Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Nsom Wɔ Biakoyɛ mu

Monkɔ So Nsom Wɔ Biakoyɛ mu

Monkɔ So Nsom Wɔ Biakoyɛ mu

“Mɛma amanaman no asakra aka kasa kronn, na wɔn nyinaa abɔ Yehowa din, na wɔabom asom no.”—SEFANIA 3:9, NW.

1. Dɛn na ɛrekɔ so a ama Sefania 3:9 anya mmamu?

KASA horow bɛyɛ 6,000 na wɔka mprempren wɔ asase so nyinaa. Eyinom akyi no, kasa horow a nnipa kakraa bi pɛ na wɔka nso wɔ hɔ. Nanso, sɛ́ ebia nnipa ka kasa horow a ɛsonsonoe te sɛ Arabic ne Zulu no, Onyankopɔn ayɛ biribi a ɛyɛ nwonwa ankasa. Watumi ama ayɛ yiye sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa besua na wɔaka kasa kronn biako pɛ. Eyi a asi no ama bɔhyɛ a wɔnam odiyifo Sefania so de mae no abam: “[Yehowa Nyankopɔn bɛma] amanaman no asakra aka kasa kronn [a nea ɛkyerɛ ankasa ne, “ano a ɛho tew”], na wɔn nyinaa abɔ Yehowa din, na wɔabom asom no.”—Sefania 3:9, NW.

2. Dɛn ne “kasa kronn” no, na dɛn na ama atumi ayɛ yiye?

2 “Kasa kronn” no ne Onyankopɔn nokwasɛm a ɛwɔ N’asɛm, Bible mu no. Ne titiriw no, ɛne Onyankopɔn Ahenni ho nokwasɛm a ɛbɛtew Yehowa din ho, asan ne tumidi ho, na ɛde nhyira abrɛ adesamma no. (Mateo 6:9, 10) Sɛ́ honhom fam kasa a ɛho tew koro pɛ a ɛwɔ asase so no, nnipa a wofi aman ne mmusua nyinaa mu ka kasa kronn no. Ɛma wotumi som Yehowa wɔ ‘biakoyɛ mu.’ Enti wɔsom no wɔ koroyɛ mu, anaa “nokoro mu.”—The New English Bible.

Animhwɛ Nni Afã Biara

3. Dɛn na ɛma yetumi som Yehowa wɔ biakoyɛ mu?

3 Sɛ́ Kristofo no, yɛn ani sɔ sɛ kasa horow a yɛka nyinaa akyi no biakoyɛ wɔ yɛn mu. Ɛwom sɛ yɛka Ahenni no ho asɛmpa wɔ kasa pii a nnipa ka mu de, nanso yɛresom Onyankopɔn wɔ biakoyɛ mu. (Dwom 133:1) Eyi atumi ayɛ yiye efisɛ, baabiara a yɛte wɔ asase so no, yɛka kasa kronn biako de yi Yehowa ayɛ.

4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ animhwɛ ba Onyankopɔn nkurɔfo mu?

4 Ɛnsɛ sɛ animhwɛ ba Onyankopɔn nkurɔfo mu. Ɔsomafo Petro maa ɛno mu daa hɔ bere a ɔkaa asɛm wɔ Amanaman muni sraani panyin Kornelio fie wɔ afe 36 Y.B. mu no, na honhom kaa no ma ɔkae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Esiane sɛ ɛno yɛ nokwasɛm nti, animhwɛ, fekusɛm, anaa nnipa mu nyiyim nni afã biara wɔ Kristofo asafo no mu.

5. Dɛn nti na ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛma akuwakuw aba asafo no mu?

5 Bere a kɔlegeni bi kɔɔ Ahenni Asa so no, ɔkae sɛ: “Ɛntaa mma sɛ asɔreasɔre mufo a womfi abusuakuw biako mu bɛbom atra ase sɛ kuw. . . . Ná Yehowa Adansefo nyinaa abom te faako a na akuwakuw biara nni wɔn mu.” Nanso, na tete Korinto asafo no mufo bi de mpaapaemu reba wɔn mu. Wɔnam akasakasa a wɔde bae no so sɔre tiaa Onyankopɔn honhom kronkron no dwumadi, efisɛ ɛhyɛ biakoyɛ ne asomdwoe ho nkuran. (Galatifo 5:22) Sɛ yɛtetew akuw wɔ asafo no mu a, na yɛreko atia honhom no akwankyerɛ. Enti, momma yɛnkae ɔsomafo Paulo asɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no sɛ: “Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.” (1 Korintofo 1:10) Paulo san sii biakoyɛ so dua wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Efesofo no mu.—Efesofo 4:1-6, 16.

6, 7. Afotu bɛn na Yakobo de ma faa animhwɛ ho, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de ne nsɛm no ayɛ adwuma?

6 Wɔhwehwɛ sɛ Kristofo renhwɛ nnipa anim bere nyinaa. (Romafo 2:11) Esiane sɛ na afeha a edi kan mu asafo no mufo binom rehwɛ adefo bi anim nti, osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ anuonyam wura no gyidi nnni afra. Na sɛ onipa bi a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atade fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atade tantan ba hɔ, na mohwɛ nea ɔhyɛ atade fɛfɛ no, na moka sɛ: Wo de, tra nea eye ha! na moka kyerɛ ohiani no sɛ: Wo de gyina nohɔ anaasɛ tra me nan ase agua ho ha! a, ɛno ɛnyɛ ɔpae na mopaapae mo mu, na moayɛ atemmufo a wokura adwemmɔne?”—Yakobo 2:1-4.

7 Sɛ wɔn a wonnye nni a wɔhyehyɛ sika mpɛtea ne atade fɛfɛ ba Kristofo nhyiam, na ahiafo a wonnye nni a wɔhyɛ ntade tantan ba hɔ a, na wɔne adefo no di wɔ ɔkwan soronko so. Wɔmaa wɔn nkongua ‘wɔ baabi a ɛhɔ ye,’ bere a wɔka kyerɛɛ ahiafo no sɛ wonnyina hɔ anaasɛ wɔntra fam wɔ obi nan ho. Nanso, Onyankopɔn de Yesu agyede afɔre no maa adefo ne ahiafo nyinaa a wanyɛ nyiyim. (Hiob 34:19; 2 Korintofo 5:14) Enti sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani na yɛde biakoyɛ asom no a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nnipa anim anaasɛ ‘yɛn ankasa mfaso nti yɛdɛfɛdɛfɛ nnipa.’—Yuda 4, 16.

Monkwati Anwiinwii

8. Dɛn na Israelfo anwiinwii no de bae?

8 Nea ɛbɛyɛ na yɛakura yɛn biakoyɛ mu na yɛakɔ so anya Onyankopɔn anim dom no, ɛsɛ sɛ yetie Paulo afotu yi: ‘Monkwati anwiinwii nyɛ ade nyinaa.’ (Filipifo 2:14, 15) Israelfo a wonni gyidi a woyii wɔn fii Misraim nkoasom mu no nwiinwii tiaa Mose, ne Aaron, ne Yehowa Nyankopɔn mpo. Esiane eyi nti, mmarima a na wɔadi fi mfirihyia 20 rekɔ nyinaa, gye anokwafo Yosua ne Kaleb ne Lewifo no nko, annu Bɔhyɛ Asase no so, na mmom wowuwui wɔ Israel mfirihyia 40 akwantu no mu wɔ sare no so. (Numeri 14:2, 3, 26-30; 1 Korintofo 10:10) Akatua bɛn ara na wonyae wɔ anwiinwii so sɛɛ yi!

9. Dɛn na Miriam anwiinwii no de baa ne so?

9 Eyi kyerɛ nea ebetumi ato ɔman mũ nyinaa a wonwiinwii no. Na ankorankoro a wonwiinwii nso ɛ? Wiɛ, Mose nuabea, Miriam, ne ne nuabarima Aaron nwiinwii sɛ: “So Mose nko so na [Yehowa, NW] nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa?” Kyerɛwtohɔ no de ka ho sɛ: “Na [Yehowa, NW] tee.” (Numeri 12:1, 2) Dɛn na efii mu bae? Onyankopɔn brɛɛ Miriam a ɛda adi sɛ ɔno na odii anwiinwii yi anim no ase. Ɔkwan bɛn so? Denam kwata a ɔma ɛyɛɛ no ne nsraban no akyi a wɔma ɔtraa nnanson kosii sɛ ne ho fii no so.—Numeri 12:9-15.

10, 11. Sɛ wɔanhwɛ anwiinwii yiye a, dɛn na ebetumi de aba? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Anwiinwii nyɛ bɔne bi a wɔkasa tia ara kwa. Nnipa a wonwiinwii bere nyinaa no susuw wɔn nkate anaa wɔn dibea ho dodo, na wɔtwe adwene si wɔn ankasa ho so sen Onyankopɔn. Sɛ wɔansiw eyi ano a, ɛde mpaapaemu ba honhom fam anuanom mu, na ɛbrɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa wɔ biakoyɛ mu no ase. Eyi te saa efisɛ anwiinwiifo ka nea ɛhaw wɔn no ho asɛm bere nyinaa, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔhwɛ kwan sɛ afoforo ne wɔn bɛyɛ adwene.

11 Sɛ nhwɛso no, obi betumi akasa atia ɔkwan a ɔpanyin bi fa so yɛ ne dwumadi ahorow wɔ asafo no mu no. Sɛ yetie onwiinwiifo no a, yebetumi afi ase asusuw nneɛma ho te sɛ ɔno. Ansa na wɔde anwiinwii honhom no rehyɛ yɛn adwenem no, ebia na ɔpanyin no nneyɛe nhaw yɛn, nanso afei de ɛhaw yɛn. Awiei koraa no, biribiara nni hɔ a ɔpanyin no bɛyɛ a ɛbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ yɛn ani so, na yɛn nso yebetumi afi ase anwiinwii wɔ ne ho. Saa suban yi mfata wɔ Yehowa nkurɔfo asafo mu.

12. Nkɛntɛnso bɛn na anwiinwii betumi anya wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ so?

12 Anwiinwii a wonwiinwii tia mmarima a wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔyɛn Onyankopɔn nguankuw no betumi akowie sopa a wɔsopa wɔn mu. Anwiinwii anaa abususɛm a yɛbɛka de asopa wɔn no betumi aka yɛne Yehowa ntam abusuabɔ wɔ ɔkwan a enye so. (Exodus 22:28) Amaanefo a wonnu wɔn ho rennya Onyankopɔn Ahenni. (1 Korintofo 5:11; 6:10) Osuani Yuda kyerɛw anwiinwiifo a na “wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo,” anaa mmarima a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu “ho nsɛmmɔne” no ho asɛm. (Yuda 8) Saa anwiinwiifo no annya Onyankopɔn anim dom, na nyansa wom sɛ yɛbɛkwati wɔn kwammɔne no.

13. Dɛn nti na ɛnyɛ anwiinwii nyinaa na enye?

13 Nanso, ɛnyɛ anwiinwii nyinaa na Onyankopɔn ani nnye ho. Wammu n’ani angu Sodom ne Gomora ho “nteɛm” so, na mmom ɔsɛee saa amumɔyɛ nkurow no. (Genesis 18:20, 21; 19:24, 25) Wɔ Yerusalem, wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi bere tiaa bi no, “huhuhuhu baa Helenifo no mu tiaa Hebrifo no, sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo daa ɔhwɛ no so.” Ɛno nti “dumien no” siesiee tebea no denam “mmarima baason a wɔwɔ din pa” a wɔpaw wɔn ma wɔyɛɛ aduan kyekyɛ ho “adwuma” no so. (Asomafo no Nnwuma 6:1-6) Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ‘sisiw wɔn aso’ wɔ anwiinwii a ɛyɛ ne kwan so ho. (Mmebusɛm 21:13) Na sɛ́ anka mpanyimfo bɛkasa atia mfɛfo asomfo no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn nkuran na wɔhyɛ wɔn den mmom.—1 Korintofo 8:1.

14. Sɛ yɛbɛkwati anwiinwii a, su bɛn na yehia titiriw?

14 Ehia sɛ yɛn nyinaa kwati anwiinwii, efisɛ anwiinwii sɛe ade honhom fam. Su a ɛte saa bɛsɛe yɛn biakoyɛ. Mmom no, momma yɛmma honhom kronkron mma yennya ɔdɔ wɔ yɛn mu bere nyinaa. (Galatifo 5:22) Sɛ yedi ‘mmara a edi hene a ɛne ɔdɔ’ no so a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so asom Yehowa wɔ biakoyɛ mu.—Yakobo 2:8; 1 Korintofo 13:4-8; 1 Petro 4:8.

Ko Tia Ntwiri

15. Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ nseku ne ntwiri mu?

15 Esiane sɛ anwiinwii betumi akowie nseku bɔne mu nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ nea yɛka ho. Nseku yɛ nsɛnhunu a obi ka fa nkurɔfo ne wɔn nneyɛe ho. Nanso, ntwiri yɛ atosɛm a wɔka de sɛe onipa foforo din. Nsɛm a ɛte saa a wɔka no yɛ bɔne na Onyankopɔn ani nnye ho. Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Nkyini wo nkurɔfo mu nni nseku.”—Leviticus 19:16.

16. Dɛn na Paulo ka faa nsekufo bi ho, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ saa afotu no ka yɛn?

16 Esiane sɛ nsekudi betumi akowie ntwiri mu nti, Paulo kasa tiaa nsekufo bi. Bere a ɔkaa akunafo a wɔfata sɛ asafo no boa wɔn ho asɛm wiei no, ɔkaa akunafo a wosuae sɛ wɔbɛyɛ ‘anihaw, akyinkyin afie mu, na ɛnyɛ anihaw nko na wɔyɛ, na wɔyɛ kurokuro ne tɛretɛre nso keka nsɛm a ɛnsɛ’ ho asɛm. (1 Timoteo 5:11-15) Sɛ Kristoni bea bi hu sɛ ɔtaa keka nsɛm bi a ebetumi akowie ntwiri mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ otie Paulo afotu a ese wɔn ‘anim nyɛ duru na wɔnnyɛ ntwirifo’ no. (1 Timoteo 3:11) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristofo mmarima nso ko tia nseku bɔne.—Mmebusɛm 10:19.

Mmu Ntɛn!

17, 18. (a) Dɛn na Yesu ka faa ntɛn a yebebu yɛn nua no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Yesu nsɛm no adi dwuma wɔ atemmu ho?

17 Sɛ yentwiri obiara mpo a, ebia ebehia sɛ yɛyere yɛn ho kwati sɛ yebebu afoforo ntɛn. Yesu kasa tiaa su a ɛte saa bere a ɔkaa eyi no: “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn. Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua aniwa mu, na wo ankasa aniwa mu mpuran de, wunhu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma minyi duaa no mimfi w’aniwa mu, na hwɛ, mpuran wɔ w’aniwa mu? Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’aniwa mu kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi duaa no afi wo nua aniwa mu.”—Mateo 7:1-5.

18 Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛboa yɛn nua ayi “duaa” afi n’aniwa mu bere a sɛnkyerɛnne kwan so “mpuran” ama asɛm aba atɛmpa a yebetumi abu ho no. Nokwarem no, sɛ yɛte sɛnea Onyankopɔn wɔ mmɔborohunu no ase ankasa a, yɛrenyɛ yɛn adwene sɛ yebebu yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea ntɛn. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ate wɔn ase sɛnea yɛn soro Agya te wɔn ase no? Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ‘yemmmu ntɛn, na wɔammu yɛn ntɛn no’! Sɛ yefi nokwaredi mu hwehwɛ yɛn ankasa sintɔ ahorow mu a, ɛsɛ sɛ ɛma yegyae sɛ yebebu ntɛn a Onyankopɔn bebu no sɛ ɛnteɛ.

Yɛyɛ Mmerɛw Nanso Yɛwɔ Nidi

19. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu yɛn mfɛfo gyidifo?

19 Sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo bɛsom Onyankopɔn wɔ biakoyɛ mu a, ɛnyɛ ntɛn a yebebu wɔn nko na yɛbɛkwati. Yebedi kan adi wɔn ni. (Romafo 12:10) Nokwarem no, yɛbɛhwehwɛ wɔn yiyedi, ɛnyɛ yɛn ankasa yɛn de, na yɛde anigye bɛyɛ nnwuma a ɛba fam ama wɔn. (Yohane 13:12-17; 1 Korintofo 10:24) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akura su pa a ɛte saa mu? Denam tra a yɛbɛma atra yɛn adwenem sɛ gyidini biara som bo ma Yehowa, na yehia yɛn ho yɛn ho, sɛnea nipadua akwaa biara dan afoforo no so.—1 Korintofo 12:14-27.

20, 21. Ntease bɛn na yenya wɔ nsɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 2:20, 21 no mu?

20 Nokwarem no, Kristofo yɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw a wɔde ademude a anuonyam wom a ɛne ɔsom adwuma no ahyɛ wɔn nsa. (2 Korintofo 4:7) Sɛ yɛbɛyɛ adwuma kronkron yi de ahyɛ Yehowa anuonyam a, ɛsɛ sɛ yekura gyinabea a nidi wom wɔ Yehowa ne ne Ba no anim mu. Sɛ yɛkɔ so ma yɛn ho tew wɔ abrabɔ fam ne honhom fam nkutoo a, ɛnna yebetumi akɔ so ayɛ anwenne a yɛwɔ nidi a Onyankopɔn bɛkɔ so de yɛn ayɛ adwuma. Wɔ eyi ho no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Ofi kɛse mu nni sika ne dwetɛ nneɛma nko, na nnua ne dɔte de nso wɔ mu bi, na wobu bi, na ebi nso yɛ nea wommu. Na sɛ obi tew ne ho fi eyinom ho a, ɔbɛyɛ ade a wobu na wɔatew ho a owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yiye, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.”—2 Timoteo 2:20, 21.

21 Nnipa a wɔmma wɔn abrabɔ ne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow nhyia no yɛ ‘anwenne a enni nidi.’ Nanso, sɛ yɛfa Onyankopɔn akwan so a, yɛbɛyɛ ‘anwenne a wobu, wɔatew ho, anaasɛ wɔayi asi hɔ ama Yehowa som adwuma, na wɔasiesie no ama adwuma pa biara.’ Enti yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So meyɛ ‘anwenne a wobu’? So minya mfɛfo gyidifo so nkɛntɛnso pa? So meyɛ asafo no muni a me ne mfɛfo asomfo yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu?’

Monkɔ So Nsom Wɔ Biakoyɛ Mu

22. Dɛn na yebetumi de Kristofo asafo no atoto ho?

22 Kristofo asafo no te sɛ abusua. Sɛ abusua no mufo nyinaa yɛ Yehowa asomfo a, ofie hɔ asetra yɛ nea ɔdɔ, mfaso, ne anigye wom. Abusua mufo betumi ayɛ nkurɔfo a wokura su ahorow, nanso obiara wɔ gyinabea a nidi wom. Saa ara na ɛte wɔ asafo no mu. Ɛwom sɛ yɛn mu biara yɛ soronko—na yɛtɔ sin—de, nanso Onyankopɔn nam Kristo so aka yɛn abata ne ho. (Yohane 6:44; 14:6) Yehowa ne Yesu dɔ yɛn, na te sɛ abusua a biakoyɛ wom no, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho ankasa.—1 Yohane 4:7-11.

23. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae na yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

23 Kristofo asafo no a ɛte sɛ abusua no nso yɛ baabi a ɛfata sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu nokwaredi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae mmaa nyinaa, ma nsa a [edi nokware, NW] so a abufuw anaa akyinnye mma mu.” (1 Timoteo 2:8) Enti Paulo de nokwaredi bataa baguam mpae a wɔbɔ no “mmaa nyinaa,” baabi a Kristofo hyiam no ho. Mmarima a wodi nokware nkutoo na ɛsɛ sɛ wogyina asafo no ananmu bɔ mpae wɔ baguam. Nokwarem no, Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛn nyinaa bedi ɔno ne yɛn ho yɛn ho nokware. (Ɔsɛnkafo 12:13, 14) Enti, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛbom ayɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu te sɛ nipadua akwaa ahorow no. Ɛmmra sɛ yɛbɛsom wɔ biakoyɛ mu nso sɛ Yehowa asomfo abusua. Nea ɛsen ne nyinaa no, momma yɛnkae sɛ yehia yɛn ho yɛn ho, na sɛ yɛkɔ so som Yehowa wɔ biakoyɛ mu a, yebenya Onyankopɔn anim dom ne ne nhyira.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na ɛma Yehowa nkurɔfo tumi som no wɔ biakoyɛ mu?

• Dɛn nti na Kristofo kwati animhwɛ?

• Dɛn na wobɛka sɛ enye wɔ anwiinwii ho?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi mfɛfo gyidifo ni?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Petro hui sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim”

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Wunim nea enti a Onyankopɔn brɛɛ Miriam ase no?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Kristofo a wodi nokware de anigye som Yehowa wɔ biakoyɛ mu