Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hyɛ Wo Nsam Den

Hyɛ Wo Nsam Den

Hyɛ Wo Nsam Den

WƆ Bible mu no, wɔka nsa ho asɛm bɛboro mpɛn 1,800. Wɔde kasakoa a ɛfa nsa ho di dwuma akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, nsa a ɛho tew kyerɛ bemdi. (2 Samuel 22:21; Dwom 24:3, 4) Nsam a wobue kyerɛ ayamye a wɔda no adi kyerɛ afoforo. (Deuteronomium 15:11; Dwom 145:16) Wɔka sɛ obi a ɔde ne nkwa to asiane mu de ne kra ato ne nsam. (1 Samuel 19:5) Sɛ́ obi bɛma ne nsam agow no kyerɛ sɛ ɔbɛma n’abam abu. (2 Beresosɛm 15:7) Na sɛ́ obi bɛhyɛ ne nsam den no kyerɛ sɛ ɔbɛhyɛ ne ho den na wayɛ biribi.—1 Samuel 23:16.

Ɛnnɛ ɛho hia yiye sɛ yɛhyɛ yɛn nsam den. Yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Sɛ yɛn abam bu a, sɛ́ nnipa no, nea yɛtaa yɛ ara ne sɛ yɛpa abaw na yɛma yɛn nsam gow. Ɛnyɛ den sɛ wubehu sɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so agyae sukuu, okununom aguan agyaw wɔn mmusua, na ɔyerenom agyaw wɔn mma hɔ. Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn nsam den na ama yɛatumi agyina sɔhwɛ ahorow a yehyia ano. (Mateo 24:13) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma Yehowa koma ani gye.—Mmebusɛm 27:11.

Sɛnea Wɔhyɛ Nsam Den

Ná ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔwɔ Esra bere so no hyɛ wɔn nsam den na ama wɔatumi awie Yehowa asɔrefie no si wɔ Yerusalem. Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ wɔn nsam den? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Wodii apiti dapɔnna nnanson, anigye mu, efisɛ [Yehowa, NW] maa wɔn ani gyei, na ɔkom Asiria hene no koma baa wɔn ho ma ɔhyɛɛ wɔn abasam den, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fi adwuma no mu.” (Esra 6:22) Ɛda adi pefee sɛ, ɛyɛ Yehowa adeyɛ tumi no na ɔde kanyan “Asiria hene no” ma ɔmaa Onyankopɔn nkurɔfo no san kɔɔ wɔn kurom, na Ɔkanyan nkurɔfo no honhom ma wowiee adwuma a na wɔafi ase no.

Akyiri yi, bere a na ɛsɛ sɛ wosiesie Yerusalem afasu no, Nehemia hyɛɛ ne nuanom nsam den maa adwuma no. Yɛkenkan sɛ: “Mekaa wɔn me Nyankopɔn yiye a wayɛ me, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wose: Momma yɛnsɔre na yensi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.” Nehemia ne ne mfɛfo a wɔahyehyɛ wɔn nsam den no tumi san too Yerusalem afasu no nnafua 52 mu ma ɛyɛɛ nwonwa!—Nehemia 2:18; 6:9, 15.

Saa ara na Yehowa hyɛ yɛn nsam den ma yɛka Ahenni ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) Ɔyɛ saa denam ‘ade pa biara a osiesie ma yɛn ma yɛde yɛ n’apɛde’ no so. (Hebrifo 13:21) Wama yɛn adwinnade a edi mu sen biara. Yɛwɔ Bible ne Bible ho nhoma, nsɛmma nhoma, nhomawa, nkratawa, ne kasɛt ne video ahorow a yɛnam so de asɛm no bedu nnipa nkyɛn wɔ wiase nyinaa. Nokwarem no, yɛn nhoma ahorow no wɔ kasa bɛyɛ 380 mu. Afei nso, ɛdenam asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam ahorow so no, Yehowa ma yɛn teokrase nkyerɛkyerɛ ne ntetee wɔ sɛnea yɛde nnwinnade pa yi bɛyɛ asɛnka adwuma no ho.

Ɛwom sɛ Yehowa hyɛ yɛn nsam den wɔ akwan pii so de, nanso ɔhwɛ kwan nso sɛ yɛbɛyere yɛn ho. Kae nea odiyifo Elisa ka kyerɛɛ Ɔhene Yoas a na waba Elisa hɔ rebɛhwehwɛ mmoa de ako atia Siria ntuafo no. Elisa ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔmfa agyan na ɔnto mmɔ fam. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔtow bɔɔ fam mprɛnsa, na ogyinae. Ɛnna Onyankopɔn nipa no bo fuw no kae sɛ: Anka ɛsɛ sɛ wotow mpɛn anum anaa asia; ɛno na anka wobɛbɔ Siria akosi sɛ wobɛdwerɛw wɔn; enti nso mprɛnsa pɛ na wobɛbɔ Siria.” (2 Ahene 13:18, 19) Esiane sɛ Yoas amfa nsi anyɛ ade nti, nkonim ketewaa bi pɛ na odii wɔ Siria so.

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no a, ɛsɛ sɛ yɛde nnyinasosɛm koro no ara di dwuma. Sɛ́ anka yebedwennwen akwanside ahorow a esisi yɛn akwan mu anaa sɛnea ebia adwuma no bɛyɛ den ho no, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu de nsi yɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn nsam den na yɛhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa.—Yesaia 35:3, 4.

Yehowa Bɛhyɛ Yɛn Nsam Den

Yehowa renni yɛn huammɔ, na ɔbɛhyɛ yɛn nsam den. Nokwarem no, Onyankopɔn renyɛ anwonwade na ɔrenyɛ biribiara mma yɛn. Ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ yɛn fam de—akenkan Bible da biara, asiesie yɛn ho akɔ asafo nhyiam ahorow daa, de yɛn ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu daa sɛnea yebetumi, na yɛabɔ mpae bere nyinaa. Sɛ yɛde nokwaredi ne nsi yɛ yɛn fam de bere a yɛwɔ hokwan no a, Yehowa bɛma yɛn ahoɔden de ayɛ nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no.—Filipifo 4:13.

Susuw Kristoni bi a ne yere ne ne maame nyinaa wui afe biako mu asɛm no ho hwɛ. Bere a ogu so redi yaw no, n’asebea gyaee ne babarima aware fii Kristofo asafo no mu. Onua yi ka sɛ: “Mihui sɛ yentumi mpaw sɔhwɛ ahorow a yɛpɛ, na saa ara nso na yentumi mpaw bere a yɛpɛ sɛ ɛba anaa mpɛn dodow a yɛpɛ sɛ ɛba no.” Ɔyɛ dɛn nya ahoɔden de gyina ano? “Mpaebɔ ne kokoam adesua ayɛ me akokyɛm, na ama matumi agyina tebea no ano. Na mmoa a me honhom fam anuanom mmarima ne mmea ayɛ me no ama manya awerɛkyekye pii. Nea ɛsen ne nyinaa no, mabehu hia a ehia sɛ obi ne Yehowa benya abusuabɔ pa ansa na tebea horow a emu yɛ den asɔre.”

Ɛmfa ho tebea biara a wubehyia wɔ asetram no, si wo bo sɛ wode wo werɛ nyinaa bɛhyɛ Yehowa mu na wode nsiesiei ahorow a wayɛ na ama woatumi ahyɛ wo nsam den no adi dwuma ɔkwan pa so. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi de ɔsom a eye sen biara ama Yehowa na wonam so ayi ne din ayɛ na woadi no ni.—Hebrifo 13:15.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yoas amfa nsi anyɛ ade nti, nkonim ketewaa bi pɛ na odii wɔ ɔne Siriafo akodi no mu