Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Onyankopɔn Asɛm Sua Ho Anigye

Nya Onyankopɔn Asɛm Sua Ho Anigye

Nya Onyankopɔn Asɛm Sua Ho Anigye

‘Mesusuw wo nnwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.’—DWOM 77:12.

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde bere si hɔ de dwennwen nneɛma ho? (b) Dɛn na ‘nneɛma ho a wodwennwen’ ne ‘nneɛma ho a wosusuw’ no kyerɛ?

SƐ Yesu Kristo asuafo no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn a yɛne no benya abusuabɔ ne atirimpɔw nti a yɛsom No no ho hia yɛn kɛse. Nanso, ɛnnɛ, nnipa pii aso ayɛ hyew araa ma wonnya bere mfa nnwinnwen nneɛma ho. Honam fam ade dodowpɛ, adetɔ honhom, ne anigyede ntraso akyekyere wɔn papee. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyae saa nneɛma hunu yi akyidi? Sɛnea yɛde bere pɔtee bi si hɔ da biara de yɛ nneɛma atitiriw bi, te sɛ adidi ne nna no, saa ara na ɛsɛ sɛ yenya bere da biara de dwennwen Yehowa nnwuma ne ne nneyɛe ho.—Deuteronomium 8:3; Mateo 4:4.

2 So wugyina dwennwen nneɛma ho? Dɛn na nneɛma ho a yebedwennwen no kyerɛ? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ asɛmfua no ase sɛ “obi adwene a ɔde besi biribi so: ɔbɛkaakae anaasɛ obesusuw ho.” Na asɛmfua “nsusuwho” no kyerɛ sɛ “wubesusuw biribi ho: wobɛkaakae . . . titiriw wobɛyɛ dinn asusuw ho yiye akɔ akyiri.” Dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn?

3. Dɛn na honhom fam mpɔntu a yebenya no ne no wɔ abusuabɔ tẽẽ?

3 Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɛkae yɛn nea ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne yɔnko somfo Timoteo no: ‘Bata akenkan, afotu ne ɔkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba. Eyinom ho na susuw, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.’ Yiw, na wɔhwɛ kwan sɛ wobetu mpɔn na wɔanya nkɔso, na Paulo nsɛm no daa no adi sɛ na abusuabɔ tẽẽ bi da honhom fam nneɛma ho a yebesusuw ne mpɔn a yebetu no mu. Saa ara na ɛte nnɛ. Sɛ yebenya abotɔyam na yɛatu mpɔn wɔ honhom fam a, ɛsɛ sɛ ‘yesusuw nneɛma ho’ na ‘yɛkeka yɛn ho’ wɔ nneɛma a ɛne Onyankopɔn Asɛm wɔ abusuabɔ no ho.—1 Timoteo 4:13-15.

4. Nsiesiei ahorow bɛn na wubetumi de adi dwuma na aboa wo ma woasusuw Yehowa Asɛm ho daa?

4 Bere pa a ɛsen biara a wode bedwennwen nneɛma ho no gyina wo ne w’abusua nhyehyɛe so. Anuanom pii susuw Bible kyerɛwsɛm bi ho anɔpa paa bere a wɔrekenkan Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no. Nokwarem no, atuhoamafo bɛyɛ 20,000 a wɔwɔ Betel afie ahorow mu wɔ wiase nyinaa no de simma 15 susuw Bible kyerɛwsɛm ma da no ho de fi da no ase. Bere a Betel abusua no mufo kakraa bi pɛ na wɔkasa anɔpa biara no, wɔn a aka no susuw nea wɔka na wɔkenkan no ho. Adansefo foforo susuw Onyankopɔn Asɛm ho bere a wɔrekɔ adwuma no. Wotie Bible ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma mu nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so a ɛwɔ kasa ahorow bi mu no. Ɔyerenom a wɔte fie no pii yɛ eyi bere a wɔreyɛ ofie nnwuma no. Wɔnam saayɛ so suasua Asaf a ɔkyerɛw eyi no: “Mɛkae [Yehowa, NW] nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.”—Dwom 77:11, 12.

Su Pa De Aba Pa Ba

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ kokoam adesua ho hia yɛn?

5 Wɔ nnɛ mmere yi a TV, video, ne kɔmputa abu so mu no, nnipa pii ani nnye akenkan ho koraa. Ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ Yehowa Adansefo fam. Anyɛ yiye koraa no, Bible a yɛbɛkenkan no te sɛ biribi a yɛnam so ne Yehowa nya abusuabɔ. Mfe mpempem a atwam ni no, Yosua sii Mose ananmu sɛ Israel kannifo. Nea ɛbɛyɛ na Yosua anya Yehowa nhyira no, na ɛsɛ sɛ ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm dwennwen ho. (Yosua 1:8; Dwom 1:1, 2) Ɛda so ara yɛ ahwehwɛde nnɛ. Nanso esiane sɛ ebinom nhomasua nkɔ akyiri nti, ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkenkan ade anaasɛ wobebu no adwumaden. Enti dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛkenkan na yɛasua Onyankopɔn Asɛm? Yebetumi anya mmuae no wɔ Ɔhene Salomo nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mmebusɛm 2:1-6 no mu. Yɛsrɛ wo bue wo Bible na kenkan nkyekyɛm ahorow yi. Afei, yebesusuw ho mmiako mmiako.

6. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ ho?

6 Nea edi kan no, yehu afotusɛm yi: ‘Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, na woakom wo koma ama nhumu a.’ (Mmebusɛm 2:1, 2) Dɛn na yesua fi nsɛm yi mu? Ɛne sɛ asɛyɛde da yɛn mu biara so. Hyɛ asɛm ‘sɛ wutie me nsɛm’ no nsow. Ɛno yɛ ‘sɛ’ a emu dɔ efisɛ nnipa dodow no ara ntie Onyankopɔn Asɛm. Sɛ yɛn ani begye Onyankopɔn Asɛm sua ho a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebetie Yehowa nsɛm na yɛabu no sɛ akorade a yɛmpɛ sɛ ebefi yɛn nsa. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn da biara da dwumadi ma yɛn aso yɛ hyew anaa ɛtwetwe yɛn ma yefi ase yɛ Onyankopɔn Asɛm ho anibiannaso, na yɛn adwenem yɛ yɛn naa mpo.—Romafo 3:3, 4.

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow na yɛyɛ aso tie nea wɔka no bere biara a ɛbɛyɛ yiye no?

7 Sɛ wɔrekyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu wɔ yɛn Kristofo nhyiam ahorow ase a, so ‘yɛyɛ aso’ tie no yiye ankasa? (Efesofo 4:20, 21) So ‘yɛkom koma’ no sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nhumu? Ɛwom sɛ ebia na ɔkasafo no nyɛ obi a ɔwɔ suahu pii de, nanso bere a ɔredi Onyankopɔn Asɛm ho dwuma no, ɛfata sɛ yɛyɛ aso ma no ankasa. Nokwarem no, nea ɛbɛyɛ na yɛatie Yehowa nyansa no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow daa bere biara a ɛbɛyɛ yiye. (Mmebusɛm 18:1) Sɛ obi ankɔ nhyiam a ɛkɔɔ so wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste 33 Y.B. no a, hwɛ abasamtu a anka ɛno bɛyɛ! Ɛwom sɛ anwonwade a ɛte saa nkɔ so wɔ yɛn nhyiam ahorow ase de, nanso yesusuw Bible, nkyerɛkyerɛ nhoma titiriw, no ho. Enti, nhyiam biara betumi ayɛ nhyira ama yɛn bere a yɛyɛ aso tie na yedi nea wɔka akyi wɔ yɛn Bible mu no.—Asomafo no Nnwuma 2:1-4; Hebrifo 10:24, 25.

8, 9. (a) Dɛn na kokoam adesua hwehwɛ sɛ yɛyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na wode bo a sika kɔkɔɔ som no bɛtoto Onyankopɔn ho nimdeɛ ho ntease a yebenya ho?

8 Ɔhene nyansafo no nsɛm a edi hɔ ne sɛ: ‘Sɛ wusu frɛ ntease, na woma wo nne so frɛ nhumu a.’ (Mmebusɛm 2:3) Su anaa nneyɛe bɛn na nsɛm yi da no adi kyerɛ yɛn? Ɛne sɛ yebenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛte Yehowa Asɛm ase! Ɛkyerɛ ɔpɛ a yebenya sɛ yebesua ade, a atirimpɔw no ne sɛ yebenya nhumu, na yɛahu nea Yehowa pɛ. Nokwarem no, eyi gye mmɔdenbɔ, na ɛno de yɛn ba Salomo nsɛm ne mfatoho a edi hɔ no so.—Efesofo 5:15-17.

9 Ɔtoa so sɛ: “Sɛ wohwehwɛ [ntease akyi] kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ sɛ akorade a ahintaw a.” (Mmebusɛm 2:4) Eyi ma yɛkae akwan a na nkorontufo a wɔtraa ase mfehaha a atwam no nam so hwehwɛ agude a wɔkyerɛ sɛ ɛsom bo te sɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no. Nnipa akum wɔn mfɛfo nnipa de apɛ sika. Afoforo de wɔn nkwa nna nyinaa ahwehwɛ sika. Nanso, bo bɛn ankasa na sika kɔkɔɔ som? Sɛ w’ayera wɔ anhweatam so na sukɔm rekum wo a, emu nea ɛwɔ he na wobɛpɛ: sika kɔkɔɔ anaa nsu? Nanso, hwɛ nsi ara a nnipa de ahwehwɛ sika kɔkɔɔ a ɛnsom bo ahe biara na ne su sakra no! * Hwɛ nsiyɛ kɛse ara a ɛsɛ sɛ yɛde hwehwɛ nyansa, nhumu, ne Onyankopɔn ne n’apɛde ho ntease! Nanso mfaso bɛn na ɛwɔ adehwehwɛ a ɛte saa so?—Dwom 19:7-10; Mmebusɛm 3:13-18.

10. Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm a, dɛn na yebetumi ahu?

10 Salomo toa n’asɛm no so sɛ: “Ɛno na wubehu [Yehowa, NW] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.” (Mmebusɛm 2:5) Ade a ɛyɛ anigye bɛn ara ni—sɛ́ yɛn nnipa abɔnefo betumi ahu Yehowa ‘Nyankopɔn,’ Amansan Hene no, “ho nimdeɛ”! (Dwom 73:28; Asomafo no Nnwuma 4:24) Wiase nyansapɛfo ne wɔn a wɔfrɛ wɔn ho anyansafo no de mfehaha pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛte nkwa ne amansan no ho nsɛm a asete yɛ den no ase. Nanso, wontumi nhuu “Onyankopɔn ho nimdeɛ.” Dɛn ntia? Ɛwom sɛ saa nimdeɛ no wɔ hɔ mfe mpempem pii ni wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu de, nanso wobu no sɛ ɛba fam dodo ma enti wonnye ntom na wɔate ase.—1 Korintofo 1:18-21.

11. Kokoam adesua so mfaso ahorow bi ne dɛn?

11 Ade foforo a Salomo si so dua ni: “[Yehowa, NW] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.” (Mmebusɛm 2:6) Yehowa fi ayamye mu de nyansa, nimdeɛ, ne ntease ma obiara a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ no kwa. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛwɔ ntease titiriw a enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm a yɛn ankasa besua ho anisɔ, sɛ ɛhwehwɛ sɛ yɛbɔ mmɔden, yɛteɛ yɛn ho so, na yɛde biribi bɔ afɔre mpo a. Anyɛ yiye koraa no, yɛwɔ Bible no a wɔatintim na enhia sɛ yɛn ankasa de yɛn nsa kyerɛw bi sɛnea ebinom yɛe wɔ tete mmere mu no!—Deuteronomium 17:18, 19.

Yehowa Mu a Yɛbɛnantew Ma Afata

12. Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde hwehwɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ?

12 Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ kokoam adesua? Sɛ́ ɛbɛma yɛada yɛn ho adi sɛ yedi mu sen afoforo? Sɛ́ ɛbɛma yɛada nimdeɛ a ɛkorɔn adi? Sɛ́ yɛbɛyɛ nnipa a wɔwɔ Bible mu nimdeɛ soronko, sɛnea yɛbɛka no no? Dabi. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ Kristofo a yɛde nea yɛka yɛ adwuma, yɛde nantew, yɛkasa ho, na yɛayɛ krado bere nyinaa sɛ yɛbɛboa afoforo, wɔ Kristo honhom a ɛma abotɔyam no mu. (Mateo 11:28-30) Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nimdeɛ horan, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.” (1 Korintofo 8:1) Enti, ɛsɛ sɛ yenya odwo honhom a Mose daa no adi bere a ɔkaa nea edi so yi kyerɛɛ Yehowa no bi: “Mesrɛ wo . . . ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo, na manya w’anim dom.” (Exodus 33:13) Yiw, ɛsɛ sɛ yenya nimdeɛ na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ yenim biribi. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wodwo na wɔfata. Yɛbɛyɛ dɛn adu saa botae no ho?

13. Dɛn na ehia na ama obi abɛyɛ Onyankopɔn somfo a ɔfata?

13 Paulo tuu Timoteo fo faa sɛnea ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani ho sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Timoteo 2:15) Asɛm ‘okura mu pɛpɛɛpɛ’ no fi Hela adeyɛ asɛm a ɛbɔ ho abien a nea ɛkyerɛ ankasa ne “biribi a wotwa ma ɛteɛ” anaa ‘sɛ́ wubetwa biribi ma ateɛ,’ no mu. (Kingdom Interlinear) Sɛnea ebinom kyerɛ no, adwene a ɛwɔ eyi akyi no te sɛ ɔdepamfo bi a ɔretwitwa ntama bi sɛnea wɔasusuw no, okuafo bi a ɔrefɛtɛw akã a wɔatwa wɔ afuw mu, ne nea ɛkeka ho. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ awiei koraa no nea efi mu ba no ne dekode no hyia, anaasɛ ɛteɛ. Aba a ɛwom ne sɛ sɛ na Timoteo bɛyɛ Onyankopɔn somfo a ɔfata na wɔpene ne so a, na ɛsɛ sɛ ‘ɔyɛ nea obetumi nyinaa’ de hwɛ hu sɛ ne nkyerɛkyerɛ ne n’abrabɔ ne nokware no hyia.—1 Timoteo 4:16.

14. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛn kokoam adesua nya yɛn nneyɛe ne nsɛm a yɛka so nkɛntɛnso?

14 Paulo daa adwene koro no ara adi bere a ɔhyɛɛ mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Kolose no nkuran sɛ ‘wɔnnantew sɛnea ɛfata Yehowa mu na ɛsɔ n’ani koraa’ denam ‘adwuma pa nyinaa mu aba a wɔbɛsow na wɔanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu’ no so. (Kolosefo 1:10) Ɛha yi Paulo de fata a obi bɛfata wɔ Yehowa mu no bata ‘nnwuma pa nyinaa mu aba a ɔbɛsow’ ne ‘Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii a obenya’ ho. Ɔkwan foforo so no, ɛnyɛ sɛnea yebu nimdeɛ no nko na Yehowa bu no ade titiriw na mmom, sɛnea yedi Onyankopɔn Asɛm so pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn nneyɛe ne nsɛm a yɛka mu no nso. (Romafo 2:21, 22) Eyi kyerɛ sɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛn kokoam adesua nya yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso.

15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn adwene ne yɛn nsusuwii ho ban na yɛadi so?

15 Ɛnnɛ, Satan awe ahinam so sɛ ɔbɛsɛe yɛn honhom fam yiyedi denam akodi a ɔma ɛkɔ so wɔ yɛn adwenem no so. (Romafo 7:14-25) Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn adwene ne yɛn nsusuwii ho ban na yedi so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛfata wɔ yɛn Nyankopɔn, Yehowa, anim. Akode a yɛwɔ ne “Nyankopɔn nimdeɛ” a etumi ‘fa adwene nyinaa nnommum ma ɛbrɛ ne ho ase ma Kristo no.’ Eyi ne ntease titiriw nti a ɛsɛ sɛ yenya bere ma Bible adesua daa, esiane sɛ yɛpɛ sɛ yeyi pɛsɛmenkominya, ne honam fam nsusuwii biara fi yɛn adwene mu nti.—2 Korintofo 10:5.

Nneɛma a Ɛbɛma Yɛanya Ntease

16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso bere a Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn no?

16 Yehowa nkyerɛkyerɛ de honhom fam ne honam fam mfaso horow ba. Ɛnyɛ nyamekyerɛ bi a anigye nnim na mfaso biara nni so. Enti, yɛkenkan sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma yɛnantew ne kwan a eye no so? Nea edi kan no, yɛwɔ N’asɛm a efi honhom mu, Kyerɛw Kronkron no. Eyi ne yɛn nkyerɛkyerɛ nhoma titiriw a yenya nsɛm fi mu daa. Ɛno nti na ɛyɛ papa sɛ yebebue yɛn Bible mu adi nea wɔka akyi wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no. Yebetumi ahu mfaso a ɛwɔ saayɛ so wɔ Etiopiani piani no ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma ti 8 no mu.

17. Dɛn na ɛbae wɔ Etiopiani piani no fam, na dɛn na eyi kyerɛ?

17 Ná Etiopiani piani no yɛ obi a wasakra aba Yudasom mu. Ná ɔyɛ obi a ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi mapa, na na osua Kyerɛwnsɛm no. Bere a ɔte ne teaseɛnam mu retu kwan no, na ɔrekenkan Yesaia nhoma no bere a Filipo de mmirika kɔkaa ne ho na obisaa no sɛ: “So wote nea wokan yi ase anaa?” Opiani no buaa dɛn? “Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtra ne nkyɛn.” Afei Filipo, a honhom kronkron rekyerɛ no kwan no, boaa piani no ma ɔtee Yesaia nkɔmhyɛ no ase. (Asomafo no Nnwuma 8:27-35) Dɛn na eyi kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ Bible no a yɛbɛkenkan no kokoam no ara nnɔɔso. Yehowa nam ne honhom so de akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no di dwuma boa yɛn ma yɛte N’asɛm ase wɔ bere a ɛsɛ mu. Ɔkwan bɛn so na ɔyɛ eyi?—Mateo 24:45-47; Luka 12:42.

18. Ɔkwan bɛn so na akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no boa yɛn?

18 Ɛwom sɛ wɔka akoa kuw no ho asɛm sɛ “nokwafo ne ɔbadwemma” de, nanso Yesu anka sɛ ne ho nni asɛm. Kristofo a wɔtɔ sin na wɔda so ara wɔ anuanom anokwafo kuw a wɔasra wɔn yi mu. Wɔ wɔn nsusuwii pa nyinaa akyi no, wobetumi adi mfomso, sɛnea na ɛtɔ mmere bi a, mmarima a wɔte saa yɛ wɔ afeha a edi kan mu no. (Asomafo no Nnwuma 10:9-15; Galatifo 2:8, 11-14) Nanso, wokura adwempa, na Yehowa de wɔn redi dwuma ama yɛanya mmoa a yɛde besua Bible no na ahyɛ yɛn gyidi den wɔ Onyankopɔn Asɛm ne ne bɔhyɛ ahorow mu. Nsiesiei titiriw a akoa no ayɛ ma yɛde asua ade wɔ kokoam ne New World Translation of the Holy Scriptures no. Mprempren ne nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa ahorow 42 mu, na wɔatintim mfuamfua ɔpepem 114 . Yɛbɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ yɛn kokoam adesua mu?—2 Timoteo 3:14-17.

19. Dɛn ne New World Translation—With References ho nneɛma bi a ebetumi aboa wɔ kokoam adesua mu?

19 Fa New World Translation of the Holy Scriptures—With References no sɛ nhwɛso. Ekura afã ahorow a ɛtwe adwene si kyerɛw nsɛm afoforo so, ekura ase hɔ nsɛm, ekura nsɛm ntiantia a wɔahyehyɛ denam “Bible Mu Nsɛm a Wɔahyehyɛ” ne “Asehɔ Nsɛm a Wɔahyehyɛ” so, ɛne Nsɛm Nkekaho a esusuw nsɛmti 43 ho kɔ akyiri, a nea ɛka ho ne nsase ho mfonini ne akontaabu apon. Ɛwɔ “Nnianim Asɛm” a ɛkyerɛ mmeae pii a wonyaa nsɛm de yɛɛ Bible nkyerɛase soronko yi. Sɛ ebi wɔ kasa a wubetumi ate ase mu a, ɛbɛma woahu saa nneɛma yi yiye ankasa na wode adi dwuma. Sɛnea ɛte biara no, Bible no ne nhoma a yebetumi de afi adesua nhyehyɛe ase, na wɔ New World Translation mu no, yɛwɔ afã bi a esi Onyankopɔn din no so dua ma ɛfata bere a ɛtwe adwene si Onyankopɔn Ahenni tumidi so no.—Dwom 149:1-9; Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.

20. Kokoam adesua ho nsɛmmisa bɛn na ehia sɛ yebua afei?

20 Afei, yebetumi abisa sɛ: ‘Mmoa bɛn bio na yehia na ama yɛate Bible no ase? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya bere ama kokoam adesua? Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn adesua atu mpɔn kɛse? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛn adesua ka afoforo?’ Asɛm a edi hɔ no besusuw yɛn Kristofo mpɔntu ho nneɛma a ɛho hia yi ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Efi 1979 no, sika kɔkɔɔ bo adi nsakra, na gram biako bo a na ɛyɛ $850.00 wɔ 1980 mu no so tew beduu $252.80 wɔ 1999 mu.

So Wokae?

• Dɛn na ‘nneɛma ho a wodwennwen’ ne ‘nneɛma ho a wosusuw’ no kyerɛ?

• Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ Onyankopɔn Asɛm sua ho?

• Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ kokoam adesua?

• Nneɛma a ɛbɛboa ma yɛate Bible ase bɛn na yɛwɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Betel abusua no mufo nya honhom fam denhyɛ wɔ Bible kyerɛwsɛm bi a wosusuw ho de fi da biara ase no mu

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yebetumi ama mfaso aba yɛn bere so denam Bible kasɛt a yɛbɛbɔ atie bere a yɛretu kwan no so

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Mmarima yɛɛ adwumaden bere tenten de pɛɛ sika kɔkɔɔ. Mmɔden bɛn na wobɔ de sua Onyankopɔn Asɛm?

[Asɛm Fibea]

Courtesy of California State Parks, 2002

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Bible yɛ akorade a ebetumi ama yɛanya daa nkwa