Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ntoboayi a Ɛde Anigye Ba

Ntoboayi a Ɛde Anigye Ba

Ntoboayi a Ɛde Anigye Ba

GENIVAL, a ɔte ɔsese bi mu wɔ akuraa bi ase wɔ Brazil atifi fam apuei no de akatua ketewaa bi a ogye sɛ ayaresabea wɛmfo no na ɛhwɛ ne yere ne ne mma. Ahokyere a Genival wom nyinaa akyi no, ofi ahonim mu yi ntotoso du du. Bere a ɔde ne nsa fofa ne yafunu so no, ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na ɔkɔm de m’abusua, nanso sɛ na ɛsɛ sɛ yebua da mpo a, na mepɛ sɛ mede nea eye sen biara ma Onyankopɔn.”

Bere a Genival adwuma fii ne nsa no, ɔkɔɔ so yii ne ntotoso du du no. Ne sɔfo hyɛɛ no nkuran sɛ onyi sika kɛse mfa nsɔ Onyankopɔn nhwɛ. Ɔsɔfo no hyɛɛ no bɔ sɛ Onyankopɔn behyira no ɔkwan biara so. Enti, Genival sii gyinae sɛ ɔbɛtɔn ne fie na ɔde sika no akɔma asɔre no.

Ɛnyɛ Genival nko na ofi komam yi ntoboa saa. Nnipa pii a ahia wɔn buruburoo de mmɔdenbɔ yi ntotoso du du efisɛ wɔn asɔre ahorow no kyerɛkyerɛ wɔn sɛ ntotoso du du yɛ Bible mu ahwehwɛde. So ɛyɛ nokware?

Ntotoso Du Du ne Mmara No

Ná ahyɛde a ɛne sɛ wonyi ntotoso du du no ka Mmara a Yehowa Nyankopɔn de maa tete Israel mmusuakuw 12 no wɔ bɛyɛ mfirihyia 3,500 a atwam ni no ho. Saa Mmara no hyɛe sɛ wɔmfa asase no so aduan, nnua so aba, ne anantwi ne nguan mu ntotoso du du mma Lewi abusua no mfa mmoa wɔn mma wɔnyɛ wɔn som adwuma wɔ ntamadan no mu.—Leviticus 27:30, 32; Numeri 18:21, 24.

Yehowa maa Israelfo no awerɛhyem sɛ Mmara no ‘renyɛ den mma wɔn.’ (Deuteronomium 30:11) Bere tenten a wɔde nokwaredi dii Yehowa ahyɛde ahorow, a ntotoso du du ka ho so no, wonyaa ne bɔhyɛ a ɛne sɛ wobetwa nnɔbae pii no. Na nea ɛbɛyɛ na wɔn ho ankyere wɔn no, na woyi afe afe ntotoso du du foforo si nkyɛn daa, na na wɔtaa di wɔ bere a ɔman no ahyia wɔ afahyɛ bere no. Enti na ‘ɔhɔho, ayisaa, ne okunafo’ tumi nya biribi di mee.—Deuteronomium 14:28, 29; 28:1, 2, 11-14.

Mmara no ankyerɛ asotwe a na wɔde bɛma obi a onyi ntotoso du du no, nanso na Israelni biara wɔ asɛyɛde a emu yɛ den sɛ ɔboa nokware som wɔ saa kwan yi so. Nokwarem no, Yehowa bɔɔ Israelfo a wobuu wɔn ani guu ntotoso du du yi so wɔ Malaki bere so no sobo sɛ ‘wɔrefow no wɔ ntotoso du du ne afɔrebɔde ahorow ho.’ (Malaki 3:8) So wobetumi de sobo koro yi ara abɔ Kristofo a wonyi ntotoso du du no?

Wiɛ, susuw ho hwɛ. Mpɛn pii no, ɔman bi mmara ahorow nyɛ adwuma wɔ ɔman foforo mu. Sɛ nhwɛso no, mmara a ɛhyɛ ahyɛnkafo a wɔwɔ Britain sɛ wɔmfa benkum so no nka ahyɛnkafo a wɔwɔ France no. Saa ara na mmara a na ɛhwehwɛ sɛ woyi ntotoso du du no ka apam a Onyankopɔn ne Israel man nkutoo yɛe no ho. (Exodus 19:3-8; Dwom 147:19, 20) Israelfo nkutoo na na saa mmara no fa wɔn ho.

Afei nso, ɛwom sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nsakra de, nanso ɛtɔ mmere bi a n’ahwehwɛde ahorow sakra. (Malaki 3:6) Bible ka no pefee sɛ Yesu afɔrebɔ wu a owui wɔ afe 33 Y.B. mu no ‘popaa’ Mmara no ne ‘ahyɛde a ese wonyi ntotoso du du’ no, anaasɛ ‘eyi fii hɔ.’—Kolosefo 2:13, 14; Efesofo 2:13-15; Hebrifo 7:5, 18.

Kristofo Ntoboayi

Nanso, na wɔda so ara hia ntoboa a wɔde bɛboa nokware som. Ná Yesu ahyɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnyɛ n’adansefo nkɔpem asase ano nohoa.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Bere a gyidifo no dodow nyaa nkɔanim no, saa ara nso na wobehiaa Kristofo akyerɛkyerɛfo ne ahwɛfo a wɔbɛsrasra asafo ahorow no ahyɛ wɔn den. Ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ akunafo, nyisaa, ne ahiafo foforo. Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan mu Kristofo no nyaa sika dii eyinom ho dwuma?

Bɛyɛ afe 55 Y.B. mu no, wogyinaa Yudea asafo a na wodi hia no ananmu de adesrɛde bi too Amanaman mufo Kristofo a wɔwɔ Europa ne Asia Kumaa no anim. Wɔ ɔsomafo Paulo nkrataa a ɔde kɔmaa Korinto asafo no mu no, ɔkaa sɛnea wɔyɛɛ ‘ntoboa a wɔde kɔma ahotefo’ no ho nhyehyɛe no ho asɛm. (1 Korintofo 16:1) Ebia nea nsɛm a Paulo ka faa Kristofo ntoboayi ho daa no adi no bɛyɛ wo nwonwa.

Ɔsomafo Paulo annɛfɛdɛfɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ wonyi ntoboa. Nokwarem no, Makedonia Kristofo a na wɔwɔ “ahohia” ne ‘ohia bebrebe’ mu no ‘kɔɔ so kotow srɛɛ no pii sɛ onnye ayamye ntoboa a wɔanya hokwan sɛ wobeyi bi de akɔsom ahotefo no, na ama wɔanya ɔsom adwuma no mu kyɛfa.’—2 Korintofo 8:1-4.

Nokwarem no, Paulo hyɛɛ Korintofo a na wɔyɛ adefo no nkuran sɛ wonsuasua wɔn nuanom ayamyefo a wɔwɔ Makedonia no. Ɛno mpo no, nhoma bi ka sɛ ‘wamfa ahyɛde ahorow amma, ɔde adesrɛde, nyansahyɛ, anaa nkuranhyɛ mmom na ɛmae. Sɛ ɔyɛɛ nhyɛ a, anka Korintofo no remfi wɔn pɛ mu nyi ntoboa no anigye so.’ Na Paulo nim sɛ ‘Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma,’ na ɛnyɛ nea ofi “amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu” ma no.—2 Korintofo 9:7.

Ɛbɛyɛ sɛ gyidi ne nimdeɛ a ɛdɔɔso ne nokware dɔ a na Korintofo no wɔ ma wɔn mfɛfo Kristofo no na ɛkaa wɔn ma wofii wɔn pɛ mu yii ntoboa no.—2 Korintofo 8:7, 8.

‘Nea Wasusuw Ho N’ankasa Komam No’

Sɛ́ anka Paulo bɛkyerɛ sika pɔtee a ɛsɛ sɛ woyi no, ɔde nyansahyɛ mae kɛkɛ sɛ ‘nnawɔtwe mu da a edi kan biara no, mo mu biara nyi n’akatua mu sika bi nsie.’ (1 Korintofo 16:2) Sɛ na Korintofo no yɛ nhyehyɛe de sika bi sie daa a, na wɔrente nka sɛ wɔrehyɛ wɔn na ama wɔafi amemenemfe anaa nkate mu ayi bere a na Paulo aba no. Wɔ Kristoni biara fam no, na sika dodow a wobeyi no yɛ ankorankoro asɛm, na ɛyɛ nea ‘wasusuw ho n’ankasa komam no.’—2 Korintofo 9:5, 7.

Nea ɛbɛyɛ na Korintofo no atwa nnɔbae pii no, na ɛsɛ sɛ wodua pii. Wamfa yi bi ma ma ɛmmoro so ho nyansahyɛ biara amma da. Paulo maa wɔn awerɛhyem sɛ, ‘menkyerɛ sɛ mo ho nhia mo.’ Ná ntoboa no ‘sɔ ani sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.’ (2 Korintofo 8:12, 13; 9:6) Wɔ krataa bi a ɔsomafo no kyerɛw no akyiri yi mu no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ obi nhwɛ . . . ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Paulo anhyɛ ntoboayi a na etia saa nnyinasosɛm yi ho nkuran.

Ɛho hia sɛ Paulo hwɛ ma woyii ‘ntoboa’ kɔmaa “ahotefo” a na ahia wɔn no. Yɛnkenkan wɔ Kyerɛwnsɛm no mu baabi sɛ na Paulo anaa asomafo foforo reyɛ nhyehyɛe agyigye ntoboa anaa ntotoso du du de ayɛ wɔn ankasa som adwuma. (Asomafo no Nnwuma 3:6) Paulo de anisɔ gyee akyɛde ahorow a asafo ahorow de brɛɛ no no, na ɔmaa n’ani daa hɔ sɛ ɔremfa “adesoa” bi nto ne nuanom so.—1 Tesalonikafo 2:9; Filipifo 4:15-18.

Ɔpɛ Mu a Wofi Yi Ntoboa Nnɛ

Ɛda adi pefee sɛ, wɔ afeha a edi kan no mu no, Kristo akyidifo fi ɔpɛ mu na eyii ntoboa, na wɔanyigye ntotoso du du. Nanso, ebia wubesusuw ho sɛ eyi da so ara yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so nya sika de boa asɛmpaka adwuma no de bi hwɛ Kristofo a ahia wɔn no anaa.

Susuw nea edi hɔ yi ho hwɛ. Wɔ afe 1879 mu no, nsɛmma nhoma yi samufo no kaa no pefee sɛ “wɔrensrɛ anaa wɔrenhwehwɛ mmoa mfi nnipa hɔ da.” So saa gyinaesi no ayɛ akwanside ama mmɔden a Yehowa Adansefo bɔ sɛ wɔbɛtrɛw Bible mu nokware mu no?

Mprempren, Adansefo no kyekyɛ Bible ahorow, Kristofo nhoma, ne nhoma afoforo wɔ nsase 235 so. Mfiase no na wotintim Ɔwɛn-Aban, Bible nkyerɛkyerɛ nsɛmma nhoma no 6,000 ɔsram biara wɔ kasa biako mu. Efi saa bere no, abɛyɛ nsɛmma nhoma a wotintim no mprenu ɔsram biara, na wotintim bɛboro 24,000,000 wɔ kasa 146 mu. Nea ɛbɛyɛ na Adansefo no ayɛ wɔn wiase nyinaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no, wɔasisi anaa wɔatɔ baa dwumadibea ahorow wɔ aman 110 mu a ɛhwɛ adwuma no so. Afei nso, wɔasisi nhyiambea mpempem pii wɔ mmeae bi ne nhyiam asa akɛse na ama wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Bible nkyerɛkyerɛ no anya baabi atra asua ade.

Bere a Yehowa Adansefo botae titiriw ne sɛ wobedi nkurɔfo honhom fam ahiade ho dwuma no, wommu wɔn ani ngu wɔn mfɛfo gyidifo honam fam ahiade so. Sɛ wɔn nuanom hyia akodi, asasewosow, ɔpɛ, ne ahum a, wɔyɛ ntɛm kɔma wɔn nnuru, nnuan, ntade, ne ahiade foforo. Kristofo ankorankoro ne asafo ahorow na eyi eyinom ho ntoboa no.

Ɔpɛ mu a wofi yi ntoboa yɛ nea etu mpɔn, na eyi adesoa fi wɔn a wonni bi te sɛ Genival a yɛadi kan aka ne ho asɛm no so. Nea ɛyɛ anigye no, ansa na Genival bɛtɔn ne fie no, Maria, a ɔyɛ Yehowa Dansefo bere nyinaa somfo no kɔsraa no. Genival ka sɛ: “Saa nkɔmmɔbɔ no gyee m’abusua fii ahokyere a mfaso nni so mu.”

Genival hui sɛ Awurade adwuma no nnyina ntotoso du du so. Nokwarem no, ntotoso du du nyɛ Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde bio. Ohui sɛ sɛ Kristofo fi wɔn pɛ mu yɛ adɔe a, wonya nhyira nanso ɛnyɛ nhyɛ sɛ wɔyɛ boro nea wobetumi so.

Ɔpɛ mu a Genival fi yi ntoboa no ama wanya anigye ankasa. Ɔka ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ebia mɛma m’akatua mu nkyem 10 anaasɛ meremma saa, nanso m’ani gye ntoboa a miyi no ho, na migye di sɛ Yehowa nso ani agye.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

So Tete Asɔre Agyanom Kyerɛkyerɛɛ Ntotoso Du Du?

“Adefo a wɔwɔ yɛn mu no boa ahiafo . . . Wɔn a wɔwɔ bi na wɔwɔ ɔpɛ no ma nea wɔn mu biara susuw sɛ ɛfata.”—The First Apology, Justin Martyr, bɛyɛ afe 150 Y.B.

“Nokwarem no, Yudafo hyiraa wɔn agyapade so ntotoso du du so maa Onyankopɔn, nanso wɔn a wɔanya ahofadi no yii wɔn agyapade nyinaa sii hɔ maa Awurade nnwuma, . . . sɛnea okunafo hiani a ɔde nea ɔwɔ nyinaa guu Onyankopɔn ntoboa adaka mu yɛe no.”—Against Heresies, Irenaeus, bɛyɛ afe 180 Y.B.

“Ɛwom sɛ yɛwɔ yɛn sika adaka de, nanso ɛnyɛ sika a wɔde tɔ nkwagye na ɛwom, te sɛ nea wɔyɛ wɔ ɔsom bi a wɔatwa bo ama mu no. Ɔsram no mu pɛnkoro no, obiara a ɔpɛ no de ntoboa ketewa bi tom; nanso sɛ n’ani gye ho nkutoo, na obetumi nkutoo a ɛnna ɔyɛ saa: efisɛ wɔnhyɛ obiara; ne nyinaa fi ɔpɛ mu.”—Apology, Tertullian, bɛyɛ afe 197 Y.B.

“Bere a Asɔre no mu trɛwee na ahyehyɛde ahorow bae no, ɛho behiae sɛ wɔyɛ mmara ahorow a ɛbɛma wɔanya sika a ɛfata de ahwɛ asɔfo no bere nyinaa. Wɔfaa ntotoso du du tua no fii Mmara Dedaw no mu . . . Ɛte sɛ nea na asɛm no ho mmara pɔtee a edi kan koraa no wɔ asɔfo mpanyin a wohyiaam wɔ Tours wɔ afe 567 no krataa ne Macon Bagua a wohyiaam wɔ afe 585 no [nhoma] no mu.”—The Catholic Encyclopedia.

[Asɛm Fibea]

Coin, top left: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi de anigye ba

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Wɔde ntoboa ahorow a wofi ɔpɛ mu yi no boa asɛnka adwuma, boa wɔn a asiane ato wɔn, sisi nhyiambea