Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Po So Hyɛn Mu Panyin Pon Ho

Po So Hyɛn Mu Panyin Pon Ho

Po So Hyɛn Mu Panyin Pon Ho

NNIPA a wɔn ho yɛ anika, aduan a ɛyɛ dɛ, ne nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye ma po so hyɛn mu panyin didipon ho adidi yɛ anigye. Nanso, nkɔmmɔbɔ bi a ɛkɔɔ so wɔ Po So Hyɛn Mu Panyin Robert G. Smith a na ɔyɛ adwuma wɔ White Star Line po so hyɛn adwuma mu no twe adwene kɔ honhom fam apontow bi so.—Yesaia 25:6.

Wɔ afe 1894 mu, bere a na Robert adi mfirihyia 24 no, ɔhwɛɛ po so hyɛn Kinclune of Dundee akwantu so nea edii kan twaa wiase ho hyiae no. Akyiri yi ɔhwɛɛ White Star po so ahyɛn te sɛ Cedric, Cevic, ne Runic so. * Bere a wɔretwa Atlantic Po no afi New York akɔ Liverpool, England, wɔ saa ahyɛn yi biako mu no, Robert ne Charles Taze Russell didii wɔ po so hyɛn mu panyin pon ho. Nkɔmmɔ a Robert ne Russell bɔe no maa Robert ani begyee Bible mu nsɛm no ho, na nea ɛbɛboa no ma wasua pii no, ɔde anigye gyee Russell Studies in the Scriptures nhoma no bi.

Russell nam nkrataakyerɛw so ne no dii nkitaho, na nea efii mu bae ne sɛ, Bible mu nsɛm ho anigye a Robert nyae no mu yɛɛ den. Robert kaa ne nimdeɛ foforo no ho asɛm kyerɛɛ ne yere. Ankyɛ na wɔn baanu nyinaa bɛyɛɛ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, a na wɔyɛ nnam. Akyiri yi, Robert nyaa hokwan maa Bible mu kasa ahorow. Sɛ nhwɛso no, wɔ Brisbane, Australia no, ɔmaa kasa bi faa “Gilead Aduhuam No” ho, na ɔkyerɛɛ sɛnea “asase so amanehunu nyinaa ano aduru” wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Wɔsan kɔɔ England no, ne yere ne ne mma boae ma woyii “Photo-Drama of Creation” no kyerɛe, na wɔbɔɔ Russell kasa no bere a na wɔreyi mfonini no.

Robert de Ahenni nokware no a na wanya no maa ne mma sɛ agyapade. Ɛnnɛ, wɔ awo ntoatoaso anum akyi no, abusuafo 18 reka asɛmpa no kyerɛ afoforo anibere so, na wɔde aseda ma wɔ po so hyɛn mu panyin didipon ho aduan a wodii no ho.

Yehowa Adansefo nam wɔn nhoma ahorow ne wɔn Bible nkyerɛkyerɛ so reboa nnipa wɔ wiase nyinaa ma wɔasua Bible mu nsɛm a ɛmaa Po So Hyɛn Mu Panyin Smith ho dwiriw no no. Wo nso wubetumi ahu dekode a ɛyɛɛ anigye wɔ po so hyɛn mu panyin pon ho no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Ná Po So Hyɛn Mu Panyin E. J. Smith (wɔnyɛ abusuafo) na ɔhwɛ adwumayɛkuw no hyɛn foforo Titanic, a enyaa akwanhyia wɔ n’akwantu a edi kan mu no so.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Robert G. Smith

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Charles T. Russell