Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yosua Kaee

Nea Yosua Kaee

Nea Yosua Kaee

YEHOWA kae sɛ: “M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mũ yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, . . . no so.” (Yosua 1:2) Adwuma bɛn ara na na ɛda Yosua anim sɛɛ yi! Na wayɛ Mose somfo bɛyɛ mfirihyia 40. Afei wɔka kyerɛɛ no sɛ ommesi ne wura ananmu na onni Israelfo a wɔtaa yɛ asoɔden no anim nkɔ Bɔhyɛ Asase no so.

Bere a Yosua susuw nea na ɛda n’anim ho no, ebetumi aba sɛ sɔhwɛ ahorow a na wahyia dedaw na wadi so no baa n’adwenem ntoatoaso. Akyinnye biara nni ho sɛ nea Yosua kaee no boaa no kɛse saa bere no, na ebetumi aboa Kristofo nnɛ.

Akoa Bɛdan Ɔsahene

Nneɛma a na ɛwɔ Yosua adwenem no bi ne mfirihyia pii a na wɔde ayɛ nkoa no. (Exodus 1:13, 14; 2:23) Yɛn adwene kɛkɛ na yebetumi de abu osuahu ahorow a Yosua nyae wɔ saa bere no mu no, efisɛ Bible nka ho asɛm nkɔ akyiri. Ebetumi aba sɛ Yosua sua bɛyɛɛ obi a onim nhyehyɛe wɔ som a ɔsomee wɔ Misraim no mu, na ebetumi aba sɛ ɔboae wɔ nhyehyɛe a Hebrifo ne “afrafrafo pii” yɛe de fii asase no so no mu.—Exodus 12:38.

Ná Yosua fi Efraim abusua mu. Na ne nanabarima Elisama ne abusua no bapɔmma, na ɛda adi sɛ odii Israel mmusuakuw abiɛsa mu asraafo 108,100 no nkyem biako anim. (Numeri 1:4, 10, 16; 2:18-24; 1 Beresosɛm 7:20, 26, 27) Nanso, bere a Amalekfo tow hyɛɛ Israelfo so bere tiaa bi akyi a wofii Misraim no, Mose frɛɛ Yosua sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe nkɔko mmɔ wɔn ho ban. (Exodus 17:8, 9a) Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na ɔfrɛɛ Yosua, na ɛnyɛ ne nanabarima anaasɛ n’agya? Adwenkyerɛ bi ni: “Sɛ́ Efraim abusua titiriw no bapɔmma, ne obi a wonim no yiye sɛ onim nhyehyɛe, ne nea nkurɔfo no wɔ ne mu ahotoso kɛse no, Mose hui sɛ [Yosua] ne kannifo a ɔfata sen biara sɛ ɔpaw no ma ɔyɛ asraafo no ho nhyehyɛe.”

Sɛnea ɛte biara no, bere a wɔpaw Yosua no, ɔyɛɛ sɛnea Mose hyɛɛ no no ara. Ɛwom sɛ na Israel nni osuahu wɔ akodi mu de, nanso na Yosua gye di sɛ Onyankopɔn bɛboa wɔn. Enti bere a Mose ka kyerɛɛ no sɛ “ɔkyena mede, megyina koko no atifi, na makura Onyankopɔn poma no wɔ me nsam” no, na ɛno ara dɔɔso ma no. Ɛbɛyɛ sɛ Yosua kaee sɛ na Yehowa sɛee asraafo a wɔyɛ den sen biara wɔ saa bere no mu no nkyɛe. Ade kyee no, bere a Mose maa ne nsa so na wokuraa mu kosii owiatɔe no, ɔtamfo biara antumi anyina Israel anim, na wɔsɛee Amalekfo no. Afei Yehowa hyɛɛ Mose sɛ ɔnkyerɛw asɛm no wɔ nhoma mu, na ɔnka Onyankopɔn ahyɛde no ‘ngu Yosua asom’ sɛ: “Mɛpopa Amalek nkae mafi soro ase.” (Exodus 17:9b-14) Yiw, na Yehowa de saa atemmu no bɛba ɔkwan biara so.

Sɛ́ Mose Somfo

Ɛbɛyɛ sɛ nea ɛtoo Amalek no maa Yosua ne Mose nyaa abusuabɔ a emu yɛ den yiye. Na Yosua anya hokwan asom sɛ Mose “somfo” “fi ne mmerantebere mu,” kosii sɛ Mose wui, bɛyɛ mfirihyia 40.—Numeri 11:28.

Na hokwan ne asɛyɛde ahorow wɔ saa adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, bere a Mose, Aaron, Aaron mma, ne Israel mpanyimfo 70 foroo Bepɔw Sinai na wohuu Yehowa anuonyam no, ɛda adi sɛ na Yosua ka wɔn ho. Wɔ ne dwumadi sɛ ɔsomfo no mu no, ɔne Mose foroo bepɔw no, na ɛda adi sɛ ɔtew ne ho kaa akyiri bere a Mose kɔɔ mununkum a na ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ hɔ mu no. Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛte sɛ nea Yosua dii bepɔw no so nna 40 awia ne anadwo. Odii ne wura nokware twɛn no ma ɔsan bae, efisɛ bere a Mose fii ase sɛ ɔresian a na Adanse apon kura no no, na Yosua wɔ hɔ a ohyiaa no kwan.—Exodus 24:1, 2, 9-18; 32:15-17.

Israel som sika nantwi ba honi akyi no, Yosua kɔɔ so yɛɛ Mose somfo wɔ ahyiae ntamadan no mu wɔ nsra no akyi. Ɛhɔ no, Mose ne Yehowa kasae anim ne anim. Nanso, sɛ na Mose san ba nsra no mu a, na Yosua de “omfi ntamadan no mu.” Ebia na ɛhwehwɛ sɛ ɔtra hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no ntumi nkɔ ntamadan no mu bere a na wɔn ho agu fĩ no. Hwɛ sɛnea Yosua faa dwumadi no aniberesɛm!—Exodus 33:7, 11.

Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ abusuabɔ a Yosua ne Mose a na wanyin sen no mfirihyia 35 nyae no hyɛɛ Yosua gyidi den yiye. Wɔafrɛ wɔn abusuabɔ no “ɔpanyin ne abofra, ɔkyerɛkyerɛfo ne osuani fekubɔ,” na ɛmaa Yosua bɛyɛɛ “ɔbarima a ɔyɛ den na wotumi nya ne mu ahotoso.” Yenni adiyifo te sɛ Mose wɔ yɛn mu nnɛ, nanso mpanyimfo a esiane wɔn suahu ne honhom fam gyinabea nti wɔma denhyɛ na wɔhyɛ nkuran wɔ Yehowa nkurɔfo asafo ahorow mu. So wokyerɛ wɔn ho anisɔ? Na worenya wɔn fekubɔ so mfaso?

Ɔkwansrafo Wɔ Kanaan

Yosua asetra bere a ɛho hia no bae bere a Israel nsa kaa Mmara no akyi bere tiaa bi no. Wɔpaw no sɛ onnyina n’abusuakuw ananmu nkɔsra Bɔhyɛ Asase no. Yenim asɛm no yiye. Akwansrafo 12 no nyinaa gye toom sɛ asase no so ‘sen nufusu ne ɛwo ampa,’ sɛnea na Yehowa ahyɛ bɔ no ara pɛ. Nanso, edu a na wonni gyidi no suroe sɛ Israel ntumi nnye asase no mfi ɛsotefo no nsam. Yosua ne Kaleb nkutoo na wɔhyɛɛ nkurɔfo no nkuran sɛ wɔmmmɔ hu na wɔnntew atua, efisɛ Yehowa begyina wɔn akyi ɔkwan biara so. Wɔkaa saa no, asafo no nyinaa sɔre tiaa wɔn, na wɔkae sɛ wobesiw wɔn baanu no abo. Sɛ Yehowa anna n’anuonyam adi ɔkwan bi so amfa ne ho annye mu a ebia anka wosiw wɔn abo no. Esiane gyidi a na wonni nti, Onyankopɔn kae sɛ wɔn a na wɔadi fi mfirihyia 20 rekɔ no nyinaa rennu Kanaan. Eyinom mu no, Yosua, Kaleb, ne Lewifo no nkutoo na wɔkae.—Numeri 13:1-16, 25-29; 14:6-10, 26-30.

So nkurɔfo no nyinaa anhu anwonwade a Yehowa yɛe wɔ Misraim no? Ɛnde, dɛn na ɛmaa Yosua tumi nyaa Onyankopɔn mu gyidi bere a nnipa dodow no ara adwenem yɛɛ wɔn nãã no? Ɛbɛyɛ sɛ Yosua maa nneɛma a na Yehowa ahyɛ ho bɔ a na wayɛ no nyinaa traa n’adwenem, na osusuw ho. Mfe bi akyi no, otumi kae sɛ ‘asɛm biako pɛ antɔ fam, nsɛmpa a Yehowa aka no nyinaa mu. Ná ne nyinaa aba mu.’ (Yosua 23:14) Enti na Yosua wɔ gyidi sɛ daakye ho bɔhyɛ ahorow a Yehowa ahyɛ no nyinaa bɛbam ɔkwan biara so. (Hebrifo 11:6) Ɛsɛ sɛ eyi ma obi bisa sɛ: ‘Na me nso ɛ? So mmɔden a mabɔ resua Yehowa bɔhyɛ ahorow ho ade resusuw ho no ama magye atom sɛ ɛyɛ nea edi mũ koraa? So migye di sɛ Onyankopɔn betumi abɔ me ne ne nkurɔfo ho ban wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu?’

Ɛnyɛ gyidi nko na Yosua daa no adi na mmom ade treneeyɛ ho akokoduru nso. Ɔne Kaleb nkutoo na wogyinaa ɔfã biako, na asafo no nyinaa kae sɛ wobesiw wɔn abo. Anka wobɛte nka dɛn? Anka wubesuro? Ɛnyɛ Yosua. Ɔne Kaleb kaa nea wogye di no pefee. Ebia nokware a yebedi ama Yehowa no bɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ saa ara nnɛ.

Akwansrafo ho asɛm no nso ma yehu sɛ wɔsesaa Yosua din. Na ne din Hosea no ankasa asekyerɛ ne “Nkwagye,” na Mose de nsɛm afã bi kaa ho ma ɛbɛyɛɛ nea ɛkyerɛ Onyankopɔn din, na ɔfrɛɛ no Yosua—“Yehowa Ne Nkwagye.” Septuagint no bɔ ne din “Yesu.” (Numeri 13:8, 16) Nea ɛne saa din kɛse no hyia no, Yosua de akokoduru kae sɛ Yehowa ne nkwagye. Yosua din a wɔsesaa no no amma kwa. Ɛdaa obu a na Mose wɔ ma Yosua nipasu adi, na ɛne adwuma a na wɔde adom Yosua a na ɛne sɛ obedi awo ntoatoaso foforo anim akɔ Bɔhyɛ Asase no so no hyiae.

Bere a Israelfo no agyanom wuwui no, wokyinkyin sare no so brɛe mfirihyia 40. Wɔanka Yosua ho hwee wɔ saa bere no mu. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ osuaa nneɛma pii fii mu. Ɛda adi sɛ ohuu Onyankopɔn atemmu a ɔde baa Kora, Datan, Abiram ne wɔn akyidifo ne wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ Baal Peor adapaasom mu so no. Akyinnye biara nni ho sɛ Yosua de awerɛhow kɛse hui sɛ esiane sɛ Mose anhyɛ Yehowa anuonyam wɔ Meriba nsu no ho nti, na Mose nso rennu bɔhyɛ asase no so.—Numeri 16:1-50; 20:9-13; 25:1-9.

Wɔpaw No sɛ Mose Nanmusifo

Bere a Mose wu bɛnee no, ɔkae sɛ Onyankopɔn mpaw ne nanmusifo sɛnea ɛbɛyɛ a Israel remmɛyɛ “sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Dɛn na Yehowa kae? Ɔkae sɛ wɔmpaw Yosua, “ɔbarima a honhom wɔ ne mu no” wɔ asafo no nyinaa anim. Na ɛsɛ sɛ wotie no. Nkamfo bɛn ara ni! Ná Yehowa ahu Yosua gyidi ne ne mmɔdenbɔ. Ná wontumi mfa Israel akanni nhyɛ obi foforo biara nsa sɛ onipa a ɔfata yiye saa no. (Numeri 27:15-20) Nanso, na Mose nim sɛ Yosua behyia nsɛnnennen pii. Enti Mose hyɛɛ ne nanmusifo no nkuran sɛ ɔnyɛ ‘den na ɔnyɛ nnam,’ efisɛ na Yehowa bɛkɔ so adi n’akyi.—Deuteronomium 31:7, 8.

Onyankopɔn ankasa kɔɔ so tĩĩ nkuranhyɛ koro no ara mu kyerɛɛ Yosua na ɔde kaa ho sɛ: “Hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye. Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ nea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye. Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.”—Yosua 1:7-9.

Bere a Yehowa nsɛm no ne osuahu a na wanya dedaw no wɔ n’adwenem no, ɛbɛyɛ dɛn na na Yosua adwenem bɛyɛ no nãã? Ná wobedi asase no so ɔkwan biara so. Ɛwom, na nsɛnnennen bɛsɔre, a na nea edi kan, Yordan Asubɔnten no a wobetwa wɔ bere a na ayiri no, nyɛ asɛm ketewa. Nanso, na Yehowa ankasa ahyɛ no sɛ: “Sɔre twa Yordan yi.” Enti, na ɔhaw bɛn na ɛwom?—Yosua 1:2.

Nsɛm a ɛkɔɔ so sisii wɔ Yosua asetram—Yeriko so nkonim a wodii, wɔn atamfo so nkonim a wodii nkakrankakra, ne asase no a ɔkyekyɛe—da no adi sɛ ne werɛ amfi Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow da. Aka kakra ma wawu, bere a na Yehowa ama Israel anya ɔhome afi wɔn atamfo nsam no, Yosua boaboaa ɔman no ano kaa sɛnea Onyankopɔn ne wɔn adi no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ womfi wɔn koma nyinaa mu nsom No. Ne saa nti, Israel ne Yehowa yɛɛ apam foforo, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔn kannifo no nhwɛso no kanyan wɔn, na ‘Israel som Yehowa, Yosua nna nyinaa.’—Yosua 24:16, 31.

Yosua yɛ nhwɛso a ɛkyɛn so ma yɛn. Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hyia gyidi ho sɔhwɛ ahorow pii. Ano a yebegyina ho hia na ama yɛakɔ so anya Yehowa anim dom, na awiei koraa no, yɛn nsa aka ne bɔhyɛ ahorow no. Gyidi a ɛyɛ den a na Yosua wɔ no na ɛma esii no yiye. Ɛwom, yenhuu Onyankopɔn anwonwade sɛnea Yosua hui no, nanso sɛ obi adwenem yɛ no nãã a, Bible mu nhoma a Yosua din da so no yɛ sɛnea Yehowa asɛm di mu no ho adanse a ɛfata. Te sɛ Yosua no, sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa na yɛde di dwuma yiye a, yebenya nyansa na asi yɛn yiye.

So ɛtɔ mmere bi a, mfɛfo Kristofo nneyɛe ma wudi yaw? Susuw boasetɔ a Yosua daa no adi wɔ mfirihyia 40 a ɔne n’ahokafo a wonni gyidi no kyinkyinii sare so a na ɛnyɛ n’ankasa mfomso no ho hwɛ. So ɛyɛ den ma wo sɛ wubegyina nea wugye di akyi? Kae nea Yosua ne Kaleb yɛe no. Wonyaa akatua mũ wɔ wɔn gyidi ne wɔn setie ho. Yiw, na Yosua wɔ gyidi ankasa sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ ahorow nyinaa so. Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ saa ara.—Yosua 23:14.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Fekubɔ a Yosua ne Mose nyae no hyɛɛ ne gyidi den

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ná Yosua ne Kaleb wɔ Yehowa tumi mu ahotoso

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yosua akanni no kanyan ɔman no ma wɔbataa Yehowa ho