Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmeae a Wɔsom—So Yehia?

Mmeae a Wɔsom—So Yehia?

Mmeae a Wɔsom—So Yehia?

‘Akwantufo a wɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma mpempem pii a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ a wofi ɔman no afã horow, Indiafo akuw a wɔrebɔ akyene saw tete Spaniafo asaw, ne asɔrekɔfo a wɔyɛ nsi a wɔde animia reweawea wɔn nkotodwe anim nam nnipadɔm no mu rekɔ asɔredan mu no ayɛ abranaa ne akwan a ɛdeda asɔredan kɛse no ho so ma.’

SAA na El Economista atesɛm krataa no ka faa nnipadɔm kɛse bi ho wɔ December 2001 mu. Saa bere no, nnipa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa kɔsraa asɔredan kɛse a ɛwɔ Mexico City no de daa wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ Guadalupe Baabun mu no adi. Asɔredan afoforo, te sɛ Ɔhotefo Petro Asɔredan a ɛwɔ Rome, no nso twe nsrahwɛfo pii.

Asɔredan ahorow agye nnipa pii a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no adwene ankasa. Maria a ofi Brazil no ka sɛ: “Me fam no, na asɔredan mu yɛ baabi a metumi abɛn Onyankopɔn. Ná ɛhɔ yɛ beae kronkron. Ná migye di sɛ asɔre a mɛkɔ no bɛma ɔkra no ho atew, na na ɛyɛ bɔne sɛ merenkɔ Mass Kwasida biara nkɔka me bɔne nkyerɛ.” Consuelo a ofi Mexico ka sɛ: “Asɔre no kanyan me nkate kɛse; na ɛsom bo ma me ankasa. Sɛ mewɔ hɔ a, na ɛte sɛ nea mewɔ soro.”

Ɛwom sɛ asɔredan ahorow yɛ biribi titiriw ma ebinom de, nanso afoforo ntumi nhu hia a ehia sɛ wɔde yɛ mmeae a wɔsom no. Bere a Peter Sibert, Katolek sɔfo a ɔwɔ England, reka sɛnea nnipa a wɔkɔ asɔre no dodow so atew ho asɛm no, ɔka sɛ: “[Nnipa] paw nyamesom mu nneɛma bi a wɔpɛ. Nnipa a wɔn mfe akɔ anim no pii yɛ Katolekfo na wɔtra ase ma ɛne wɔn gyidi hyia—nanso ɛte sɛ nea mmabun no nni ahofama biara.” London Daily Telegraph a ɛbae November 20, 1998 no kae sɛ: “Efi 1979 no, asɔredan ahorow bɛyɛ 1,500 na wɔatoto mu wɔ England, na asɔredan 495 na wosisii, na 150 na wɔsan siesiei.”

Wɔ 1997 mu no, Süddeutsche Zeitung atesɛm krataa a ɛwɔ Munich, Germany, no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Asɔredan ahorow dan sinidan ne mmeae a nkurɔfo tete: Agyidifo retwe wɔn ho, wɔde asɔredan ahorow reyɛ nneɛma foforo. . . . Wɔreyɛ ade a ɛkɔ so daa wɔ Netherlands anaa England no wɔ Germany nso.” Ɛde kaa ho sɛ: “Obi betumi ahu asɔredan bɛyɛ 30 anaa 40 a wɔatɔn ankasa wɔ Germany wɔ mfe kakra a atwam no mu.”

So asɔredan ahorow ho hia ankasa na ama wɔasom Onyankopɔn? So asɔredan akɛse ne asɔredan a wɔde nneɛma ahyehyɛ no fɛfɛɛfɛ no ho nhwɛso wɔ Kyerɛwnsɛm no mu? Adan ahorow bɛn na wɔde asom nokware Nyankopɔn teasefo no? Dɛn na yebetumi asua afa ho wɔ hia a ehia sɛ yenya mmeae a wɔsom ne dekode a ɛsɛ sɛ ɛkɔ so wɔ hɔ no ho?