Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kokoam Adesua A Esiesie Yɛn Sɛ Akyerɛkyerɛfo

Kokoam Adesua A Esiesie Yɛn Sɛ Akyerɛkyerɛfo

Kokoam Adesua A Esiesie Yɛn Sɛ Akyerɛkyerɛfo

“Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu. Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so.”—1 TIMOTEO 4:15, 16.

1. Dɛn ne nokwasɛm a ɛfa bere ne kokoam adesua ho?

BIBLE ka wɔ Ɔsɛnkafo 3:1 sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no.” Ɛte saa pɛpɛɛpɛ wɔ kokoam adesua ho. Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobesusuw honhom fam nneɛma ho, sɛ bere anaa beae no nye mma wɔn a. Sɛ nhwɛso no, bere a woayɛ adwuma abrɛ da no mu na woanya aduan bi a emu yɛ duru adi awie anwummere no, so wobɛte nka sɛ wubesua ade, titiriw bere a w’adwudwo wo ho ada agua bi a emu yɛ tofoo mu te TV anim no? Dabida. Enti, dɛn ne ano aduru? Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ yɛpaw bere ne beae a yebesua ade, a atirimpɔw no ne sɛ yebenya yɛn mmɔdenbɔ so mfaso pii.

2. Mpɛn pii no, bere bɛn na eye sen biara ma kokoam adesua?

2 Nnipa pii hu sɛ bere a eye sen biara a wɔde besua ade ne sɛ wobedi kan ayɛ no anɔpa bere a wɔn ani da hɔ paa no. Afoforo de awia ahomegye bere sua ade bere tiaa bi. Hyɛ sɛnea wɔtwe adwene si bere a yebenya ama honhom fam nneɛma a ɛho hia so no nsow wɔ nhwɛso a edidi so yi mu. Tete Israel hene Dawid kyerɛwee sɛ: “Ma mente w’adɔe anɔpa, na wo so na mede me ho meto. Ma minhu ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so mekyerɛ wo.” (Dwom 143:8) Odiyifo Yesaia daa anisɔ a ɛte saa ara adi bere a ɔkaa eyi no: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn ama me asuafo tɛkrɛma, sɛ minhu sɛnea mede asɛm mɛwaw nea wabrɛ; onyan me daa anɔpa, onyan m’aso ma me, sɛ memfa mintie sɛ asuafo.” Nokwasɛm no ne sɛ ehia sɛ yesua ade na yɛne Yehowa di nkitaho bere a yɛn adwenem da hɔ, ɛmfa ho da no mu bere ko a ɛyɛ no.—Yesaia 50:4, 5; Dwom 5:3; 88:13.

3. Tebea horow bɛn na ɛfata ma adesua a etu mpɔn?

3 Ade foforo a ɛbɛma yɛatu mpɔn wɔ adesua mu ne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtra agua a emu yɛ ahomeka pii mu. Eyi mma wuntumi mfa w’adwene nsi nneɛma so. Sɛ yɛresua ade a, ɛsɛ sɛ yɛkanyan yɛn adwene no, na sɛ yedwudwo yɛn ho dodo a, yentumi nyɛ saa. Ade foforo a ɛho hia ma adesua ne nneɛma ho dwen ne sɛ beae hɔ bɛyɛ dinn na nneɛma ntwetwe yɛn adwene. Radio ne TV a yɛbɛsɔ asi so, anaa mmofra a wobedi agoru bere a yɛresua ade no remma yennya biribi pa bi mfi mu. Bere a na Yesu pɛ sɛ odwennwen nneɛma ho no, ɔkɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Ɔkae sɛ mfaso wɔ so nso sɛ yɛbɛkɔ kokoam baabi bere a yɛrebɔ mpae no.—Mateo 6:6; 14:13; Marko 6:30-32.

Kokoam Adesua a Esiesie Yɛn Ma Mmuaema

4, 5. Akwan bɛn so na Ahwehwɛde nhomawa no yɛ mmoa a mfaso wɔ so?

4 Kokoam adesua ma yenya abotɔyam bere a yɛde nhoma ahorow a ɛboa ma yɛte Bible ase di dwuma na ama yɛatumi apɛɛpɛɛ asɛm bi mu yiye, titiriw bere a yɛyɛ saa de bua obi nsɛm a ɛhaw no no. (1 Timoteo 1:4; 2 Timoteo 2:23) Afoforofo pii de Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa a mprempren ɛwɔ kasa ahorow 261 mu no na efi adesua ase. Ɛyɛ nhoma a emu nyɛ den na emu nsɛm no di mũ a egyina Bible so koraa. Ɛboa n’akenkanfo ma wohu Onyankopɔn ahwehwɛde ma nokware som no ntɛm. Nanso, sɛnea wɔahyehyɛ no no mma wuntumi mpɛɛpɛe asɛmti biara mu nkɔ akyiri. Sɛ wo Bible suani no bisa nsɛm bi a emu yɛ den fa Bible mu nsɛmti a moresusuw ho no ho a, wobɛyɛ dɛn atumi anya Bible mu nsɛm pii a ɛbɛboa no ma wanya saa nsɛmmisa no ho mmuae?

5 Wɔ wɔn a wɔwɔ Watchtower Library wɔ CD-ROM so wɔ wɔn kasa mu no fam no, ɛnyɛ den sɛ wobenya nsɛm pii wɔ kɔmputa so. Na wɔn a wonni adwinnade yi bi nso ɛ? Ma yɛmpɛɛpɛɛ nsɛmti abien a wosusuw ho wɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu mu nhwɛ sɛnea yebetumi ama yɛn ntease ayɛ kɛse na yɛatumi ama mmuae a emu dɔ—titiriw bere a obi bisa nsɛm te sɛ, Hena ne Nyankopɔn? ne ná Yesu te dɛn ankasa? no.—Exodus 5:2; Luka 9:18-20; 1 Petro 3:15.

Hena Ne Nyankopɔn?

6, 7. (a) Asɛmmisa bɛn na ɛsɔre fa Onyankopɔn ho? (b) Ade titiriw bɛn na ɔsɔfo bi yi fii ne kasa a na ɔrema mu?

6 Ahwehwɛde nhomawa no adesua 2 no bua asɛmmisa titiriw a ɛne Hena Ne Nyankopɔn? no. Eyi yɛ nkyerɛkyerɛ titiriw efisɛ obi ntumi nsom nokware Nyankopɔn no bere a onnim No anaasɛ bere a ebia n’adwene nsi no pi wɔ wɔ a Ɔwɔ hɔ no ho. (Romafo 1:19, 20; Hebrifo 11:6) Nanso wɔ wiase nyinaa no, nnipa kura nsusuwii ɔhaha pii wɔ onii ko a Onyankopɔn yɛ ho. (1 Korintofo 8:4-6) Nyamesom mu nyansapɛ biara wɔ mmuae soronko wɔ asɛmmisa a ɛfa onii ko a Onyankopɔn yɛ no ho. Wɔ Kristoman mu no, ɔsom dodow no ara bu Onyankopɔn sɛ Baasakoro. Ɔsɔfo bi a ɔwɔ U.S. a wagye din maa ɔkasa bi a wɔato din “So Wunim Nyankopɔn?” nanso ne kasa no mu no pɛnkoro mpo nni hɔ a ɔbɔɔ Onyankopɔn din, ɛmfa ho mpo sɛ ɔfaa nsɛm fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu kae mpɛn pii no. Nokwarem no, ɔkenkan fii Bible nkyerɛase a ɛde “Awurade” a ekura ntease ahorow na ennyina hɔ mma din biara no na edi dwuma mmom sen Yehowa anaa Yahwe no mu.

7 Hwɛ asɛntitiriw ara a ɔsɔfo no amma anna adi bere a ɔfaa Yeremia 31:33, 34 mu asɛm kae no: “‘Onipa bi renkyerɛ ne yɔnko, na onipa bi renkyerɛ ne nua bio sɛ, “Hu Awurade,” [Hebri, “Hu Yehowa”] efisɛ wɔn nyinaa behu Me, efi wɔn mu akumaa so kosi wɔn mu kɛse so,’ Awurade [Hebri, Yehowa] na ose.” Bible nkyerɛase a ɔde dii dwuma no amfa Onyankopɔn din a ɛda nsow, Yehowa, no anni dwuma.—Dwom 83:18.

8. Dɛn na ɛkyerɛkyerɛ hia a ehia sɛ yɛde Onyankopɔn din di dwuma no mu?

8 Dwom 8:9NW mu no kyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa din a yɛde bedi dwuma ho hia saa no mu: “O Yehowa, yɛn Awurade, korɔn bɛn na wo din nkorɔn asase nyinaa so!” Fa ɛno toto nea edi so yi ho hwɛ: “Awurade, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so.” (Akwapim Twi Bible; Hwɛ Asante Twi Bible, Nzema Bible ne New American Bible nso) Nanso, sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, yebetumi anya “Onyankopɔn ho nimdeɛ” bere a yɛma N’asɛm kyerɛ yɛn kwan no. Nanso Bible ho nhoma bɛn na ebetumi abua yɛn nsɛmmisa a ɛfa hia a Onyankopɔn din ho hia ho no ntɛm ara?—Mmebusɛm 2:1-6.

9. (a) Nhoma bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ hia a ehia sɛ yɛde Onyankopɔn din di dwuma no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na nsɛm asekyerɛfo pii ankyerɛ obu amma Onyankopɔn din?

9 Yebetumi adan akɔ The Divine Name That Will Endure Forever nhomawa a wɔakyerɛ ase akɔ kasa horow 69 mu no so. Ɔfã a wɔato din “God’s Name—Its Meaning and Pronunciation” (Onyankopɔn Din—Nea Ɛkyerɛ ne Sɛnea Wɔbɔ No) (kratafa 6-11) da no adi pefee sɛ Hebri kasa mu Tetragrammaton (a efi Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “nkyerɛwde anan” mu no) pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ tete Hebri nkyerɛwee no mu. Nanso, Yudasom ne Kristoman mu asɔfo ne nsɛm asekyerɛfo boapa ayi afi wɔn Bible nkyerɛase dodow no ara mu. Wɔbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wonim Onyankopɔn na wɔne no wɔ abusuabɔ pa bere a wɔpo sɛ wɔde ne din bɛfrɛ no no? Ne din ankasa bue kwan ma yehu nea n’atirimpɔw kyerɛ ne onii ko a ɔyɛ. Bio nso, sɛ wɔamfa Onyankopɔn din anni dwuma a, ɛnde na mfaso bɛn na ɛwɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no fã a ese “yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew” no so?—Mateo 6:9; Yohane 5:43; 17:6.

Hena Ne Yesu Kristo?

10. Akwan bɛn so na yebetumi anya Yesu asetra ne ne som adwuma ho nsɛm a edi mu?

10 Ahwehwɛde nhomawa no adesua 3 no asɛmti ne “Hena Ne Yesu Kristo?” Ekura nkyekyɛm asia pɛ, na ɛka Yesu, beae a ofi, ne atirimpɔw nti a ɔbaa asase so ho nsɛm tiawa koraa. Nanso, sɛ wopɛ n’asetra ho nsɛm a edi mu a,—Asɛmpa ho kyerɛwtohɔ no akyi no,—Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no a ɛwɔ kasa ahorow 111 mu no sen biara. Saa nhoma yi de Kristo asetra ne ne nkyerɛkyerɛ ho abakɔsɛm a edi mu a egyina Nsɛmpa anan no so ma. Ti ahorow 133 a ɛwom no ka Yesu asetra ne ne som adwuma ho nsɛm nyinaa. Sɛ wopɛ sɛ wofa ɔkwan foforo so yɛ nhwehwɛmu a, wubetumi ahwɛ Insight, Po 2 no asɛmti a ɛne “Jesus Christ” (Yesu Kristo) no.

11. (a) Dɛn na ɛma Yehowa Adansefo da nsow wɔ gyidi a wokura wɔ Yesu ho no mu? (b) Dɛn ne Bible kyerɛw nsɛm bi a ɛbɔ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no gu koraa, na nhoma bɛn na ebetumi aboa wɔ eyi mu?

11 Wɔ Kristoman mu no, Yesu ho akyinnyegye no gyina sɛ ebia ɔyɛ “Onyankopɔn Ba” ne “Ɔba Nyankopɔn” no so—wɔ ɔkwan foforo so no, anobaabae no fa nea Catechism of the Catholic Church nhoma no frɛ no “Kristofo gyidi ho ahintasɛm titiriw,” Baasakoro, no ho. Yehowa Adansefo yɛ soronko wɔ Kristoman ɔsom ahorow no ho, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ Yesu, na ɛnyɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn. Yebenya asɛmti yi ho nkyerɛkyerɛmu a edi mũ wɔ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? nhomawa a wɔakyerɛ ase kɔ kasa ahorow 95 mu no mu. Kyerɛw nsɛm ahorow a ɛde di dwuma de bɔ Baasakoro nkyerɛkyerɛ gu no bi ne Marko 13:32 ne 1 Korintofo 15:24, 28.

12. Nsɛmmisa foforo bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

12 Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho nsɛm a yɛaka yi kyerɛkyerɛ akwan a yebetumi afa so ayɛ kokoam adesua, a botae no ne sɛ yɛbɛboa wɔn a wonnim Bible mu nokware no ma wɔanya nokware nimdeɛ. (Yohane 17:3) Na wɔn a wɔne Kristofo asafo no abɔ mfirihyia pii no nso ɛ? So wɔn Bible mu nimdeɛ bebrebe nyinaa akyi no, ɛho da so ara hia sɛ wɔbɛma wɔn ani aku Yehowa Asɛm a wobesua no kokoam no ho?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ ‘Yɛma Yɛn Ani Ba Yɛn Ho So’?

13. Adwene a ɛnteɛ bɛn na ebinom betumi anya wɔ kokoam adesua ho?

13 Ebinom a wɔde mfe pii atra asafo no mu no betumi anya su bi sɛ wɔde wɔn ho bɛto Bible mu nimdeɛ a wonyae wɔ mfe kakra a edi kan a wɔde bɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu no nkutoo so. Ɛnyɛ den sɛ obi besusuw sɛ: “Ɛho nhia sɛ misua ade pii sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no. Anyɛ yiye koraa no, hwɛ mpɛn dodow a mede akenkan Bible ne Bible ho nhoma ahorow mfe a atwam no.” Eyi bɛyɛ sɛ nea woreka sɛ: “Ɛho nhia ankasa sɛ mema m’aduandi ho asɛm haw me kɛse, efisɛ madidi pɛn.” Yenim sɛ nipadua no hia aduan pa a wɔasiesie no yiye na ama anya ahoɔden akekã ne ho yiye. Hwɛ sɛnea ɛho hia kɛse saa ara sɛ yebekura yɛn honhom fam akwahosan ne ahoɔden mu!—Hebrifo 5:12-14.

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ba yɛn ho so?

14 Enti ehia sɛ yɛn nyinaa, sɛ́ yɛde bere tenten asua Bible no anaasɛ ɛnte saa no, tie Paulo afotu a ɔde kɔmaa Timoteo a saa bere no, na ɔyɛ ɔhwɛfo a ne ho akokwaw na n’ani ku asɛyɛde ho no: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.” (1 Timoteo 4:15, 16) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Paulo afotu yi? Kae sɛ, Paulo daa no adi nso sɛ yɛne “ɔbonsam nnɛɛdɛe” ne “ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom” na ɛredi asi. Na ɔsomafo Petro bɔɔ kɔkɔ sɛ Ɔbonsam ‘rehwehwɛ obi amene no,’ na saa ‘obi’ no betumi ayɛ yɛn mu biara. Anibiannaso a yɛbɛyɛ no betumi ama wanya hokwan a ɔhwehwɛ no pɛpɛɛpɛ.—Efesofo 6:11, 12; 1 Petro 5:8.

15. Honhom fam ahobammɔ bɛn na yɛwɔ, na ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie no?

15 Enti, ahobammɔ bɛn na yɛwɔ? Ɔsomafo Paulo kae yɛn sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.” (Efesofo 6:13) Sɛnea saa honhom fam akode no di mu fa no nnyina ne mfiase tebea no nko so, na mmom sɛnea yebesiesie no daa nso so. Enti, nea ɛsɛ sɛ ɛka saa Onyankopɔn akode nyinaa ho ne Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a ɛyɛ ne bere mu de. Eyi kyerɛ hia a ehia sɛ yɛkɔ so kura nokware ho ntease a yɛwɔ no mu daa sɛnea Yehowa nam N’asɛm ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so da no adi no. Bible ne Bible ho nhoma ahorow a yebesua daa no ho hia na ama yɛasiesie yɛn honhom fam akode no.—Mateo 24:45-47; Efesofo 6:14, 15.

16. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahwɛ ahu sɛ yɛn “gyidi kyɛm” no reyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ?

16 Paulo ka akode a yɛde bɔ yɛn ho ban no fã a ɛho hia, “gyidi kyɛm,” a yebetumi de adan Satan atoro sobo ne awaefo nkyerɛkyerɛ bɛmma a ɛredɛw no adum no ho asɛm. (Efesofo 6:16) Enti ɛho hia sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛn gyidi kyɛm no yɛ den fa ne nneɛma a yɛbɛyɛ de asiesie no ahyɛ mu den. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na mede Ɔwɛn-Aban no siesie me ho ma dapɛn biara Bible adesua? So masua no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ‘atwetwe afoforo akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ denam mmuae a edi mu a mɛma wɔ nhyiam ase so? So mibue Bible no kenkan kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din a emu nsɛm nnim no? So mehyɛ afoforo nkuran denam anigye mu a mifi de me ho hyɛ nhyiam no mu so?’ Yɛn honhom fam aduan no yɛ den, na ehia sɛ yɛyam no fekɔfekɔ na ama yɛanya so mfaso koraa.—Hebrifo 5:14; 10:24.

17. (a) Awuduru bɛn na Satan de redi dwuma de abɔ mmɔden abrɛ yɛn honhom fam yiyedi ase? (b) Dɛn ne Satan bɔre no ano aduru?

17 Satan nim nipadua a ɛtɔ sin no mmerɛwyɛ, na ne mfiri no yɛ anifere. Akwan a ɔnam so trɛw ne nkɛntɛnso bɔne mu no mu biako ne sɛ ɔbɛma ayɛ mmerɛw koraa sɛ yebenya nguamansɛm wɔ TV, Intanɛt, video, ne nhoma a wɔatintim mu. Kristofo binom ama kwan ma saa awuduru yi awurawura wɔn bammɔ a ɛtɔ sin no mu, na eyi ama wɔahwere hokwan ahorow a wɔwɔ wɔ asafo no mu anaasɛ wɔatwa so aba bɔne mpo. (Efesofo 4:17-19) Dɛn ne Satan honhom fam bɔre no ano aduru? Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu Bible adesua a yɛn ankasa bɛyɛ no daa, yɛn Kristofo nhyiam ahorow, ne Onyankopɔn akode no nyinaa so. Eyinom nyinaa ma yetumi yiyi papa ne bɔne mu na yekyi nea Onyankopɔn kyi.—Dwom 97:10; Romafo 12:9.

18. Ɔkwan bɛn so na “honhom nkrante” no betumi aboa yɛn wɔ yɛn honhom fam akodi no mu?

18 Sɛ yekura yɛn daa Bible akenkan su no mu a, ɛnyɛ bammɔ a ɛyɛ den a efi Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ mu no nko na yebenya, na mmom yebenya ahoɔden a edi mu nso de ako atia nnebɔne denam “honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm” no so. Onyankopɔn asɛm “ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Efesofo 6:17; Hebrifo 4:12) Sɛ yɛn ho kokwaw wɔ sɛnea yɛde saa “nkrante” no di dwuma mu a, ɛnde sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a, yebetumi ahu nneɛma a ɛyɛ hu nanso ayɛ sɛ nea empira, anaasɛ ɛyɛ anigye mpo no, na yɛahu sɛ ɛyɛ owu ho afiri a ɔbɔnefo no asum. Bible mu nimdeɛ ne ntease a yɛakora so no bɛboa yɛn ma yɛapo bɔne na yɛayɛ papa. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bisa yɛn ho sɛ: ‘So me nkrante ano yɛ nam anaasɛ ano akum? So ɛyɛ den sɛ mɛkaakae Bible kyerɛw nsɛm ahorow a ɛbɛboa ma mako atia bɔne no?’ Momma yɛnkɔ so nkura Bible adesua ho su pa a yɛwɔ no mu na yɛnam saayɛ so ako atia Ɔbonsam.—Efesofo 4:22-24.

19. Sɛ yenya bere ma kokoam adesua a, mfaso horow bɛn na yebetumi anya?

19 Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” Sɛ yetie Paulo nsɛm a ɔde kɔmaa Timoteo no a, yebetumi ahyɛ yɛn ankasa honhom mu yiyedi mu den na ama yɛn som adwuma atu mpɔn kɛse. Mpanyimfo ne asomfo a wɔyɛ den wɔ honhom fam no betumi ayɛ mfaso kɛse ama asafo no, na yɛn nyinaa betumi ayɛ den wɔ gyidi no mu.—2 Timoteo 3:16, 17; Mateo 7:24-27.

[Ase hɔ nsɛm]

Mpɛn pii no, onigyeni foforo a ɔresua Ahwehwɛde nhomawa no bɛdan akɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no so, a Yehowa Adansefo na wotintim n’abien nyinaa no. Nyansahyɛ a wɔde ama wɔ ha no bɛboa ayi akwanside biara a ebetumi asiw ne honhom fam nkɔso kwan no afi hɔ.

Yehowa Adansefo na wotintimii. Wɔn a wɔwɔ Insight on the Scriptures wɔ wɔn kasa mu no betumi ahwɛ Po 2 no asɛmti a ɛne “Jehovah” (Yehowa) no.

Spania ne Cataloniafo nkyerɛase ahorow no nkutoo na wɔda nsow wɔ sɛnea wɔkyerɛɛ Hebri kasa mu Tetragrammaton no ase no mu, na wɔde “Yavé,” “Yahveh,” “Jahvè,” ne “Jehová” na edii dwuma.

Yehowa Adansefo na wotintimii.

So Wokae?

• Tebea ahorow bɛn na ɛma kokoam adesua tu mpɔn?

• Mfomso bɛn na Bible nkyerɛasefo pii di wɔ Onyankopɔn din ho?

• Bible kyerɛw nsɛm bɛn na wode bedi dwuma de abɔ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no agu?

• Sɛ yɛde mfe pii ayɛ nokware Kristofo mpo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de bɔ yɛn ho ban fi Satan mfiri ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 19]

Sɛ wo kokoam adesua betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ wunya beae a ɛhɔ yɛ dinn na nneɛma ntwetwe w’adwene

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

So wo “nkrante” ano yɛ nam anaasɛ ano akum?