Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Nna Asom Bo Wɔ Yehowa Anim?

Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Nna Asom Bo Wɔ Yehowa Anim?

Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Nna Asom Bo Wɔ Yehowa Anim?

“Nnɔnhwerew abien a edi mu a emu biara kura simma aduosia ahorow abien a ɛsom bo, yeraa nnɛra bɛyɛ owiapuei ne owiatɔe ntam. Esiane sɛ atwam kɔ koraa nti, yenni biribiara a yɛde begyina akyi ama nea obehu!”—Lydia H. Sigourney, Amerikani nhomakyerɛwfo (1791-1865).

ƐTE sɛ nea yɛn nkwa nna sua na etwam ntɛm. Odwontofo Dawid susuwii sɛnea nkwa yɛ tiaa fa no ho na ɛkaa no ma ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], ma minhu m’awiei ne me nna kakra a wɔasusuw no, ma minhu me kyɛ a mammɛkyɛ. Hwɛ, woayɛ me nna nsaama pɛ, na me mfe nyɛ hwee, w’anim.” Ná Dawid dadwen ne sɛ ɔbɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛbɛma ne kasa ne ne nneyɛe asɔ Onyankopɔn ani so. Bere a ɔrekyerɛ sɛnea ɔdan Nyankopɔn no, ɔkae sɛ: “Wo so na m’ani da.” (Dwom 39:4, 5, 7) Yehowa tiei. Nokwarem no, osusuw Dawid nnwuma ho, na otuaa ne so ka sɛnea ɛfata.

Ɛnyɛ den sɛ yebenya biribi ayɛ wɔ da mũ no nyinaa mu wɔ asetra a adagyew nnim koraa yi mu. Eyi betumi ama yɛahaw, titiriw bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma pii na yenya osuahu ahorow nanso bere a yɛde bɛyɛ saa sua no. So ɛyɛ yɛn ahiasɛm sɛnea na ɛyɛ Dawid ahiasɛm no—sɛ́ yebebu yɛn bra anya Onyankopɔn anim dom? Ɔkwan biara so no, Yehowa hu nea yɛyɛ na ɔhwehwɛ yɛn mu biara mu. Hiob, ɔbarima a na osuro Nyankopɔn no, gye toom bɛyɛ mfirihyia 3,600 a atwam ni sɛ Yehowa nim n’akwan na ohu n’anammɔntu nyinaa. Hiob bisaa asɛm a ɛma wosusuw nsɛm ho yi sɛ: “Sɛ obisa a, dɛn na mede mebua no?” (Hiob 31:4-6, 14) Yebetumi ama yɛn nna asom bo wɔ Onyankopɔn anim denam honhom fam nneɛma a yɛde besisi yɛn ani so, n’ahyɛde ahorow a yebedi so, ne yɛn bere a yɛde bedi dwuma nyansam no so. Ma yensusuw saa nneɛma yi ho mmiako mmiako.

Momma Yɛn Ani Nku Honhom Fam Nneɛma Ho

Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no hyɛ yɛn nkuran ma ɛfata sɛ yɛmfa honhom fam botae ahorow nsisi yɛn ani so bere a ɛka eyi no: ‘Monsɔ nneɛma a eye koraa no nhwɛ.’ Dɛn ne nneɛma a eye koraa yi? Ɛyɛ ‘nokware nimdeɛ ne nhumu.’ (Filipifo 1:9, 10) Sɛ yebenya Yehowa atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a, ɛhwehwɛ sɛ yɛde yɛn bere di dwuma nyansam. Nanso, yɛn ani a yɛbɛma aku honhom fam nneɛma ho no bɛma yɛanya asetra a ɛsom bo na abotɔyam wom.

Ɔsomafo Paulo kae yɛn sɛ ‘yɛnkɔ so nsɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no nhwɛ.’ Sɔ a yɛbɛsɔ ahwɛ no hwehwɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a yɛpɛ na yɛn ani gye ho mu nhwehwɛmu. Ɔsomafo no toa so sɛ: “Monyɛ nnipa a wohu ade a [Yehowa, NW] pɛ yiye.” (Efesofo 5:10, 17) Enti, dɛn na Yehowa pɛ? Bible abebusɛm bi bua sɛ: “Nyansa ne ade titiriw. Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhumu. Bu no, na ɛbɛma wo so.” (Mmebusɛm 4:7, 8) Yehowa ani gye onipa a onya nokware nyansa na ɔde di dwuma no ho. (Mmebusɛm 23:15) Nea ɛma nyansa a ɛte saa som bo ne sɛ wɔrentumi nnye mfi wo nsam anaasɛ wɔrensɛe no. Nokwarem no, ɛbɔ wo ho ban ‘fi bɔne kwan ne wɔn a wɔka akɔntɔnkyesɛm ho.’—Mmebusɛm 2:10-15.

Ɛnde, hwɛ nyansa a ɛwom sɛ yɛbɛko atia su biara a ɛbɛma yɛayɛ anibiannaso wɔ honhom fam nneɛma ho! Ehia sɛ yɛkyerɛ Yehowa nsɛm ho anisɔ na yenya osuro pa ma no. (Mmebusɛm 23:17, 18) Bere a yebetumi anya adwene a ɛte saa bere biara wɔ asetram no, ɛyɛ papa sɛ yetu anammɔn pa yi na yɛma Bible nnyinasosɛm nya yɛn nipasu so nkɛntɛnso wɔ yɛn mmabunbere mu. Ɔhene nyansafo Salomo ka sɛ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu.”—Ɔsɛnkafo 12:1.

Ɔkwan a edi mu sen biara a yebetumi afa so akyerɛ anisɔ ama Yehowa ne sɛ yɛbɛbɔ no mpae da biara. Dawid huu hia a ehia sɛ ɔka ne komam nsɛm kyerɛ Yehowa no, efisɛ ɔsrɛe sɛ: “[Yehowa, NW], tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nusu ho.” (Dwom 39:12) So ɛtɔ mmere bi a, abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Nyankopɔn wɔ no ka yɛn ma yɛte nusu? Nokwarem no, dodow a yɛka yɛn komam nsɛm a ehia yɛn kyerɛ Yehowa na yedwennwen N’asɛm ho no, dodow no ara na ɔbɛn yɛn.—Yakobo 4:8.

Sua Setie

Mose yɛ ɔbarima nokwafo foforo a ohui sɛ ɔdan Onyankopɔn. Te sɛ Dawid no, Mose tumi hui sɛ ɔhaw ahyɛ asetra ma. Enti ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ‘ɔmma onhu ne nna kan sɛ ɛte, na wanya nyansa koma.’ (Dwom 90:10-12) Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm a obi besua na ɔde atra ase nkutoo na ɛbɛma wanya nyansa koma. Ná Mose nim eyi, ma enti ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Israel man no ahu nokwasɛm titiriw yi denam Onyankopɔn mmara ne n’ahyɛde ahorow a otĩĩ mu kyerɛɛ wɔn bere nyinaa ansa na wɔrekɔfa Bɔhyɛ Asase no so. Ná ɛsɛ sɛ ɔhene biara a Yehowa bɛpaw no akyiri yi ma wadi Israel so no kyerɛw Mmara no bi fa na ɔkenkan no ne nkwa nna nyinaa. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a obesua Onyankopɔn suro. Ná eyi bɛsɔ ɔhene no setieyɛ ahwɛ. Ná ɛbɛbɔ ne ho ban na wanhoran ne koma wɔ ne nuanom so, na na ɛbɛma ne nna aware wɔ n’ahenni mu. (Deuteronomium 17:18-20) Wotĩĩ saa bɔhyɛ yi mu bere a Yehowa kaa nea edi so yi kyerɛɛ Dawid ba Salomo no: “Sɛ wonantew m’akwan mu na wudi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea w’agya Dawid nantewee no a, mɛma wo nna aware.”—1 Ahene 3:10-14.

Osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn no yɛ aniberesɛm. Sɛ yebu Yehowa ahwehwɛde ne n’ahyɛde ahorow bi adewa na yebu no sɛ ɛho nhia a, ɔremmu n’ani ngu su a ɛte saa so ɔkwan biara so. (Mmebusɛm 15:3) Ɛsɛ sɛ eyi a yenim no ka yɛn ma yenya obu a emu dɔ ma Yehowa akwankyerɛ biara, ɛmfa ho mpo sɛ ebia saa a yɛbɛyɛ no renyɛ mmerɛw bere nyinaa no. Satan yɛ nea obetumi nyinaa sɛ ‘obegye yɛn asabawmu’ bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi Nyankopɔn mmara ne n’ahyɛde so no.—1 Tesalonikafo 2:18.

Ɛho hia titiriw sɛ yebetie Kyerɛwnsɛm mu afotu a ese yenhyiam nsom na yennya fekubɔ no. (Deuteronomium 31:12, 13; Hebrifo 10:24, 25) Enti ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So masi me bo, na mebɔ me ho mmɔden sɛnea ɛsɛ sɛ mɛyɛ nea mfaso wɔ so ankasa?’ Fekubɔ ne nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase a yebebu yɛn ani agu so akɔpɛ sika no betumi ama yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu agow. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ [Yehowa] ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Yɛn pɛ mu a yebefi atie Yehowa mmara no kyerɛ sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso koraa sɛ ɔbɛhwɛ yɛn so.

Yesu suaa setie na onyaa so mfaso. Saa ara na yɛn nso yebetumi asua bi. (Hebrifo 5:8) Dodow a yɛyɛ setie no, dodow no ara na yɛbɛkɔ so ayɛ saa, wɔ nneɛma nketenkete mpo mu. Ampa, esiane yɛn nokwaredi nti, ebia afoforo ne yɛn renni no yiye anaa wɔbɛbɔ yɛn atirimɔden mpo. Eyi betumi aba saa titiriw wɔ adwumam, sukuu mu, anaa ofie a nyamesom ama emu apaapae mu. Nanso, yenya awerɛkyekye fi nsɛm a wɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ sɛ ‘wɔdɔ Yehowa na wotie ne nne na wɔbata ne ho a, ɔbɛyɛ wɔn nkwa ne wɔn nna dodow’ no mu. (Deuteronomium 30:20) Bɔhyɛ koro yi ara na ɛda hɔ ma yɛn.

Fa Bere Di Dwuma Nyansam

Yɛn bere a yɛde bedi dwuma nyansam nso bɛboa yɛn ma yɛn nna asom bo wɔ Yehowa anim. Esiane sɛ ɛnte sɛ sika a yebetumi akora so nti, ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma, anyɛ saa a ɛbɛyɛ kwa. Dɔnhwerew biara a etwam kɔ no yera koraa. Esiane sɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no dɔɔso sen nea yebetumi adi ho dwuma bere nyinaa nti, so yɛde yɛn bere redi dwuma na ama yɛadu yɛn asetram botae ahorow ho? Kristofo nyinaa botae titiriw ne sɛ wobenya Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa daa.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

Sɛ yehu sɛnea yɛn bere som bo fa a, ɛno ansa na yebetumi de adi dwuma nyansam. Efesofo 5:16 hyɛ yɛn nkuran ma ɛfata sɛ ‘yɛntɔ bere mma yɛn ho,’ na nea eyi kyerɛ ne sɛ “yɛbɛtɔ,” yebebu yɛn ani agu nneɛma a ɛho nhia pii no so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛtew nneɛma a ɛsɛe bere no so. Bere pii a yɛde bɛhwɛ television anaa yebedi wɔ Intanɛt so, wiase nhoma ahorow a mfaso nni so a yɛbɛkenkan, anaa ahomegye ne anigyede mu a yɛde yɛn ho bɛhyɛ fee no betumi ama yɛabrɛ. Bio nso, honam fam nneɛma a yɛbɛboaboa ano agu hɔ pii no betumi asɛe bere a ehia na yɛde anya nyansa koma no.

Nnipa a wɔhwɛ ma afoforo de bere di dwuma nyansam no ka sɛ: “Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wode wo bere bedi dwuma ɔkwampa so bere a botae atitiriw biara nsi w’ani so no.” Wɔde akwan anum a wɔfa so yɛ botae ahorow ho nhyehyɛe ho nyansahyɛ ma: si pi, hu ne dodow, ma ɛnyɛ nea wubetumi adu ho, ma ɛnyɛ nea edi mu, na fa bere to ho.

Botae biako a mfaso wɔ so ne sɛ yɛbɛma yɛn Bible akenkan atu mpɔn. Ade a edi kan ne sɛ yɛbɛma yɛn botae no asi pi—sɛ yɛbɛkenkan Bible mũ no nyinaa. Ade a edi hɔ ne sɛ yebehu botae no dodow. Ɛdenam eyi a yɛbɛyɛ so no, yebetumi ahu yɛn nkɔso. Ɛsɛ sɛ botae ahorow no ma yɛyere yɛn ho na yenya nkɔso. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea yebetumi adu ho na ɛyɛ nea edi mu nso. Ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn ahoɔden, yɛn ankasa nimdeɛ ne bere dodow a yɛde bɛyɛ nso ho. Wɔ ebinom fam no, ebia wobehia bere pii na wɔadu botae no ho. Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ yɛde bere to yɛn botae no ho. Da a wobɛhyɛ sɛ wode bewie biribi no bɛboa kɛse ma woayere wo ho ayɛ dekode no.

Betel abusua no mufo a wɔsom wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti anaa baa dwumadibea ahorow no bi mu no nyinaa wɔ botae pɔtee bi sɛ wɔbɛkan Bible mũ no nyinaa wɔ wɔn afe a edi kan wɔ Betel no. Wohu sɛ Bible akenkan a mfaso wɔ so no ma wonyin wɔ honhom fam na wɔne Yehowa a ɔkyerɛ wɔn nea eye no nya abusuabɔ a emu yɛ den. (Yesaia 48:17) So yebetumi de ayɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkenkan Bible no daa?

Yɛn Nna a Yɛbɛma Asom Bo So Mfaso Horow

Honhom fam nneɛma a yɛde yɛn adwene besi so kɛse no bɛma yɛanya nhyira a enni ano. Ade biako ne sɛ ɛma yenya akomatɔyam ne asetram atirimpɔw. Yehowa a yɛnam mpaebɔ a efi komam so ne no nya nkitahodi daa no ma yɛbɛn no yiye. Mpae a yɛbɔ no ankasa kyerɛ sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso. Bible ne Bible ho nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ama a yɛbɛkenkan daa no kyerɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebetie Onyankopɔn bere a ɔkasa kyerɛ yɛn no. (Mateo 24:45-47) Eyi boa yɛn ma yenya nyansa koma a yɛde besisi gyinae pa apaw nneɛma pa wɔ asetram.—Dwom 1:1-3.

Yɛn ani gye sɛ yebetie Yehowa ahyɛde ahorow, efisɛ ɛsodi nyɛ den. (1 Yohane 5:3) Bere a yɛma da biara da som bo wɔ Yehowa anim no, yɛhyɛ yɛne ne ntam abusuabɔ mu den. Yɛbɛyɛ honhom fam mmoa ankasa nso ama yɛn mfɛfo Kristofo. Nneyɛe a ɛtete saa ma Yehowa Nyankopɔn ani gye. (Mmebusɛm 27:11) Akatua biara nsen sɛ yebenya Yehowa anim dom nnɛ ne daa nyinaa!

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Kristofo bu honhom fam nneɛma aniberesɛm

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22]

So wode wo bere redi dwuma nyansam?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Sɛ yɛma da biara som bo wɔ Yehowa anim a, yɛhyɛ yɛne ne ntam abusuabɔ mu den