Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Onyankopɔn, Adɛn Nti na Womaa Eyi Too Me?’

‘Onyankopɔn, Adɛn Nti na Womaa Eyi Too Me?’

‘Onyankopɔn, Adɛn Nti na Womaa Eyi Too Me?’

RICARDO da so kae bere a na ɔne ne yere, Maria, te oduruyɛfo dan mu no. * Na wɔn mu biara nni akokoduru a ɔde bɛkenkan Maria aduruyɛ mu nhwehwɛmu ho amanneɛbɔ foforo koraa no. Afei, Ricardo buee nhoma kotoku no ano, na wɔde ahopere hwɛɛ aduruyɛ ho amanneɛbɔ no mu. Wohuu asɛmfua “kokoram,” na wɔn baanu nyinaa fii ase sui bere a wohuu nea saa asɛmfua no kyerɛ ankasa no.

Ricardo ka sɛ: “Ná oduruyɛfo no yam ye paa, nanso ɛda adi sɛ ohuu sɛnea na tebea no yɛ aniberesɛm fa no efisɛ ɔkɔɔ so ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so.”

Ansa na wɔde kanea a ano yɛ den a wɔde kunkum yare mmoawa resa Maria yare no, oduruyɛfo no hui sɛ Maria tɔ gu ne nan nifa so. Nhwehwɛmu afoforo a wɔyɛɛ no akyiri yi daa no adi sɛ kokoram no atrɛw akodu n’amemene mu. Bere a wɔde kanea a ano yɛ den no saa no yare dapɛn biako pɛ akyi no, wogyaee. Maria tɔɔ mum, na asram abien akyi no, owui. Ricardo ka sɛ: “Ná ɛyɛ m’anigye sɛ n’amanehunu no aba awiei, nanso m’ani gyinaa no araa ma mihui sɛ na me nso mepɛ sɛ miwu. Mpɛn pii na na misu kyerɛ Onyankopɔn sɛ: ‘Adɛn nti na womaa eyi too me?’”

Sɛ Asiane Si a, Nsɛmmisa Pii Sɔre

Te sɛ Ricardo no, nnipa pii a wɔwɔ wiase nyinaa hyia amanehunu ankasa a wɔnhwɛ kwan. Mpɛn pii no, ɛyɛ wɔn a wɔn ho nni asɛm na wohu amane. Susuw awerɛhosɛm a ɛyɛ yaw a akodi ahorow a adesamma kɔ so di no de aba nkurɔfo so no ho hwɛ. Anaasɛ susuw ɛyaw a nnipa pii a wɔto wɔn mmonnaa, mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade, afie mu basabasayɛ, ne bɔne ahorow a nnipa yɛ ma nkurɔfo di no ho hwɛ. Abakɔsɛm nyinaa mu no, ɛte sɛ nea amumɔyɛsɛm ne ɛyaw a mmarima ne mmea pɛ sɛ wɔde yɛ wɔn ho wɔn ho no nni ano. (Ɔsɛnkafo 4:1-3) Afei ɛyaw a wɔn a wohyia atoyerɛnkyɛm ahorow, anaa nkate fam, adwenem, ne honam fam nyarewa di nso wɔ hɔ. Ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ nnipa pii bisa sɛ, “Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu a ɛte saa ho kwan?”

Wɔn a wɔwɔ nyamesom mu gyidi ahorow mpo fam no, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyina amanehunu ano. Ebia wo nso wubesusuw nea enti a Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ na ɔwɔ nneɛma nyinaa so tumi no betumi ama kwan ma nnipa ahu amane saa no ho. Asɛmmisa a ɛkyere adwene yi ho mmuae a abotɔyam wom, na ɛyɛ nokware a yebenya no ho hia ma yɛn asomdwoe ne yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Bible ma yenya mmuae a ɛte saa. Yɛsrɛ sɛ susuw nea ɛka no ho sɛnea wɔada no adi wɔ asɛm a edi hɔ no mu no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa din ahorow no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

Oduruyɛfo no kɔɔ so ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so