Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awerɛkyekye Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wohu Amane No

Awerɛkyekye Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wohu Amane No

Awerɛkyekye Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wohu Amane No

NEA enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan no akyere nyansapɛfo ne nyamekyerɛfo pii adwene mfehaha pii a atwam no mu. Ebinom akyerɛ sɛ esiane sɛ Onyankopɔn yɛ tumi nyinaa wura nti, ɔkwan biara so no, ɛbɛyɛ sɛ ɔno na ɔde amanehunu ba. Nea ɔkyerɛw The Clementine Homilies, a ɛyɛ afeha a ɛto so abien no mu apokrifa no, kyerɛe sɛ Onyankopɔn de nsa abien na edi wiase so. Ɔnam ne “nsa benkum” a ɛyɛ Ɔbonsam so na ɛde amanehunu ne ahohia ba, na ɔnam ne “nsa nifa” a ɛyɛ Yesu so na ogye nkwa na ɔde nhyira ba.

Afoforo a wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde amanehunu ba mpo a, wonnye ntom sɛ obetumi ama amanehunu ho kwan no, afa no sɛ amanehunu nni hɔ koraa. Nhoma kyerɛwfo Mary Baker Eddy kyerɛwee sɛ: “Bɔne yɛ nnaadaasɛm, na enni nnyinaso biara. Sɛ yɛfa no sɛ bɔne, yare, ne owu nyɛ hwee a, ebefi hɔ koraa.”—Science and Health With Key to the Scriptures.

Esiane awerɛhosɛm a asisi wɔ abakɔsɛm mu, ne titiriw, efi wiase ko a edi kan so besi yɛn bere yi so nti, nnipa pii anya adwene sɛ Onyankopɔn ntumi nsiw amanehunu ano. Yudani nhomanimfo David Wolf Silverman kyerɛwee sɛ: “Misusuw sɛ, Okunkɛse no ayi fata a ɛfata sɛ yɛbɛfrɛ Onyankopɔn ade nyinaa so tumfoɔ no afi hɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ yɛbɛte Onyankopɔn ase wɔ ɔkwan bi so a, ɛnde na Ne papayɛ ma bɔne ho kwan, na sɛ ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ ampa a, anka entumi mma saa.”

Nanso, ka a wɔka sɛ Onyankopɔn ka ho bi na amanehunu ba, ɛne sɛ ontumi nsiw ano, anaasɛ ka a wɔka sɛ amanehunu yɛ nsusuwii hunu no mma wɔn a wohu amane no nnya awerɛkyekye biara. Na nea ehia sen saa no, nsusuwii a ɛtete saa ne atɛntrenee Nyankopɔn a ɔwɔ tumi, na odwen nnipa ho a wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu no su nhyia koraa. (Hiob 34:10, 12; Yeremia 32:17; 1 Yohane 4:8) Ɛnde, dɛn na Bible ka fa nea enti a wɔama amanehunu ho kwan no ho?

Ɔkwan Bɛn So na Amanehunu Fii Ase?

Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wonhu amane. Mmom no, ɔmaa nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, adwene ne nipadua a ɛyɛ pɛ, siesiee turo a emu yɛ anigye sɛ wɔn fie, na ɔmaa wɔn adwuma a mfaso wɔ so na abotɔyam wom. (Genesis 1:27, 28, 31; 2:8) Nanso, na anigye a wɔbɛkɔ so anya no gyina Onyankopɔn tumidi ne hokwan a ɔwɔ sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne no a wobegye atom so. Ná dua bi a wɔfrɛ no “papa ne bɔne hu dua” no na egyina hɔ ma saa hokwan a Onyankopɔn wɔ no. (Genesis 2:17) Sɛ na Adam ne Hawa di Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ wodi saa dua no aba no so a, na wɔreda no adi sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ n’ase. *

Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa antie Onyankopɔn asɛm. Honhom abɔde tuatewfo bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam no maa Hawa gye dii sɛ mfaso nni so sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn. Nokwarem no, ɔkyerɛe sɛ na Onyankopɔn de biribi a ɛyɛ anigye paa rekame no: ahofadi, hokwan a n’ankasa benya de apaw nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Satan kyerɛe sɛ sɛ odi dua no aba no bi a, ‘n’ani bebue, na wayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’ (Genesis 3:1-6; Adiyisɛm 12:9) Ahofadi ho anidaso daadaa Hawa ma odii dua a wɔabara no aba no bi, na ankyɛ na Adam yɛɛ saa ara.

Saa da no ara, Adam ne Hawa fii ase huu nea efii wɔn atuatew no mu bae no. Wɔnam Onyankopɔn nniso a wɔpoe so hweree ahobammɔ ne nhyira a anka wɔnam wɔn ho a wɔde bɛhyɛ Onyankopɔn ase so benya no. Onyankopɔn tuu wɔn fii Paradise, na ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: “Wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa. W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu.” (Genesis 3:17, 19) Adam ne Hawa bɛyɛɛ nkoa maa yare, ɛyaw, onyin, ne owu. Amanehunu bɛyɛɛ nnipa asetra fã.—Genesis 5:29.

Ɔsɛmpɔw no a Wobesiesie

Ebia obi bebisa sɛ, ‘So na anka Onyankopɔn ntumi mmu n’ani ngu Adam ne Hawa bɔne no so kɛkɛ?’ Dabi, efisɛ anka ɛno bɛma asɛm aba ne tumi ho, ebia anka ɛbɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔatew atua akyiri yi ma ɛde amanehunu kɛse mpo aba. (Ɔsɛnkafo 8:11) Afei nso, sɛ Onyankopɔn buu n’ani guu asoɔden a ɛte saa so a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ ɔfoa bɔne so. Bible kyerɛwfo Mose kae yɛn sɛ: ‘Onyankopɔn adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee. Ɔyɛ nokware Nyankopɔn, na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.’ (Deuteronomium 32:4) Nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn adi ne nnyinasosɛm so no, na ɛsɛ sɛ ɔma Adam ne Hawa nya wɔn asoɔden no so akatua.

Dɛn nti na Onyankopɔn ansɛe nnipa baanu a wodi kan no ne Satan, nea opiapiaa wɔn ma wɔtew atua no, amonom hɔ ara? Ná ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ saa. Anka ɛremma Adam ne Hawa nwo mma a wobehu amane na wɔawuwu. Nanso, sɛ anka Onyankopɔn de ne tumi dii dwuma saa a, anka n’abɔde a wonim nyansa no remmu ne tumi sɛ nea ɛteɛ. Afei nso, sɛ Adam ne Hawa anwo mma na wowui a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn antumi anni n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde wɔn asefo a wɔyɛ pɛ bɛhyɛ asase so ma no ho dwuma. (Genesis 1:28) Na “Onyankopɔn nte sɛ nnipa . . . Nea ɔhyɛ ho bɔ biara no, ɔyɛ; ɔkasa, na ɛyɛ hɔ.”—Numeri 23:19, Today’s English Version.

Wɔ Yehowa Nyankopɔn nyansa a ɛyɛ pɛ mu no, osii gyinae sɛ ɔbɛma atuatew no akɔ so akodu bere bi. Ná atuatewfo no benya bere pii de ahu nea ebefi wɔn ho a wɔatwe afi Onyankopɔn ho no mu aba. Akyinnye biara nni ho sɛ na nneɛma a ɛbɛkɔ so no bɛma ada adi sɛ adesamma hia Onyankopɔn akwankyerɛ, na ama wɔahu sɛ Onyankopɔn nniso korɔn koraa sen nnipa anaa Satan de. Bere koro no ara no, Onyankopɔn faa akwan bi so hwɛ hui sɛ ne mfitiase atirimpɔw a ɛfa asase ho no bɛba mu. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ‘aseni’ bi bɛba ‘abɛbɔ Satan ti,’ ayi n’atuatew ne ne nkɛntɛnso bɔne no afi hɔ koraa.—Genesis 3:15.

Na Yesu Kristo ne saa Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Yɛkenkan wɔ 1 Yohane 3:8 sɛ “Onyankopɔn ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.” Ɔyɛɛ eyi denam ne nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde too hɔ ne agyede bo a otuae de gyee Adam mma fii bɔne ne owu a wonya fii awo mu no so. (Yohane 1:29; 1 Timoteo 2:5, 6) Wɔahyɛ wɔn a wɔkyerɛ Yesu afɔrebɔ mu gyidi no bɔ sɛ wobenya ogye afi amanehunu mu daa. (Yohane 3:16; Adiyisɛm 7:17) Bere bɛn na eyi bɛba?

Amanehunu Awiei

Onyankopɔn tumidi a wɔpoe no de amanehunu a enni ano aba. Ɛnde, ɛfata sɛ Onyankopɔn de ne tumi di dwuma ɔkwan soronko so de nnipa amanehunu ba awiei, na ɔde ne mfitiase atirimpɔw ma asase no ba. Yesu kaa Onyankopɔn nsiesiei yi ho asɛm bere a ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro’ no.—Mateo 6:9, 10.

Bere a Onyankopɔn de ama nnipa sɛ wɔmfa nni wɔn ho so no reba awiei. Onyankopɔn de N’ahenni no sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu de Yesu Kristo yɛɛ ne Hene maa Bible nkɔmhyɛ no nyaa mmamu. * Ɛrenkyɛ koraa, ebebubu nnipa nniso ahorow nyinaa na ɛde aba awiei.—Daniel 2:44.

Wɔ bere tiaa a Yesu de yɛɛ n’asase so som adwuma no mu no, ɔmaa yehuu nhyira horow a Onyankopɔn nniso a wɔbɛsan de asi hɔ de bɛbrɛ adesamma no nsusuwso. Nsɛmpa no di adanse sɛ Yesu daa ayamhyehye adi kyerɛɛ adesamma abusua mufo a na ahia wɔn na wosisi wɔn no. Ɔsaa ayarefo yare, maa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan, na onyanee awufo. Adebɔ mu tumi mpo tiee ne nne. (Mateo 11:5; Marko 4:37-39; Luka 9:11-16) Susuw nea Yesu bɛyɛ bere a ɔde n’agyede afɔre no mu tumi besiesie nneɛma ama adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa anya so mfaso no ho hwɛ! Bible hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn nam Kristo nniso no so ‘bɛpopa adesamma aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’—Adiyisɛm 21:4.

Awerɛkyekye Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wohu Amane

Hwɛ nkuranhyɛ a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔwɔ dɔ na ɔyɛ tumi nyinaa wura no dwen yɛn ho na ɛrenkyɛ biara ɔbɛma adesamma anya ahotɔ! Mpɛn pii no, obi a ɔyare paa fi ɔpɛ mu gye ayaresa bi a ɛbɛma ne ho atɔ no tom, sɛ ɛyɛ yaw mpo a. Saa ara na sɛ yenim sɛ ɔkwan a Onyankopɔn nam so redi nneɛma ho dwuma no de nhyira ahorow a enni awiei bɛbrɛ yɛn a, saa nimdeɛ no bɛwowaw yɛn, ɛmfa ho bere tiaa mu amanehunu a yɛwom no.

Ricardo a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no yɛ obi a wasua sɛ obenya Bible bɔhyɛ ahorow mu awerɛkyekye. Ɔka sɛ: “Me yere wu akyi no, minyaa nkate bi a emu yɛ den sɛ mɛtwe me ho afi afoforo ho, nanso ankyɛ na mihui sɛ eyi remfa me yere no nsan mma nkwa mu, na ɛbɛma madi awerɛhow kɛse koraa.” Mmom no, Ricardo kɔɔ so yɛɛ nneɛma a ɔyɛ daa no, na ɔkɔɔ Kristofo nhyiam ahorow, kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ afoforo. Ricardo ka sɛ: “Metee nka sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu reboa me, na mihuu sɛnea obuaa me mpaebɔ wɔ nneɛma a ɛte sɛ nea ɛyɛ nketenkete mpo mu, na ɛmaa me bɛn no kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Onyankopɔn dɔ a mihui yi na ɛma mitumi gyinaa sɔhwɛ a ɛsen biara a mahyia pɛn no ano.” Ɔka sɛ: “M’ani da so ara agyina me yere yiye, nanso afei migye di yiye paa sɛ biribiara nni hɔ a Yehowa ma ho kwan a ebetumi ahaw yɛn akosi daa.”

Te sɛ Ricardo ne afoforo ɔpepem pii no, so w’ani agyina bere a adesamma ‘renkae’ amanehunu a wɔwom mprempren no, “na ɛremma koma mu bio” no? (Yesaia 65:17) Nya awerɛhyem sɛ, sɛ wudi Bible afotu akyi a, wo nsa bɛka Onyankopɔn Ahenni no mu nhyira no: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.”—Yesaia 55:6.

Nea ɛbɛboa wo ma woayɛ eyi no, fa ahwɛyiye kenkan Onyankopɔn Asɛm na sua, na ma ɛnyɛ w’asetram ade titiriw. Hu Onyankopɔn ne nea ɔsomaa no, Yesu Kristo no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ahyia, na fa so da no adi sɛ wopɛ sɛ wode wo ho hyɛ ne tumidi ase. Adeyɛ a ɛte saa bɛma woanya anigye a ɛsen biara nnɛ ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a ebia worehyia no. Na ɛbɛma woanya nkwa wɔ wiase a amanehunu nnim mu daakye.—Yohane 17:3.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Wɔ ase hɔ asɛm a ɛfa Genesis 2:17 ho wɔ The Jerusalem Bible mu no, ɛkyerɛkyerɛ “papa ne bɔne hu dua” mu sɛ “tumi a wɔde kyerɛ . . . nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne ne sɛnea wodi ho dwuma ɔkwan a ɛfata so, adeyɛ a wɔnam so hwehwɛ abrabɔ mu ahofadi koraa a onipa nam so kyerɛ sɛ onnye ne gyinabea a ɛne sɛ ɔyɛ abɔde no ntom.” Ɛde ka ho sɛ: “Bɔne a edi kan no yɛ ntua a wɔde baa Onyankopɔn tumidi so.”

^ nky. 17 Sɛ wopɛ Bible nkɔmhyɛ a ɛfa afe 1914 ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 10 ne 11.

[Adaka wɔ kratafa 6, 7]

YƐBƐYƐ DƐN ATUMI AGYINA AMANEHUNU ANO?

“Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto [Onyankopɔn] so.” (1 Petro 5:7) Sɛ yehyia amanehunu anaasɛ yehu sɛ obi a yɛdɔ no rehu amane a, ɛnyɛ den sɛ yɛn adwene betu afra, yɛn bo befuw, na yɛate nka sɛ wɔagyaw yɛn. Nanso, ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ Yehowa te yɛn nkate horow ase. (Exodus 3:7; Yesaia 63:9) Te sɛ anokwafo a wɔtraa ase tete mmere mu no, yebetumi abue yɛn komam ama no na yɛaka yɛn haw ahorow ne yɛn dadwen akyerɛ no. (Exodus 5:22; Hiob 10:1-3; Yeremia 14:19; Habakuk 1:13) Ebia ɔrenyi yɛn sɔhwɛ ahorow no mfi hɔ anwonwakwan so, nanso obetumi ama yɛn nyansa ne ahoɔden a yɛde begyina ano de ayɛ yɛn mpaebɔ a efi komam no ho biribi.—Yakobo 1:5, 6.

“Mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforo, te sɛ ade foforo bi na ɛyɛ mo.” (1 Petro 4:12) Ɛha no, ɛyɛ ɔtaa ho asɛm na Petro reka, nanso ne nsɛm no betumi afa amanehunu biara a gyidini betumi ahyia ho saa ara. Nnipa hyia ahokyere, yare, na wɔhwere wɔn adɔfo. Bible ka sɛ ‘ɛbere ne asiane’ to obiara. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nneɛma a ɛtete saa yɛ nnipa asetra fã mprempren. Eyi a yebehu no bɛboa yɛn ma sɛ amanehunu ne asiane bi to yɛn a yɛagyina ano. (1 Petro 5:9) Nea ɛsen ne nyinaa no, kae a yɛbɛkae bɔhyɛ a ɛne sɛ “[Yehowa, NW] ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ” no bɛyɛ awerɛkyekye titiriw ama yɛn.—Dwom 34:15; Mmebusɛm 15:3; 1 Petro 3:12.

“Momma mo ani nnye anidaso mu.” (Romafo 12:12) Sɛ́ anka yɛde yɛn adwene besi anigye bi a yɛahwere so no, yebetumi asusuw Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ no ho. (Ɔsɛnkafo 7:10) Anidaso a ɛwɔ nnyinaso yi bɛbɔ yɛn ho ban sɛnea kyɛw bɔ eti ho ban no. Anidaso dwudwo asetram haw ahorow ano, na ɛboa ma ɔhaw no nsɛe yɛn adwene, yɛn nkate, anaa yɛn honhom fam akwahosan.—1 Tesalonikafo 5:8.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Adam ne Hawa poo Onyankopɔn nniso

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Onyankopɔn ahyɛ wiase a amanehunu nnim ho bɔ