Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛwɛn Sen Biara!

Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛwɛn Sen Biara!

Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛwɛn Sen Biara!

“Mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.”—1 TESALONIKAFO 5:6.

1, 2. (a) Ná Pompeii ne Herculaneum yɛ nkurow bɛn? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na nnipa a na wɔte Pompeii ne Herculaneum no pii buu wɔn ani guu so, na dɛn na efii mu bae?

WƆ AFEHA a edi kan wɔ Yɛn Bere Yi mu no, na Pompeii ne Herculaneum yɛ Roma nkurow atitiriw abien a na ɛbɛn Bepɔw Vesuvius. Na ɛhɔ yɛ beae titiriw a Roma adefo kɔ ahomegye. Ná agodidan a ɛwɔ nkurow abien no mu no tumi fa nnipa bɛboro apem, na wɔ Pompeii no, na agumadibea kɛse bi wɔ hɔ a ɛkame ayɛ sɛ ebetumi afa kurow no mu nnipa nyinaa. Wɔn a wotutu fam wɔ Pompeii no ahu asanombea adan 118, a na ebi yɛ wɔn a wɔtow kyakya anaa tuutuufo atrae. Ná ɔbrasɛe ne honam fam adedodowpɛ abu so wɔ hɔ, sɛnea ɔfasu ho adwinni ne nkaede afoforo di ho adanse no.

2 Wɔ August 24, 79 Y.B. no, Bepɔw Vesuvius fii ase paee. Ogya Bepɔw ho animdefo gye di sɛ na anka ɛsɛ sɛ bepɔw a edii kan paee na epuw atɛkyɛ a ɛyɛ hyew ne nsõ guu nkurow abien no so no tumi ma kurom hɔfo no guan. Nokwarem no, ɛte sɛ nea wɔn mu pii yɛɛ saa. Nanso, afoforo a wɔamfa asiane no aniberesɛm anaasɛ wobuu ani guu ɛho nsɛnkyerɛnne ahorow so no kɔɔ so traa hɔ. Afei bɛyɛ anadwo dasum no, mframa a emu yɛ hyew boro so, atɛkyɛ a ɛyɛ hyew ne abotan pae beguu Herculaneum so, na ɛbɛmenee wɔn a na wɔaka kurom hɔ no nyinaa. Ade kyee anɔpa tutuutu no, nneɛma a ɛte saa ara kum obiara wɔ Pompeii. Hwɛ awerɛhosɛm ara a efii kɔkɔbɔ a wɔantie no mu bae!

Yudafo Nneɛma Nhyehyɛe no Awiei

3. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Yerusalem sɛe ne Pompeii ne Herculaneum de no mu?

3 Pompeii ne Herculaneum awiei a ɛbaa ahodwiriw so no nto Yerusalem sɛe a na ɛyɛ awerɛhow a esii mfirihyia akron a na atwam no koraa, ɛwom sɛ nnipa na ɛde saa atoyerɛnkyɛm no baee de. Wɔka ho asɛm sɛ “ntua ahorow a ɛyɛ hu sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no biako,” na wɔbɔ amanneɛ sɛ Yudafo bɛboro ɔpepem biako na wowuwui. Nanso, te sɛ asiane a esii Pompeii ne Herculaneum no, Yerusalem sɛe no amma bere a na wonnyaa kɔkɔbɔ biara.

4. Nkɔmhyɛ kwan so sɛnkyerɛnne bɛn na Yesu de maa n’akyidifo de bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ na nneɛma nhyehyɛe bi awiei abɛn, na ɔkwan bɛn so na enyaa mmamu a edi kan wɔ afeha a edi kan no mu?

4 Ná Yesu Kristo ahyɛ kurow no sɛe ho nkɔm, na ɔkaa nsɛm bi a na ebedi kan asisi—nneɛma a ɛhaw adwene te sɛ akodi, ɔkɔm, asasewosow, ne amumɔyɛsɛm—ho asɛm siei. Ná atoro adiyifo bɛba, nanso na wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:4-7, 11-14) Bere a Yesu nsɛm no anya mmamu kɛse nnɛ no, enyaa mmamu kakra saa bere no. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɔkɔm kɛse bi sii Yudea. (Asomafo no Nnwuma 11:28) Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus bɔ amanneɛ sɛ asasewosow bi sii wɔ Yerusalem bere tiaa bi ansa na wɔresɛe kurow no. Bere a Yerusalem sɛe bɛnee no, atuatew ahorow kɔɔ so, akodi kɔɔ so wɔ Yudafo amammui akuw no ntam, na nnipakum kɔɔ so wɔ nkurow a Yudafo ne Amanaman mufo adi afra wom no pii mu. Nanso, na wɔreka Ahenni no ho asɛmpa no “wɔ wiase abɔde nyinaa mu.”—Kolosefo 1:23.

5, 6. (a) Yesu nkɔmhyɛ nsɛm bɛn na enyaa mmamu wɔ afe 66 Y.B. mu? (b) Dɛn nti na nnipa pii wuwui bere a awiei koraa Yerusalem hwee ase wɔ afe 70 Y.B. mu no?

5 Awiei koraa, wɔ 66 Y.B. mu no, Yudafo no tew atua tiaa Romafo. Bere a Cestius Gallus dii asraafo bi anim ma wokotwaa Yerusalem ho hyiae no, Yesu akyidifo no kaee Yesu nsɛm yi: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ [Yerusalem] mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no, mommma wɔnnkɔ mu.” (Luka 21:20, 21) Ná bere adu sɛ wofi Yerusalem—nanso na ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so? Mpofirim ara, Gallus yii n’asraafo no fii hɔ na ebuee kwan maa Kristofo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no tiee Yesu nsɛm no guan kɔɔ mmepɔw so.—Mateo 24:15, 16.

6 Mfirihyia anan akyi, bɛyɛ Twam bere mu no, Roma asraafo no san bae a na Ɔsahene Titus a na wawe ahinam so sɛ obetu Yudafo atuatew no ase no di wɔn anim. N’asraafo no twaa Yerusalem ho hyiae na wɔde ‘nnua a ano hwirenhwiren yɛɛ ɔfasu’ twaa ho hyiae, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rentumi nguan. (Luka 19:43, 44) Ɛmfa ho ɔko ho ahunahuna no, na Yudafo a wɔwɔ Roma Ahemman no mu nyinaa aba Yerusalem rebedi Twam afahyɛ no. Afei de na wɔaka wɔn ahyɛ mu. Sɛnea Josephus kyerɛ no, nnipa a wokunkum wɔn wɔ Romafo ntua no mu no fã kɛse no ara yɛ saa nsrahwɛfo a wɔkɔtɔɔ asiane mu yi. * Bere a awiei koraa Yerusalem hwee ase no, Yudafo a na wɔwɔ Roma Ahemman mu no nyinaa mu nkyem ason mu biako wuwui. Yerusalem ne n’asɔrefie a wɔsɛee no no de Yuda man no ne ne nyamesom nhyehyɛe a na egyina Mose Mmara so no baa awiei. *Marko 13:1, 2.

7. Dɛn nti na Kristofo anokwafo nyaa wɔn ti didii mu wɔ Yerusalem sɛe no mu?

7 Wɔ afe 70 Y.B. mu no, ná anka wobetumi akunkum Yudafo Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem no ne afoforo a wɔaka no nyinaa anaasɛ wɔafa wɔn nyinaa nnommum. Nanso, sɛnea abakɔsɛm kyerɛ no, wotiee Yesu kɔkɔbɔ a ɔde mae mfirihyia 37 a na atwam no. Ná wɔafi kurow no mu na wɔansan amma hɔ.

Asomafo Kɔkɔbɔ a na Ɛyɛ Ne Bere Mu De

8. Ahiade bɛn na Petro hui, na Yesu nsɛm bɛn na ɛda adi sɛ na ɛwɔ n’adwenem?

8 Ɛnnɛ, ɔsɛe a ɛyɛ hu sen saa a ɛde nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa bɛba awiei da yɛn anim. Mfirihyia asia ansa na wɔresɛe Yerusalem no, ɔsomafo Petro de afotu bi a egye ntɛmpɛ na ɛyɛ ne bere mu de a ɛfa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho titiriw no mae: Mo ani nna hɔ! Petro huu hia a ehia sɛ Kristofo kanyan wɔn “adwene” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmu wɔn ani ngu ‘Awurade’ Yesu Kristo ‘ahyɛde’ no so. (2 Petro 3:1, 2) Bere a na Petro rehyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔn ani nna hɔ no, akyinnye biara nni ho sɛ na asɛm a ɔtee sɛ Yesu reka akyerɛ N’asomafo, nna kakraa bi ansa na Ɔrewu no wɔ n’adwenem: ‘Monkɔ so nhwehwɛ, monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a bere no du.’—Marko 13:33.

9. (a) Su a ɛyɛ hu bɛn na ebinom benya? (b) Dɛn nti na adwenem naayɛ yɛ asiane ankasa?

9 Ɛnnɛ, ebinom di fɛw bisa sɛ: “Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he?” (2 Petro 3:3, 4) Ɛda adi sɛ, saa nkurɔfo no te nka sɛ nneɛma nsesae ankasa, na mmom ɛkɔ so sɛnea ɛte daa fi adebɔ mu. Adwenem naayɛ a ɛte saa no yɛ asiane ankasa. Adwenem naayɛ remma yenhu sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ, na ɛbɛhyɛ yɛn ma yɛadi yɛn akɔnnɔ akyi. (Luka 21:34) Bio nso, sɛnea Petro da no adi no, fɛwdifo a wɔte saa no werɛ fi Noa bere so Nsuyiri a ɛsɛee wiase nyinaa nneɛma nhyehyɛe no. Wiase sesae saa bere no ankasa!—Genesis 6:13, 17; 2 Petro 3:5, 6.

10. Nsɛm bɛn na Petro de hyɛ wɔn a ebia wɔrennya boasetɔ no nkuran?

10 Petro boa n’akenkanfo ma wonya boasetɔ denam kae a ɔkae wɔn nea enti a Onyankopɔn nyɛ ade ntɛm so no. Nea edi kan no, Petro ka sɛ: “Da koro yɛ [Yehowa, NW] sɛ mfirihyia apem, na mfirihyia apem yɛ no sɛ da koro.” (2 Petro 3:8) Esiane sɛ Yehowa te hɔ daa nti, obetumi asusuw nneɛma nyinaa ho na wapaw bere a eye sen biara a ɛsɛ sɛ ɔde yɛ ade. Afei, Petro twe adwene si ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ nnipa nyinaa bɛsakra no so. Onyankopɔn boasetɔ no kyerɛ nkwagye ma nnipa pii a sɛ Yehowa yɛɛ ade ntɛm so a, anka wɔbɛsɛe no. (1 Timoteo 2:3, 4; 2 Petro 3:9) Nanso, Yehowa boasetɔ no nkyerɛ sɛ ɔrenni nneɛma ho dwuma da. Petro ka sɛ: ‘Yehowa da no bɛba sɛ owifo.’—2 Petro 3:10.

11. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn wɔ honhom fam, na sɛnkyerɛnne kwan so no, ɔkwan bɛn so na eyi ‘bɛma’ Yehowa da no ba ‘ayɛ ntɛm’?

11 Petro mfatoho no fata. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛkyere owifo, nanso ɛda adi koraa sɛ ɔwɛmfo a ɔkɔ so wɛn anadwo mũ nyinaa no tumi hu owifo sen nea ɔtɔ nko bere ne bere mu no. Ɔkwan bɛn so na ɔwɛmfo betumi akɔ so awɛn? Nantew a ɔbɛnantenantew no betumi ama wakɔ so awɛn anadwo mũ nyinaa. Saa ara na yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ no bɛboa yɛn sɛ Kristofo ma yɛakɔ so awɛn. Enti, Petro hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mmɔden wɔ “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu.” (2 Petro 3:11) Adwuma a ɛte saa no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so ama ‘Yehowa da no ba atra yɛn adwenem.’ Wobetumi akyerɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘ma ɛntra w’adwenem’ no ase ankasa sɛ ‘wobɛma biribi ayɛ ntɛm.’ (2 Petro 3:12; NW asehɔ asɛm) Ɛwom, yɛrentumi nsesa Yehowa bere nhyehyɛe. Ne da no bɛba bere a wahyɛ. Nanso sɛ yɛyere yɛn ho wɔ ne som adwuma mu a, efi saa bere yi kosi saa bere no bɛyɛ ntɛm ama yɛn.—1 Korintofo 15:58.

12. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Yehowa boasetɔ so mfaso sɛ ankorankoro?

12 Enti, wɔhyɛ obiara a ɔte nka sɛ Yehowa da no akyɛ ba no nkuran sɛ ontie Petro afotu a ese yɛmfa boasetɔ ntwɛn Yehowa bere a wahyɛ no. Nokwarem no, yebetumi de bere a Onyankopɔn boasetɔ ama abegu so no adi dwuma nyansam. Sɛ nhwɛso no, yebetumi akɔ so anya Kristofo su horow a ɛho hia na yɛaka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii a anka wɔrente asɛm no. Sɛ yɛkɔ so wɛn a, Yehowa bebu yɛn sɛ nnipa a ‘yenni nkekae ne dɛm asomdwoe mu’ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei. (2 Petro 3:14, 15) Hwɛ nhyira ara a ɛno bɛyɛ!

13. Paulo nsɛm a ɔde kɔmaa Tesalonika Kristofo bɛn na ɛho hia nnɛ titiriw?

13 Paulo san ka hia a ehia sɛ yɛkɔ so wɛn no ho asɛm wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Tesalonika Kristofo no mu. Otu fo sɛ: “Mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.” (1 Tesalonikafo 5:2, 6) Ɛnnɛ, bere a wiase nneɛma nhyehyɛe no nyinaa awiei rebɛn no, hwɛ sɛnea saa afotu no ho hia! Yehowa asomfo te wiase a honhom fam nneɛma ho nhia nkurɔfo koraa mu, na eyi betumi anya wɔn so nkɛntɛnso. Enti, Paulo tu fo sɛ: “Momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.” (1 Tesalonikafo 5:8) Onyankopɔn Asɛm a yebesua daa ne yɛn nuanom a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw daa wɔ nhyiam ahorow ase no bɛboa yɛn ma yɛadi Paulo afotu no akyi na yɛahu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no.—Mateo 16:1-3.

Ɔpepem Pii Kɔ so Wɛn

14. Akontaabu bɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa pii redi Petro afotu a ese yɛnwɛn no akyi?

14 So nnipa pii wɔ hɔ nnɛ a wotie honhom mu nkuranhyɛ a ese yɛnwɛn no? Yiw. Wɔ afe 2002 ɔsom afe no mu no, adawurubɔfo dodow a wɔsen biara 6,304,645—a ɛyɛ afe 2001 de no nkɔanim ɔha mu 3.1—na wɔkyerɛe sɛ wɔrewɛn wɔ honhom fam denam nnɔnhwerew 1,202,381,302 a wɔde kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ afoforo no so. Wɔ eyinom fam no, na adwuma a ɛte saa no nyɛ biribi a sɛ wonya bere a na wɔyɛ. Ná ɛyɛ wɔn asetram ade titiriw. Wɔn mu pii daa su a Eduardo ne Noemi a wofi El Salvador daa no adi no bi.

15. Osuahu a efi El Salvador bɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa pii kɔ so wɛn wɔ honhom fam?

15 Mfe bi a atwam no, Eduardo ne Noemi tiee Paulo nsɛm yi: ‘Wiase yi su resakra.’ (1 Korintofo 7:31) Wɔyɛɛ nsakrae wɔ wɔn asetram de wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Bere kɔɔ so no, wohyiraa wɔn wɔ akwan pii so na wonyaa ɔmansin ne ɔmantam adwuma no mu kyɛfa mpo. Ɛmfa ho sɛ Eduardo ne Noemi hyiaa ɔhaw ahorow a emu yɛ den no, wogye di sɛ wosii gyinae pa bere a wɔde honam fam nneɛma bɔɔ afɔre kɔyɛɛ bere nyinaa som adwuma no. Adawurubɔfo 29,269 a wɔwɔ El Salvador—a akwampaefo 2,454 ka ho—no mu pii ada ahofama honhom a ɛte saa ara adi, na ɛno ka ho bi nti na saa man no nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim ɔha mu 2 wɔ afe a etwaam no.

16. Su bɛn na onua aberantewaa bi a ɔwɔ Côte d’Ivoire daa no adi?

16 Wɔ Côte d’Ivoire no, Kristoni aberantewaa bi daa suban koro no ara adi, na ɔkyerɛw baa dwumadibea no sɛ: “Meresom sɛ asafo mu ɔsomfo. Nanso merentumi nka nkyerɛ anuanom no sɛ wɔnyɛ akwampae adwuma bere a m’ankasa menyɛ ho nhwɛso pa no. Enti magyae adwuma bi a na wotua me ka yiye wom no, na seesei meyɛ m’ankasa adwuma, na ɛno ma minya bere pii ma ɔsom adwuma no.” Saa aberantewaa yi bɛkaa akwampaefo 983 a wɔresom wɔ Côte d’Ivoire a ɛbɔɔ adawurubɔfo 6,701 ho amanneɛ afe a etwaam no, nkɔanim a ɛyɛ ɔha mu 5, no ho.

17. Ɔkwan bɛn so na Ɔdansefo kumaa bi a ɔwɔ Belgium daa no adi sɛ nnipa ho adwemmɔne amma wammɔ hu?

17 Afoforo ho koma a wonni, adwemmɔne, ne nnipa mu nyiyim yɛ nneɛma a wɔkɔ so de haw Ahenni adawurubɔfo 24,961 a wɔwɔ Belgium no. Nanso, wɔyɛ nsi na biribiara mma wɔmmɔ hu. Bere a Ɔdansefo bi a wadi mfe 16 tee sɛ wɔreka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ wɔyɛ matew-me-ho-kuw bere a na wɔresua abrabɔ ho ade wɔ sukuu mu no, ɔsrɛe sɛ wɔmma ɔnka nea onim wɔ asɛm no ho. Ɔde Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no ne Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? nhomawa no dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo ko a Adansefo no yɛ ankasa mu. Wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye yiye, na dapɛn a edi hɔ no wɔyɛɛ adesuafo no sɔhwɛ bi a na nsɛmmisa no nyinaa fa Yehowa Adansefo Kristofo som no ho.

18. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ sikasɛm mu ahokyere antwe adawurubɔfo a wɔwɔ Argentina ne Mozambique no ansan wɔ Yehowa som mu?

18 Kristofo dodow no ara ahyia ɔhaw a emu yɛ den wɔ nna a edi akyiri yi mu. Nanso, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔmma nneɛma ntwe wɔn nsan. Ɛmfa ho sɛ wɔaka Argentina ho asɛm pii sɛ worehyia sika fam ahokyere no, wonyaa Adansefo dodow nkɔanim foforo a wɔsen biara 126,709 wɔ afe a etwaam no. Ohia da so ara ka nnipa pii wɔ Mozambique. Nanso, adawurubɔfo 37,563 na wobuu wɔn adansedi adwuma ho akontaa, nkɔanim a ɛyɛ ɔha mu 4. Asetra yɛ den ma nnipa pii wɔ Albania, nanso saa man no bɔɔ nkɔanim a ɛyɛ anigye, ɔha mu 12 ho amanneɛ, na wonyaa adawurubɔ dodow a ɛsen biara 2,708. Ɛda adi pefee sɛ, tebea a ɛyɛ den biara ntumi nsiw Yehowa honhom kwan bere a n’asomfo de Ahenni nneɛma di kan no.—Mateo 6:33.

19. (a) Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa pii a wɔte sɛ nguan da so ara wɔ hɔ a Bible mu nokware no ho kɔm de wɔn? (b) Afe akontaabu no mu nneɛma bɛn bi na ɛda no adi sɛ Yehowa asomfo rewɛn wɔ honhom fam? (Hwɛ akontaabu pon a ɛwɔ kratafa 12-15 no.)

19 Bible adesua 5,309,289 a wɔyɛe ɔsram biara a wɔbɔɔ ho amanneɛ afe a etwaam wɔ wiase nyinaa no da no adi sɛ nnipa pii da so ara wɔ hɔ a wɔte sɛ nguan a Bible mu nokware ho kɔm de wɔn. Nnipa dodow a ɛsen biara 15,597,746 a wɔkɔɔ Nkaedi no mu fã kɛse no ara nyɛ Yehowa asomfo. Ɛmmra sɛ wɔbɛkɔ so anyin wɔ Yehowa ho nimdeɛ mu na wɔanya ɔdɔ kɛse ama Yehowa ne anuanom nyinaa. Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no kɔ so sow aba bere a wɔne wɔn nuanom a wɔde honhom asra wɔn no som Ɔbɔadeɛ no “awia ne anadwo n’asɔredan mu” no.—Adiyisɛm 7:9, 15; Yohane 10:16.

Lot Ho Asuade

20. Dɛn na yesua fi Lot ne ne yere nhwɛso no mu?

20 Nokwarem no, ɛtɔ bere bi a, Onyankopɔn asomfo anokwafo mpo betumi abu wɔn ani agu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no so. Susuw Abraham wɔfase Lot ho hwɛ. Abɔfo baanu a wɔbɛsraa no no ma ohui sɛ Onyankopɔn rebɛsɛe Sodom ne Gomora. Ná asɛm no nyɛ Lot a “amumɔyɛfo de wɔn ahohwi abrabɔ haw no” no nwonwa. (2 Petro 2:7) Nanso, bere a abɔfo baanu no kyerɛe sɛ omfi Sodom no, “ɔtwentwɛn ne nan ase.” Ɛkame ayɛ sɛ abɔfo no susoo ɔne n’abusua no nsa twee wɔn fii kurow no mu. Akyiri yi, Lot yere buu n’ani guu abɔfo no kɔkɔbɔ a ese wɔnnhwɛ wɔn akyi no so. Ne ho mu a ogyaee no maa ne nkwa bɔɔ no koraa. (Genesis 19:14-17, 26) Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monkae Lot yere no!”—Luka 17:32.

21. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛwɛn nnɛ sen bere biara a atwam?

21 Atoyerɛnkyɛm a esii Pompeii ne Herculaneum ne nsɛm a esisii a ɛfa Yerusalem sɛe ho, ne Noa bere so Nsuyiri ne nea esii Lot nna no mu no nyinaa kyerɛ hia a ehia sɛ yebu kɔkɔbɔ ahorow aniberesɛm. Sɛ́ Yehowa asomfo no, yehu sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ awiei bere mu no. (Mateo 24:3) Yɛatwe yɛn ho afi atoro som ho. (Adiyisɛm 18:4) Te sɛ afeha a edi kan mu Kristofo no, ehia sɛ ‘yɛma Yehowa da no tra yɛn adwenem yiye.’ (2 Petro 3:12) Yiw, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛwɛn sen bere biara! Akwan bɛn na yebetumi afa so, na su ahorow bɛn na yebetumi anya na ama yɛakɔ so awɛn? Asɛm a edi hɔ no besusuw saa nsɛm no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Entumi mma sɛ na nnipa bɛboro 120,000 na wɔwɔ Yerusalem wɔ afeha a edi kan no mu. Eusebius bu akontaa sɛ nnipa 300,000 a na wofi Yudea mantam mu no kɔɔ Yerusalem kodii Twam afahyɛ no wɔ afe 70 Y.B. mu. Ɛbɛyɛ sɛ nnipa a aka a wowuwui no fi ahemman no mu mmeae foforo.

^ nky. 6 Nokwarem no, wɔ Yehowa ani so no, na apam foforo no asi Mose Mmara no ananmu wɔ afe 33 Y.B. mu.—Efesofo 2:15.

Wubebua Dɛn?

• Nneɛma bɛn na ɛmaa Yudafo Kristofo no guanee Yerusalem sɛe no?

• Ɔkwan bɛn so na afotu a ɛwɔ asomafo Petro ne Paulo nhoma no mu no boa ma yɛkɔ so wɛn?

• Henanom na edi adanse sɛ wɔrewɛn nnɛ ankasa?

• Asuade bɛn na Lot ne ne yere ho kyerɛwtohɔ no ma yenya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 12-15]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 2002 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Wɔ afe 66 Y.B. mu no, Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no tiee Yesu kɔkɔbɔ no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nsiyɛ boa Kristofo ma wɔkɔ so wɛn