Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛsɛ sɛ yedi bɔ a yɛhyɛ Onyankopɔn so bere nyinaa?

Kyerɛwnsɛm mu no, bɔhyɛ yɛ nsew a anibere wom a obi di kyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ ade bi, ɔde biribi bɛbɔ afɔre, ɔbɛyɛ adwuma pɔtee bi anaa obedi tebea bi ho dwuma, anaasɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi a entia mmara ankasa ho. Kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa bɔhyɛ a na ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ biribi ansa na wɔadi so ho wɔ Bible mu, kyerɛ sɛ sɛ na Onyankopɔn di kan yɛ biribi a, wɔbɛfa ɔkwan bi a wahyɛ so. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Samuel maame Hana ‘hyɛɛ bɔ sɛ: Asafo Yehowa, sɛ wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnde mede no mɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti.’ (1 Samuel 1:11) Bible ka bɔhyɛ ahorow ho asɛm nso sɛ biribi a obi fi ne pɛ mu yɛ. Bɔhyɛ ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so no kyekyere wo kodu he?

Tete Israel Hene Salomo ka sɛ: “Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase.” Ɔde ka ho sɛ: “Nea woahyɛ bɔ no, ma! Ɛfanim sɛ woanhyɛ bɔ sen sɛ woahyɛ bɔ na womma.” (Ɔsɛnkafo 5:4, 5) Mmara a wɔnam Mose so de maa Israel no ka sɛ: “Sɛ wohyɛ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn bɔ a, nnodow ne tua ho, efisɛ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn bɛhwehwɛ wɔ wo hɔ, na adan wo bɔne.” (Deuteronomium 23:21) Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn a obi bɛhyɛ no bɔ no yɛ aniberesɛm. Ɛsɛ sɛ egyina ntease pa so, na ɛnsɛ sɛ onii a ɔrehyɛ bɔ no adwenem yɛ no naa sɛ ebia obetumi ama dekode a ɔhyɛɛ ho bɔ no anaa. Anyɛ saa de a, ɛbɛyɛ papa mmom sɛ ɔrenhyɛ bɔ no. Nanso, so ɛsɛ sɛ bɔ biara a obi hyɛ no, odi so ɔkwan biara so?

Na sɛ bɔhyɛ bi hwehwɛ sɛ obi yɛ biribi na akyiri yi obehu sɛ ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia nso ɛ? Fa no sɛ na ɛyɛ bɔhyɛ a ɔkwan bi so no ɛbɛhwehwɛ sɛ ɔde ɔbrasɛe fra nokware som? (Deuteronomium 23:18) Ɛda adi sɛ, ɛnsɛ sɛ odi bɔhyɛ a ɛte saa so ɔkwan biara so. Bio nso, wɔ Mose Mmara no ase no, sɛ na ɔbea bi hyɛ bɔ a, na n’agya anaa ne kunu betumi atwa mu.—Numeri 30:3-15.

Afei susuw obi a wahyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ obedi sigya ne nkwa nna nyinaa nanso afei de onhu nea ɔnyɛ no ho hwɛ. Ne bɔhyɛ no ama waba tebea bi mu a ɔte nka sɛ sɛ odi so a, ɛbɛma wabu Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn so. So ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden ara sɛ obedi bɔhyɛ no so? So ɛrenyɛ papa mma no sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban afi ɔbrasɛe ho denam ne bɔhyɛ no so a obebu so, na mmom wahwehwɛ Onyankopɔn mmɔborohunu na wasrɛ bɔne fafiri? Ne nkutoo na obetumi asi asɛm no ho gyinae. Obi foforo biara ntumi nsi gyinae no mma no.

Na sɛ obi hyɛ bɔ bi na sɛ akyiri yi ohu sɛ ɔperee ne ho nso ɛ? So ɛsɛ sɛ odi so ɔkwan biara so? Ná ɛnyɛ mmerɛw mma Yefta sɛ obedi bɔ a ɔhyɛɛ Onyankopɔn no so, nanso ofi ahonim mu yɛɛ saa. (Atemmufo 11:30-40) Sɛ obi anni ne bɔhyɛ so a, ebetumi ama Onyankopɔn ‘bo afuw’ no na wasɛe onii no nsa ano adwuma. (Ɔsɛnkafo 5:6) Sɛ yɛammu bɔhyɛ bi a yebedi so aniberesɛm a, ebetumi ama yɛahwere Onyankopɔn anim dom.

Yesu Kristo kae sɛ: ‘Momma mo yiw nyɛ yiw, na mo dabi nyɛ dabi; efisɛ nea ɛboro eyi so no fi bɔne mu.’ (Mateo 5:37) Ɛnsɛ sɛ Kristoni dwen ma a ɔbɛma nea ɔde ahyɛ Onyankopɔn bɔ no nko ho, na mmom, ɛsɛ sɛ odwen ɔnokwafo a ɔbɛyɛ wɔ ne nsɛm nyinaa mu—ama Onyankopɔn ne nnipa—nso ho. Na sɛ obehu sɛ ɔne obi ayɛ nhyehyɛe bi a mfiase no na ɛte sɛ nea eye nanso bere a ɔhwehwɛɛ mu yiye no na mfaso biara nni so nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ obu nsɛm a ɛte saa no adewa. Nanso, sɛ ɔne onipa foforo no susuw nsɛm ho anibere so a, saa nipa no betumi apaw sɛ ebia ɔbɛma wafa ne ho adi.—Dwom 15:4; Mmebusɛm 6:2, 3.

Ɛdefa bɔhyɛ ahorow ne nneɛma a aka nyinaa ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn titiriw? Momma yɛnhwehwɛ sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ pa bere nyinaa.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30, 31]

Hana antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛma nea ɔhyɛɛ ho bɔ no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30, 31]

Yefta maa nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, ɛmfa ho sɛ na ɛsodi yɛ den no