Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munnnyae Mo Ho Mo Ho Nhyiam

Munnnyae Mo Ho Mo Ho Nhyiam

Munnnyae Mo Ho Mo Ho Nhyiam

Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran—ne titiriw no, bere a muhu sɛ Ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:25, New International Version) Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ nokware asomfo hyiam wɔ beae bi a wɔsom de ‘twetwe wɔn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’—Hebrifo 10:24.

BERE a ɔsomafo Paulo kyerɛw atifi hɔ nsɛm no wɔ afeha a edi kan mu wɔ Yɛn Bere yi mu no, na Yudafo no som wɔ asɔrefie soronko bi a na esi Yerusalem mu. Ná hyia adan nso wowɔ hɔ. Yesu ‘kyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefie, baabi a Yudafo no nyinaa hyiaam no.’—Yohane 18:20.

Nhyiambea ahorow bɛn na na ɛwɔ Paulo adwenem bere a otuu Kristofo fo sɛ wonhyiam nhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran no? So Kristoman asɔredan ahorow no yɛ asɔrefie nhyehyɛe a na ɛwɔ Yerusalem no nhwɛso? Bere bɛn na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no fii ase sɛ wobesisi asɔredan akɛse?

‘Ofie a Wosi Ma Onyankopɔn Din’

Yehu akwankyerɛ a edi kan a ɛfa beae a wɔbɛsom Onyankopɔn no ho asɛm wɔ Bible nhoma Exodus mu. Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn—Israelfo—sɛ wonsi “trabea,” anaa “ahyiae ntamadan.” Ná ɛsɛ sɛ wɔkora apam adaka no ne nnwinne foforo a ɛyɛ kronkron no so wɔ hɔ. “[Yehowa, NW] anuonyam bɛhyɛɛ trabea no ma” bere a wowiei wɔ 1512 A.Y.B. mu no. Saa ntamadan korokorowa no yɛɛ ade titiriw wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔnam so kɔ ne nkyɛn no mu wɔ bɛboro mfe ahanan mu. (Exodus, ti 25-27; 40:33-38) Bible no san ka ntamadan yi ho asɛm sɛ “[Yehowa, NW] asɔredan” ne “[Yehowa, NW] fi.”—1 Samuel 1:9, 24.

Akyiri yi, bere a na Dawid di hene wɔ Yerusalem no, onyaa ɔpɛ kɛse sɛ obesi fie a wɔde bɛhyɛ Yehowa anuonyam daa. Nanso, esiane sɛ na Dawid yɛ onipa a odi ako nti, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsi ofi mma me din.” Mmom no, Dawid ba Salomo na ɔpawee sɛ onsi asɔrefie no. (1 Beresosɛm 22:6-10) Salomo hyiraa asɔrefie no so wɔ 1026 A.Y.B. mu, bere a na wɔde mfe ason ne fã asi awie no. Yehowa penee ɔdan yi so, na ɔkae sɛ: “Mayɛ ofi a woasi yi kronkron, sɛ mede me din mɛto hɔ akosi daa, na m’aniwa ne me koma atra hɔ nna nyinaa.” (1 Ahene 9:3) Bere tenten a Israelfo bɛkɔ so adi nokware no, na Yehowa behyira saa fie no. Nanso sɛ na wɔtwe wɔn ho fi adetrenee ho a, na Yehowa beyi ne nhyira afi saa beae no, na ‘ofie no adan ntu.’—1 Ahene 9:4-9; 2 Beresosɛm 7:16, 19, 20.

Bere kɔɔ so no, Israelfo no twee wɔn ho fii nokware som ho. (2 Ahene 21:1-5) ‘Na Yehowa yii Kaldeafo hene no baa wɔn so. Na wɔhyew Onyankopɔn fi no, na woburuw Yerusalem fasu no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyewee, na emu mfɛfɛwade nyinaa sɛee. Na nkae a wɔkae afoa ano no, otutuu wɔn kɔɔ Babel, na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa.’ Sɛnea Bible kyerɛ no, eyi sii wɔ afe 607 A.Y.B. mu.—2 Beresosɛm 36:15-21; Yeremia 52:12-14.

Sɛnea odiyifo Yesaia ka siei no, Onyankopɔn maa Ɔhene Kores a ofi Persia no so ma oyii Yudafo fii Babilon tumidi ase. (Yesaia 45:1) Wɔ mfirihyia 70 nnommumfa akyi no, wɔsan kɔɔ Yerusalem wɔ 537 A.Y.B. mu, a na atirimpɔw no ne sɛ wɔresan akosi asɔrefie no. (Esra 1:1-6; 2:1, 2; Yeremia 29:10) Wɔ bere tenten a edii nyinaa akyi no, awiei koraa no wowiee asɔrefie no si wɔ 515 A.Y.B. mu, na wɔsan de Onyankopɔn som kronn sii hɔ. Ɛwom sɛ na saa asɔrefie no anuonyam nnu Salomo de no de, nanso edii bɛyɛ mfirihyia 600. Nanso, saa asɔrefie yi nso sɛee efisɛ Israelfo no ankɔ so ansom Yehowa. Bere a Yesu Kristo baa asase so no, na Ɔhene Herode resan asi asɔrefie no. Dɛn na na ɛbɛto saa asɔrefie yi?

“Wɔrennyaw Ɔbo Ɔbo So”

Bere a Yesu retwe adwene asi Yerusalem asɔrefie no so no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Wɔrennyaw ɔbo ɔbo so ɛha a wɔrennwiriw ngu fam.” (Mateo 24:1, 2) Nea ɛne saa nsɛm no hyia no, Roma asraafo a wɔbɛdanee Yudafo atuatew ani no sɛee beae a na wɔagye atom mfehaha pii sɛ ɛhɔ na wɔsom Onyankopɔn no wɔ afe 70 Y.B. mu. * Wɔansan ansi saa asɔrefie no bio. Wɔ afeha a ɛto so ason mu no, wosii Nkramofo asɔredan a wɔfrɛ no Dome of the Rock no, na ɛda so ara si hɔ de besi nnɛ wɔ beae a kan no na Yudafo som no.

Ná nhyehyɛe bɛn na Yesu akyidifo no bɛyɛ de ahyiam asom? So na tete Kristofo a wɔyɛ Yudafo no bɛkɔ so asom Onyankopɔn wɔ asɔrefie a ɛrenkyɛ na wɔasɛe no no mu? Ɛhe na na Kristofo a wɔnyɛ Yudafo no bɛsom Onyankopɔn? So na ɛsɛ sɛ Kristoman asɔredan ahorow no besi asɔrefie no ananmu? Nkɔmmɔ a Yesu ne Samariani bea bi bɔe no ma yenya asɛm no ho ntease.

Samariafo de mfehaha pii som Onyankopɔn wɔ asɔrefie kɛse bi mu wɔ Bepɔw Gerisim so wɔ Samaria. Samariani bea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Yɛn agyanom sɔree bepɔw yi so; na mo de, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre.” Wɔ mmuaema mu no, Yesu kae sɛ: “Ɔbea, gye me di sɛ, da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre agya no.” Ná asɔrefie a aniwa tua ho renhia wɔ Yehowa som mu, efisɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:20, 21, 24) Akyiri yi, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Atenefo sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu.”—Asomafo no Nnwuma 17:24.

Ɛda adi pefee sɛ Kristoman asɔredan ahorow no ne asɔrefie nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ ansa na Kristofo Bere no reba no nni abusuabɔ biara. Na na afeha a edi kan mu Kristofo no nni biribiara a wobegyina so asisi adan a ɛte saa. Nanso, wɔ asomafo no wu akyi no, nokware nkyerɛkyerɛ a wɔhyɛɛ ho nkɔm sɛ wɔbɛman afi ho—ɔwae no—baa mu. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Mfe bi ansa na wose ɛbɛyɛ sɛ Roma Hempɔn Constantine resakra abɛyɛ Kristoni wɔ 313 Y.B. mu no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no fii ase wae fii nea Kristo kyerɛkyerɛe no ho.

Constantine boa ma wɔde Romafo abosonsom fraa “Kristosom” mu. The Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Constantine ankasa buee kwan ma wosisii Kristofo asɔredan akɛse abiɛsa wɔ Rome: Ɔhotefo Petro, S. Paolo Fuori le Mura, ne S. Giovanni wɔ Laterano. Ɔno na . . . ɔyɛɛ asɔredan nsusuwso a ɛte sɛ mmeamudua a ɛno so na wogyina sisii asɔredan ahorow wɔ Europa atɔe fam wɔ Mfinimfini Mmere no nyinaa mu no.” Wɔda so ara bu Ɔhotefo Peter Asɔredan Kɛse a wɔsan sii wɔ Rome no sɛ Roma Katolek Asɔre no beae titiriw a wɔsom.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant ka sɛ: “Asɔre no faa ɔsom mu amammerɛ ne nneyɛe bi a na abu so wɔ Roma [abosonsom] kurow no mu ansa na Kristosom reba.” Ná eyi mu bi ne “ɔkwan a wɔfaa so sisii asɔredan akɛse” no. Efi afeha a ɛto so 10 kosi 15 mu no, wosisii asɔredan bebree, na wɔde adwene sii ɔkwan a wɔfa so si no so kɛse. Saa bere no na Kristoman asɔredan ahorow a wobu no seesei sɛ adwumfo nkaedum no mu dodow no ara bae.

So nkurɔfo nya honhom fam ɔhome ne nkuranhyɛ wɔ asɔredan mu a wɔsom no bere nyinaa? Francisco a ofi Brazil no ka sɛ: “Me fam no, nea asɔredan kyerɛ ara ne adwumaden ne ɔsom mu brɛ. Ná Mass yɛ adeyɛ bi a ntease nnim na wotĩ mu bere nyinaa a antumi anni m’ahiade ho dwuma ankasa. Me ho tɔɔ me bere a migyaee no.” Nanso, wɔhyɛ nokware gyidifo nkuran sɛ wonhyiam. Nhyiam ho nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ wodi akyi?

“Asafo a Ɛwɔ Wɔn Fi No”

Ɔkwan a Kristofo fa so hyiam no fi nhwehwɛmu a wɔayɛ fa ɔkwan a na afeha edi kan mu agyidifo fa so hyiam ho no mu. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ na wɔtaa hyiam wɔ nkurɔfo afie mu. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Munkyia Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfo Kristo Yesu mu . . . Munkyia asafo a ɛwɔ wɔn fi no nso.” (Romafo 16:3, 5; Kolosefo 4:15; Filemon 2) Wɔkyerɛ Hela asɛmfua a wɔde di dwuma ma “asafo” (ek·kle·siʹa) no ase sɛ “asɔre” wɔ Engiresi nkyerɛase ahorow bi, te sɛ King James Version, no mu. Nanso asɛmfua no gyina hɔ ma nnipakuw bi a wɔahyiam redi atirimpɔw koro ho dwuma, na ɛnyɛ ɔdan. (Asomafo no Nnwuma 8:1; 13:1) Ná nokware Kristofo som no nhwehwɛ asɔredan akɛse.

Ɔkwan bɛn so na na tete Kristofo asafo ahorow no yɛ wɔn nhyiam? Osuani Yakobo de Hela asɛmfua sy·na·go·geʹ di dwuma de kyerɛ Kristofo nhyiam. (Yakobo 2:2, NW ase hɔ asɛm) Nea saa Hela asɛmfua yi kyerɛ ne “hyia a wobehyiam,” na wɔde ɛne ek·kle·siʹa di dwuma wɔ akwan ahorow so. Bere kɔɔ so no, asɛmfua “hyiadan” no begyinaa hɔ maa beae anaa ɔdan a wohyia mu no. Ná Yudafo Kristofo a wodi kan no nim nea na ɛkɔ so wɔ hyiadan no mu. *

Bere a na Yudafo no hyiam wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ di wɔn afe afe afahyɛ no, na hyia adan ahorow no som sɛ mmeae a wosua Yehowa ho ade na wɔkyerɛkyerɛ wɔn Mmara no. Ɛbɛyɛ sɛ na nneɛma a ɛkɔ so wɔ hyia adan ahorow mu no bi ne mpaebɔ ne Kyerɛwnsɛm no akenkan, ne afei nso nsɛm a wosusuw ho ne afotu a wɔde ma. Bere a Paulo ne afoforo a wɔka ne ho kɔɔ hyiadan mu wɔ Antiokia no, “hyiadan no mu mpanyimfo soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!” (Asomafo no Nnwuma 13:15) Bere a tete Yudafo Kristofo no hyiaam wɔ nkurɔfo afie mu no, akyinnye biara nni ho sɛ wodii nhwɛso a ɛte saa ara akyi, na ɛmaa wɔn nhyiam ahorow no yɛɛ nea ɛde Kyerɛwnsɛm mu afotusɛm ne honhom fam denhyɛ ma.

Asafo Ahorow a Wɔhyehyɛ Wɔn Ho Den

Te sɛ tete Kristofo no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ hyiam wɔ mmeae a wɔsom a ɛnyɛ kuntann gye Bible mu nkyerɛkyerɛ nya fekubɔ a ɛyɛ anigye. Wɔde mfe pii hyiaam wɔ nkurɔfo afie, na wɔda so ara yɛ saa wɔ mmeae bi. Nanso seesei asafo ahorow no dodow adu bɛboro 90,000, na wɔfrɛ mmeae titiriw a wohyiam no Ahenni Asa. Saa adan yi nyɛ kyenkyenee na ɛnte sɛ asɔredan ahorow no nso. Ɛyɛ adan nkorowankorowa a ɛba fam, na asafo ahorow a emu nnipa yɛ bɛyɛ 100 kosi 200 hyia wom dapɛn biara tie na wosua Onyankopɔn Asɛm.

Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu dodow no ara hyiam mprɛnsa dapɛn biara. Nhyiam no biako ne baguam ɔkasa a ɛfa nsɛm a ɛresisi nnansa yi ho. Nea edi ɛno akyi ne adesua a egyina Bible mu asɛmti anaa nkɔmhyɛ bi so, na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no so na saa adesua yi gyina. Nhyiam foforo ne sukuu a wɔasiesie na atete yɛn wɔ ɔkwan a yɛfa so ka Bible mu asɛm no. Nea edi eyi akyi ne nhyiam bi a wɔahyɛ da asiesie ma yɛanya nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a yɛde yɛ Kristofo som adwuma no. Pɛnkoro dapɛn biara no, Adansefo no hyiam wɔ akuw nketewa mu wɔ nkurɔfo afie sua Bible no. Afoforo wɔ ho kwan sɛ wɔba nhyiam ahorow yi nyinaa bi. Wɔmfa prɛte mfa nkurɔfo anim nnyigye sika.

Francisco, a yɛbɔɔ ne din mfiase no, hui sɛ mfaso kɛse wɔ nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so no so. Ɔka sɛ: “Nhyiambea a edi kan a mekɔɔ hɔ no yɛ ɔdan bi a emu yɛ ahomeka a ɛwɔ kurom, na mede anigye na efii asa no so. Ná wɔn a wɔwɔ hɔ no anim tew, na na mitumi hu ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no. Ná me ho pere me sɛ mɛsan akɔ hɔ. Nokwarem no, efi saa bere no, nhyiam biara mpaa me ti so. Kristofo nhyiam ahorow yi yɛ anigye, na edi me honhom fam ahiade ho dwuma. Sɛ mete nka sɛ biribi ama m’abam abu a, mekɔ Ahenni Asa so, a mewɔ awerɛhyem sɛ mɛba fie no, na m’ani agye.”

Wonya Bible nkyerɛkyerɛ, fekubɔ a ɛhyɛ den, ne hokwan a wɔde yi Onyankopɔn ayɛ nso wɔ Yehowa Adansefo Kristofo nhyiam ahorow ase. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ kɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so. W’ani begye sɛ woyɛɛ saa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 Romafo sɛee asɔrefie no koraa. Osũ Ɔfasu, a Yudafo pii fi akyirikyiri ba hɔ bɛbɔ mpae no, nyɛ saa asɔrefie no fã. Ɛyɛ asɔrefie adiwo ho fasu no fã bi kɛkɛ.

^ nky. 20 Ɛda adi sɛ wɔde hyia adan ahorow dii dwuma wɔ Babilonfo mfirihyia 70 nnommumfa no mu bere a na asɔrefie biara nni hɔ anaasɛ bere a wofii nnommumfa mu bae no akyi bere tiaa bi, bere a na wɔresan asi asɔrefie no. Ebeduu afeha a edi kan mu no, na kurow biara a ɛwɔ Palestina no wɔ n’ankasa hyiadan, na na nkurow akɛse no wɔ hyiadan a ɛboro biako.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]

Ahyiae ntamadan ne akyiri yi, asɔrefie ahorow somee sɛ mmeae pa a wɔsom Yehowa

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ɔhotefo Petro Asɔredan Kɛse a ɛwɔ Rome

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ná tete Kristofo no hyiam wɔ nkurɔfo afie

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Yehowa Adansefo yɛ Kristofo nhyiam ahorow wɔ nkurɔfo afie ne Ahenni Asa so