Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

N’asetra Ansa Na Ɔrebesua Bible Ne Ɛno Akyi—Onyankopɔn Asɛm Reyɛ Adwuma

N’asetra Ansa Na Ɔrebesua Bible Ne Ɛno Akyi—Onyankopɔn Asɛm Reyɛ Adwuma

“Mommɛn Onyankopɔn, Na Ɔbɛbɛn mo”

N’asetra Ansa Na Ɔrebesua Bible Ne Ɛno Akyi—Onyankopɔn Asɛm Reyɛ Adwuma

SƐ WUHYIAA Tony wɔ ne mmabun bere mu a, anka nea wubehu ara ne abarimaa a ɔmpɛ nnipa na waka n’anim asi a odi akɔneaba wɔ Sydney mmeae a ɛhɔ yɛ hu wɔ Australia. Ɔkae sɛ na ne nnamfonom binom yɛ basabasayɛ kuw mufo. Ná wɔtaa de wɔn ho hyɛ adewia, ne basabasayɛfo akodi mu, totow atuo wɔ mmɔnten so.

Tony fii ase nom sigaret bere a na wadi mfirihyia akron. Odii mfe 14 no, na ɔnom wii daa, na na ne bra asɛe. Odii mfe 16 no, na heroin nom aka ne hɔ, na eyi maa ɔde cocaine, LSD—Tony no ara ka sɛ “nokwarem no, biribiara a na ebetumi ama mabow”—dii dwuma. Afei ɔne nsɛmmɔnedifo akuw abien bi a wɔagye ntini yɛɛ nnutɔn ho nhyehyɛe. Ankyɛ koraa na Tony bɛyɛɛ obi a wonim no sɛ nnutɔnfo a wodi mu sen biara no biako wɔ Australia apuei fam mpoano.

heroin ne wii a Tony nom no ma ɔbɔ ka U.S. dɔla 160 kosi 320 da biara. Nanso na n’abusua kɔ ahokyere a ɛsen saa mu. Ɔka sɛ: “Nsɛmmɔnedifo a na wɔhwehwɛ nnubɔne ne sika a ɛwɔ yɛn fie no de atuo ne sekamma kyerɛɛ me ne me yere so mpɛn pii.” Bere a wɔde Tony kɔtoo afiase mpɛn abiɛsa no, ɛhyɛɛ no ma osusuw baabi a n’asetra kwan kyerɛ ho.

Ɛwom sɛ na Tony kɔ asɔre de, nanso ɔtee nka sɛ watwe ne ho afi Onyankopɔn a wɔkyerɛ sɛ ɔhyew abɔnefo wɔ hell daa de twe wɔn aso no ho. Nanso, bere a Yehowa Adansefo baanu kɔsraa Tony no, ne ho dwiriw no sɛ ohui sɛ Onyankopɔn nte saa. Tony ani gyei nso sɛ obetumi asiesie n’asetra ankasa na wanya Onyankopɔn nhyira. Yesu Kristo asɛm a ɔkae sɛ: “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ” no hyɛɛ Tony nkuran. (Marko 10:27) Nkuranhyɛ nsɛm a edi so yi kaa Tony yiye: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.

Afei Tony hyiaa asɛnnennen a ɛne sɛ ɔbɛma n’asetra ne Bible gyinapɛn ahorow ahyia. Ɔka sɛ: “Ade a edi kan a migyaee ne sigaretnom, biribi a anka mintumi nnyae da, ɛwom sɛ na masɔ ahwɛ mpɛn pii de. Ɛdenam Yehowa tumi so no, mitumi gyaee heroin ne wii a na ne nom aka me hɔ mfirihyia 15 no. Mansusuw da sɛ metumi agyae saa suban yi.”

Sɛ́ anka Tony ne ne yere besuro Onyankopɔn a ɔyɛ nkurɔfo ayayade daa wɔ hell—nkyerɛkyerɛ a enni nnyinaso biara wɔ Bible mu—no, wobenyaa anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so. (Dwom 37:10, 11; Mmebusɛm 2:21) Tony ka sɛ: “Egyee bere pii ne adwumaden ansa na meretumi ama m’asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ahyia, nanso ɛdenam Yehowa nhyira so no, matumi ayɛ saa.”

Yiw, ɔbarima a kan no na nnubɔnenom aka ne hɔ yi bɛyɛɛ Kristoni. Ɔne ne yere de wɔn bere ne wɔn nneɛma abɔ afɔre de nnɔnhwerew mpempem pii ayɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no. Wɔrebɔ mmɔden atete mmofra baanu a wosuro Onyankopɔn nso. Wotumi yɛɛ saa nsakrae titiriw yi esiane tumi a enni ano a Onyankopɔn Asɛm, Bible, no wɔ nti. Nokwarem no, sɛnea ɔsomafo Paulo ka no, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.”—Hebrifo 4:12.

Ɛmfa ho nhwɛso ahorow a ɛhyɛ nkuran saa no, ebinom di mfomso ka sɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no sɛe mmusua ntam ne su pa a mmofra wɔ no. Akyinnye biara nni ho sɛ Tony asɛm no bɔ saa asɛm no gu.

Te sɛ Tony no, nnipa pii asua sɛ nnubɔne a ne nom ka obi hɔ a ebetumi akum no mpo no yɛ biribi a wobetumi adi so. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Onyankopɔn mu gyidi a wobenya na wɔde wɔn ho ato ɔne N’asɛm so, ɛne Kristofo nnamfonom a wɔwɔ dɔ na wosusuw wɔn ho no mmoa so. Tony de ba awiei anigye so sɛ: “Mahu sɛnea Bible nnyinasosɛm abɔ me mma ho ban. Bible nkyerɛkyerɛ ama m’aware agyina. Na m’afipamfo nya nna pa da esiane sɛ me ho nyɛ wɔn hu bio nti.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

‘Ɛdenam Yehowa tumi so no, mitumi gyaee nnubɔnenom a na ahyɛ me so mfirihyia 15 no’

[Adaka wɔ kratafa 9]

Bible Nnyinasosɛm Reyɛ Adwuma

Bible nnyinasosɛm ahorow aboa nnipa pii a na nnubɔnenom aka wɔn hɔ no ma wɔatwe wɔn ho afi subammɔne yi ho. Nnyinasosɛm yi bi na edidi so yi:

“Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Nnubɔne a yɛbɛnom no tia Onyankopɔn mmara.

“Nyansa mfiase ne [Yehowa, “NW”] suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.” (Mmebusɛm 9:10) Nidi a egyina nokware nimdeɛ so a yɛwɔ ma Yehowa ne n’akwan no aboa nnipa pii ma wɔatwe wɔn ho afi nnubɔne ho.

“Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, “NW”] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Yebetumi adi subammɔne so denam koma mu a yebefi na yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn so koraa no so.