Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmpatrɛw Dwumadibea Bɛyɛɛ Yɛn Fie

Asɛmpatrɛw Dwumadibea Bɛyɛɛ Yɛn Fie

Asetram Nsɛm

Asɛmpatrɛw Dwumadibea Bɛyɛɛ Yɛn Fie

SƐNEA DICK WALDRON KA KYERƐE

Ná ɛyɛ September 1953 Kwasida awia bi. Ná afei koraa na yɛaba South-West Africa (mprempren Namibia). Ná yennii dapɛn biako wɔ ɔman no mu, na ná yɛrebɛyɛ baguam nhyiam wɔ ahenkurow, Windhoek, mu. Dɛn na na ama yɛatwa kwantenten afi Australia aba Afrika asase yi so? Ná me ne me yere, ne mmabaa baasa aba sɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho asɛmpatrɛwfo.—Mateo 24:14.

MIFII m’asetra ase wɔ asase ano nohoa, wɔ Australia, wɔ afe titiriw a ɛne afe 1914 mu. Me mpanyin afe so na Sikasɛm Mu Ahokyere Kɛse no bae, na na ɛsɛ sɛ meyɛ me fam de de boa abusua no asetra. Ná adwuma biara nni hɔ, nanso mefaa kwan bi so kyekyee wuram nnanko a na pii wɔ Australia no. Enti, mmoa atitiriw a meyɛe wɔ abusua no adidi mu biako ne nnanko nam a mede bae bere nyinaa no.

Eduu bere a wiase ko a ɛto so abien fii ase wɔ afe 1939 mu no, na matumi anya adwuma wɔ keteke ne bɔs mu wɔ Melbourne kurom. Ná mmarima bɛyɛ 700 na yɛyɛ adwuma wɔ bɔs mu a sɛ kuw bi pɔn a na kuw foforo abeyi no, na bere biara a na mɛkɔ adwuma no na mihyia ofirikafo anaa nea ogyigye sika foforo. Na metaa bisa wɔn sɛ, “Asɔre bɛn na wokɔ?” na na mema wɔkyerɛkyerɛ wɔn gyidi ahorow mu kyerɛ me. Onipa biako pɛ na otumi maa me mmuae a na ɛtɔ asom, na ɔyɛ Yehowa Dansefo. Ɔkyerɛkyerɛɛ Bible mu asɛm a ɛfa paradise asase, baabi a nnipa a wosuro Onyankopɔn bɛtra daa ho mu kyerɛɛ me.—Dwom 37:29.

Saa bere no mu no, me maame nso ne Yehowa Adansefo hyiae. Mpɛn pii na na mepɔn ba fie anadwo bɛto sɛ Consolation nsɛmma nhoma (mprempren Nyan!) no bi ka m’aduan ho si hɔ. M’ani gyee nea mekenkanee no ho. Bere bi akyi no, migye toom sɛ eyi ne nokware som no, na mede me ho hyɛɛ mu yiye, na wɔbɔɔ me asu wɔ May 1940 mu.

Ná akwampaefo fie wɔ Melbourne, baabi a na Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo bɛyɛ 25 te. Me ne wɔn kɔtrae. Mitiee wɔn asɛnka adwuma no mu osuahu ahorow a ɛyɛ anigye no da biara, na minyaa ɔpɛ bi me komam sɛ mede me ho bɛbɔ wɔn. Awiei koraa no, mibisaa akwampae adwuma hokwan. Wogyee me toom, na wɔfrɛɛ me ma mekɔsomee wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Australia no. Enti mebɛyɛɛ Betel abusua no muni.

Afiasenna ne Bara a Wɔbaraa Yɛn

Dwuma ahorow a midii wɔ Betel no mu biako ne afiri a na mede twitwa nnua. Ɛhɔ no, na yetwitwa nnua de hyew gyabiriw de yɛ gas. Na baa dwumadibea hɔ kar ahorow no na ɛde gas yi yɛ adwuma, efisɛ ɔko no nti na pɛtro ho ayɛ na. Na yɛyɛ 12 na yetwitwa nnua no, na na wobetumi afa yɛn nyinaa akɔ sraadi. Na ankyɛ koraa na wɔde yɛn guu afiase asram asia esiane sɛ yegyinaa Bible so na yɛankɔ sraadi nti. (Yesaia 2:4) Wɔde yɛn kɔɔ nneduafo afuw mu kɔyɛɛ adwumaden. Dɛn na wɔma yɛyɛe? Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔmaa yetwitwaa nnua, adwuma a na wɔatete yɛn ma yɛyɛ wɔ Betel no!

Yɛbɔɔ mmɔden wɔ nnuatwa adwuma no mu araa ma afiase sohwɛfo panyin no maa yɛn Bible ne yɛn Bible ho nhoma, ɛmfa ho sɛ na wɔahyɛ katee sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma yɛn nsa ka nneɛma a ɛte saa no. Ɛyɛ saa bere yi na minyaa nnipa ntam nkitahodi ho asuade bi a mfaso wɔ so. Bere a na mereyɛ adwuma wɔ Betel no, na onua bi wɔ hɔ a na mintumi ne no mmɔ. Na ɛsono yɛn mu biara nipasu koraa. Wiɛ, wususuw sɛ hena na wɔmaa me ne no daa afiase dan biako mu? Ɛyɛ saa onua no. Afei yenyaa bere ankasa huu yɛn ho yɛn ho, na nea efii mu bae ne sɛ yebenyaa adamfofa a emu yɛ den na ɛtra hɔ daa.

Bere bi akyi no, wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Australia. Wɔde nsa too asafo no sika nyinaa so, na na anuanom a wɔwɔ Betel no nni sika. Da bi, wɔn mu biako baa me nkyɛn bɛkae sɛ: “Dick, mepɛ sɛ mekɔ kurom kodi adanse kakra, nanso minni mpaboa, adwuma mpaboa nkutoo na mewɔ.” Mede anigye boaa no, na ɔhyɛɛ me mpaboa no siim kɔɔ kurom.

Akyiri yi, metee sɛ wɔakyere no de no ato afiase sɛ ɔreka asɛm no. Mantumi anni me ho so ma mekyerɛw asɛntiaa bi kɔmaa no sɛ: “Kosɛ. Ɛyɛ me anigye sɛ ɛnyɛ me na wɔkyeree me.” Nanso, ankyɛ na wɔkyeree me nso de me too afiase ne mprenu so esiane ɔfã biara a minni nti. Wogyaee me no, wɔmaa me dwumadi sɛ menhwɛ afuw a wɔde mu nnuan kɔma Betel abusua no so. Saa bere no na yɛadi nkonim wɔ yɛn asɛm a na ɛwɔ asɛnnibea no mu, na woyii bara a na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no fii hɔ.

Mewaree Ɔsɛmpatrɛwfo Nsiyɛfo Bi

Bere a na mewɔ afuw no mu no, mifii ase dwenee aware ho anibere so, na m’ani begyee onuawa kwampaefo ababaa bi, Coralie Clogan, ho. Ná Coralie nanabea ne obi a odii kan kyerɛɛ Bible mu nsɛm ho anigye wɔ n’abusua mu. Ná waka akyerɛ Coralie maame, Vera, wɔ ne wu mpa so sɛ: “Tete wo mma no mma wɔnnɔ Onyankopɔn na wɔnsom no, na da bi yebehyia wɔ Paradise asase so.” Akyiri yi, bere a ɔkwampaefo bi de Millions Now Living Will Never Die nhomawa no baa Vera pon ano no, ofii ase tee saa nsɛm no ase. Nhomawa no maa Vera gye dii sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛma adesamma anya paradise asase so asetra mu anigye. (Adiyisɛm 21:4) Wɔbɔɔ no asu 1930 mfe no mfiase, na sɛnea na ne maame ahyɛ no nkuran no, ɔboaa ne mmabea baasa—Lucy, Jean, ne Coralie—ma wonyaa Onyankopɔn ho dɔ. Nanso, na Coralie papa sɔre tia n’abusua no som no denneennen, sɛnea na Yesu abɔ kɔkɔ sɛ ebetumi aba wɔ mmusua mu no.—Mateo 10:34-36.

Ná Clogan abusua no yɛ nnwontofo; ná mmofra no mu biara bɔ nnwom ho adwinnade bi. Na Coralie bɔ sanku, na wɔ afe 1939 mu, bere a na wadi mfirihyia 15 no, wɔmaa no abodin krataa wɔ nnwonto mu. Wiase Ko II a esii no maa Coralie susuw ne daakye ho anibere so. Na bere adu sɛ osi nea na ɔbɛyɛ wɔ n’asetram ho gyinae. Ɔkwan biako so no, na obetumi anya adwuma wɔ nnwonto mu. Ná wɔato nsa afrɛ no dedaw sɛ ɔmmɛka Melbourne Sumphony Nnwontofo Kuw no ho. Ɔkwan foforo so no, na obetumi atu ne ho ama ayɛ adwuma kɛse a ɛne Ahenni asɛnka adwuma no. Bere a Coralie susuw nneɛma ho anibere so akyi no, ɔne ne nuabeanom baanu no bɔɔ asu wɔ afe 1940 mu na wosiesiee wɔn ho sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no mu.

Coralie sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no, ankyɛ na onua bi a n’ani ku asɛyɛde ho a ofi Australia baa dwumadibea hɔ, Lloyd Barry, a akyiri yi, ɔbɛsomee sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no, ne no kasae. Ná ɔmaa ɔkasa bi wɔ Melbourne wiei nkyɛe, na ɔka kyerɛɛ Coralie sɛ: “Meresan akɔ Betel. Dɛn nti na wo ne me mfa keteke nsan nkɔ na wommɛka Betel abusua no ho?” Ɔde anigye penee so.

Coralie ne anuanom mmea foforo a wɔwɔ Betel abusua no mu dii dwuma a ɛho hia kyekyɛɛ Bible ho nhoma maa anuanom a wɔwɔ Australia wɔ bere a na wɔabara adwuma no wɔ ɔko mmere no mu no. Wɔn ankasa na wɔyɛɛ nhoma tintim adwuma no fã kɛse no ara wɔ Onua Malcolm Vale hwɛ ase. Ná wotintim The New World ne Children nhoma no pam, na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no biako mpo ampa yɛn ti so wɔ bɛboro mfirihyia abien a wɔbaraa yɛn no mu.

Ná ɛsɛ sɛ wɔsakra beae a wotintim nhoma no bɛyɛ mpɛn 15 sɛnea ɛbɛyɛ a polisifo nhu wɔn. Bere bi, na wotintim nhoma wɔ ɔdan bi a ɛhyɛ dan bi ase a na wotintim nhoma ahorow wɔ anim no mu. Ná onuawa a ɔte ahɔhogyebea hɔ no tumi mia pɔtwom bi a na ɛma dɔn bi bɔ wɔ ɔdan a ɛhyɛ dan ase no mu so bere a ohu sɛ asiane bi reba no, sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom mmea no betumi de nhoma ahorow no asie ansa na obi atumi abɛhwehwɛ hɔ.

Bere bi a wɔbɛhwehwɛɛ hɔ saa no, ehu kaa anuanom mmea no bi bere a wohui sɛ Ɔwɛn-Aban bi da pon bi so a na obiara tumi hu no. Polisini no baa mu, de n’adaka too Ɔwɛn-Aban no so pɛɛ, na ofii ase hwehwɛɛ hɔ. Bere a wanhu hwee no, ɔmaa n’adaka no so fii adi!

Bere a woyii bara a na wɔabara yɛn no fii hɔ na wɔsan de baa dwumadibea dan no maa anuanom no, wɔde hokwan maa wɔn mu pii sɛ wobetumi akɔyɛ akwampaefo atitiriw. Saa bere no na Coralie tuu ne ho mae sɛ ɔbɛkɔ Glen Innes. Mekɔkaa ne ho wɔ hɔ bere a yɛwaree January 1, 1948 no. Bere a yefii saa dwumadibea hɔ no, na wɔahyehyɛ asafo bi a ɛrenya nkɔso wɔ hɔ.

Na yɛn dwumadibea a edi hɔ ne Rockhampton, nanso yɛantumi annya ɔdan wɔ hɔ antra mu. Enti yesii ntamadan wɔ onigyeni bi afuw mu wɔ petee mu. Yɛtraa saa ntamadan no mu asram akron. Anka yebetumi atra mu aboro saa, nanso bere a osu fii ase tɔe no, osuframa bi tetee ntamadan no, na osu kɛse a ɛtɔe no hohoro kɔe. *

Amannɔne Dwumadibea a Wɔde Yɛn Kɔe

Bere a na yɛwɔ Rockhampton no, yɛn nsa kaa krataa a na wɔde reto nsa afrɛ yɛn akɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a wɔde tete asɛmpatrɛwfo no adesuakuw a ɛto so 19 no bi. Na saa na ɛyɛe a yekodii South-West Africa bere a yewiei wɔ afe 1952 mu no.

Kristoman mu asɔfo no daa sɛnea wɔte nka wɔ yɛn asɛmpatrɛw adwuma no ho adi ntɛm ara. Wofii wɔn asɛnka agua so bɔɔ wɔn asafo ahorow no kɔkɔ wɔ yɛn ho Kwasida biara toatoaa so adapɛn asia. Wɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ mma wommue wɔn pon mma yɛn, na wɔmmma yɛnkenkan Bible nnkyerɛ wɔn, efisɛ ɛbɛsɛe wɔn adwene. Wɔ beae bi no, yɛmaa nhoma pii, nanso ɔsɔfo no dii yɛn akyi kɔɔ afie afie kogyee ne nyinaa. Da bi yɛne ɔsɔfo no bɔɔ nkɔmmɔ wɔ ne dan mu, na yehui sɛ ɔwɔ yɛn nhoma no pii.

Ankyɛ koraa na ɛhɔnom atumfoɔ no nso fii ase daa no adi sɛ yɛn adwuma no ho asɛm haw wɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ asɔfo no na epiapiaa wɔn ma wonyaa adwene sɛ ɛbɛyɛ sɛ yɛne Komunisfo wɔ abusuabɔ. Enti, wɔmaa yɛde yɛn nsa tintim krataa so, na wobisabisaa nkurɔfo a yɛkɔɔ wɔn nkyɛn no binom nsɛm. Ɔsɔretia yi nyinaa akyi no, nnipa a wɔbaa yɛn nhyiam ahorow no dodow nyaa nkɔanim nkakrankakra.

Yɛbaa hɔ mfiase no ara na yenyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛde Bible mu asɛm no bɛkɔ ɛhɔfo a wɔyɛ Ovambofo, Hererofo, ne Namafo, no hɔ. Nanso, na eyi nyɛ mmerɛw. Saa mmere no mu no, South-West Africa kɔhyɛɛ South Africa nnipa nyiyim nniso no ase. Sɛ́ aborɔfo no, wɔamma yɛn kwan ankɔ abibifo no mu bere a na aban no mmaa yɛn ho kwan no. Yɛkɔɔ so bisaa hokwan bere ne bere mu, nanso atumfoɔ no amma yɛn kwan.

Bere a yedii mfirihyia abien wɔ yɛn amannɔne adwuma mu no, biribi a na yɛnhwɛ kwan sii. Ná Coralie anyinsɛn. Yɛwoo yɛn babea Charlotte, wɔ October 1955 mu. Ɛwom sɛ na yentumi nkɔso nsom sɛ asɛmpatrɛwfo de, nanso mitumi nyaa adwuma a wɔde bere fa yɛ, na mekɔɔ so yɛɛ ɔkwampaefo kosii bere bi.

Yenyaa Yɛn Mpaebɔ Ho Mmuae

Yehyiaa ɔhaw foforo wɔ afe 1960 mu. Coralie nsa kaa krataa bi a ɛkae sɛ ne maame yare denneennen a sɛ Coralie amma fie a, ebia ɔrenhu ne maame bio. Enti, yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yebefi South-West Africa asan akɔ Australia. Afei asɛm bi sii—dapɛn no ara a na yɛrebetu no, me nsa kaa tumi krataa fii atumfoɔ no hɔ a na metumi de akɔ abibifo kurow, Katutura, mu. Dɛn na na yɛbɛyɛ afei? Yɛnsan mfa tumi krataa no mma wɔn bere a na yɛde mfirihyia ason apere sɛ yɛn nsa bɛka no? Ɛnyɛ den koraa sɛ wubenya adwene sɛ afoforo betumi abɛtoa so afi baabi a yɛde akosi no. Nanso, so na eyi nyɛ nhyira a efi Yehowa hɔ, yɛn mpaebɔ ho mmuae?

Misii gyinae ntɛm ara. Na ɛsɛ sɛ metwɛn hwɛ akyi, efisɛ na misuro sɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Australia a, na asɛm bɛba tumi krataa a yɛde bɛtra ɔman no mu daa a yɛapere anya no ho. Ade kyee no, mikotwaa me din mu wɔ ahyɛmma a na ɛde yɛn bɛkɔ no mu, na memaa Coralie ne Charlotte kodii akwamma bere tenten wɔ Australia.

Bere a wɔkɔe no, mifii ase dii abibifo kurow no mufo adanse. Wɔdaa anigye kɛse adi. Bere a Coralie ne Charlotte san bae no, nnipa pii a wofi abibifo kurow no mu fii ase baa asafo nhyiam ahorow.

Eduu saa bere yi no, na manya kar dedaw bi a na mitumi de fa anigyefo no ba asafo nhyiam ahorow. Asafo nhyiam biara no, na midi akɔneaba mpɛn anan anaa anum, fa nnipa ason, awɔtwe, anaa akron pɛnkoro biara. Sɛ onipa a otwa to no si a, na Coralie bisa me agoru so sɛ: “Nnipa dodow ahe na wɔda so hyehyɛ akongua no ase?”

Nea ɛbɛyɛ na asɛnka adwuma no atu mpɔw kɛse no, ɛho behiae sɛ yenya nhoma wɔ ɛhɔfo kasa mu. Enti minyaa hokwan yɛɛ nhyehyɛe ma wɔkyerɛɛ Life in a New World kratawa no ase kɔɔ ɛhɔnom kasa anan mu: Herero, Nama, Ndonga, ne Kwanyama. Ná nsɛm asekyerɛfo no yɛ nhomanimfo a yɛne wɔn resua Bible no, nanso na ɛsɛ sɛ me ne wɔn tra ase hwɛ hu sɛ wɔakyerɛ kasamu biara ase yiye. Nama yɛ kasa a enni nsɛmfua pii. Sɛ nhwɛso no, na merebɔ mmɔden akyerɛkyerɛ asɛm bi mu: “Mfiase no, na Adam yɛ onipa a ɔyɛ pɛ.” Nsɛm asekyerɛfo no titii ne ti ho kae sɛ ɔnkae asɛmfua a egyina hɔ ma “pɛ” wɔ Nama mu. Awiei koraa no, ɔkae sɛ: “Manya bi. Mfiase no, na Adam te sɛ aduaba a abere.”

Yɛn Ani Agye Yɛn Fie a Wɔde Maa Yɛn no Ho

Bɛyɛ mfirihyia 49 atwam fi bere a yedii kan baa ɔman yi, a mprempren wɔfrɛ no Namibia, no mu. Enhia bio sɛ yebegye tumi krataa ansa na yɛakɔ mmeae a abibifo te no. Aban foforo na edi Namibia so seesei, na ɛde amanyɔ mmara a enyiyi nnipa mu na edi dwuma. Ɛnnɛ, asafo akɛse anan na ɛwɔ Windhoek a wohyiam wɔ Ahenni Asa ahorow a awerɛkyekye wom so.

Yɛtaa susuw nsɛm a wɔka kyerɛɛ yɛn wɔ Gilead no ho: “Momfa mo amannɔne dwumadibea nyɛ mo fie.” Sɛnea Yehowa ahwɛ ma nneɛma akɔ so no, yegye di sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ yɛde amannɔne asase yi bɛyɛ yɛn fie. Yɛabenya ɔdɔ ama anuanom no, ne wɔn amammerɛ ahorow a ɛyɛ anigye no. Yɛne wɔn abom aserew wɔ wɔn anigye mu ne wɔn abom asu wɔ wɔn awerɛhodi mu. Wɔn a na wɔyɛ foforo a na yɛfa wɔn hyɛ yɛn kar mu de wɔn kɔ asafo nhyiam ahorow no som mprempren sɛ adum wɔ wɔn asafo ahorow mu. Bere a yɛbaa asase kakraa yi so wɔ afe 1953 mu no, na adawurubɔfo a wɔreka asɛm no wɔ hɔ no nnu du. Efi saa mfiase ketewaa no so no, yɛn dodow akɔ anim akodu bɛboro 1,200. Nokwarem no, Yehowa adi ne bɔhyɛ so ama nea yɛne afoforo ‘duae na yeguguu so nsu’ no anyin.—1 Korintofo 3:6.

Sɛ yɛhwɛ yɛn akyi wɔ mfirihyia pii a yɛde asom, nea edi kan wɔ Australia ne mprempren wɔ Namibia no mu a, me ne Coralie anya abotɔyam kɛse. Yɛhwɛ kwan, na yɛbɔ mpae sɛ Yehowa bɛkɔ so ama yɛn ahoɔden de ayɛ n’apɛde mprempren akosi daa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 22 Wɔkaa sɛnea awarefo yi a wɔde Waldron no gyinaa wɔn dwumadibea mu tebea a emu yɛ den ano ho asɛm anigye so a wɔammɔ wɔn din wɔ December 1, 1952, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu, wɔ kratafa 707-8.

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Yɛrekɔ yɛn dwumadibea wɔ Rockhampton, Australia

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Yɛwɔ hyɛn gyinabea a yɛrekɔ Gilead Sukuu

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Adanse a yedi wɔ Namibia no ma yenya anigye pii