Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monkɔ So Nwɛn”!

“Monkɔ So Nwɛn”!

“Monkɔ So Nwɛn”!

‘Nea meka kyerɛ mo no, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monkɔ so nwɛn!’—Marko 13:37.

1, 2. (a) Asuade bɛn na ɔbarima bi nyae wɔ n’agyapade ho ban a ɔbɛbɔ ho? (b) Dɛn na yesua fa wɛn a yɛbɛwɛn ho wɔ Yesu mfatoho a ɛfa owifo ho no mu?

JUAN de ne nneɛma a ɛsom bo siee ne fie. Ɔde siee ne mpa ase—na sɛnea osusuw no, ɛhɔ ne baabi a obetumi abɔ ne nneɛma ho ban sen biara wɔ ne fie hɔ. Nanso, anadwo bi a na ɔne ne yere ada no, owifo bi hyɛnee ne pia mu hɔ. Ɛda adi sɛ, na owifo no nim baabi a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ. Ɔyɛɛ brɛoo yiyii nneɛma a ɛsom bo no nyinaa fii mpa no ase, ɛne sika a na Juan de ahyɛ drɔɔ mu wɔ ɔpon bi a esi ne mpa ho mu no. Ade kyee no, Juan hui sɛ wɔawia no. Ne werɛ remfi ade yayaw a ohui no da: Obi a wada rentumi mmɔ n’agyapade ho ban.

2 Saa ara na ɛte wɔ honhom fam. Sɛ yɛda a, yɛrentumi mmɔ yɛn anidaso ne yɛn gyidi ho ban. Ɛno nti na Paulo tuu fo sɛ: “Mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.” (1 Tesalonikafo 5:6) Yesu de owifo yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ hia a ɛho hia sɛ yɛwɛn no. Ɔkaa nneɛma a ebesisi de akyerɛ ne ba a ɔreba sɛ Ɔtemmufo no ho asɛm, na afei ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Enti [monkɔ so nwɛn, NW], efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba. Na munhu eyi sɛ, ofiwura nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammetu ne dan ase amma mu. Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.” (Mateo 24:42-44) Owifo nni kan nkyerɛ bere a ɔbɛba. Ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛba bere a obiara nhwɛ kwan no. Saa ara na sɛnea Yesu kae no, nhyehyɛe yi awiei bɛba ‘dɔn a obiara nsusuw.’

“Monwɛn, Munnyina Gyidi Mu”

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu de nkoa a wɔretwɛn sɛ wɔn wura befi ayeforohyia aba ho mfatoho no kyerɛɛ hia a ɛho hia sɛ yɛwɛn?

3 Wɔ nsɛm a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka Asɛmpa no mu no, Yesu de Kristofo totoo nkoa a wɔretwɛn sɛ wɔn wura befi ayeforohyia ase aba ho. Na ɛsɛ sɛ wɔn ani da hɔ na sɛ obedu a, wɔahu no ama no akwaaba. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yesu kae sɛ: “Dɔn a munsusuw mu na onipa ba no bɛba.” (Luka 12:40) Ebinom a wɔde mfe pii asom Yehowa no betumi abu wɔn ani agu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ mmere a yɛte mu yi no so. Ebia wɔbɛka sɛ awiei no nnya mmae. Nanso nsusuwii a ɛte saa betumi atwe yɛn adwene afi honhom fam nneɛma so akɔ honam fam botae ahorow so, nneɛma a ebetumi ama yɛatɔ nko wɔ honhom fam.—Luka 8:14; 21:34, 35.

4. Gyidi bɛn na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so awɛn, na ɔkwan bɛn so na Yesu daa eyi adi?

4 Yebetumi asua biribi foforo afi Yesu mfatoho no mu. Ɛwom sɛ na nkoa no nnim dɔn a wɔn wura no bɛba de, nanso ɛda adi sɛ na wonim anadwo ko a ɔbɛba. Sɛ na wosusuw sɛ wɔn wura no bɛba anadwo foforo bi a, anka ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛwɛn anadwo mũ nyinaa. Nanso ɛnte saa, na wonim anadwo ko a owura no bɛba, na ɛno hyɛɛ wɔn nkuran kɛse ma wɔwɛnee. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Bible nkɔmhyɛ ahorow da no adi pefee sɛ yɛte awiei bere no mu; nanso ɛnkyerɛ da anaa dɔn a awiei no ankasa bɛba. (Mateo 24:36) Gyidi a yɛwɔ sɛ awiei no reba no boa yɛn ma yɛwɛn, nanso sɛ yegye di paa sɛ Yehowa da no abɛn ankasa a, ɛbɛhyɛ yɛn nkuran kɛse koraa ma yɛawɛn.—Sefania 1:14.

5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atie Paulo afotu a ese ‘yɛnwɛn’ no?

5 Bere a Paulo rekyerɛw Korintofo no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Monwɛn, munnyina gyidi mu.” (1 Korintofo 16:13) Yiw, wɔde wɛn a yɛbɛwɛn no toto gyina a yebegyina pintinn wɔ Kristofo gyidi mu ho. Yɛbɛyɛ dɛn atumi awɛn? Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a emu dɔ a yebenya so. (2 Timoteo 3:14, 15) Kokoam adesua ho su pa a yebenya ne nhyiam a yɛbɛkɔ daa no boa ma yɛn gyidi yɛ den, na Yehowa da no a yɛbɛma atra yɛn adwenem no yɛ yɛn gyidi ho ade titiriw. Enti Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte nhyehyɛe yi mmere a edi akyiri mu a yɛbɛsan asusuw ho bere ne bere mu no bɛboa yɛn na yɛammu yɛn ani angu nokwasɛm atitiriw a ɛfa saa awiei no ba ho no so. * Eye nso sɛ yɛbɛhyɛ nsɛm a ɛresisi wɔ wiase a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu no nsow. Onua bi a ɔwɔ Germany kyerɛwee sɛ: “Bere biara a metie TV so kaseɛbɔ—ɔko ne asasewosow, basabasayɛ, ne yɛn okyinnsoromma a wɔresɛe no no—mihu sɛnea awiei no abɛn afa.”

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ sɛnea yebetumi ada wɔ honhom fam bere ne bere mu no ho mfatoho?

6 Yehu Yesu afotu a ɔde maa n’akyidifo sɛ wɔnwɛn no ho kyerɛwtohɔ foforo wɔ Marko ti 13. Sɛnea saa ti yi kyerɛ no, Yesu de wɔn tebea no toto pon ano wɛmfo bi a ɔretwɛn sɛ ne wura befi akwantu mu aba ho. Ná ɔwɛmfo no nnim dɔn ko a ne wura no bɛba. Ná ɛsɛ sɛ ɔkɔ so wɛn ara. Yesu twee adwene sii dɔn ahorow anan a ne wura no betumi aba wom no so. Dɔn a ɛto so anan no fii ase bɛyɛ ahemadakye nnɔnabiɛsa kosi bere a owia puei. Wɔ saa dɔn a etwa to no mu no, nna betumi afa ɔwɛmfo no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ, asraafo bu ahemadakye dɔn no sɛ bere a eye sen biara a wotumi tow hyɛ wɔn atamfo so bere a wɔn ani nna wɔn ho so no. Saa ara na wɔ dɔn a etwa to a wiase no ada nnahɔɔ wɔ honhom fam no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sen biara wɛn. (Romafo 13:11, 12) Enti, wɔ Yesu mfatoho no mu no, ɔkɔ so hyɛ nkuran sɛ: ‘Monkɔ so nhwehwɛ, monkɔ so nwɛn. Enti monkɔ so nwɛn! Nea mise mo yi, meka mekyerɛ nipa nyinaa, Monkɔ so nwɛn!’—Marko 13:32-37.

7. Asiane ankasa bɛn na ɛwɔ hɔ, na bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, nkuranhyɛsɛm bɛn na yɛtaa kenkan wɔ Bible mu?

7 Wɔ Yesu som adwuma mu wɔ ne wusɔre akyi no, ɔhyɛɛ ɔwɛn ho nkuran mpɛn pii. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ bere biara a Kyerɛwnsɛm no bɛtwe adwene asi nneɛma nhyehyɛe yi awiei so no, yehu kɔkɔbɔ a ese monkɔ so nwɛn no. * (Luka 12:38, 40; Adiyisɛm 3:2; 16:14-16.) Ɛda adi pefee sɛ honhom fam nkotɔ yɛ asiane ankasa. Yɛn nyinaa hia kɔkɔbɔ ahorow a ɛte saa no!—1 Korintofo 10:12; 1 Tesalonikafo 5:2, 6.

Asomafo Baasa a Wɔantumi Anwɛn

8. Wɔ Getsemane turom hɔ no, ɔkwan bɛn so na Yesu asomafo baasa no yɛɛ wɔn ade wɔ n’adesrɛ a ɛne sɛ wɔnwɛn no ho?

8 Wɛn a yɛbɛwɛn no hwehwɛ pii sen nsusuwii pa a yebenya kɛkɛ, sɛnea yehu fi Petro, Yakobo, ne Yohane nhwɛso no mu no. Ná eyinom yɛ mmarima baasa a wɔyɛ honhom mufo a wɔde nokwaredi dii Yesu akyi na wonyaa ɔdɔ kɛse maa no. Nanso, wɔ Nisan 14, 33 Y.B. anadwo no, wɔantumi anwɛn. Bere a wofii abansoro dan a wodii Twam afahyɛ wom mu no, asomafo baasa no dii Yesu akyi kɔɔ Getsemane turo no mu. Ɛhɔ na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu; montra ha na mo ne me nwɛn.” (Mateo 26:38) Mpɛn abiɛsa na Yesu kɔbɔɔ ne soro Agya no mpae anibere so, na mpɛn abiɛsa na ɔsan bae a ɔbɛtoo ne nnamfo no sɛ wɔadeda.—Mateo 26:40, 43, 45.

9. Ɛda adi sɛ dɛn na ɛmaa asomafo no dedae?

9 Dɛn nti na saa mmarima anokwafo yi dii Yesu huammɔ saa anadwo no? Honam mu brɛ ka ho bi. Ná ade asa, bɛyɛ anadwo dasum, na ‘na wɔn ani twan so.’ (Mateo 26:43) Nanso, Yesu kae sɛ: “Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.”—Mateo 26:41.

10, 11. (a) Ɛmfa ho sɛ na Yesu abrɛ no, dɛn na ɛboaa no maa ɔwɛnee wɔ Getsemane turom hɔ? (b) Dɛn na yebetumi asua afi nea ɛtoo asomafo baasa no mu bere a Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwɛn no?

10 Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yesu nso abrɛ saa anadwo titiriw no. Nanso, sɛ́ anka ɔbɛda no, ɔde ahofadi mmere a etwa to no bɔɔ mpae anibere so. Nna kakra bi a atwam no, na wahyɛ n’akyidifo no nkuran sɛ: “Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.” (Luka 21:36; Efesofo 6:18) Sɛ yetie Yesu afotu na yedi ne mpaebɔ ho nhwɛso fɛfɛ no akyi na yefi komam bɔ Yehowa mpae a, ɛbɛboa yɛn ma yɛawɛn wɔ honhom fam.

11 Nokwarem no, na Yesu nim—nanso na n’asuafo no nnim saa bere no—sɛ ɛrenkyɛ na wɔakyere no abu no kumfɔ. Ná wobedi n’asɛm akum no okum yayaw wɔ asɛndua so. Ná Yesu abɔ n’asomafo no kɔkɔ wɔ saa nneɛma yi ho, nanso na wɔntee nea ɔreka no ase. Enti, wɔdedae bere a na ɔrewɛn abɔ mpae no. (Marko 14:27-31; Luka 22:15-18) Sɛnea na ɛte wɔ asomafo no fam no, yɛn nso yɛn honam yɛ mmerɛw na nneɛma bi wɔ hɔ a yennya ntee ase. Nanso, sɛ yɛanhu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ mmere a yɛte mu yi mu a, yebetumi ada wɔ honhom fam. Sɛ yɛma yɛn ani da hɔ nkutoo a na yebetumi awɛn.

Su Titiriw Abiɛsa

12. Su horow abiɛsa bɛn na Paulo de bata yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ no ho?

12 Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ahu sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ? Yɛadi kan ahu hia a mpaebɔ ho hia ne hia a ehia sɛ yɛma Yehowa da no tra yɛn adwenem no dedaw. Ɛno akyi no, Paulo ka su titiriw abiɛsa a ɛsɛ sɛ yenya ho asɛm. Ɔka sɛ: “Yɛn a yɛyɛ adekyee de yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.” (1 Tesalonikafo 5:8) Ma yensusuw sɛnea gyidi, anidaso, ne ɔdɔ boa ma yɛwɛn honhom fam no ho kakra.

13. Dwuma bɛn na gyidi di wɔ yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ no mu?

13 Ɛsɛ sɛ yenya gyidi koraa sɛ Yehowa wɔ hɔ na “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa awiei bere ho a enyaa mmamu a edi kan wɔ afeha a edi kan mu no ma yenya gyidi a emu yɛ den sɛ ebenya mmamu kɛse wɔ yɛn bere yi mu. Na gyidi a yɛwɔ no ma yɛde ahopere hwɛ Yehowa da no kwan, a yɛwɔ awerɛhyem sɛ ‘nkɔmhyɛ kwan so adehu no bɛba, ɛrenka akyiri.’—Habakuk 2:3.

14. Sɛ yɛbɛkɔ so awɛn a, ɔkwan bɛn so na anidaso ho hia?

14 Yɛn anidaso a enhinhim no te sɛ “ɔkra sɛkyɛ” a ɛma yegyina ɔhaw ahorow ano ɛmfa ho mpo sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ma Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bi nya mmamu no. (Hebrifo 6:18, 19) Margaret, onuawa bi a wɔde honhom asra no a ɔwɔ ne mfe 90 mu a wɔbɔɔ no asu bɛboro mfirihyia 70 ni no gye tom sɛ: “Bere a na akisikuru rekum me kunu wɔ 1963 mu no, metee nka sɛ sɛ awiei no baa ntɛm a, anka m’ani begye. Nanso seesei mihu sɛ na meredwen me nkutoo yiyedi ho. Ná yennim baabi a adwuma no bɛtrɛw akodu wɔ wiase nyinaa. Mprempren mpo, mmeae pii wɔ hɔ a afei na adwuma no redu hɔ. Enti ɛyɛ me anigye sɛ Yehowa atɔ ne bo ase.” Ɔsomafo Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Boasetɔ de osuahu ba, na osuahu de anidaso ba; na anidaso nhyɛ aniwu.”—Romafo 5:3-5.

15. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ bɛkanyan yɛn, sɛ ɛte sɛ nea yɛatwɛn bere tenten mpo a?

15 Kristofo dɔ yɛ su a ɛda nsow efisɛ ɛno na ɛma yɛyɛ biribiara. Yɛsom Yehowa efisɛ yɛdɔ no, ɛmfa ho sɛnea ne bere nhyehyɛe te biara. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn afipamfo no ma yɛka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ wɔn, ɛmfa ho bere tenten a Onyankopɔn bɛpɛ sɛ yɛyɛ saa ne mpɛn dodow a ɔpɛ sɛ yɛkɔ ofie koro no ara mu no. Sɛnea Paulo kyerɛwee no, “gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtra hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.” (1 Korintofo 13:13) Ɔdɔ ma yɛkɔ so tɔ yɛn bo ase, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so wɛn. ‘Ɔdɔ wɔ ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.’—1 Korintofo 13:7, 8.

‘Kɔ so So Nea Wowɔ no Mu Den’

16. Sɛ́ anka yɛbɛma yɛn nsam agow no, su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

16 Yɛte mmere a nneɛma gye ntɛmpɛ mu, efisɛ nsɛm a esisi wɔ wiase no kae yɛn daa sɛ yɛte nna a edi akyiri no bere a etwa to mu. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nsam gow ni, na mmom sɛ ‘yɛbɛkɔ so aso nea yɛwɔ no mu den.’ (Adiyisɛm 3:11) Sɛ ‘yɛma yɛn ani da hɔ ma mpaebɔ’ na sɛ yenya gyidi, anidaso, ne ɔdɔ a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛayɛ ahoboa ama sɔhwɛ bere no. (1 Petro 4:7) Yɛwɔ pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu. Onyamesom pa a yɛde bɛtra ase no bɛboa ma yɛawɛn akosi ase.—2 Petro 3:11.

17. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ huammɔdi a ɛba bere ne bere mu no ma yɛn abam bu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 21 no.) (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa, na nhyira bɛn na ɛretwɛn wɔn a wɔyɛ saa no?

17 Yeremia kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] ne me kyɛfa, ɛno nti m’ani da no so ara. [Yehowa, NW] ye ma wɔn a wɔhwɛ no kwan, ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyi kwan no. Eye sɛ wɔyɛ komm twɛn [Yehowa, NW] nkwagye.” (Kwadwom 3:24-26) Yɛn mu binom atwɛn bere tiaa bi pɛ. Afoforo atwɛn mfe pii sɛ wobehu Yehowa nkwagye. Nanso, hwɛ sɛnea bere a yɛde atwɛn yi yɛ tiaa bere a yɛde toto daa nkwa a ɛda yɛn anim ho no! (2 Korintofo 4:16-18) Na bere a yɛtwɛn Yehowa bere a wahyɛ no, yebetumi anya Kristofo su horow a ɛho hia no, na yɛaboa afoforo ma wɔanya Yehowa boasetɔ mu mfaso na wɔagye nokware no. Ɛnde ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ so awɛn. Momma yensuasua Yehowa na yennya boasetɔ, na yɛnna no ase wɔ anidaso a wama yɛanya no ho. Na bere a yɛde nokwaredi kɔ so wɛn no, ɛmmra sɛ yebeso daa nkwa ho anidaso no mu pintinn. Ɛno ansa na nkɔmhyɛ kwan so bɔhyɛ ahorow yi bɛbam wɔ yɛn fam sɛ: “[Yehowa bɛma, NW] wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.”—Dwom 37:34.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Ɛbɛyɛ mmoa sɛ wubetĩ adanse ahorow asia a ɛkyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu a wosusuw ho wɔ January 15, 2000, Ɔwɛn-Aban no kratafa 12-13 no mu.—2 Timoteo 3:1.

^ nky. 7 Bere a nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo W. E. Vine reka Hela adeyɛsɛm a wɔkyerɛɛ ase “monwɛn” ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ ‘wobɛpam nna afi w’ani so,’ na “ɛnkyerɛ wɛn a obi wɛn kɛkɛ, na mmom sɛ ɔbɛwɛn bere a n’ani si biribi so.”

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ gyidi a yɛwɔ sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei abɛn no mu den?

• Dɛn na yebetumi asua afi Petro, Yakobo, ne Yohane nhwɛso no mu?

• Su horow abiɛsa bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛawɛn wɔ honhom fam?

• Dɛn nti na ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so so nea yɛwɔ no mu den’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]

‘Anigye Ne Wɔn a Wɔkɔ So Twɛn.’—Daniel 12:12

Fa no sɛ ɔwɛmfo bi hwɛ kwan sɛ owifo bi reyɛ nhyehyɛe abewia ofie bi a ɔwɛn hɔ mu nneɛma. Sɛ ade sa a, ɔwɛmfo no tie dede biara a ebetumi akyerɛ sɛ owifo no aba hɔ no yiye. Dɔnhwerew biara no, ɔwɛn n’aso gyen n’ani hwɛ nea ɛrekɔ so. Ɛyɛ mmerɛw sɛ biribi foforo—mframa nnyigyei a ɛyɛ wɔ nnua so anaa agyinamoa bi a ɔde ne ho aka biribi ahwe fam—betumi adaadaa no.—Luka 12:39, 40.

Biribi a ɛte saa betumi ato wɔn a ‘wɔretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyi no.’ (1 Korintofo 1:7) Ná asomafo no susuw sɛ Yesu ‘bɛsan de ahenni no ama Israel’ wɔ ne wusɔre no akyi bere tiaa bi. (Asomafo no Nnwuma 1:6) Mfe bi akyi no, na ɛsɛ sɛ wɔkae Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no sɛ Yesu ba no nnya mmae. (2 Tesalonikafo 2:3, 8) Nanso, nneɛma a wɔhwɛ kwan wɔ Yehowa da ho a amma mu no amma saa tete Yesu akyidifo no amfi nkwa kwan no so.—Mateo 7:13.

Wɔ yɛn bere yi mu no, ɛnsɛ sɛ abasamtu a nneɛma nhyehyɛe yi awiei a ɛte sɛ nea akyɛ ma yenya no ma yɛn abam bu. Biribi hunu biara betumi adaadaa ɔwɛmfo a n’ani da hɔ, nanso ɛbɛyɛ papa sɛ ɔbɛkɔ so awɛn! Ɛno ne n’adwuma. Saa ara na ɛte wɔ Kristofo fam.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

So wugye di sɛ Yehowa da no abɛn?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 19]

Nhyiam ahorow, mpaebɔ, ne adesua ho su pa a yebenya no boa ma yɛkɔ so wɛn

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Te sɛ Margaret no, ɛmmra sɛ yɛbɛto yɛn bo ase na yɛde nnamyɛ akɔ so awɛn