Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Onyankopɔn Bɛbɛn Mo’

‘Onyankopɔn Bɛbɛn Mo’

‘Onyankopɔn Bɛbɛn Mo’

“[Onyankopɔn] ne yɛn mu biara ntam kwan nware.”—ASOMAFO NO NNWUMA 17:27.

1, 2. (a) Sɛ yɛhwɛ wim a nsoromma gu no a, asɛm bɛn na yebetumi abisa afa Ɔbɔadeɛ no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ nnipa som bo wɔ Yehowa anim?

SO WOAHWƐ wim anadwo a ewim atew na nsoromma gu so ma w’ani agye pɛn? Nsoromma no dodow ne sɛnea wim trɛw no nkutoo mpo yɛ nwonwa. Asase yɛ ade ketewaa bi pɛ wɔ amansan kɛse yi mu. So eyi kyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no, nea ɔyɛ “ɔsorosoroni, asase nyinaa so” no, korɔn araa sɛ ɔbɛma nnipa ho ahia no anaasɛ ɔwɔ akyirikyiri dodo a nnipa ntumi nhwehwɛ no nhu no?—Dwom 83:18.

2 Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ nnipa som bo ankasa wɔ Yehowa anim. Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ no, na ɛka sɛ: “Ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.” (Asomafo no Nnwuma 17:27; 1 Beresosɛm 28:9) Nokwarem no, sɛ yɛfa akwan bi so bɛn Onyankopɔn a, ɔno nso bɛyɛ yɛn mmɔdenbɔ no ho biribi. Ɔkwan bɛn so? Afe 2003 afe asɛm no ma yɛn mmuae a ɛyɛ anigye yi: “Ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Ma yensusuw nhyira nwonwaso a Yehowa hwie gu wɔn a wɔbɛn no no so no bi ho.

Akyɛde a Efi Yehowa Ankasa Hɔ

3. Akyɛde bɛn na Yehowa de ma wɔn a wɔbɛn no no?

3 Nea edi kan no, Yehowa asomfo wɔ akyɛde a ɛsom bo a wakora so ama ne nkurɔfo. Tumi, ahode, ne nhomasua a nneɛma nhyehyɛe yi de ma nyinaa ntumi mma yɛn nsa nka saa akyɛde yi. Ɛyɛ akyɛde a Yehowa ankasa de ma wɔn a wɔbɛn no nkutoo. Ɛyɛ akyɛde bɛn? Onyankopɔn Asɛm bua sɛ: “Sɛ . . . woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa, NW] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. Na [Yehowa, NW] na ɔma nyansa.” (Mmebusɛm 2:3-6) Susuw ho hwɛ sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ tumi nya “Onyankopɔn ho nimdeɛ”! Wɔde saa akyɛde no—Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ—toto “akorade a ahintaw” ho. Dɛn ntia?

4, 5. Dɛn nti na yebetumi de “Onyankopɔn ho nimdeɛ” atoto “akorade a ahintaw” ho? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Ade biako ne sɛ, Onyankopɔn ho nimdeɛ som bo yiye. Emu nhyira ahorow a ɛsen biara no mu biako ne daa nkwa ho anidaso. (Yohane 17:3) Nanso, saa nimdeɛ no ma yɛn asetra tu mpɔn mpo nnɛ. Sɛ nhwɛso no, esiane Onyankopɔn Asɛm a yɛasua no yiye nti, yɛabenya nsɛmmisa atitiriw te sɛ nea edidi so yi ho mmuae: Dɛn ne Onyankopɔn din? (Dwom 83:18) Dɛn ne tebea ankasa a awufo wom? (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ne adesamma? (Yesaia 45:18) Yɛabehu nso sɛ ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so atra ase ne sɛ yɛde Bible afotu a nyansa wom no bedi dwuma. (Yesaia 30:20, 21; 48:17, 18) Enti, yɛwɔ akwankyerɛ a edi mũ a ɛboa yɛn ma yegyina asetram dadwen ahorow ano na yɛfa kwan a ɛde anigye ne abotɔyam ankasa ba so. Nea ɛsen ne nyinaa no, Onyankopɔn Asɛm a yesua no ama yɛabehu Yehowa su ahorow a ɛyɛ anigye no, na ama yɛabɛn no. Dɛn na ebetumi asom bo asen abusuabɔ a emu yɛ den a egyina “Onyankopɔn ho nimdeɛ” so a yɛne Yehowa benya no?

5 Ade foforo wɔ hɔ nti a yebetumi de Onyankopɔn ho nimdeɛ atoto “akorade a ahintaw” ho. Te sɛ akorade pii no, ɛho yɛ nã wɔ wiase yi mu. Wɔ asase sotefo ɔpepepem asia mu no, Yehowa asomfo bɛyɛ ɔpepem asia, anaa bɛyɛ nnipa 1,000 mu 1 na wɔanya “Onyankopɔn ho nimdeɛ.” Sɛ yɛbɛyɛ sɛnea ɛsom bo sɛ yebehu Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ho mfatoho a, susuw Bible mu asɛmmisa biako pɛ ho hwɛ: Dɛn na ɛba nnipa so wɔ owu mu? Yefi Kyerɛwnsɛm no mu nim sɛ ɔkra wu, ɛne sɛ awufo nnim biribiara. (Hesekiel 18:4) Nanso, wiase nyamesom dodow no ara gye atoro gyidi a ɛne sɛ biribi hyɛ onipa mu a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi no tom. Ɛyɛ Kristoman mu asɔre ahorow nkyerɛkyerɛ titiriw. Agye ntini nso wɔ Buddhasom, Hindusom, Nkramosom, Jainsom, Yudasom, Shintosom, Sikhsom, ne Taoisom mu. Wo de susuw ho hwɛ—atoro nkyerɛkyerɛ biako yi adaadaa nnipa ɔpepepem pii!

6, 7. (a) Henanom nkutoo na wobetumi anya “Onyankopɔn ho nimdeɛ”? (b) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ama yɛanya nhumu a ahintaw “anyansafo ne animdefo” pii no?

6 Dɛn nti na nnipa pii nnyaa “Onyankopɔn ho nimdeɛ”? Efisɛ obi ntumi nte Onyankopɔn Asɛm ase a Ne mmoa nka ho. Kae sɛ, nimdeɛ yi yɛ akyɛde. Yehowa de ma wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde nokwaredi ne ahobrɛase bɛhwehwɛ N’asɛm mu nkutoo. Ebia na saafo no nyɛ “ɔhonam fam anyansafo.” (1 Korintofo 1:26) Sɛ wɔde wiase gyinapɛn ka asɛm a, wobetumi abu wɔn mu pii mpo sɛ ‘nnipa a wonsuaa nhoma da, na wɔyɛ mpapahwekwa.’ (Asomafo no Nnwuma 4:13) Nanso, ɛno ho nhia. Su ahorow a Yehowa hu wɔ yɛn komam nti na ɔde “Onyankopɔn ho nimdeɛ” hyira yɛn no.

7 Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Nhomanimfo pii a wɔwɔ Kristoman mu akyerɛw Bible ho nsɛm pii. Ebia nhoma ahorow a ɛte saa no bi bɛkyerɛ abakɔsɛm mu, ɛbɛkyerɛkyerɛ Hebri ne Hela nsɛmfua bi ase, ne nea ɛkeka ho. Wɔ wɔn nhomasua nyinaa akyi no, so nhomanimfo a wɔte saa no anya “Onyankopɔn ho nimdeɛ”? So wɔte Bible asɛmti—Yehowa tumidi a wɔnam ne soro Ahenni so bɛsan ho no—ase yiye? So wonim sɛ Yehowa Nyankopɔn nyɛ Baasakoro no fã? Yɛte nneɛma a ɛte saa no ase yiye ankasa. Dɛn ntia? Yehowa ama yɛanya honhom fam nokware ahorow a ahintaw “anyansafo ne animdefo” pii no mu nhumu. (Mateo 11:25) Hwɛ sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔbɛn no no!

‘Yehowa Hwɛ N’adɔfo Nyinaa So’

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Dawid kyerɛkyerɛɛ nhyira foforo a wɔn a wɔbɛn Yehowa no nya mu? (b) Dɛn nti na nokware Kristofo hia Onyankopɔn ahobammɔ?

8 Wɔn a wɔbɛn Yehowa no nya nhyira foforo—Onyankopɔn ahobammɔ. Odwontofo Dawid a na wahyia amanehunu pii no, kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn. [Yehowa, NW] hwɛ n’adɔfo nyinaa so.” (Dwom 145:18-20) Yiw, Yehowa bɛn wɔn a wɔdɔ no no, enti obetumi atie wɔn sufrɛ ntɛm.

9 Dɛn nti na yehia Onyankopɔn ahobammɔ? Sɛ “mmere a emu yɛ den” yi mu haw ahorow a nokware Kristofo hyia da nkyɛn a, wɔsan nso yɛ nkurɔfo a Yehowa Tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam, atu n’ani asi wɔn so titiriw. (2 Timoteo 3:1) Saa ɔtamfo daadaafo yi asi ne bo sɛ ‘ɔbɛmene’ yɛn. (1 Petro 5:8) Satan taa yɛn, ɔhyɛ yɛn so, na ɔsɔ yɛn hwɛ. Ɔhwehwɛ su ahorow a ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu a obetumi de adi dwuma ɔkwammɔne so nso. Ɔwɔ botae bi si n’ani so: sɛ́ ɔbɛma yɛn gyidi abrɛ ase na wamene yɛn honhom fam. (Adiyisɛm 12:12, 17) Esiane sɛ yɛwɔ ɔtamfo a ɔyɛ den saa a yɛne no redi asi nti, so ɛnyɛ nea abotɔyam wom sɛ yebehu sɛ “[Yehowa, NW] hwɛ n’adɔfo nyinaa so”?

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban? (b) Ahobammɔ bɛn na ehia sen biara, na dɛn ntia?

10 Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban? Bɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban no nkyerɛ sɛ yɛrenhyia ɔhaw biara wɔ saa nhyehyɛe yi mu; saa ara nso na ɛnyɛ nhyɛ sɛ ɔbɛyɛ anwonwade ama yɛn. Nanso, sɛ́ kuw no, Yehowa bɔ yɛn ho ban honam fam. Anyɛ yiye koraa no, ɔremma Ɔbonsam ntɔre nokware asomfo ase mfi asase so da! (2 Petro 2:9) Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa bɔ yɛn ho ban wɔ honhom fam. Ɔma yenya nea yehia a yɛde begyina sɔhwɛ ahorow ano, ne nea yɛde bɛbɔ yɛne no ntam abusuabɔ ho ban. Awiei koraa no, honhom fam ahobammɔ ne ahobammɔ a ɛho hia sen biara. Dɛn ntia? Bere tenten a yɛne Yehowa wɔ abusuabɔ no, biribiara—owu mpo—ntumi nhaw yɛn nkosi daa.—Mateo 10:28.

11. Honhom fam ahobammɔ ho nsiesiei ahorow bɛn na Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo?

11 Yehowa ayɛ honhom fam nsiesiei pii a ɛbɛma wɔn a wɔbɛn no no anya honhom fam ahobammɔ. Ɔma yɛn nyansa a yɛde begyina sɔhwɛ ahorow ano wɔ N’asɛm Bible mu nyinaa. (Yakobo 1:2-5) Dwuma a yɛde Kyerɛwnsɛm mu afotu a mfaso wɔ so bedi no boa yiye. Afei nso, Yehowa de ‘honhom kronkron ma wɔn a wobisa no.’ (Luka 11:13) Saa honhom no ne tumi a ɛyɛ den sen biara wɔ amansan yi mu, enti akyinnye biara nni ho sɛ ebetumi asiesie yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn kwan mu no ano yiye. Yehowa nam Kristo so ma yɛn ‘nnipa mu akyɛde.’ (Efesofo 4:8) Saa honhom fam mmarima a wɔfata yi bɔ mmɔden da Yehowa mmɔborohunu a emu dɔ adi boa wɔn mfɛfo asomfo.—Yakobo 5:14, 15.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma yenya honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu? (b) Wote nka dɛn wɔ nsiesiei a Yehowa ayɛ ama yɛn honhom fam yiyedi no ho?

12 Yehowa ma yɛn biribi foforo a ɛbɔ yɛn ho ban: honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mateo 24:45) Yehowa nam nhoma a wotintim, a Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ka ho, ne asafo nhyiam ahorow, amansin ne amantam nhyiam ahorow so ma yɛn nea yehia wɔ bere a ɛsɛ mu. So wubetumi akae bere bi a wotee asɛm bi wɔ Kristofo nhyiam, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam ase a ɛkaa wo koma na ɛhyɛɛ wo den anaasɛ ɛkyekyee wo werɛ? So woakenkan asɛm bi wɔ nsɛmma nhoma ahorow a yɛabobɔ din wɔ atifi hɔ no bi mu pɛn ate nka sɛ wɔkyerɛw maa wo?

13 Satan akode ahorow a etu mpɔn no mu biako ne abasamtu, na ebetumi anya yɛn mu biara so nkɛntɛnso. Onim yiye sɛ abasamtu a ɛtra hɔ kyɛ betumi atew yɛn ahoɔden so, na ama yɛayɛ mmerɛw mpo. (Mmebusɛm 24:10) Esiane sɛ Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa ɛyaw a yedi so ayɛ yɛn bɔne nti, yehia mmoa. Bere ne bere mu no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ka nsɛm bi a ɛboa yɛn ma yegyina abasamtu ano. Onuawa Kristoni bi kyerɛw asɛm bi a ɛte saa ho asɛm sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ mekenkan asɛm no da biara, na metew nusu. Mede to me mpa ho sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka bere biara a m’abam bebu no. Ɛdenam nsɛm a ɛte sɛ eyinom so no, mitumi te nka sɛ nea Yehowa nsa a ahobammɔ wom reyɛ me atuu.” * So yɛn ani nsɔ sɛ Yehowa ma yɛn honhom fam aduan wɔ ne bere mu? Kae sɛ, nsiesiei a ɔyɛ ma yɛn honhom fam yiyedi no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛn yɛn na ɔhwɛ yɛn so.

“Mpaebɔ Tiefo” no Anim Kɔ

14, 15. (a) Nhyira bɛn na Yehowa hwie gu ankorankoro a wɔbɛn no no so? (b) Dɛn nti na Yehowa anim a yetumi kɔ wɔ mpaebɔ mu bere biara no yɛ hokwan a ɛda nsow?

14 So woahyɛ no nsow sɛ nnipa nya tumi ne gyinabea a, ɛtaa yɛ den ma wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim? Na Yehowa Nyankopɔn nso ɛ? So ɔwɔ akyirikyiri dodo a enti n’ani rennye nsɛm a nnipa ka kyerɛ no no ho? Dabida! Nhyira foforo a Yehowa de ma wɔn a wɔbɛn no ne mpaebɔ akyɛde no. Hokwan a wɔwɔ a wɔde kɔ “mpaebɔ tiefo” no anim no yɛ hokwan a ɛda nsow ankasa. (Dwom 65:2) Dɛn ntia?

15 Mfatoho bi ni: Adwumakuw kɛse bi mu panyin wɔ asɛyɛde ahorow pii. Osisi gyinae wɔ nneɛma bi a ɔno ankasa na obedi ho dwuma ne nea ɔbɛma afoforo adi ho dwuma ho. Saa ara na amansan so Otumfoɔ Pumpuni no wɔ hokwan sɛ ɔpaw nneɛma a ɔde ne ho begye mu ne nea ɔbɛma afoforo adi ho dwuma no. Susuw dwumadi ahorow a Yehowa de ahyɛ ne Dɔba, Yesu, nsa no nyinaa ho hwɛ. Wama Ɔba no “tumi sɛ ommu atɛn.” (Yohane 5:27) Wama abɔfo “abrɛ wɔn ho ase ama no.” (1 Petro 3:22) Wɔde Yehowa honhom kronkron a ɛwɔ tumi no ama Yesu na aboa no ma wakyerɛ n’asuafo kwan wɔ asase so. (Yohane 15:26; 16:7) Enti na Yesu betumi aka sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.” (Mateo 28:18) Nanso, ɛdefa yɛn mpaebɔ ho no, Yehowa apaw sɛ ɔno ankasa de ne ho begye mu. Ɛno nti na Bible kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae nkyerɛ Yehowa nkutoo, na yɛnyɛ saa wɔ Yesu din mu no.—Dwom 69:13; Yohane 14:6, 13.

16. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ ankasa?

16 So Yehowa tie yɛn mpaebɔ ankasa? Sɛ ɔyɛ ho anibiannaso anaasɛ ɔyɛ ho ade sɛnea ɛmfa ne ho a, anka ɔnhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenkura mpaebɔ mu ara’ anaasɛ yɛnnan yɛn adesoa ne yɛn dadwen nto ne so. (Romafo 12:12; Dwom 55:22; 1 Petro 5:7) Ná asomfo anokwafo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no wɔ Yehowa mu ahotoso koraa sɛ otie mpaebɔ. (1 Yohane 5:14) Enti, odwontofo Dawid kae sɛ: ‘Yehowa te me nne.’ (Dwom 55:17) Yɛn nso yɛwɔ nea yebegyina so anya ahotoso sɛ Yehowa bɛn yɛn, na wayɛ krado sɛ obetie yɛn nsusuwii ne yɛn haw nyinaa.

Yehowa Tua N’asomfo Ka

17, 18. (a) Yehowa te nka dɛn wɔ nokware som a n’abɔde a wonim nyansa de ma no no ho? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea Mmebusɛm 19:17 da no adi sɛ Yehowa hu mmɔborohunu ade a yɛyɛ no mu.

17 Nea nnipa yɛ anaa nea wɔnyɛ nka Yehowa gyinabea sɛ Amansan Hene no. Nanso, Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ anisɔ. Nokwarem no obu—na n’ani sɔ—nokware som a n’abɔde a wonim nyansa de ma no no. (Dwom 147:11) Enti, eyi yɛ mfaso foforo a wɔn a wɔbɛn Yehowa no nya: Otua n’asomfo ka.—Hebrifo 11:6.

18 Bible da no adi pefee sɛ Yehowa bu nea n’asomfo yɛ no. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan sɛ: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa, NW], na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.” (Mmebusɛm 19:17) Sɛnea Yehowa fi mmɔborohunu mu dwen ahiafo ho no daa adi wɔ Mose Mmara no mu. (Leviticus 14:21; 19:15) Sɛ yesuasua Yehowa mmɔborohunu wɔ sɛnea yɛne ahiafo di nsɛm no mu a, ɔte nka dɛn? Sɛ yɛma ohiani biribi a yɛnhwɛ kwan sɛ ɔno nso bɛyɛ biribi de ahyɛ yɛn ananmu mu a, Yehowa bu eyi sɛ bosea a yɛde afɛm No. Yehowa hyɛ bɔ sɛ obetua yɛn ka denam ɔdom ne nhyira a ɔbɛma yɛanya so. (Mmebusɛm 10:22; Mateo 6:3, 4; Luka 14:12-14) Yiw, sɛ yɛda mmɔborohunu adi kyerɛ mfɛfo asomfo a ahia wɔn a, ɛka Yehowa koma. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛahu sɛ yɛn soro Agya no hu mmɔborohunu ade a yɛyɛ no!—Mateo 5:7.

19. (a) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa ani sɔ nea yɛyɛ wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa tua nnwuma a yɛyɛ de boa N’ahenni no so ka?

19 Yehowa ani sɔ nea yɛyɛ wɔ N’ahenni no ho no titiriw. Sɛ yɛbɛn Yehowa a, ɛnyɛ den sɛ yebenya ɔpɛ sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahonyade bedi dwuma de yɛn ho ahyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu koraa. (Mateo 28:19, 20) Ɛtɔ mmere bi a, yebetumi ate nka sɛ yentumi nyɛ pii. Yɛn koma a ɛnyɛ pɛ no betumi ama yɛasusuw ho mpo sɛ ebia Yehowa ani nnye yɛn adwuma no ho. (1 Yohane 3:19, 20) Nanso Yehowa bu akyɛde biara a yefi koma a ɔdɔ kanyan no mu de ma no—a ne kɛse mfa ho. (Marko 12:41-44) Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.” (Hebrifo 6:10) Nokwarem no, Yehowa kae adwuma ketewaa biara a yɛyɛ de boa N’ahenni no, na otua ho ka. Nea ɛka nhyira ahorow pii a yebenya mprempren ho no, yebetumi ahwɛ wiase foforo a ɛreba a emu asetra yɛ anigye no kwan, baabi a Yehowa befi ayamye mu abue ne nsam ama wɔn a wɔbɛn no nyinaa anya nea wɔpɛ a ɛfata adi amee no!—Dwom 145:16; 2 Petro 3:13.

20. Wɔ afe 2003 mu nyinaa no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn afe asɛm no mu nsɛm atra yɛn adwenem, na dɛn na ebefi mu aba?

20 Wɔ afe 2003 mu nyinaa no, momma yemmisa yɛn ho sɛ yegu so rebɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɛn yɛn soro Agya no anaa. Sɛ yegu so a, yebetumi anya ahotoso sɛ ɔbɛyɛ nea wahyɛ ho bɔ no. Efisɛ, ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ (Tito 1:2) Sɛ wobɛn no a, ɔbɛbɛn wo. (Yakobo 4:8) Na dɛn na ebefi mu aba? Nhyira ahorow pii a yebenya mprempren ne bɛn a yebetumi akɔ so abɛn Yehowa akosi daa!

[Ase hɔ asɛm]

So Wokae?

• Akyɛde bɛn na Yehowa de ma wɔn a wɔbɛn no no?

• Honhom fam ahobammɔ ho nsiesiei ahorow bɛn na Yehowa yɛ ma ne nkurɔfo?

• Dɛn nti na Yehowa anim a yetumi kɔ wɔ mpaebɔ mu bere biara no yɛ hokwan a ɛda nsow?

• Ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ Yehowa ani sɔ nokware som a n’abɔde a wonim nyansa de ma no no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yehowa ama yɛanya honhom fam nokware ahorow mu nhumu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Yehowa ma yɛn honhom fam ahobammɔ

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa bɛn yɛn, na wayɛ krado sɛ obetie yɛn mpaebɔ biara