanom a wɔwɔ El Salvador afã horow nyinaa de wɔn ho hyɛɛ mmoa a wɔyɛɛ wɔn a ade ahia wɔn no mu. Anuanom akuwakuw fii Guatemala, United States, ne Canada bae bɛboaa yɛn. . . . Wosisii adan bɛboro 500 ne Ahenni Asa ahorow a ɛyɛ fɛ 3 wɔ bere tiaa bi mu. Adwumaden ne biakoyɛ a anuanom a wɔwɔ ahofama yi daa no adi no ayɛ adansedi kɛse.”

20 Amanneɛbɔ bi a efi South Africa kae sɛ: “Nsuyiri a ɛyɛ hu a ɛsɛee Mozambique fã kɛse no ara no nso kaa yɛn nuanom Kristofo pii. Mozambique baa dwumadibea no yɛɛ nhyehyɛe dii wɔn ahiade dodow no ara ho dwuma. Nanso, wɔsrɛe sɛ yɛmfa ntade dedaw a edi mu mmrɛ anuanom a wɔaba ahohia mu no. Yɛboaboaa ntade pii ano, na yɛde adaka a ne tenten yɛ mita 12 a ntade ahyɛ no ma kɔmaa yɛn nuanom a wɔwɔ Mozambique no.” Yiw, wɔ saa akwan yi so nso, yehia yɛn ho yɛn ho.

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

21 Sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, nipadua no akwaa ahorow nyinaa ho hia. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ nokware Kristofo asafo no mu. Emufo no nyinaa hia wɔn ho wɔn ho. Ehia sɛ wɔn nso kɔ so som wɔ biakoyɛ mu. Yebesusuw nneɛma bi a ɛma eyi tumi yɛ yiye no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Nsɛdi bɛn na ɛwɔ nipadua ne Kristofo asafo no mu?

• Tete Kristofo no yɛɛ wɔn ade dɛn bere a na wɔn mfɛfo gyidifo hia mmoa no?

• Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ Kristofo hia wɔn ho wɔn ho na wɔboa wɔn ho wɔn ho no bi ne nea ɛwɔ he?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Akwila ne Priskila dwenee afoforo ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Yehowa nkurɔfo boa wɔn ho wɔn ho ne afoforo bere a asiane asi no