Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw No”

“Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw No”

“Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Moahome”

“Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw No”

“Moasiesie mo ho bere nyinaa sɛ mubetie yɛn aka Bible mu nsɛm a ɛhyɛ den akyerɛ yɛn.”—Pamela.

“Yɛda mo ase wɔ nea moyɛ ma yɛn nyinaa ho. Enya yɛn so nkɛntɛnso ankasa.”—Robert.

BIRIBI na ɛkaa Pamela ne Robert ma wɔkyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ anisɔ yi kɔmaa Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ wɔn asafo ahorow mu no. Onyankopɔn asomfo afoforo a wɔwɔ wiase nyinaa nso kyerɛ mmoa a wonya ne sɛnea wɔn a ‘wɔyɛn Onyankopɔn nguankuw’ no hwɛ wɔn so daa no ho anisɔ. (1 Petro 5:2) Nokwarem no, Yehowa nkurɔfo kyerɛ nneɛma pii a mpanyimfo yɛ ma wɔn ne ɔkwan a wɔfa so yɛ no ho anisɔ.

‘Wɔwɔ Pii Yɛ’

Wɔde asɛyɛde pii ahyehyɛ Kristofo mpanyimfo nsa. (Luka 12:48) Wosiesie ɔkasa ma asafo nhyiam ahorow na wonya Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka no mu kyɛfa wɔ baguam. Wɔn dwumadi no bi ne sɛ wɔbɛsrasra mfɛfo gyidifo. Mpanyimfo no gye bere ma wɔn a wohia ɔhwɛ soronko no—wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne afoforo—na wɔyɛ eyinom nyinaa a wommu wɔn ani ngu wɔn ankasa mmusua honhom fam ne honam fam yiyedi so. (Hiob 29:12-15; 1 Timoteo 3:4, 5; 5:8) Mpanyimfo binom boa ma wosisi Ahenni Asa ahorow. Afoforo som wɔ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw anaa Ayaresafo Nsrahwɛ Akuw no mu. Na wɔn mu pii nso tu wɔn ho ma yɛ nnwuma wɔ amansin ne amantam nhyiam ahorow ase. Yiw, mpanyimfo wɔ ‘pii yɛ wɔ Awurade adwuma mu.’ (1 Korintofo 15:58) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔwɔ saa mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden no hwɛ ase no kyerɛ wɔn ho anisɔ kɛse!—1 Tesalonikafo 5:12, 13.

Mpanyimfo a wɔkɔsra mfɛfo Kristofo daa wɔ fie anaa baabi foforo hyɛ wɔn den wɔ honhom fam no ma wonya nkuranhyɛ. Thomas a onyinii wɔ ofie a na agya biara nnim mu no kae sɛ: “Sɛ ɛnyɛ mpanyimfo no mmoa ne wɔn nkuranhyɛ a efi ɔdɔ mu no a, anka minnye nni sɛ mɛsom Yehowa sɛ bere nyinaa somfo nnɛ.” Mmofra pii a wɔtetee wɔn wɔ ɔwofo biako mmusua mu no gye tom sɛ mpanyimfo no ani a wɔma ekuu wɔn ho no na ɛboaa wɔn ma wɔne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ pa.

Wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ asafo no mu no nso kyerɛ mpanyimfo nsrahwɛ ho anigye ankasa. Bere a mpanyimfo baanu bi kɔsraa asɛmpatrɛwfo awarefo bi a wɔwɔ wɔn mfe 80 mu no, asɛmpatrɛwfo yi kyerɛwee sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ mo nsrahwɛ a ɛyɛ anigye no ho anisɔ. Bere a mufii ha no, yɛsan kenkanee kyerɛw nsɛm a mo ne yɛn susuw ho no. Yɛn werɛ remfi mo nkuranhyɛ nsɛm no da.” Okunafo bi a wadi mfe 70 kyerɛw kɔmaa mpanyimfo no sɛ: “Na mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me, na ɔsomaa mo anuanom baanu yi baa me fie. Ná mo nsrahwɛ no yɛ nhyira a efi Yehowa hɔ!” So woanya nsrahwɛ bi a w’asafo mu mpanyimfo yɛe nnansa yi so mfaso? Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa ani sɔ mmɔden a wɔbɔ de srasra nguankuw a wɔhwɛ wɔn so no!

Nguanhwɛfo a Wosuasua Onyankopɔn ne Kristo

Yehowa yɛ oguanhwɛfo a ɔwɔ dɔ. (Dwom 23:1-4; Yeremia 31:10; 1 Petro 2:25) Yesu Kristo nso yɛ honhom fam Guanhwɛfo a ɔda nsow. Nokwarem no, wɔfrɛ no “oguanhwɛfo pa,” ‘oguanhwɛfo kɛse,’ ne “oguanhwɛfo panyin.” (Yohane 10:11; Hebrifo 13:20; 1 Petro 5:4) Ɔkwan bɛn so na Yesu ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ n’asuafo no dii nsɛm? Ofi ɔdɔ mu too nsa frɛɛ wɔn sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.”—Mateo 11:28.

Saa ara na mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nguankuw no anya akomatɔyam ne ahobammɔ. Saa mmarima no te “sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:2) Saa bammɔfo a wɔwɔ ayamye yi ma nguan no nya ɔhome, nguan no bu wɔn, na wonya Onyankopɔn anim dom.—Filipifo 2:29; 1 Timoteo 5:17.

Mmoa a Ɛsom Bo a Wonya Fi Wɔn Yerenom Hɔ

Onyankopɔn nkurɔfo kyerɛ Kristofo mpanyimfo ne mmoa a saa mmarima yi nya fi wɔn yerenom hɔ no ho anisɔ. Mmoa a mmea a wɔte saa de ma no hwehwɛ sɛ wɔde nneɛma bɔ afɔre bere nyinaa. Ɛtɔ da bi a, wɔtra fie bere a wɔn kununom redi asafo mu nsɛm ho dwuma anaa wɔreyɛ ahwɛfo nsrahwɛ no. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde wɔn ankasa nhyehyɛe a wɔatɔ wɔn bo ase ayɛ no to nkyɛn esiane asɛm bi a egye ntɛmpɛ a ɛsɔre wɔ asafo no mu nti. Michelle kae sɛ: “Ne saa mpo no, sɛ mehwɛ sɛnea me kunu aso ayɛ hyew resiesie ne ho ama nhyiam ahorow anaa ɔrekɔyɛ nsrahwɛ ahorow no a, mema ɛtra m’adwene mu sɛ ɔreyɛ Yehowa adwuma, na mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ no mmoa biara a metumi.”

Cheryl, a ɔno nso kunu yɛ ɔpanyin no kae sɛ: “Minim sɛ anuanom a wɔwɔ asafo no mu no hia mpanyimfo a wɔne wɔn bɛkasa, na mepɛ sɛ wɔte nka sɛ wobetumi aba me kunu nkyɛn bere biara a wohia no no.” Mmea a wɔboa wɔn kununom, te sɛ Michelle ne cheryl, fi wɔn pɛ mu de nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn kununom betumi ahwɛ Onyankopɔn nguan. Yɛn ani sɔ mmoa a mpanyimfo yerenom de ma no.

Nanso, ɛnsɛ sɛ adagyew a ɔpanyin nni no ma obu n’ani gu ne yere ne ne mma honhom fam ahiade ne nneɛma afoforo so. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔwɔ yere no yɛ “nea ne ho nni asɛm bi, ɔyere biako kunu a ɔwɔ mma gyidifo a wɔnte ahohwi anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.” (Tito 1:6) Ɛsɛ sɛ odi n’abusua so wɔ ɔkwampa so, sɛnea Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ fi Kristofo ahwɛfo hɔ no.—1 Timoteo 3:1-7.

Wɔ ɔpanyin a odi nneɛma pii ho dwuma fam no, ɔyere boafo yɛ obi a ɔsom bo! Saa na mpanyimfo a wɔaware a wosusuw nneɛma ho no te nka. Ɛte sɛ nea Bible ka no ara: ‘So obi anya ɔyere pa? Ɛnde wanya ade pa.’ (Mmebusɛm 18:22) Wɔ kasa ne nneyɛe mu no, mpanyimfo a wɔte saa no fi komam kyerɛ wɔn yerenom ho anisɔ. Sɛ mpae a efi komam a wɔbom bɔ ne adesua a ɛyɛ anigye a wɔbom yɛ no da nkyɛn a, Kristofo awarefo yi de bere si hɔ de nya nneɛma te sɛ mpoano a wokokyinkyin, ɛne turom anaa agodibea a wɔkɔ hɔ kotu mpase mu anigye. Yiw, mpanyimfo ani gye sɛ wofi ɔdɔ mu hwɛ wɔn yerenom.—1 Petro 3:7.

Mpanyimfo a wofi ayamye mu yɛn Onyankopɔn nguankuw no ma Yehowa nkurɔfo nya honhom fam ɔhome. Wɔyɛ ‘nnipa mu akyɛde’ ne nhyira ma asafo no ampa!—Efesofo 4:8, 11-13.