Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyaa Ne Boasetɔ So Akatua

Onyaa Ne Boasetɔ So Akatua

Onyaa Ne Boasetɔ So Akatua

Nnipa komapafo pii pɛ sɛ wɔn adɔfo sua Onyankopɔn atirimpɔw ho ade na wonya asetra a anigye wom. Sɛ obi hyira ne ho so ma Onyankopɔn a, ebetumi aba sɛ na ɔfã bi fi nea afoforo, mpanyin ne mmofra nyinaa, nam wɔn abrabɔ pa so yɛe so na ɛma osii gyinae a nyansa wom saa no. Saa na na ɛte wɔ Jearim, abeawa bi a ɔwɔ ne mpanyin afe so wɔ Mexico, a ɔde asɛm a edi so yi mae wɔ Yehowa Adansefo da koro nhyiam titiriw bi ase asɛm no mu:

“Mepɛ sɛ meka m’anigyesɛm yi kyerɛ mo. Momma me nkyerɛ mo nea enti. Mfirihyia dunwɔtwe a atwam ni, bere a na wonnya nwoo me no, m’awofo suaa nokware no. Me maame nyaa nkɔso, na akyiri yi me ne me nuabarima nso nyaa nkɔso. Yɛboom bɔɔ Yehowa mpae sɛ me papa nso mmɛfa nkwa kwan no so. Mfirihyia dunwɔtwe atwam, na ɛnnɛ yɛ da titiriw ma yɛn. Me papa rebɛbɔ asu. Meda Yehowa ase sɛ wamfa awiei no amma ansa na bere a mede bere tenten ahwɛ kwan yi aba. Yehowa, meda wo ase!”

Akyinnye biara nni ho sɛ, mfe pii a abɛsen kɔ mu no na nnyinasosɛm a ɛwɔ afotu a efi honhom mu a ɛwɔ 1 Petro 3:1, 2 no wɔ ababaa kumaa yi abusua no adwenem, nea ɛka sɛ: “Mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu” no. Na akyinnye biara nni ho sɛ abofra Jearim de nsɛm a ɛwɔ Deuteronomium 5:16 no dii dwuma: “Di w’agya ne wo na ni, sɛnea [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn ahyɛ wo no.” Akyinnye biara nni ho sɛ nnyinasosɛm a ɛtete saa a Jearim ne n’abusua de dii dwuma, ɛne boasetɔ a wɔde twɛn Yehowa no ama wɔanya nhyira.