Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛsɛ sɛ yegyina Adiyisɛm 20:8 so ka sɛ Satan bɛdaadaa nnipa pii pa ara wɔ sɔhwɛ a edi akyiri no mu?

Adiyisɛm 20:8 ka ntua a edi akyiri a Satan de bɛba nnipa a wɔwɔ asase so wɔ Mesia mfirihyia apem Ahenni no awiei no ho asɛm. Bere a ɛreka Satan ho asɛm no, nkyekyɛm no ka sɛ: “Obefi adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anhwea.”

Ɛmfa ho nkɔso a wɔanya wɔ nyansahu mu akwan a wɔfa so yɛ ade ne mfiri ahorow mu no, ɛda so ara yɛ nea wonnim “mpoano anhwea” dodow. Enti, yebetumi aka sɛ asɛm no gyina hɔ ma biribi a yennim ano, anaasɛ yentumi nkyerɛ ne dodow. Nanso, so ɛkyerɛ biribi kɛse, biribi a ebunkam so, dodow bi a ɛkyɛn so mpo, anaasɛ biribi a wonnim ano ara kwa nanso ɛdɔɔso ara yiye?

Wɔ Bible mu no, wɔde asɛm “sɛ mpoano anhwea” no di dwuma wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Genesis 41:49 sɛ: “Yosef boaboaa awi ano pii pa ara sɛ mpoano nhwea de kosii sɛ wogyaee kan, efisɛ enni ano.” Ɛha no, ade a wosi so dua ne kan a wontumi nkan no. Saa ara na Yehowa kae sɛ: “Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo na wontumi nsusuw mpoano nhwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo . . . no adɔ.” Sɛnea wontumi nkan ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea no, saa ara na Yehowa bɛma bɔ a ɔhyɛɛ Dawid no abam ɔkwan biara so.—Yeremia 33:22.

Mpɛn pii na asɛm “mpoano nhwea” no fa biribi a ɛdɔɔso yiye ho. Filistifo asraafo a na wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ Mikmas a na wɔn “dodow te sɛ mpoano anhwea” no maa ehu kaa Israelfo no yiye. (1 Samuel 13:5, 6; Atemmufo 7:12) Na “Onyankopɔn maa Salomo nyansa ne nhumu bebree pa ne koma a emu trɛw sɛ mpoano nhwea.” (1 Ahene 4:29) Ɛwom sɛ nea wɔkaa ho asɛm no mu biara dɔɔso de, nanso ɛyɛ nea na ne dodow wɔ ano.

“Mpoano anhwea” nso betumi agyina hɔ ama dodow bi a wonnim ano, a ɛnkyerɛ sɛ ne dodow kyɛn so. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Ɔdɔ na mɛma w’asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nhwea.” (Genesis 22:17) Bere a Yehowa reka saa bɔhyɛ yi ho asɛm akyerɛ Abraham banana Yakob no, ɔde asɛm “asase so mfutuma” a Yakob san kaa no foforo sɛ “mpoano nhwea” no na edii dwuma. (Genesis 28:14; 32:12) Sɛnea asɛm no kɔyɛe no, sɛ Yesu Kristo da nkyɛn a, Abraham ‘asefo’ no dodow bɛyɛɛ 144,000, a Yesu frɛɛ wɔn “kuw ketewa” no.—Luka 12:32; Galatifo 3:16, 29; Adiyifo 7:4; 14:1, 3.

Dɛn na yesua fi saa nhwɛso ahorow yi mu? Ɛne sɛ asɛm “sɛ mpoano anhwea” no nkyerɛ biribi a enni ano, anaa dodow a ɛkyɛn so bere nyinaa; na saa ara na wɔmmfa nnyina hɔ mma biribi a ɛso kyɛn so bere nyinaa. Mpɛn pii no, wɔde gyina hɔ ma dodow bi a wonnim ano nanso ɛdɔɔso. Enti, ntease wom sɛ yebegye adi sɛ nnipadɔm a wobɛtew atua agyina Satan akyi wɔ tow a ɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so nea etwa to koraa mu no, renyɛ buburigyaa, na mmom wɔbɛdɔɔso ara yiye na wɔn ho bɛyɛ hu. Nanso, ɛde besi nnɛ de, yennim dodow no.